-
“Eyi Nti Na Wɔsomaa Me”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
19, 20. Mfatoho bɛn na Yesu de kyerɛkyerɛɛ sɛnea asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ no mu?
19 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Yesu nim sɛ asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ, enti ɔde nsi ne ahokeka yɛe. Yɛnsan nhwɛ nkɔmmɔ a ɔne Samariani bea no bɔe wɔ asubura a ɛwɔ Sikar kurotia no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu asomafo no nhu sɛ egye ntɛmpɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ a moka sɛ aka abosome anan ansa na twabere adu, ɛnte saa? Hwɛ! Mereka akyerɛ mo sɛ: Momma mo ani so nhwɛ mfuw no, na mubehu sɛ nnɔbae no awo sɛ wotwa.”—Yohane 4:35.
20 Yesu hwɛɛ bere a na wɔwom no na ɔde maa mfatoho no. Ɛda adi sɛ na ɛyɛ bosome Kislew no (November/December) mu. Ná aka bɛyɛ abosome nnan ansa na wɔafi ase atwa baali. Saa bere no mu hɔ baabi nso na na wɔbedi Twam no wɔ Nisan 14. Enti, na akuafo ho mpere wɔn sɛ wɔbetwa wɔn nnɔbae wɔ bosome Kislew no mu. Ná wɔwɔ bere pii da wɔn anim. Nanso na Yesu de otwa adwuma no retoto sɛnea yɛboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ n’asuafo no ho. Enti asɛm no ne sɛ, na bere aso sɛ wɔyɛ saa adwuma no anaa? Yiw. Ná nnipa pii ayɛ krado sɛ wɔbetie asɛm no, wɔbesua nea wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn no, na wɔabɛyɛ Kristo asuafo, na ama wɔanya anidaso a ɛyɛ anigye a Yehowa de ahyɛ wɔn bɔ no. Yesu hwɛ saa nnipa no a, na otumi hu sɛ wɔte sɛ baali afuw a nnɔbae no awo na mframa rebɔ no ma ɛredi ahim, kyerɛ sɛ, bere aso sɛ wɔtwa.c Ná bere aso, na na adwuma no gye ntɛmpɛ! Ne saa nti, bere a nnipa a wɔwɔ kurow bi mu pɛe sɛ Yesu tena wɔn nkyɛn kyɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43.
-
-
“Eyi Nti Na Wɔsomaa Me”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
c Bere a nkyerɛkyerɛmu nhoma bi reka nkyekyɛm yi ho asɛm no, ɛkaa sɛ: “Sɛ bere sõ sɛ wɔtwa baali a, nea ɛma yehu ne sɛ, ne kɔla a ɛyɛ ahabammono no sesa yɛ akokɔsrade.”
-