Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/1 kr. 20-23
  • ‘Na Abɔ Nnɔn Ahe?’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Na Abɔ Nnɔn Ahe?’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wɔde Bu Mmere a Onyankopɔn De Ama
  • Kasakoa a Wɔde Ka Bere ho Asɛm
  • Hebrifo no Anadwo Nnɔnhwerew
  • Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu
  • Anadwo Nkyekyem
  • Hu Ɛda no mu Dɔn Ko a Abɔ
  • Abɔ Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • “Monkɔ So Nwɛn”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/1 kr. 20-23

‘Na Abɔ Nnɔn Ahe?’

‘ABƆ nnɔn ahe?’ Mpɛn ahe na woabisa saa asɛm no? Wɔ yɛn nnɛ mmere a bere kɔ ntɛmntɛm yi mu no, yɛn ani ku bere ho bere nyinaa. Nneɛma a yɛyɛ da biara no mu dodow no ara​—anɔpa a yɛsɔre, adwuma kɔ, adidi, yɛne nnamfonom nhyiam, ne nea ɛkeka ho​—yɛ nea bere da ho yiye. Na yɛde yɛn ho to nneɛma pii so​—nyansa dɔn, watse, ɛdɔn ahorow, radio​—na akyerɛ yɛn dɔn ko a abɔ.

Na Bible mmere so a na nnipa nni mfiri a wɔde hu dɔn ko a abɔ sɛnea yɛwɔ no nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wɔfa buu mmere? So Bible kyerɛwtohɔ no ma yehu eyi anaa? Sɛ wuhu ɛda no mu dɔn ko a Bible mu asɛm bi sii a, ebetumi ama woanya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease foforo, na ama wo Bible adesua ayɛ dɛ pii.

Nea Wɔde Bu Mmere a Onyankopɔn De Ama

Wɔ tete mmere mu no, na wɔnam owia anaa ɔsram, “akanea akɛse abien” a Ɔbɔadeɛ no de sɛn ɔsoro sɛ “ɛmmɛpae awia ne anadwo mu” no a wɔhwɛ no so na ehu dɔn ko mu a asɛm bi sii. (Genesis 1:14-16) Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ bere a “ade reyɛ akye no” na abɔfo baanu no hyɛɛ Lot ne n’abusua no ma woguan fii Sodom kuropɔn a na ɛrebɛsɛe no mu. (Genesis 19:15, 16) Na Abraham somfo ɔnokwafo no beduu asubura a ohyiaa Rebeka wɔ ho no ho bɛyɛ “anwummere.”​—Genesis 24:11, 15.

Ɛtɔ mmere bi a, wɔma yehu bere pɔtee a biribi sii ankasa. Sɛ nhwɛso no, wotuu otemmufo Gideon ba Abimelek a ɔyɛ basabasa no fo sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Sekem kuropɔn so “anɔpa a owia repue.” (Atemmufo 9:33) Ɛda adi sɛ akodi ho nyansa bi nti na wɔde afotu yi mae. Ebetumi ayɛ sɛ sɛnea owia a ɛrepue no hyerɛn wɔ Abimelek dɔm no akyi no ma ɛyɛɛ den maa Sekem ahobammɔfo no sɛ wobehu dɔm a wɔreba wɔn so no wɔ “mmepɔw no sunsuma” no mu.​—Atemmufo 9:36-41.

Kasakoa a Wɔde Ka Bere ho Asɛm

Hebrifo de nsɛm a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ anigye dii dwuma de kaa bere ho asɛm. Ɛnyɛ beae hɔ ne ɛhɔnom amanne ahorow no ho nkate nko na ɛma yenya, na mmom ɛma yehu nsɛm a ɛfa adeyɛ bi ho no ho biribi nso.

Sɛ nhwɛso no, Genesis 3:8 ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa kasa kyerɛɛ Adam ne Hawa “anwummere mfare” mu wɔ ɛda a wɔyɛɛ bɔne no so. Wɔte eyi ase sɛ ɛyɛ ɛrekɔ bere a owia kɔtɔ na mfare a ɛyɛ nwini bɔ, na ɛde ahotɔ ba wɔ ɛda no mu ɔhyew akyi no. Mpɛn pii no, ɛyɛ bere a anim reyɛ abiribiri no na wogye ahome. Nanso, Yehowa amma asɛm bi a anibere wom a ɛsɛ sɛ odi no antra hɔ ankosi adekyee wɔ bere a bere da so ara wɔ hɔ sɛ ɔbɛka ho asɛm no.

Nanso, Genesis 18:1, 2 kyerɛ yɛn sɛ Yehowa abɔfo beduu Abraham ntamadan ho wɔ Mamre bɛyɛ “awia ketee.” Yɛ sɛnea owigyinae awia no rebɔ denneennen wɔ Yuda nkoko no atifi ho mfonini hwɛ. Ɔhyew no ano betumi ayɛ den yiye. Na ɛyɛ bere a wodidi na afei wɔhome. (Hwɛ Genesis 43:16, 25; 2 Samuel 4:5.) Enti, na Abraham “te ne ntamadan pon ano,” faako a ebia mframa rebɔ kakra, a ebia wadidi awie rehome. Yɛn ani betumi asɔ ɔbarima a ne mfe akɔ anim yi ahɔhoyɛ no yiye bere a yɛkenkan sɛ ofii ase “tuu mmirika kohyiaa” ahɔho no, na afei ‘ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ ntamadan no mu’ kɔka kyerɛɛ Sara sɛ ɔnto abodoo, na ɛno akyi no otuu “mmirika kɔɔ anantwi mu” na,“ɔyɛɛ ntɛm siesiee no” no. Ɔyɛɛ eyi nyinaa awia ketee a wim yɛ hyew!​—Genesis 18:2-8.

Hebrifo no Anadwo Nnɔnhwerew

Ɛda adi sɛ Hebrifo no kyɛɛ anadwo mu ahorow abiɛsa, a wɔfrɛ no “adasu.” Na biako biara tenten yɛ bɛyɛ fi bere a owia kɔtɔ kosi bere a owia pue no nkyem abiɛsa mu biako, anaasɛ bɛyɛ nnɔnhwerew anan, sɛnea afe no mu bere a wɔwom no kyerɛ. (Dwom 63:6) Ɛyɛ “ɔdasu a edi mfinimfini no mfiase,” a ɛyɛ fi bɛyɛ anadwo nnɔndu kosi anɔpa nnɔnabien, na Gideon kɔtow hyɛɛ Midianfo nsra no so. Ɛda adi pefee sɛ na awɛmfo no ani nni wɔn ho so koraa sɛ wɔbɛtow ahyɛ wɔn so saa bere yi mu. Nokwarem no, mpasuatwa bere biara nni hɔ a eye sen bere a Gideon a ɔyɛ ahwɛyiye no paw sɛ ɔde bɛtow ahyɛ wɔn so no!​—Atemmufo 7:19.

Bere a Israelfo no fii Misraim no, Yehowa maa “apuei mframa dennen ma ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa,” na ɛma wɔfaa asase kesee so twae. Bere a Misrifo no bɛtoo wɔn no, ‘na anɔpa ɔdasu’ adu dedaw, na Yehowa maa Misrifo dɔm no nsra mu yɛɛ basabasa, na awiei koraa no, ɔsɛe wɔn denam nsu no a ɔmaa ‘ɛsan n’akyi bɛsenee sɛnea ɛte wɔ bere a ade rekye no’ so. (Exodus 14:21-27) Enti ɛkame ayɛ sɛ ɛpo no a emu paee ma Israelfo no faa mu twae no gyee anadwo mũ no nyinaa.

Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu

Ebeduu afeha a edi kan no mu no, na Yudafo no de nnɔnhwerew 12 bu da koro. Eyi nti na Yesu kaa wɔ ne mfatoho no biako mu sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da biako mu?” (Yohane 11:9) Na wobu eyi fi bere a owia pue kosi bere a ɛkɔtɔ, bɛyɛ fi anɔpa nnɔnsia kosi anwummere nnɔnsia. Enti, “dɔn a ɛto so abiɛsa” no bɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Saa bere yi mu na wohwiee honhom kronkron no gui wɔ Pentekoste da no so. Bere a nkurɔfo kae sɛ “nsa dɔkɔdɔkɔ abow” asuafo no, Petro yɛɛ ntɛm de ntwatoso no ho anoyi a etwaa asɛm no to mae. Nokwarem no, obiara remmow nsa anɔpatutu saa!​—Asomafo no Nnwuma 2:13, 15.

Saara na yetumi te Yesu asɛm a ɔkae sɛ “m’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde” no ase yiye bere a yesusuw bere ko mu a ɔkaa asɛm no ho no. Sɛnea Yohane 4:6 kyerɛ no, na “ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia,” anaa bɛyɛ owigyinae. Bere a Yesu ne asuafo no anantew afa Samaria mmepɔw asase no so no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔm ne sukɔm de wɔn. Ɛno nti na bere a asuafo no de aduan san bae no, wɔhyɛɛ no sɛ onnidi no. Na wonnim sɛnea Yehowa adwuma a Yesu yɛ no ma no ahoɔden na ɛwowaw no no. Akyinnye biara nni ho sɛ asɛm a Yesu kae no nyɛ kasakoa ara kwa. Na Onyankopɔn adwuma a ɔyɛ no ma no ahoɔden ankasa, ɛwom mpo sɛ na nnɔnhwerew pii atwam a onnidii ɛ.​—Yohane 4:31-34.

Esiane sɛ na afe no mu bere ko a wɔwom no ma nsonsonoe ba bere a owia pue na ɛkɔtɔ mu nti, na wɔntaa nkyerɛ bere pɔtee a asɛm bi sii. Enti, yɛtaa kenkan sɛ asɛm bi sii wɔ dɔn a ɛto so abiɛsa, asia, anaa akron mu​—a ɛkyerɛ mpɛn pii sɛ asɛm no sii bɛyɛ saa bere no mu. (Mateo 20:3, 5; 27:45, 46; Marko 15:25, 33, 34; Luka 23:44; Yohane 19:14; Asomafo no Nnwuma 10:3, 9, 30) Nanso, sɛ na ɛho hia sɛ wohu bere pɔtee a asɛm bi sii a, wɔkyerɛ bere ko ankasa. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima a na ɔpɛ sɛ ohu sɛ Yesu tumi na ɛmaa ne ba ho tɔɔ no ampa no asomfo buaa no sɛ: “Nnɛra dɔn a ɛto so ason no [bɛyɛ awia dɔnkoro] na atiridii no gyaa no.”​—Yohane 4:49-54.

Anadwo Nkyekyem

Ebeduu bere a Romafo bedii Yudafo so no, na ɛte sɛ nea wɔafa sɛnea Helafo ne Romafo akyekyɛ anadwo mu adasu anan no de di dwuma mmom na ɛnyɛ abiɛsa a na anka wɔde di dwuma no. Wɔ Marko 13:35 no, ɛda adi sɛ na Yesu reka nkyekyem anan no ho asɛm. Na “anadwofa” ɔdasu no fi ase bere a owia akɔtɔ kosi bɛyɛ anadwofa nnɔnkron. Ɔdasu a ɛto so abien a ɛne “ɔdasum” no fi ase bɛyɛ nnɔnkron kosi ɔdasum. “Akokɔbɔnee” no fi ase fi ɔdasum kosi bɛyɛ nnɔnabiɛsa. Na ɔdasu a etwa to a ɛne “anɔpa” no ba awiei ahemadakye, anaasɛ bɛyɛ nnɔnsia.

Yɛn ani gye “akokɔbɔnee” ɔdasu no ho titiriw esiane asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro wɔ Marko 14:30 sɛ: “Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa” no nti. Bere a nkyerɛkyerɛmufo binom kyerɛ sɛ “mprenu” no kyerɛ mmere pɔtee bi​—ɔdasum ne ahemadakye​—no, A Dictionary of Christ and the Gospels, a James Hastings yɛ ne samufo no kyerɛ sɛ “nokwarem no, wɔ Apuei Fam, te sɛ baabiara no, nkokɔnini bɔn anadwo no mu bere biara kɛkɛ fi ɔdasum rekɔ.” Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ bere pɔtee a Petro bɛpa no ho asɛm na Yesu reka. Mmom no, na ɔde nea ɛbɛyɛ nsɛm a ɔka kyerɛɛ Petro no ho sɛnkyerɛnne rema, na ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ saa anadwo no ara.​—Marko 14:72.

Na ɛyɛ “anadwo dasu a ɛto so anan”​—anɔpa nnɔnabiɛsa ne nnɔnsia ntam​—na Yesu nam Galilea Po no mu nsu so baa n’asuafo, a na wɔwɔ ɔkorow bi mu wɔ “ɛpo no mfinimfini” no nkyɛn. Ebia ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte nea enti a asuafo no ‘bo tui, na wɔkae sɛ: Ɛyɛ honhom bi! Na wɔde ehu teɛteɛɛm’ no. (Mateo 14:23-26) Nanso, eyi kyerɛ sɛ Yesu nkutoo de bere pii bɔɔ mpae wɔ bepɔw no so. Esiane sɛ na Herode Antipa twaa Yohane Osuboni no ti nkyɛe, na ɛrenkyɛ na Twam a ɛhyɛɛ Yesu asase so ɔsom adwuma no mu afe a etwa to mfiase nsow no adu nti, akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu wɔ nneɛma pii a obesusuw ho wɔ ne mpae a ɔbɔɔ Agya no mu.

Adasu anan no akyi no, na wɔde nnɔnhwerew 12 nso bu anadwo mu bere. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde Paulo akodu Kaesarea dwoodwoo no, asraafo panyin Klaudio Lisia ka kyerɛɛ n’asraafo mpanyimfo sɛ wonsiesie asraafo dɔm 470 “anadwo dɔn a ɛto so abiɛsa mu.” (Asomafo no Nnwuma 23:23, 24) Enti wɔde Paulo faa sum mu fii adi fii Yerusalem dwoodwoo.

Hu Ɛda no mu Dɔn Ko a Abɔ

Nsɛm a esisii wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no mu ho amanneɛbɔ a yɛbɛkenkan na yɛasusuw ho no ma yenya anigye ne honhom fam denhyɛ. Sɛ wubetumi de bere ko a nsɛm sisii no aka nneɛma a wususuw ho no ho a, ɛbɛma wo Bible sua mu anigye ayɛ kɛse ampa. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ saa kwan yi so no, wubehu Onyankopɔn Asɛm no yiye. Nhoma te sɛ Insight on the Scriptures ne New World Translation of the Holy Scriptures With References no yɛ mmoa a ɛsom bo kɛse wɔ eyi yɛ mu (Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na ɛyɛɛ abien no nyinaa). Ɛbɛboa wo ma sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘Na abɔ nnɔn ahe?’ a, woanya ho mmuae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena