So Wowɔ Ɔpɛ Sɛ Wubetie Onyankopɔn?
SƐ YƐKENKAN Bible no a, yehu ntɛm ara sɛ tebea a na afeha a edi kan no mu nnipa wom no te sɛ nea yɛwom nnɛ yi ara pɛ wɔ akwan pii so. Na ɔbrasɛe ne nsisi abu so, ne titiriw no wɔ ɔbrasɛe aman a ɛbemmɛn Israel a na ɔbrasɛe taa yɛ ɔsom fã ma wɔn no mu. Na ahiafo nni anidaso wɔ asetra mu na na amammui mu nsɛnnennen wɔ hɔ. Ebeduu afe 66 Y.B. no, na Israel ne Roma de wɔn ho ahyɛ ɔko mu. Na nnipa hia mmoa saa bere no te sɛ nnɛ.
Wɔ ɔsom fam no, na saa nna no mu nneɛma a ɛte sɛ yɛn bere yi so de dɔɔso. Na Yudafo nyamesom akannifo yɛ nyaatwom. (Mateo 23:15; Luka 20:46, 47) Na ahopɛ, gyidi hunu ne ɔsom mu kateeyɛ ne su ahorow a wɔda no adi wɔ ɔsom mu wɔ aman a na wɔnyɛ Yudafo no mu. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 14:8-13; 19:27, 28 ho.) Na nneɛma nkɔ yiye wɔ Kristofo asafo a na ɛnkyɛe pii no mpo mu. Ɔsomafo Yohane de kɔkɔbɔ mae wɔ afeha no awiei sɛ: “Nnaadaafo bebree aba wiase.” (2 Yohane 7) Yiw, wɔde ɔsom ho afotu bɔne mae wɔ saa bere no nso mu. Nanso na mmoa a wotumi de ho to so wɔ hɔ.
So Anka Wubetie Yesu?
Yesu yɛ obi a ɔde afotu a ɛte saa mae wɔ saa nna no mu. Na etumi dan ti araa ma yɛkenkan eyi wɔ nea efii mu bae no ho, sɛ: “Ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28) Nanso nnipadɔm no mu kakraa bi na wotiee nea ɔkae no ankasa. Yesu yɛɛ nnwuma a ɛyɛ nwonwa na ɔde asetra ne abrabɔ pa ho nhwɛso mae. Nanso akannifo a na wɔkyerɛ sɛ wonim nhoma yiye no mpo ampɛ sɛ wobehu mfaso a ɛwɔ nea ɔkae no so. Dɛn ntia?
Ne titiriw no, na ɛyɛ afoforo ho adwemmɔne nti. Ebinom buu Yesu animtiaa efisɛ na ofi Nasaret. Afoforo powee no, esiane kɔ a wankɔ wɔn sukuu ahorow no bi, ne sodifo kuw no a na ɔne wɔn nni abusuabɔ no nti. (Yohane 1:46; 7:12, 15, 47, 48) Afei nso, Yesu anka nea na nkurɔfo repɛ atie bere nyinaa. Ɔkaa nokware nkutoo, na sɛ nhwɛso no, na ne nsɛm taa hyɛ Farisifo no abufuw. (Mateo 15:12-14) Nokwarem no, bere a na waka asɛm mfe abiɛsa ne fã akyi no, Yudafo nyamesom akannifo no maa wokum no. (Luka 23:20-35) Hokwan bɛn ara na wɔhweree sɛɛ yi, efisɛ na Yesu wɔ “daa nkwa nsɛm”!—Yohane 6:68.
Sɛ na wote Yerusalem saa bere no a, so anka wubedi nyamesom akannifo ne nnipadɔm a wɔaka no akyi? Anaasɛ so anka worento w’adwene mu, na ama woate nea na Yesu reka no ase? Sɛ saa a, anka wobɛyɛ te sɛ ɔbea bi a ɔda nsow, a Yesu hyiaa no wɔ n’akwantu ahorow mu no.
Obi a Otiei
Ohyiaa ɔbea yi, bere a na ɔretu kwan akɔfa Samaria no. Na ɔte asubura bi ho rehome, na ɔbea no bae sɛ ɔbɛsaw nsu, bere a na ɔwɔ hɔ no. Yennim ne din, nanso Bible no ka sɛ, Yesu de hokwan no dii dwuma de kaa ɔsom ho asɛm kyerɛɛ ɔbea no, wɔ brɛ a na wabrɛ nyinaa akyi.—Yohane 4:5-15.
Afei, na nneɛma pii wɔ hɔ a anka ɔbea yi betumi agyina so de akwati ɔkwan a Yesu faa so no. Na ɔyɛ ɔsom foforo muni—na ɔkwan a Samariafo fa so som no nte sɛ Yudafo de no. Bio nso, na Yudafo bu Samariafo animtiaa, na na wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn bɛbɔ. Afei nso, na Yudafo mmarima ntaa nkasa nkyerɛ mmea a wɔyɛ ahɔho ma wɔn. (Yohane 4:9, 27) Bio nso, na Samariani bea no bu ɔbra bɔne, na na anka obetumi ama ne bo afuw sɛ ebia ɔbɛkasa atia no, anaasɛ ɔbɛpa ne bɔne ho ntama.—Yohane 4:18.
Nanso, wanyɛ n’ade saa. Mmom no, nea ɔyɛe wɔ anifere kwan a ɛkanyan anigye a Yesu faa so no ho ne sɛ, obisabisaa nsɛm a ntease wom. Bere a nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so no, ɔbea no twee adwene sii asɛnnennen bi so, na ɔkaa ɔsom mu mpaapaemu a ɛda Yudafo ne Samariafo ntam no ho asɛm. Yesu fi ayamye mu buaa ɔbea no, nanso ɔkaa no pen kyerɛɛ no sɛ: “Mosɔre nea munnim; yɛn de yɛsɔre nea yenim.” (Yohane 4:19-22) Nanso, ɔbea no bo amfuw. Na n’adwene a ɔntoo mu no ayɛ krado sɛ ebetie nsɛm pii.
Enti Yesu kaa asɛm bi a ɛho hia de toaa so sɛ: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Akyiri yi, ɔbea a na ɔntoo n’adwene mu yi daa anisɔ adi, denam nea na wahu a ɔde ahopere kɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’afipamfo no so. Wɔn nso, wɔnam Yesu a wotiee no so hwehwɛɛ nsɛm afoforo.—Yohane 4:39-42.
Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? Wiɛ, sɛ yɛte baabi a wɔda mmusua, ɔman ne nyamesom ho adwemmɔne a emu yɛ den adi a, dɛn na yɛyɛ bere a obi a ɛsono n’abusua, ɔman a ofi mu ne ne som ba yɛn nkyɛn no? So yɛka yɛn ano tom, bere a wɔreka nneɛma a ebetumi akyerɛ sɛ nea yɛyɛ no nteɛ ho asɛm no? Anaa, anyɛ yiye koraa no, so yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛkasa te sɛ Samariani bea no?
So Anka Wubetie Paulo?
Obi foforo nso a ɔde afotu pa mae wɔ afeha a edi kan no mu ne ɔsomafo Paulo. Bere bi na Paulo nso wɔ adwene a wɔato mu. Ɔkae sɛ: “Me a kan meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.” (1 Timoteo 1:13) Nanso, ogyee nokware a ɛfa Yesu Kristo ho no toom na oyii n’adwemmɔne no kyenee. Nhwɛso a ɔyɛe no kyerɛ sɛ Bible mu nokware betumi ‘aburuw nneɛma a ase atim yiye’ wɔ koma no mu agu, sɛ saa nneɛma no sɛe yɛn yiyedi a.—2 Korintofo 10:4.
Bere a Paulo bɛyɛɛ Kristoni pɛ no, ɔde akokoduru trɛw asɛmpa a na wate no mu. Na sɛnea na wɔbɛhwɛ kwan no, ohyiaa nnipa a na wɔato wɔn adwene mu te sɛ nea ɔyɛe bere bi no—nanso ɛnyɛ obiara na ɔyɛɛ saa. Ohuu komam ahobrɛasefo a na wɔyɛ afotu a wotie ho nhwɛso pa wɔ Beroia wɔ Hela kusuu fam. Saafo yi huu nokware a ɛwɔ Paulo nsɛm no mu no. Enti, “woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no.” Na wɔnyɛ nnipa a wɔato wɔn adwene mu, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdaadaa wɔn. ‘Daa wɔhwehwɛɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:11) Wɔn ani gyei nea wɔtee no ho, ɛwom sɛ wɔde Bible no hwɛe sɛ ɛyɛ nokware ansa na wɔregye atom koraa de.
‘Munhu Nneɛma Nyinaa Mu Yiye’
Yɛn bere yi so no, Yehowa Adansefo de bere pii di dwuma de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ afoforo a wɔyɛ ɔsom afoforo mufo. Dɛn na wɔde yɛ Adansefo no? Nnipa a wɔwɔ adamfofa su pii ani gye ho sɛ wobegye wɔn. Nanso dodow bi mpɛ sɛ wɔyɛ saa, na ebinom bo fuw mpo sɛ Adansefo no ba wɔn nkyɛn.
Eyi yɛ awerɛhosɛm, efisɛ wɔfrɛ nea Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔka ho asɛm no sɛ “asɛmpa” wɔ Bible mu. (Mateo 24:14) Afei nso, wɔhyɛ su a na ɔsomafo Paulo a ɔkaa nea edi so yi wɔ no ho nkuran: “Munhu nneɛma nyinaa mu yiye; munso nea eye no mu.” (1 Tesalonikafo 5:21, New World Translation) Nokwarem no, sɛ obi asɛm yɛ den mpo a, ɛnsɛ sɛ ɔto n’adwene mu na ɛsɛ sɛ ɔne afoforo ka Onyankopɔn ho asɛm te sɛ Beroiafo ne Samariani bea no.
Dɛn Nti Na Ɛnsɛ sɛ Woto W’adwene Mu?
Nea ɛyɛ anigye no, nnipa mpempem pii reyɛ saa afe biara. Nnipa pii sua sɛnea wobehu nyansa a ɛwɔ Bible mu no, na nea efi mu ba ne sɛ wɔyɛ nsakrae ankasa a ɛtra hɔ daa wɔ wɔn asetra mu. Na anka ebinom te sɛ Janet, ababaa bi a na ɔnom nnubɔne na ɔbow nsa wɔ mfe pii mu a awiei koraa no anka ɛrema wakum ne ho no. Ɛnnɛ, Janet yɛ Kristoni a ɔwɔ anigye. Bible a osuae no boaa no ma onyaa ahoɔden de dii Paul afotu yi akyi: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.”—2 Korintofo 7:1.
Na Vernon yɛ ɔsadweam, na na n’aware reyɛ agu. Nanso Bible no afotu akyi a odii no ma otumi dii su bɔne yi so na ɔne ne yere san boom. (1 Korintofo 6:11) Na Debra wɔ mmusua ho adwemmɔne a emu yɛ den. Nanso Bible adesua ne Kristofo a ɔne wɔn bɔe no boaa no ma ɔsakraa n’adwene. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Na hena na obetumi agye nsakrae a ɛbaa abeawa aguaman bi a ɔwɔ Netherlands asetra mu bere a da koro bi ɔpenee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no adi? Ankyɛ biara ɔbɛyɛɛ Kristoni a wɔabɔ no asu a obu ɔbra pa na ɔhwɛ ne mma anim duru mu.
Osuahu a ɛte saa no taa si bere a nkurɔfo tie nea Bible ka no. Wɔn asetra abɛyɛ nea eye wɔ akwan a wɔn mu pii ansusuw sɛ ebetumi aba saa da so. Nea ɛho hia titiriw no, wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ ma enti wobetumi de mmɔdenbɔ abɔ no mpae sɛ “Yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mateo 6:9) Wonya daakye ho nokware anidaso a ɛyɛ den bere a wohu nokware a Yesu nsɛm yiye no: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Eyi ne asɛm a Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔne afoforo susuw ho bere a wɔyɛ wɔn som adwuma na wɔkɔ wɔn nkyɛn no. Ɛda adi sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba wo nkyɛn bio. So worento w’adwene mu na ama woatie wɔn?
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Samariani bea no amma afoforo ho adwemmɔne ansiw no kwan sɛ obetie Yesu. So wo nso wontoo w’adwene mu?