Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 19 kr. 48-kr. 51 nky. 4
  • Ɔkyerɛkyerɛɛ Samariani Baa Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkyerɛkyerɛɛ Samariani Baa Bi
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SAMARIAFO PII GYEE NO DII
  • Ɔbea Bi a Ɔwɔ Abura Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔne Ɔbea no wɔ Abura no So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔde Nniso A Ɛsen Biara No “Nsafe” Di Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Gerisim—‘Bepɔw Yi so na Yɛsomee’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 19 kr. 48-kr. 51 nky. 4
Yesu ne Samariani baa bi rebɔ nkɔmmɔ wɔ abura ho

TI 19

Ɔkyerɛkyerɛɛ Samariani Baa Bi

YOHANE 4:3-43

  • YESU KYERƐKYERƐƐ SAMARIANI BAA BI NE AFOFORO

  • ƆSOM A ONYANKOPƆN PENE SO

Bere a Yesu ne n’asuafo no fi Yudea rekɔ Galilea no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifi fam kɔfaa Samaria mantam mu. Ná wɔanante abrɛ, enti wɔduu Sikar awiabere no, wɔtenaa abura bi ho gyee wɔn ahome; ɛbɛyɛ sɛ bere a Yakob te ase no na ɔtuu saa abura no. Wokɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Nablus no a, abura no da so wɔ hɔ.

Bere a Yesu te hɔ rehome no, n’asuafo no kɔɔ kuro a ɛbɛn hɔ mu kɔtɔɔ aduane. Wɔkɔe no, Samariani baa bi bɛsaa nsuo wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi nnom.”​—Yohane 4:7.

Yesu te abura bi ho rehome, n’asuafo kɔ, na Samariani baa bi resa nsuo

Saa bere no, na Yudafo ne Samariafo ani nhyia koraa. Enti ɛyɛɛ ɔbaa no nwonwa ma ɔbisaa sɛ: “Adɛn na wo a woyɛ Yudani rebisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma kwa ne onii a ɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma me bi nnom’ no a, anka wobɛbisa no na wama wo nkwa nsuo.” Ɔbaa no kaa sɛ: “Owura, wonni adeɛ a wɔde sa nsuo mpo, na abura no mu dɔ. Ɛnneɛ, ɛhe na wonya nkwa nsuo yi fire? Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔde abura yi maa yɛn na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nom bie no anaa?”​—Yohane 4:​9-​12.

Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, sukɔm bɛde no bio. Nanso obiara a ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, sukɔm renne no da, na mmom nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire wɔ ne mu a ɛpu kɔ daa nkwa mu.” (Yohane 4:​13, 14) Ɛwom sɛ na Yesu abrɛ deɛ, nanso na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ Samariani baa no.

Ɔbaa no buaa sɛ: “Owura, ma me nsuo yi bi na sukɔm anne me, na mankɔ so amma ha ammɛsa nsuo.” Yesu danee asɛm no bisaa no sɛ: “Kɔ na kɔfrɛ wo kunu bra ha.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Menni kunu.” Afei Yesu kaa asɛm a ɔnim fa ɔbaa no ho kyerɛɛ no, na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ɔbaa no ho dwirii no paa. Yesu kaa sɛ: “Woaka no yie sɛ, ‘Menni kunu.’ Ɛfiri sɛ woaware kununom nnum, na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no nyɛ wo kunu.”​—Yohane 4:​15-​18.

Asɛm a Yesu kae no maa ɔbaa no huu sɛ ɛnyɛ onipa biara kɛkɛ na ɔne no rekasa. Enti ɔkaa sɛ: “Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.” Afei ɔkaa biribi de kyerɛɛ sɛ n’ani gye nyamesom ho. Dɛn na ɔkae? Ɔkaa sɛ: “Yɛn agyanom som bepɔ [Gerisim] yi so; nanso mo [ Yudafoɔ] deɛ, moka sɛ Yerusalem ne baabi a ɛsɛ sɛ nnipa som.”​—Yohane 4:​19, 20.

Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ baabi a wɔhyia som na ɛhia. Ɔkaa sɛ: “Dɔn no reba a morensom Agya no wɔ bepɔ yi so anaa Yerusalem.” Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Dɔn no reba, na aduru, sɛ nokorɛ asomfoɔ bɛsom Agya no honhom ne nokorɛ mu, na nnipa saa nso na Agya no rehwehwɛ ama wɔasom no.”​—Yohane 4:​21, 23, 24.

Enti ɛnyɛ baabi a yɛhyia som na ɛhia Agya no, na mmom ɛkwan a yɛfa so som no. Asɛm no kaa ɔbaa no koma ma ɔkaa sɛ: “Menim sɛ Mesia a wɔfrɛ no Kristo no reba. Na sɛ ɔnya ba a, ɔbɛka nneɛma nyinaa akyerɛ yɛn pefee.”​—Yohane 4:25.

Afei Yesu kaa no pen kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.” ( Yohane 4:​26) Wo deɛ dwene asɛm yi ho. Hwɛ sɛ ɔbaa yi aba awia ketee rebɛsa nsuo; ɔbae nso a, wanhyia obiara sɛ Yesu, na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no pen sɛ ɔno ne Mesia no! Ná Yesu nkaa saa asɛm no nkyerɛɛ obiara da. Enti na ɛyɛ nwonwa paa.

SAMARIAFO PII GYEE NO DII

Bere a Yesu asuafo no kɔtɔɔ aduane wɔ Sikar bae no, na Yesu da so ara te abura no ho, nanso na ɔne Samariani baa bi rebɔ nkɔmmɔ. Asuafo no bɛduu hɔ ara pɛ na ɔbaa no gyaa n’ahina no hɔ kɔɔ kuro no mu.

Yesu asuafo no abɛdu abura no ho, na Samariani baa no rekɔ

Ɔbaa no duu Sikar no, ɔkaa nea Yesu aka akyerɛ no nyinaa kyerɛɛ kurom hɔfo. Ɔkaa sɛ: “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me.” Afei ebia na ɔpɛ sɛ ɔka biribi ma ɛpusu wɔn, enti ɔbisaa sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?” ( Yohane 4:​29) Saa asɛm yi deɛ, ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ asɛm a na ɛho hia obiara. Ɛfiri Mose bere so na wɔfiri hwɛɛ Mesia no kwan. (Deuteronomium 18:​18) Wei pusuu kurom hɔfo no ma wɔpu kɔhwɛɛ Yesu.

Samariani baa no reka nsɛm a Yesu aka akyerɛ no no akyerɛ nkurɔfo wɔ Sikar

Saa bere no nyinaa na asuafo no reka kyerɛ Yesu sɛ ɔnnidi. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ aduane bi di a monnim.” Ɛyɛɛ n’asuafo no nwonwa na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” Yesu too ne bo kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu kyerɛɛ wɔn, na yɛn nso yɛnya asuade bi fi mu. Ɔkaa sɛ: “M’aduane ne sɛ mɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mawie n’adwuma.”​—Yohane 4:​32-34.

Ná aka bɛyɛ abosome nnan ama wɔatwa atoko, nanso na ɛnyɛ saa adwuma no na Yesu reka ho asɛm. Otwa adwuma foforo na na ɔreka ho asɛm; ɛfa asɛnka adwuma no ho. Ɔkaa sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuo no sɛ ahoa sɛ wɔtwa. Seesei deɛ ɔtwa no regye akatua na ɔreboaboa aba ano ama daa nkwa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ ɔguo ne deɛ ɔtwa ani bɛgyeɛ.”​—Yohane 4:​35, 36.

Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ahu sɛ Samariani baa no fii ne nkyɛn kɔe no, asɛm a ɔka kyerɛɛ kurom hɔfo no aka wɔn koma. Nea ɔbaa no ka kyerɛɛ Sikarfo no nti, wɔn mu pii gyee Yesu dii. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me.” ( Yohane 4:​39) Enti Sikarfo no baa abura no ho bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔntena wɔn nkyɛn na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn kakra. Yesu penee so, na ɔdii nnanu wɔ Samaria.

Yesu kyerɛkyerɛɛ Samariafo no, na wɔn nso tiee no maa wɔn mu pii gyee no dii. Enti wɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Afei deɛ, ɛnyɛ w’asɛm no nti na yɛgye die; na yɛn ara yɛate na yɛahunu sɛ onipa yi ne wiase agyenkwa no ampa.” ( Yohane 4:​42) Yɛhwɛ sɛnea Samariani baa no kaa Kristo ho asɛm ma ɛkaa nkurɔfo no a, yɛbɛtumi asua biribi afi mu. Sɛ yɛredi adanse na yɛka nsɛm a aba wom a, ɛbɛma nkurɔfo ayɛ aso atie yɛn.

Kae sɛ saa bere no, na aka abosome nnan ama otwa bere adu so. Ná wɔrebɛtwa atoko, na saa mantam yi mu no, na wɔtwa atoko wɔ osutɔbere mu. Enti yɛbɛtumi aka sɛ na saa bere no yɛ November anaa December. Wei kyerɛ sɛ bere a Yesu ne n’asuafo no dii afe 30 mu Twam afahyɛ no wiei no, wɔtenaa Yudea bɛyɛ abosome nwɔtwe kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bɔɔ wɔn asu. Afei wɔde wɔn ani kyerɛɛ fie kɔɔ Galilea mantam mu. Dɛn na na ɛda hɔ retwɛn wɔn?

NÁ SAMARIAFO YƐ NNIPA BƐN?

Ná Samaria mantam no hyɛ Yudea ne Galilea ntam. Ɔhene Solomon wui no, Israel mmusuakuw du a na wɔwɔ atifi fam no tee wɔn ho kɔe ma ɛkaa Yuda ne Benyamin mmusuakuw no.

Bere a mmusuakuw du no tee wɔn ho no, nantwie ba som na wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ mu. Enti afe 740 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Asiriafo sɛee wɔn kuro Samaria. Asiriafo no faa Samariafo pii kɔe, na wɔde nkurɔfo a wɔfiri aman foforo mu bɛfraa wɔn mu wɔ Samaria. Wɔn a wɔde wɔn bɛtenaa hɔ no, na wɔsom aman foforo anyame, na wɔne Israelfo a wɔkaa Samaria no dii ayeware. Akyiri yi, ɛhɔfo no fii ɔsom bi ase, na wɔde Onyankopɔn Mmara mu nneɛma bi te sɛ twetiatwa no frafraa mu. Nanso ɛno amma wɔn som no anyɛ nokware som.​—2 Ahemfo 17:​9-33; Yesaia 9:9.

Yesu bere so no, Samariafo no gyee nwoma a Mose kyerɛwee no toom, nanso na wɔnkɔsom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Gerisim yɛ bepɔ bi a na ɛbɛn Sikar, na ɛhɔ na Samariafo no sii wɔn asɔredan. Bere a asɔredan no sɛee nyinaa mpo, na wɔkɔ bepɔ no so kɔsom. Yesu bere so no, na biribiara kyerɛ sɛ Samariafo ne Yudafo nka koraa.​—Yohane 8:48.

  • Yesu ne Samariani baa no kasae no, adɛn nti na ɛyɛɛ ɔbaa no nwonwa?

  • Yesu rekyerɛkyerɛ ɔbaa no, dɛn na ɔka faa nkwa nsuo ho? Baabi a ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn nso, dɛn na ɔkaa wɔ ho?

  • Dɛn na Yesu kae a ɛmaa Samariani baa no huu nipa ko a ɔyɛ? Ɔsom bɛn na Yesu kaa sɛ ɛyɛ papa?

  • Samariani baa no bɛhuu sɛ Yesu yɛ nipa bɛn? Dɛn na ɔyɛe?

  • Bere a Yesu ne n’asuafo no dii Twam afahyɛ wɔ afe 30 Y.B. wiei no, adwuma bɛn na wɔyɛe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena