Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/15 kr. 15-20
  • Mfaso Wɔ Nokware Dɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfaso Wɔ Nokware Dɔ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nhwɛso Pa a Ɛsen Biara
  • Yesu Nhwɛso Pa
  • Paulo Nhwɛso
  • Mfaso wɔ Nokware Dɔ So wɔ Yɛn Bere Yi Mu
  • Nokware Dɔ ne Yɛn Som Adwuma
  • Mfaso Wɔ So wɔ Akwan Afoforo So
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/15 kr. 15-20

Mfaso Wɔ Nokware Dɔ So

“Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.”​—HEBRIFO 6:10.

1, 2. Dɛn nti na nokware dɔ de mfaso brɛ yɛn ankasa?

ƆDƆ a pɛsɛmenkominya nnim ne su a ɛso sen biara, ɛwɔ anuonyam sen biara, na ɛsom bo sen biara a yebetumi ada no adi. Saa ɔdɔ yi (Hela, a·gaʹpe) hwehwɛ pii fi yɛn hɔ bere nyinaa. Nanso esiane sɛ atɛntrenee ne ɔdɔ Nyankopɔn bi na ɔbɔɔ yɛn nti, yehu sɛ mfaso wɔ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim so ampa. Dɛn nti na eyi te saa?

2 Ade biako nti a mfaso wɔ nokware dɔ so ne sɛ adwene ne nipadua ho nnyinasosɛm, tumi a nsusuwii ne nkate nya wɔ yɛn nipadua so ho asɛm wom. Adwenemhaw ho ɔbenfo bi se: “‘Dɔ wo yɔnko’ ne aduyɛ mu afotu ahorow a eye sen biara a wɔde ama pɛn no mu biako.” Yiw “ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” (Mmebusɛm 11:17) Nea ɛkyerɛ ade koro no ara ne nsɛm yi: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.”​—Mmebusɛm 11:25; fa toto Luka 6:38 ho.

3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn yɛ ade ma nokware dɔ yɛ nea mfaso wɔ so?

3 Mfaso wɔ ɔdɔ so nso efisɛ Onyankopɔn tua afoforo ho a wodwen so ka. Yɛkenkan sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa], na nea ɔde ama no, [Onyankopɔn] bɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Yehowa Adansefo yɛ ade ma ɛne nsɛm yi hyia bere a wɔbɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no dawuru no. Wonim sɛ ‘Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi wɔn adwuma ne wɔn dɔ mmɔden a wɔbɔe ne din ho no.’​—Hebrifo 6:10.

Yɛn Nhwɛso Pa a Ɛsen Biara

4. Hena na ɔde nhwɛso pa a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so no ma, na ɔyɛɛ no dɛn?

4 Hena na ɔde nhwɛso pa a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so no ma? Ɛnyɛ obiara sɛ Onyankopɔn ankasa! ‘Ɔdɔ wiase no araa ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.’ (Yohane 3:16) Akyinnye biara nni ho sɛ ne Ba a ɔde no mae na ama wɔn a wogye ogye afɔre no tom atumi anya daa nkwa no maa Yehowa hweree ade kɛse, na ɛkyerɛɛ pefee sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne tema. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ‘Israel ahohia nyinaa wɔ Misraim no, ne ho hiaa no’ no, san da eyi adi bio. (Yesaia 63:9) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ho yeraw no kɛse sɛ ohui sɛ ne Ba no hu amane wɔ asɛndua so na ɔtee sɛ ɔteɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na wɔagyaw me” no?​—Mateo 27:46.

5. Dɛn na asi esiane sɛ Onyankopɔn dɔ adesamma araa ma ɔde ne Ba mae sɛ afɔrebɔde nti?

5 So Yehowa hui sɛ mfaso wɔ nokware dɔ a n’ankasa daa no adi no so? Ɛda adi pefee sɛ ohui. Ne titiriw no, hwɛ mmuae a Yehowa tumi de mae wɔ Ɔbonsam anim, esiane sɛ Yesu tumi dii nokware wɔ nea Satan tumi de yɛɛ no nyinaa akyi nti! (Mmebusɛm 27:11) Nokwarem no, nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ nyinaa de ayi ahohorabɔ afi Yehowa din ho, de Paradise asan aba asase yi so, na ɛde daa nkwa ama ɔpepem pii no bɛba efisɛ Onyankopɔn dɔ adesamma araa ma ɔde nea ne koma pɛ sen biara mae sɛ afɔrebɔde.

Yesu Nhwɛso Pa

6. Ɔdɔ kanyan Yesu ma ɔyɛɛ dɛn?

6 Nhwɛso pa foforo a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so ne Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo de no. Ɔdɔ ne soro Agya no, na saa ɔdɔ no aka Yesu ma wayɛ Yehowa apɛde a nea ɔhwere biara mfa ho. (Yohane 14:31; Filipifo 2:5-8) Yesu kɔɔ so daa ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no adi, ɛwom mpo sɛ ɛtɔ mmere bi a na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde “nteɛm a emu yɛ den ne nusu” kotow srɛ n’Agya de.​—Hebrifo 5:7.

7. Akwan bɛn so na Yesu hui sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so?

7 So Yesu nyaa ho a wɔde bɔ afɔre dɔ a ɛte sɛɛ so mfaso? Nokwarem no, onyae! Susuw anigye a onya fii nneɛma pa nyinaa a ɔyɛe wɔ ne mfe abiɛsa ne fã som adwuma no mu no ho. Hwɛ sɛnea ɔboa nkurɔfo yiye wɔ honhom fam ne honam fam! Nea ɛsen ne nyinaa no, Yesu nam da a ɔdaa no adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ betumi akura ne mudi mu ama Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so, a nea Satan betumi ayɛ de atia no nyinaa mfa ho no so nyaa akomatɔyam a ɛne sɛ ɔdaa Ɔbonsam adi sɛ ɔyɛ ɔtorofo. Bio nso, sɛ Onyankopɔn akoa nokwafo no, Yesu nyaa akatua kɛse a ɛne asetra a owu nnim bere a onyan fii owu mu kɔɔ ɔsoro asetra mu no. (Romafo 6:9; Filipifo 2:9-11; 1 Timoteo 6:15, 16; Hebrifo 1:3, 4) Na hwɛ hokwan ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛda n’anim wɔ Harmagedon ne wɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mu, bere a wɔde Paradise bɛsan aba asase so bio na wɔanyan ɔpepem pii afi awufo mu no! (Luka 23:43) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu ahu sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so.

Paulo Nhwɛso

8. Osuahu bɛn na Paulo nyae esiane nokware dɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nti?

8 Ɔsomafo Petro bisaa Yesu bere bi sɛ: “Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?” Mmuae a Yesu mae no fã bi ne sɛ: “Obiara a me din nti wagyaw afi anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa agya anaa ɛna anaa mma anaa nsase no, obenya no mmɔho pii na wanya daa nkwa adi.” (Mateo 19:27-29) Yɛwɔ eyi ho nhwɛso a ɛkanyan anigye kɛse wɔ ɔsomafo Paulo a onyaa nhyira pii sɛnea Luka kyerɛwee wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu titiriw no fam. Ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nipa ma ogyaee n’adwuma sɛ Farisini a wobu no. Susuw ɔhwe, owu, asiane ne ahokyere ahorow ano a Paulo gyinae no nso ho​—ne nyinaa fi nokware dɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn ne Ne ɔsom kronn no nti.​—2 Korintofo 11:23-27.

9. Ɔkwan bɛn so na Paulo nyaa nokware dɔ a ɔdaa no adi no so mfaso?

9 So Yehowa maa Paulo akatua wɔ nokware dɔ ho nhwɛso pa a ɛte sɛɛ no ho? Wiɛ, susuw sɛnea Paulo ɔsom adwuma no sow aba no ho. Otumi hyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow. Na hwɛ anwonwade ahorow a Onyankopɔn maa no tumi ma ɔyɛe! (Asomafo no Nnwuma 19:11, 12) Paulo nyaa hokwan nso a ɛma onyaa anisoadehu ahorow na ɔkyerɛw nhoma 14 a ɛyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no fa mprempren. Nea etwa ne nyinaa to no, wɔmaa no nkwa a owu nnim wɔ soro nkonimbo. (1 Korintofo 15:53, 54; 2 Korintofo 12:1-7; 2 Timoteo 4:7, 8) Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo hui sɛ Onyankopɔn tua nokware dɔ so ka.

Mfaso wɔ Nokware Dɔ So wɔ Yɛn Bere Yi Mu

10. Dɛn na ebia yɛbɛhwere na ama yɛayɛ Yesu suani na yɛadɔ Yehowa?

10 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso ahu sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so. Yɛn dɔ a yɛwɔ ma Yehowa a yɛbɛda no adi denam n’afã a yebegyina na yɛayɛ Yesu asuafo no betumi ama yɛahwere yɛn nkwa mpo sɛ mudi mu kurafo. (Fa toto Adiyisɛm 2:10 ho.) Ɛno nti na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa. Nanso yɛnyɛ saa na ama yɛahu sɛ ebia mfaso wɔ osuani a obi bɛyɛ no so anaasɛ dabi. Mmom no, yɛyɛ saa na ama yɛasiesie yɛn ho atua biribiara a asuafo a yɛyɛ no begye no.​—Luka 14:28.

11. Dɛn nti na ebinom ntumi nhyira wɔn ho so mma Onyankopɔn?

11 Ɛnnɛ, pii​—akyinnye biara nni ho sɛ ɔpepem pii​—gye nkrasɛm a Yehowa Adansefo de kɔma wɔn fi Onyankopɔn Asɛm mu no di. Nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so ama Onyankopɔn na wɔabɔ wɔn asu. So eyi betumi aba saa esiane sɛ wonni nokware dɔ a afoforo wɔ ma Onyankopɔn no bi nti? Pii ntumi nhyira wɔn ho so mmɔ asu efisɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ so sɔ wɔn ahokafo a wonnye nni no ani. Afoforo ntwiw mmɛn Onyankopɔn efisɛ wɔwɔ su a adwumawura bi a ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ: “Mepɛ bɔne” no wɔ no bi. Ɛda adi sɛ nnipa a wɔte sɛɛ no nkyerɛ nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama wɔn no nyinaa ho anisɔ.

12. Dɛn na nsɛmma nhoma yi aka a esi nimdeɛ a ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn kɛse wɔ nokware dɔ mu no so mfaso so dua?

12 Sɛ yɛwɔ nneɛma a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn no nyinaa no ho nokware anisɔ a, yɛbɛda eyi adi denam yɛn pɛ mu a yebefi atua biribiara a egye na yɛasom yɛn soro Agya no, na yɛayɛ Yesu asuafo no mu biako no. Esiane nokware dɔ ma Onyankopɔn nti, mmarima ne mmea a ɛsono wɔn asetra gyinapɛn nyinaa​—adwumawuranom a asi wɔn yiye, agumadifo atitiriw ne wɔn a wɔkeka ho​—de Kristofo som adwuma no asi nnwuma a ɛma wɔhwehwɛ nea wɔn ankasa pɛ no ananmu, sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. Na wonnye biribiara mfa nsesa Onyankopɔn a wonim no na wɔsom no no ho mfaso. Ɛdefa eyi ho no, The Watch Tower kae bere bi sɛ: Yɛabisa wɔ mmere horow bi mu sɛ, Anuanom baahe na wɔbɛpɛ sɛ wogye dɔla apem biako de sesa nea wonim wɔ nokware no ho? Obiara amma ne nsa so! Henanom na wobegye dɔla mpem du? Yɛannya obiara! Henanom na wobegye dɔla ɔpepem biako? Henanom na wobegye wiase no nyinaa de asesa nea wonim fa Onyankopɔn ne Ɔsoro Nhyehyɛe no? Yɛannya obiara! Afei yɛkae sɛ, nnamfo pa, Monnyɛ nnipadɔm a wonnni abotɔyam koraa. Sɛ mote nka sɛ moyɛ adefo araa ma morennye hwee mfa nsesa Onyankopɔn ho nimdeɛ a mowɔ no a, ɛnde na mote nka sɛ moyɛ adefo te sɛ yɛn ara pɛ.” (December 15, 1914, kratafa 377) Yiw, Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ twe yɛn bɛn no kɛse wɔ nokware dɔ a mfaso wɔ so ampa mu.

13. Ɛsɛ sɛ yebu kokoam adesua dɛn?

13 Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebehu n’apɛde na yɛayɛ. (1 Yohane 5:3) Yebebu yɛn kokoam adesua, mpaebɔ ne Kristofo nhyiam horow a yɛbɛkɔ no aniberesɛm. Eyinom nyinaa hwehwɛ ho a wɔde bɔ afɔre, efisɛ dwumadi yi nyinaa gye bere, ahoɔden, ne nneɛma foforo a yɛde bedi dwuma. Ebia ɛsɛ sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛhwɛ television so dwumadi bi anaasɛ yɛbɛyɛ kokoam Bible adesua. Nanso hwɛ sɛnea yɛyɛ den kɛse wɔ honhom mu, sɛnea yetumi di afoforo adanse yiye, ne sɛnea yenya pii fi Kristofo nhyiam horow mu bere a yebu adesua a ɛte sɛɛ no aniberesɛm na yeyi bere a ɛdɔɔso de si hɔ de yɛ no!​—Dwom 1:1-3.

14. Mpaebɔ ne abusuabɔ pa a yɛne Yehowa Nyankopɔn benya ho hia dɛn?

14 So yɛne yɛn soro Agya no kasa daa denam ‘mpaebɔ a yekura mu’ so? (Romafo 12:12) Anaasɛ mpɛn pii no yenni adagyew koraa a ɛbɛma yɛde hokwan a ɛsom bo yi adi dwuma? ‘Mpaebɔ a yennyae da’ yɛ ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ahyɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu den. (1 Tesalonikafo 5:17) Na biribiara nni hɔ a ɛte sɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa a ɛbɛboa yɛn bere a yehyia sɔhwɛ ahorow no. Dɛn na ɛboaa Yosef ma otumi gyinaa mu bere a Potifar yere sɔɔ no hwɛe no? Na dɛn nti na Daniel annyae mpaebɔ bere a Mediafo ne Persiafo mmara baraa no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkotow srɛ Yehowa no? (Genesis 39:7-16; Daniel 6:4-11) Mmarima yi ne Yehowa ntam abusuabɔ pa no boaa wɔn ma wodii nkonim, te sɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa no!

15. Ɛsɛ sɛ yebu Kristofo nhyiam horow dɛn, na dɛn ntia?

15 Ɛnde, yebu yɛn dapɛn dapɛn nhyiam anum no a yɛbɛkɔ no aniberesɛm dɛn? So yɛma ɔbrɛ, ɔyare ketewaa bi, anaasɛ wim tebea a ɛsɛe kakra twa yɛn asɛde sɛ ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn behyiam no mu? (Hebrifo 10:24, 25) Amerikani bi a osiesie mfiri a n’akatua so yiye hui sɛ n’adwuma taa twa Kristofo nhyiam horow a ɔbɛkɔ no mu. Enti ɔsesaa n’adwuma, hweree sika na ama wakɔ asafo nhyiam ahorow no nyinaa daa. Yɛn nhyiam horow no ma yetumi hyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran ne yɛn ho yɛn ho gyidi den. (Romafo 1:11, 12) Wɔ nsɛm yi nyinaa mu no, so yenhu sɛ “nea ogu nhyira so no betwa nhyira so”? (2 Korintofo 9:6) Yiw, mfaso kɛse wɔ nokware dɔ a wɔda no adi wɔ akwan a ɛte sɛɛ so no so.

Nokware Dɔ ne Yɛn Som Adwuma

16. Sɛ ɔdɔ kanyan yɛn ma yedi adanse bɔnnɔ so a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

16 Ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no sɛ Yehowa nkurɔfo. Sɛ nhwɛso no, ɛka yɛn ma yedi bɔnnɔ so adanse. Ebia yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi bɔnnɔ so adanse, nanso ɔdɔ bɛkanyan yɛn ma yɛakasa. Nokwarem no, ɔdɔ bɛma yɛasusuw anifere akwan a yɛbɛfa so afi nkɔmmɔbɔ ase na afei yɛadan aba Ahenni no so ho. Nhwɛso bi ni: Bere bi Kristoni panyin bi hui sɛ ɔte Roman Katolekni sɔfo bi nkyɛn wɔ wimhyɛn mu. Mfiase no, ɔpanyin no bisaa ɔsɔfo no nsɛm a ɛremma ne bo mfuw. Nanso, eduu bere a ɔsɔfo no fii wimhyɛn no mu sii no, na anigye a wanya no akanyan no ma wagye yɛn nhoma no abien. Ade pa a efii bɔnnɔ so adansedi mu bae bɛn ara ni!

17, 18. Ɔdɔ bɛka yɛn ma yɛayɛ dɛn wɔ Kristofo ɔsom adwuma no ho?

17 Nokware dɔ ka yɛn nso ma yɛde yɛn ho hyɛ afie afie asɛnka adwuma no ne Kristofo som adwuma no afã afoforo mu daa. Dodow a yetumi ne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ no, dodow no ara na yɛbɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam na yɛaboa wɔn a wɔte sɛ nguan no ma wɔaba ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Fa toto Mateo 7:13, 14 ho.) Sɛ yɛantumi ne afoforo ammɔ Bible mu nkɔmmɔ mpo a, yɛn mmɔdenbɔ no renyɛ ɔkwa. Nnipa no afie a yɛkɔ ankasa no di adanse, na yɛn ankasa nya ɔsom adwuma no mu mfaso, efisɛ yɛrentumi nka Bible mu nokware ho asɛm a ɛrenhyɛ yɛn gyidi den. Ampa, egye ahobrɛase na yɛakɔ afie afie, na ‘nneɛma yi nyinaa, asɛmpa no nti na yɛyɛ, na yɛne afoforo anya mu kyɛfa.’ (1 Korintofo 9:19-23) Nanso esiane ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa nti, yɛde ahobrɛase bɔ mmɔden na yenya nhyira pii sɛ akatua.​—Mmebusɛm 10:22.

18 Egye nokware dɔ nso na Yehowa nkoa anokwafo ayere wɔn ho wɔ nnipa a wɔkyerɛ Bible mu nokware ho anigye a wɔbɛkɔ akɔsra wɔn no mu. Bible adesua a yɛyɛ dapɛn biara ne ɔsram biara no yɛ ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko, efisɛ adwuma yi hwehwɛ sɛ yɛde bere, mmɔdenbɔ ne honam fam nneɛma di dwuma. (Marko 12:28-31) Nanso, sɛ yehu sɛ wɔabɔ yɛn Bible asuafo yi mu biako asu na ebia ɔde ne ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu mpo a, so yennye nni sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so?​—Fa toto 2 Korintofo 3:1-3 ho.

19. Abusuabɔ bɛn na ɔdɔ ne bere nyinaa ɔsom adwuma no wɔ?

19 Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim ma yɛde ahotɔ a honam fam nneɛma ma yenya no bɔ afɔre de yɛ bere nyinaa som adwuma no, sɛ yebetumi de yɛn ho ahyɛ dwumadi a ɛte sɛɛ mu a. Adansefo mpempem pii betumi adi adanse sɛ mfaso kɛse aba wɔn dɔ a wɔda no adi kodu beae yi so. Sɛ nsɛm tebea ma wunya kwan a ɛbɛma wode wo ho ahyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu na woamfa hokwan no anni dwuma a, ɛnde wunnim nhyira horow a worehwere no.​—Fa toto Marko 10:29, 30 ho.

Mfaso Wɔ So wɔ Akwan Afoforo So

20. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ boa yɛn ma yɛde bɔne firi?

20 Ade foforo nso nti a mfaso wɔ nokware dɔ so ne sɛ ɛboa yɛn ma yɛde bɔne firi. Yiw, ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne yam.’ Nokwarem no, “ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Korintofo 13:5; 1 Petro 4:8) “Pii” no kyerɛ bɔne pii, ɛnte saa? Mfaso bɛn ara na yenya sɛɛ yi sɛ yɛde bɔne firi! Sɛ wode bɔne firi a, eyi ma wo ne nea ɔyɛɛ bɔne tiaa wo no ho tɔ mo kɛse. Nanso nea ehia kɛse sen saa ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ gye sɛ yɛde wɔn a wɔyɛ bɔne tia yɛn no bɔne afiri wɔn dedaw, anyɛ saa a yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa de yɛn bɔne befiri yɛn.​—Mateo 6:12; 18:23-35.

21. Ɔkwan bɛn so na nokware dɔ boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase?

21 Afei nso, mfaso wɔ nokware dɔ so efisɛ ɛboa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase. Sɛ yɛdɔ Yehowa a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ ne tumi nsa no ase. (1 Petro 5:6) Ɔdɔ a yɛwɔ ma no no bɛka yɛn nso ma yɛabrɛ yɛn ho ase ahyɛ n’adwinnade a wapaw a ɛne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ase. Yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no ase nso ka eyi ho. Mfaso wɔ eyi so ɛfisɛ saa a yɛrenyɛ no ‘bepira’ yɛn. (Mateo 24:45-47; Hebrifo 13:17) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ho nnyinasosɛm yi di dwuma wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu. Mfaso wɔ adeyɛ a ɛte sɛɛ so efisɛ ɛma abusua mu anigye, asomdwoe, ne biakoyɛ nya nkɔso bere a ɛma yenya akomatɔyam a nim a yenim sɛ yɛresɔ Onyankopɔn ani de ba no.​—Efesofo 5:22; 6:1-3.

22. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya anigye ankasa?

22 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ su a ɛyɛ kɛse sen biara a yebetumi anya ne a·gaʹpe, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim na egyina nnyinasosɛm so no. Na akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ nokware so. Enti, sɛ yenya su yi na yɛda no adi kɛse de hyɛ yɛn ɔdɔ Nyankopɔn Yehowa no anuonyam a, yɛn ani begye ankasa.

Wubebua Dɛn?

◻ Akwan bɛn so na Yehowa ada nokware dɔ adi?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu ada ɔdɔ adi?

◻ Nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe wɔ nokware dɔ a wɔda no adi mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo reda ɔdɔ adi?

◻ Dɛn nti na wobɛka sɛ mfaso wɔ nokware dɔ so?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Yehowa dɔ ma adesamma kaa no ma ɔde na Ba mae sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi anya daa nkwa. So w’ani sɔ nokware dɔ a ɛte sɛɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nokware dɔ ma Yehowa bɛka yɛn ma ‘yɛakura mpaebɔ mu’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena