-
Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
-
-
1, 2. (a) Dɛn nti na Yesu asuafo no adwenem yɛɛ wɔn nãã? (b) Otwa adwuma bɛn na na Yesu reka ho asɛm?
ASUAFO no adwenem ayɛ wɔn nãã. Ná Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.” Wɔhwɛɛ baabi a na Yesu de ne nsa akyerɛ no, nanso wɔanhu mfuw a ahoa, na mmom nea ɛnhoae—atoko a efifii nkyɛe. Ɛbɛyɛ sɛ wodwinnwen ho sɛ: ‘Aka asram dodow bi ansa na otwa bere adu. Enti, otwa adwuma bɛn na ɔreka ho asɛm yi?’—Yoh. 4:35.
2 Nanso, na ɛnyɛ nnɔbae ankasa a wotwa ho asɛm na na Yesu reka. Mmom no, na Yesu de saa bere no rekyerɛ n’asuafo no nneɛma abien a ɛho hia a ɛfa honhom fam otwa adwuma ho—otwa adwuma a ɛfa nnipa ho. Ɛyɛ nneɛma abien bɛn? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, momma yensusuw asɛm no ho nkɔ akyiri kakra.
Ɔma Wɔkɔyɛɛ Adwuma, Ɔhyɛɛ Bɔ sɛ Wɔn Ani Begye
3. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Yesu kae sɛ: ‘Mfuw no ahoa sɛ wotwa’? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Dɛn na Yesu kae de kyerɛkyerɛɛ n’asɛm no mu?
3 Yesu ne n’asuafo no bɔɔ saa nkɔmmɔ yi wɔ afe 30 Y.B. mu awiei, wɔ beae bi a ɛbɛn Samariafo kurow a wɔfrɛ no Sikar. Bere a Yesu asuafo no kɔɔ kurow no mu no, ɔno de, ɔtenaa abura bi ho kaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔbea bi. Ntɛm ara na ɔbea no hui sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no ho hia. Bere a asuafo no san baa baabi a Yesu wɔ no, ɔbea no yɛɛ ntɛm kɔɔ Sikar kurow no mu kɔkaa anwonwasɛm a wate no kyerɛɛ wɔn. Asɛm a ɔbea no kɔkae no kanyan kurow no mufo kɛse, na nnipa pii yɛɛ ntɛm baa Yesu nkyɛn wɔ abura no ho. Ebetumi aba sɛ bere a Yesu hui sɛ Samariafo pii fi mfuw no akyi nohoa reba no na ɔkaa asɛm a edi hɔ yi: ‘Monhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.’a Afei, nea ɛbɛyɛ na Yesu ama wɔate ase sɛ honhom fam otwa adwuma ho asɛm na ɔreka na ɛnyɛ nnɔbae ankasa a wotwa no, ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: ‘Nea otwa no reboaboa aba ano ama daa nkwa.’—Yoh. 4:5-30, 36.
4. (a) Nneɛma abien a ɛfa otwa adwuma no ho bɛn na Yesu kaa ho asɛm? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?
4 Honhom fam otwa adwuma no ho nneɛma abien a ɛho hia bɛn na Yesu kaa ho asɛm? Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ntɛm so. Bere a Yesu kae sɛ ‘mfuw no ahoa sɛ wotwa’ no, na ɔreka akyerɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔyɛ adwuma. Nea ɛbɛyɛ na Yesu ama n’asuafo no ahu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ntɛm so no, ɔtoaa so sɛ: “Nea otwa no regye akatua.” Nokwasɛm ne sɛ, na otwa adwuma no afi ase dedaw—enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase koraa! Nea ɛto so abien, na adwumayɛfo no ani begye. Yesu kae sɛ wɔn a wogu aba no ne wɔn a wotwa no “ani begye.” ( Yoh. 4:35b, 36) Sɛnea ebia Yesu ankasa ani gyei bere a ohui sɛ ‘Samariafo pii agye no adi’ no, saa ara na na n’asuafo no nso ani begye kɛse bere a wofi wɔn kra nyinaa mu yɛ otwa adwuma no. ( Yoh. 4:39-42) Saa asɛm a esii wɔ asomafo no bere so no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn nnɛ efisɛ ɛma yehu nea ɛrekɔ so bere a yɛreyɛ honhom fam otwa adwuma a ɛsen biara no. Bere bɛn na otwa adwuma a yɛreyɛ nnɛ no fii ase? Henanom na wɔreyɛ saa adwuma no bi? Dɛn na afi mu aba?
-
-
Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
-
-
a Ebetumi aba sɛ asɛm a Yesu ka faa ‘mfuw a ahoa’ ho no fa ntade fitafitaa a ebia na Samariafo a Yesu hui sɛ wɔreba ne nkyɛn no hyehyɛ no ho.
-