Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 4/1 kr. 3-8
  • Ahurusi Wɔ “Onyankopɔn A Ɔma Anidaso” No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahurusi Wɔ “Onyankopɔn A Ɔma Anidaso” No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA ANIDASO A NKWA WOM HO HIA FA
  • ANIDASO WƆ “ASENI” NO MU
  • NHYEHYƐE A ƐYƐ NOKWARE MA DAA NKWA HO ANIDASO
  • TRENEE NNISO HO ANIDASO
  • Anidaso a Wowɔ No Renni Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ma W’ani Nna Yehowa So, Na Nya Akokoduru
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nya Yehowa Mu Anidaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yedi Yɛn Anidaso Ho Ahurusi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 4/1 kr. 3-8

Ahurusi Wɔ “Onyankopɔn A Ɔma Anidaso” No Mu

“Na wone m’anidaso, O Amansan Hene, Awurade Yehowa, nea mifi me mmofraase mede me werɛ mehyɛɛ no mu.”​—Dw. 71:5, NW.

1, 2. (a) Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho? (b) Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ama yɛn anigye awie pɛyɛ?

SO ƐTƆ bere bi a wugyina hɔ komm susuw abusuabɔ a ɛsom bo a ɛda wo ne Onyankopɔn ntam no ho? Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho! Ɛyɛ nokware sɛ, wɔ Yehowa ani so no, amanaman no te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ. Enti yɛn nkorɛnkorɛ bɛyɛ ketewaa koraa wɔ n’ani so. Nanso Yesu Kristo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.”​—Mat. 10:29-31; Yes. 40:15.

2 Sɛ Onyankopɔn hyɛ akasanoma a ɔhwe fam no nsow a, mpɛn ahe na onnyi mmɔborohunu pii adi nkyerɛ yɛn a yɛyɛ adesamma, a ɔbɔɔ yɛn wɔ n’ankasa ne sɛso so no! (Gen. 1:26) Yɛn Nyankopɔn no yɛ kɛse ampa wɔ ne nimdeɛ ne adebɔ tumi mu, nanso ɔyɛ kɛse koraa wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so no asɛm a odi ma wɔn no mu no ne dɔ kɛse a eyi no adi kyerɛ adesamma no nso mu. (Dw. 33:4, 5) Ɛyɛ hokwan ankasa a yɛanya sɛ yɛbɛhyɛn na yɛatra ne dɔ mu, na ɛne nea Yesu sii so dua maa yɛn yi ahyia: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.” Na Yesu de kaa ho sɛ: “Maka eyinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigye atra mo mu, na mo anigye awie pɛyɛ.”​—Yoh. 15:10, 11.

3. Dɛn nti na Dawid nyaa Yehowa mu awerɛhyem a edi mu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

3 Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, yebetumi adi ahurusi nso sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no de anidaso ma. Ɛte sɛ nea Dawid kyerɛw ne Dwom a ɛto so 71 no wɔ bere a wafa sɔhwɛ horow a emu yɛ den mu akyi, na ɛno mu na afei oyii Awurade, Amansan Hene Yehowa ayɛ sɛ n’anidaso ne nea ɔde ne ho to no so fi ne mmofraase. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrehyia ɔbran Goliat a ɔso kokuroo no, Dawid paee mu kae sɛ: “Awurade [Yehowa] a oyii me gyata ne sisi nsam no, ɔno ara beyi me Filistini yi nsam.” Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa yɛe! (1 Sam. 17:37, 45-50) Na de besi yɛn nnɛ da yi mu no, Yehowa akɔ so agyina n’Adansefo a wɔyɛ nkaefo a wɔasra wɔn, a wɔyɛ den wɔ gyidi mu, na wɔasom no wɔ nokwaredi mu ‘afi wɔn mmofraase’ no akyi.

SƐNEA ANIDASO A NKWA WOM HO HIA FA

4. Dɛn nti na “nneɛma a wɔakyerɛw ato hɔ” no yɛ anidaso fibea ma yɛn?

4 Yehowa bɔhyɛ horow a wofi bere tenten aka ho asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ n’Asɛm no mu no yɛ daakye anidaso a wotumi de wɔn ho to so ankasa. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Rom. 15:4) Ɛda adi sɛ, ɛho hia sɛ yenya anidaso. Nanso ɔkwan bɛn so na “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no” yɛ nea yebetumi agyina so anya anidaso? Nea edi kan no, dɛn nti na anidaso ho behiae?

5. (a) Ɔkwan bɛn so na hia a anidaso ho hia fa bae? (b) Dɛn nti na yɛn awofo a wodi kan no nsa kaa owu asotwe wɔ ɔkwan a ɛfata so, na dɛn nti na eyi fa yɛn ho?

5 Nneɛma a “wɔakyerɛw ato hɔ” no ka sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn awofo a wodi kan no na ɔde wɔn too paradise anigyebea no mu a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa na wɔawo adesamma a wɔwɔ ɔdɔ a wɔrenwu da. (Gen. 1:26-28; 2:7-9, 18-25) Nanso, Adam ne Hawa yeraa hokwan yi. Dɛn ntia? Efisɛ wɔyɛɛ bɔne, wɔtow fom agyiraehyɛde a, ɛyɛ osetie a edi mu a wɔbɛyɛ ama wɔn Agya Yehowa Nyankopɔn no ho. Ɛteɛ sɛ Amansan Hene Awurade Yehowa bebu saa asoɔdenfo baanu no kumfɔ. Wɔadan wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade, wɔade wɔn ho, enti na beae bi nni hɔ a wobenya ama wɔn wɔ Yehowa abɔde anokwafo no mu bio. Afei nso ɛnyɛ owu asotwe nko na wonya maa wɔn ankasa ho, na mmom de ma mmofra ɔpepepem bebree a wobefi saa awofo abɔnefo baanu no mu awo wɔn no nso. Sɛnea Paulo ka kyerɛ yɛn no: “Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”​—Rom. 5:12.

6. Anidaso bɛn na abɔde no gyinaa so dan akoa?

6 Nanso, Paulo kɔɔ so kae sɛ, ɛwom sɛ “wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase” de, nanso eyi baa saa wɔ “anidaso mu.” Anidaso bɛn? Anidaso a nkwa wom mu, sɛ “ɛbɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu,” te sɛ adehyedi a na yɛn awofo a wodi kan no nya mu anigye wɔ Eden paradise no mu no. Nea ɛbɛka ho ne daa nkwa ho anidaso. Onyankopɔn nkutoo na obetumi de anidaso a ɛte sɛɛ ama.​—Rom. 8:20, 21; Yoh. 17:3.

ANIDASO WƆ “ASENI” NO MU

7. Ɔkwan bɛn na wɔfa so hu “aseni” a wɔahyɛ ne ho bɔ no?

7 Wɔ nea “wɔakyerɛw ato hɔ” no mfiase pɛɛ na yɛkenkan Onyankopɔn bɔhyɛ sɛ n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere a ɛwɔ ɔsoro no “aseni [ba]” no “ɔbɛbɔ wo [ɔwɔ no] ti,” a ɛkyerɛ sɛ, ɔbɛsɛe Satan ne n’akyidifo no nyinaa (Gen. 3:14, 15) Nanso hena ne saa “aseni” yi? Akyiri no wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Onyankopɔn adamfo Abraham “aseni” a wɔnam saa “aseni” yi so na “wobehyira asase so amanaman nyinaa.” Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea saa “aseni” yi yɛ sɛ: “Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ no. . . . W’aseni, a ɔne Kristo.”​—Gen. 22:18; Gal. 3:16.

8. (a) Ɔkwan bɛn na wɔfaa so kaa Yesu asetra wɔ asase so no ho asɛm siei mfe pii? (b) Ɔkwan bɛn na woyii ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no adi?

8 Nneɛma a “wɔakyerɛw ato hɔ” no dii kan kaa Kristo Yesu asetra ho asɛm wɔ bere a na ɔwɔ asase so ha no. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm nea ɛboro mfirihyia 700 ansa na eyi reba no, wobuu Yesu animtiaa, wobuu no sɛ obi a ɔmfata, wopiraa no na wammue n’ano, “sɛ́ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no.” Sɛnea ɛne n’Agya no apɛde hyia no, “ɔde ne kra too hɔ maa owu” sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde agye “nnipa bebree” afi nkoa a wɔayɛ ama bɔne no mu. (Yes. 53:3-12) Yehowa nyan no fii awufo mu na ɔde no sii hɔ sɛ “Nkwa Hene” wɔ ɔsoro, sɛ́, “obiara a obegye no adi no anya daa nkwa.” Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ efisɛ ‘ɔdɔɔ [adesamma] wiase no yiye.’ (Yoh. 3:15, 16; Aso. 3:15) Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn na eyi de ama yɛn sɛɛ yi!

NHYEHYƐE A ƐYƐ NOKWARE MA DAA NKWA HO ANIDASO

9. (a) Dɛn na esi yɛn anidaso no so dua sɛ yɛn nsa bɛka? (b) Ɛsɛ sɛ yɛn anidaso no ka yɛn dɛn?

9 Yɛn Nyankopɔn no din, Yehowa, gyina yɛn anidaso a egyina hɔ pintinn no akyi. Saa din no ase ne “Ɔma Ɛyɛ Hɔ,” a ɛkyerɛ sɛ ɔma nneɛma pɔtee bi ba wɔ n’atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu. Ɔyɛ Onyankopɔn a “ontumi nni atoro,” na ɔno na ɔde ‘nea wogyina so nya anidaso a wofi teteete ahyɛ ho bɔ’ no ma. (Tito 1:2) Dɛn na saa anidaso no kyerɛ ma wo? So wubu eyi sɛnea Kristoman mufo bu wɔn som no​—sɛ aniso som a wɔde ano di akyi kwa? Anaasɛ woahyira wo nipa mu, w’asetra nyinaa so wɔ wo komam tɔnn ama “Onyankopɔn a ɔma anidaso” no? (Rom. 15:13, NW) So saa anidaso no abɛyɛ biribi a emu yɛ den ma wo sɛ ɛte sɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa mpo? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na abɛdan wo gyidi​—gyidi a nnwuma pa a ɛne w’anidaso no ho adanse a wubedi akyerɛ afoforo no ahyɛ mu ma.​—Heb. 11:1; Yak. 2:17.

10. (a) Dɛn na ɛde biribi pɔtee ka yɛn anidaso no ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ho san wɔn anaa wodi ahurusi mprempren wɔ wɔn anidaso no mu?

10 Sɛnea yɛn Amansan Hene Awurade Yehowa te ase daa no, saa ara na ne bɔhyɛ horow no de “anidaso a emu wɔ nkwa” ho nhyɛase ma. Na esiane sɛ ne Ba, Yesu Kristo a wɔanyan no no “ɔte hɔ daa nti,” ɛhyɛ saa anidaso no mu den, efisɛ “obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.” (Heb. 7:24, 25) Enti ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo, a wɔnam gyidi so wɛn mo Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi ɛbere a edi akyiri no mu. Ɛno mu na mo ho san mo.” (1 Pet. 1:3-6) Afei a yɛadu “ɛbere a edi akyiri no mu” yi, ɛho hia titiriw sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ho san wɔn anaa wodi ahurusi wɔ saa anidaso no mu.

11. (a) “Anidaso a emu wɔ nkwa” bɛn na “nnipakuw kɛse” no nso wɔ? (b) Nhyɛase a etim hɔ pintinn bɛn na ɛwɔ hɔ ma saa anidaso no?

11 Nanso, “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” a wɔhwɛ daa nkwa wɔ paradise asase so no kwan no nso ɛ? Wɔn de no nso yɛ “anidaso a emu wɔ nkwa,” efisɛ bɔ a wɔhyɛɛ wɔn ne sɛ: “Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn. Na oguammaa a ɔwɔ [Onyankopɔn] ahengua no mfinimfini no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa nsuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.” (Adi. 7:9, 16, 17) Wɔn a wɔde wɔn ani ato “asɛmpa” a ɛte sɛɛ so no nsa rensi fam da, efisɛ ɛyɛ nea wɔde asi Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so pintinn. Bere a ɔsomafo Petro refa asɛm afi Yesaia 40:8 aka asɛm no ɔkae sɛ, “Onyankopɔn asɛm a ɛte ase na ɛbɛtra hɔ . . . efisɛ ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po; na Awurade [Yehowa] asɛm de, ɛte hɔ daa. Na eyi ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.”​—1 Pet. 1:23-25.

12. Onyankopɔn yɛ ɔyamyefo bɛn wɔ daa nkwa a ɔde rema yɛn no nti?

12 Bere a ɔreka n’ankasa ho asɛm sɛ oguanhwɛfo pa a “ɔde ne kra to hɔ ma nguan” no, Yesu kae sɛ,“Mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso.” (Yoh. 10:10, 11) Saa ayamye yi nyɛ nea woyi no adi kyerɛ “kuw ketewaa” a wɔne Kristo bɛyɛ yɔnko adedifo wɔ ɔsoro no nkutoo. (Luka 12:32) Dabi, ɛnte saa, efisɛ Yesu kae sɛ: “Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako. Na mɛma wɔn daa nkwa.” (Yoh. 10:16, 28) Wɔn a wɔbɛka “nnipakuw kɛse” a wonya nkwa anaa wɔtra ase fa “ahohiahia kɛse” no mu no ho ne nkoa anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba ne adesamma ɔpepepem bebree a wɔawuwu a wobenyan wɔn aba asase so a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa. (Mat. 24:21; Heb. 11:35; Adi. 20:12) Hwɛ sɛnea yɛn Nyankopɔn no yam ye fa sɛ ɔyɛɛ nkwa ho nhyehyɛe a ɛte sɛɛ!

13. Woyi Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma adesamma no adi wɔ ɔkwan bɛn so, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn?

13 Ayamye a Yehowa yii no adi kyerɛɛ adesamma no nso yɛ nea ɛda adi wɔ nsɛm a Yesu dii kan kae no mu: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase [afobu] atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase. Nea ogye no di no wommu no atɛn.” (Yoh. 3:16-18) Esiane sɛ Yehowa ne ne Ba no yam ye saa nti, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yeyi ayamye adi kyerɛ wɔ saa “asɛmpa” yi a yɛbɛma afoforo ate no mu anaa?

14. (a) Dɛn nti na amanaman no yɛ wɔn a “wonni anidaso”? (b) Yɛda yɛn gyidi ne “anidaso a emu wɔ nkwa” no adi wɔ ɔkwan bɛn so?

14 Saa a yɛyɛ no kyerɛ sɛ yenya kyɛfa wɔ “nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no” mu. Afei de yɛnte sɛ wɔn a Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔyɛ “ananafo . . . ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho” a “munni anidaso bi” na “munnim Nyankopɔn ewi yi ase” no bio. Yɛnkɔ so nnantew “sɛnea amanaman a aka no nantew wɔn adwenehunuyɛ mu no. Wɔn a wɔn adwenem aduru sum, esiane sɛ wonnim de na wɔn koma apirim” no bio. (Efe. 2:10, 12; 4:17, 18) Dabi, efisɛ afei de yɛne Onyankopɔn nantew, na yɛn “nnwuma pa” a ɛno ne “asɛmpa” no ka ne ne kyerɛkyerɛ no da yɛn gyidi ne “anidaso a emu wɔ nkwa” a ayɛ ma wɔ yɛn komam no adi.​—Mat. 4:17; 5:16; 9:35; 24:14.

TRENEE NNISO HO ANIDASO

15. (a) Dɛn nti na nniso pa ho hia ma “anidaso a emu wɔ nkwa” a yebenya? (b) Nkɔmhyɛ a ɛhyɛ nkuran bɛn na Yesaia kyerɛw too hɔ a ɛfa eyi ho?

15 Yɛn anidaso a emu wɔ nkwa no fa nneɛma pii ho kyɛn daa nkwa kwan a yɛhwɛ no nkutoo. Susuw eyi ho: So tra a yɛbɛtra adesamma nniso horow a wɔn tirim yɛ den na wɔyɛ nhyɛso, te sɛ nea yɛahu mpɛn bebree wɔ abakɔsɛm mu no ase bɛyɛ dɛ anaa?Ebinom bɛpɛ owu akyɛn nkoayɛ a ɛte saa. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, nea ɛka Onyankopɔn nkurɔfo no anidaso a emu wɔ nkwa no ho ne trenee nniso ho anidaso, Ahenni a Kristofo de bere tenten abɔ ho mpae, na ɛbɛtew Yehowa din no ho na ama n’apɛde “ayɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mat. 6:9, 10) Yehowa de Ɔhene Dawid a ofi Israel no yɛɛ Kristo Yesu ho mfonini wɔ Ne dwumadi sɛ Ɔhene no mu bere a ɔde bere tenten resiesie saa ahenni no. Odiyifo Yesaia kaa Onii ko no ho asɛm sɛ ɔyɛ “Asomdwoe Hene,” sɛ: “Na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo Awurade [Yehowa] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.”​—Yes. 9:6, 7.

16. Ɔkwan bɛn na Gabriel ne odwontofo no faa so sii nokware a Ahenni no yɛ so dua?

16 Ɛno akyi bɛboro mfirihyia 1,000 no, ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ ɔbaabun Maria, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woanya Onyankopɔn hɔ dom. Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato no din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ ɔsorosoro no ba; na Awurade [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. . . . Na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:30-33) Enti ɛnyɛ nkwagye kwan a ɛde kɔ daa nkwa mu nko na saa “nea ɔwɔ sorosoro no ba” yi de ma, na mmom nhyira ahorow denam n’ahenni no so. Saa nniso yi bedi adesamma nyinaa so wɔ trenee mu, na ɛde asomdwoe bebree abrɛ n’asefo wɔ asase so nyinaa.​—Dw. 72:1-8.

17. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛboro so anidaso mu,’ na ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ada saa anidaso no adi?

17 Bere a ɔreka nneɛma a “wɔakyerɛw ato hɔ” no ho asɛm bio no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai [Dawid agya] ntini ne nea ɔbɛsɔre abedi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda no so. Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.” (Rom. 15:12, 13) Wɔ nokwarem no, yɛn ani a ɛda Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so no so no ma yɛn ani gye anaa yedi ahurusi na ɛma yɛn komam asomdwoe, na bere a yenya saa anidaso no pii no, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛpae mu ka saa anidaso no kyerɛ afoforo wɔ tumi a Onyankopɔn honhom de ma yɛn no mu.​—Sak. 4:6; Yes. 40:28-31.

18. Ahenni no ho anisoadehu a ɛyɛ nyam bɛn na Yesaia de mae?

18 Bere a ɔreka “Yisai ntini” no ho asɛm no, na Paulo refa asɛm afi Yesaia ti 11 a ɛhɔ kyerɛkyerɛ sɛnea Kristo Ahenni nniso no anuonyam bɛhyerɛn afa no mu no aka asɛm: “Na Awurade [Yehowa] honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne Awurade [Yehowa] suro honhom. Na Awurade [Yehowa] suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde atɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.” Bere a wakyerɛkyerɛ sɛnea honhom mu paradise a Onyankopɔn nkurɔfo nya mu anigye nnɛ mpo no mu asomdwoe te, te sɛ nea wɔabrɛ asase so mmoa a wɔn ho yɛ hu no mpo ase no, nkɔmhyɛ no paee mu kae sɛ: “Na Awurade [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma sɛ nsu kata po so no.” Anuonyam anidaso bɛn mpo ni! Ɛnde na ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii fi amanaman no mu hwehwɛ “Yisai ntini,” Yesu a wɔde no asi agua so a wɔde no “asi hɔ sɛ ɔfrankaa ama ɔman no” akyi kwan no.​—Nky. 1-10.

19. Dɛn nti, na mprempren titiriw na ɛsɛ sɛ yedi ahurusi anaa yɛn ho san yɛn wɔ saa anidaso no mu?

19 Adesamma te “nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere” mu efi afe 1914 a ɛkyerɛ bere pɔtee no mu reba yi. “Onipa Ba” no aba, na n’abɔfo nyinaa ka ne ho, na wabɛtra n’anuonyam soro ahengua no so. Wakɔ so aboaboa amanaman no ano ama atemmu na ‘wapaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.’ Wɔ amanaman no ne “mpapo” no fam de, ɛyɛ ɔhaw bere a anidaso biara nnim, nanso wɔ adesamma a wɔte sɛ nguanten a wɔyɛ osetie no fam de, ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ ‘wɔhwɛ soro na wɔma wɔn ti so efisɛ wɔn gye rebɛn.’​—Mat. 24:3-8; 25:31-34; Luka 21:26-28.

20. Dɛn na yɛyɛ mprempren a yebetumi atɔ yɛn bo ase wɔ anidaso mu?

20 Nanso boasetɔ ho hia ansa na anidaso no aba mu ama yɛn. Bere a saa “nna a edi akyiri” yi rebɛn n’awiei koraa no, ɛho hia sɛ yesusuw nsɛm ho sɛnea Yesu yɛɛ no no so, sɛnea Paulo tuu fo no: “Na boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn no mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu suban te no, na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya anuonyam.” (Rom. 15:5, 6) Ɛnde ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so de “koma koro ne nokoro” asom wɔ boasetɔ mu, bere a yɛka Ahenni no ho asɛmpa “de di amanaman nyinaa adanse,” a yɛwɔ awerɛhyem sɛ “ɛno ansa na awiei no bɛba” no. (Mat. 24:13, 14) Yiw, ɛmmra sɛ yebenya ahotoso a enhinhim wɔ yɛn Amansan Hene Awurade Yehowa, “Onyankopɔn a ɔma anidaso” no mu.

[Kratafa 4 mfoni]

“Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”​—Rom. 5:12.

“Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”​—Yoh. 3:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena