Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 2/1 kr. 21-26
  • Biakoyɛ a Yɛde Betiw Nkwa Botae No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biakoyɛ a Yɛde Betiw Nkwa Botae No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nkwa Akyɛde”
  • Biakoyɛ A Anigye Wom
  • “Nguan Foforo” Nya Mu Kyɛfa Mprempren
  • Nkaedi​—Ne Apam Foforo No
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nneɛma A Ɛwɔ Soro Ne Nea Ɛwɔ Asase So A Wɔbɛka Abom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 2/1 kr. 21-26

Biakoyɛ a Yɛde Betiw Nkwa Botae No

“Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”​—YOHANE 17:3.

1. (a) Bere bɛn na Yesu kaa “daa nkwa” ho asɛm nea edi kan? (b) Henanom na wɔn nsa betumi aka botae yi?

ƆNAM sum mu wiawiaa ne ho bae a woanhu no. Ɛyɛ Nikodemo. N’ani gyee sɛnkyerɛnne ahorow a Yesu yɛe wɔ Yerusalem wɔ 30 Y.B. Twam bere mu no ho. Saa Farisini yi na Onyankopɔn Ba no kaa “daa nkwa” ho asɛm kyerɛɛ no nea edi kan, na ɔde asɛm a ‘ɛkanyan koma yi kaa ho sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:15,16) Hokwan kɛse bɛn ara na abue ama adesamma a wobetumi agye wɔn wɔ wiase no mu mprempren sɛɛ yi! Ɛdɛn, Farisini ɔhantanfo mpo betumi abrɛ ne ho ase na ama watumi adu botae no ho.

2. (a) Tebea bɛn mu na Yesu kaa “daa nkwa” ho asɛm bio no? (b) Henanom na daa nkwa nsu no wɔ hɔ ma wɔn?

2 Ɛno akyi bere tiaa bi no na Yesu fi Yerusalem rekɔ Galilea. Ogyinae wɔ asubura bi ho wɔ Samaria bere a n’asuafo no rekɔtɔ aduan aba no. Ɔbea bi bae a ɔrebɛsaw nsu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.” (Yohane 4:14) Esiane sɛ Yudafo bu Samariafo animtiaa nti, dɛn nti na Yesu daa anidaso a ɛsom bo sɛɛ adi kyerɛɛ ɔbea yi? Bio nso sɛnea Yesu nim no, na ɔbea yi aware kununom baanum na afei de ɔne ɔbarima a ɔnyɛ ne kunu na ɛte. Nanso sɛnea Yesu kyerɛ wɔ ha no de, na ɛsɛ sɛ wɔma nnipa a wobu wɔn animtiaa wɔ adesamma wiase no mu mpo nsa ka nokware nsu a ɛma nkwa no bi, sɛ ɛyɛ nea wɔbɛsakra wɔn adwene na wɔasiesie wɔn asetra nkutoo a.​—Fa toto Kolosefo 3:5-7 ho.

3. (a) “Aduan” bɛn na Yesu kamfo kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yohane 4:34-36 anya mmamu?

3 “Daa nkwa”! Yesu kaa eyi nso ho asɛm bere a n’asuafo no san bae na wɔkae sɛ onnidi no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” Ɛyɛ adwuma bɛn? Yesu se: “Momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu.” Na wɔrehwɛ otwa adwuma a ɛte sɛɛ kwan wɔ Samariafo a wɔba fam no mpo mu, na sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, ɛbɛyɛɛ asɛm paara a ɛyɛ anigye. (Yohane 4:34-36; Asomafo no Nnwuma 8:1, 14-17) Daa nkwa otwa adwuma no akɔ so ara abesi nnɛ, nanso mprempren de afuw no ne wiase. Yesu Kristo asuafo da so ara wɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma yi mu.​—Mateo 13:37, 38; 1 Korintofo 15:58.

“Nkwa Akyɛde”

4. Yesu buaa Yudafo no dɛn wɔ asɛm a ɛfa Homedadi ho no mu?

4 Afe biako atwam. Afei 31 Y.B. Twam bere adu. Sɛnea Yesu yɛ bere biara no, afahyɛ no nti ɔkɔɔ Yerusalem. Nanso Yudafo no taa no esiane sɛ ɔyɛɛ ɔdɔ ayaresa nnwuma Homeda nti. Yesu buaa wɔn dɛn? Ose: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.” Enti, wɔpɛe sɛ wobenya no akum no.​—Yohane 5:17,18.

5, 6. (a) Biakoyɛ a ɛsom bo bɛn na Yesu kaa ho asɛm afei? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu wɔ “nkwa n’ankasa mu”?

5 Nanso Yesu kɔɔ so kaa biakoyɛ a ɛsom bo kɛse bi ho asɛm​—biakoyɛ, anaa koroyɛ, a ɛwɔ ɔne Agya no ntam no. Ɔka kyerɛɛ saa Yudafo no sɛ: “Na agya no dɔ ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa.” Ɔkyerɛe sɛ Agya no de tumi soronko bi ama no, sɛ: “Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.”​—Yohane 5:20, 24.

6 Yiw, wɔn a wɔyɛ “awufo” wɔ Onyankopɔn ani so esiane bɔne a wonya fii awo mu no mpo betumi ate “Nyankopɔn Ba no nne” na wɔaba nkwa mu. Ɔkwan bɛn so? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na sɛnea agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu.” Wobetumi aka saa nsɛmfua, “nkwa n’ankasa mu” no ho asɛm nso sɛ, “nkwa akyɛde wɔ n’ankasa mu.” (Yohane 5:25, 26, NW Ref. Bi., asehɔ asɛm) Enti Yesu tumi ma nnipa nya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Bio nso, otumi nyan awufo na ɔma wɔn a wɔadeda wɔ awufo mu nya nkwa.​—Yohane 11:25; Adiyisɛm 1:18.

7. (a) Dɛn na Dwom 36:5, 9 ka kyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama ne Ba a okuraa ne mudi mu no akatua?

7 Yehowa wɔ nkwa wɔ n’ankasa mu bere nyinaa. Wɔakyerɛw wɔ ne ho sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:5, 9) Nanso mprempren de Agya no anyan ne Ba a okuraa ne mudi mu no afi awufo mu sɛ “wɔn a wɔadeda [wɔ owu mu] no mu aba a edi kan.” Esiane sɛ Yesu wɔ “nkwa akyɛde wɔ n’ankasa mu” nti, wɔama no tumi sɛ ɔmfa bɔne mfiri, ommu atɛn, na onyan awufo, esiane daa nkwa nti.​—1 Korintofo 15:20-22; Yohane 5:27-29; Asomafo no Nnwuma 17:31.

Biakoyɛ A Anigye Wom

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama botae no atra yɛn adwene mu? (b) Nhyehyɛe bɛn na Onyankopɔn yɛ wɔ daa nkwa ho? (d) Henanom na wonya nhyira horow yi mu kyɛfa, na ɔkwan bɛn so?

8 Enti, Yesu suani Yuda tu yɛn fo sɛ: “[Momfa] mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.” (Yuda 21) Botae a ɛsom bo bɛn ara ni​—daa nkwa! Na eyi bɛyɛ nkwa wɔ pɛyɛ mu, sɛnea yɛn Bɔfo a ɔyɛ pɛ no pɛ ne nhyehyɛe a ɔnam ne Ba no so yɛ no te. Ɛbɛyɛ nea adwuma a ne yɛ nyɛ anigye a ɛno na wohu bere a wɔpere bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no nni hɔ bio. Wɔ nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu no, awerɛhow, ɔyare, amumɔyɛsɛm, ɔporɔw ne owu mpo bɛyɛ nea enni hɔ bio!​—Mika 4:3, 4; 1 Korintofo 15:26.

9 Henanom na wobenya bɔhyɛ ahorow yi mmamu mu kyɛfa? Na bere bɛn? Ɛyɛ wɔn a wonya Yesu afɔre no mu gyidi na wɔde nnwuma pa ka saa gyidi no ho no. Eyinom ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa ka bom wɔ gyidi no biakoyɛ mu​—Yakobo 2:24; Efesofo 4:16.

10. (a) Dɛn na Onyankopɔn di kan yɛ wɔ ‘n’afisiesie’ no mu? (b) Dɛn bio na ɔkɔ so yɛ wɔ “afisiesie” no mu?

10 Sɛnea Onyankopɔn anisɔ pa no te no, wabɔ ne tirim wɔ “afisiesie a wɔbɛpata nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so” mu. (Efesofo 1:8-10) Eyi yɛ Onyankopɔn fie nhyehyɛe a efi ase wɔ Kristo mfɛfo adedifo 144,000 no anoboaboa so. “Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne Oguammaa [Yesu Kristo] no.” Wɔwɔ afã wɔ “[ɔsoro] ɔsɔre a edi kan no mu,” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Kristo bɛsom sɛ ahene ne asɔfo mfirihyia apem. Afei, Onyankopɔn afisiesie no kɔ so boaboa “asase so nneɛma” ano na ɛde “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” a wontumi nkan wɔn na efi ase. Onyankopɔn asomfo yi befi “ahohiahia kɛse” no mu a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ “asase foforo” so.​—Adiyisɛm 14:1, 4; 20:4, 6; 7:4, 9-17; 21:1, 4.

11. (a) “Biakoyɛ” a ɛsom bo bɛn na Efesofo 1:11 ka ho asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na Yohane 15:4, 5 fa wɔn a wɔwɔ “biakoyɛ” yi mu no ho?

11 Onyankopɔn mma a wɔde honhom asra wɔn a wɔyɛ “ɔsoro nneɛma” no ne Yesu ne Agya no nya abusuabɔ a emu yɛ den. “Wɔayɛ wɔn adedifo” wɔ Ahenni no mu aka Yesu ho. (Efesofo 1:11) Yesu hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ biako wɔ ne mu te sɛ nea bãã kɔ so tra obobe mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsow aba pii no. Sɛ wɔankɔ so ankura wɔne Kristo Yesu biakoyɛ yi mu a, bãã no ‘rentumi nyɛ biribiara.’​—Yohane 14:10, 11, 20; 15:4, 5; 1 Yohane 2:27.

“Nguan Foforo” Nya Mu Kyɛfa Mprempren

12. (a) Abusuabɔ bɛn na “nguan foforo” no ne “kuw ketewa” no wɔ? (b) 1 Yohane 2:1-6 fa akuw yi mu biara ho dɛn?

12 Na nnipa afoforo a wɔte sɛ nguanten ɔpepem pii a wɔapaapae wɔn mu afi wiase “mpapo” no ho wɔ mfe 50 a atwam no mu no nso ɛ? (Mateo 25:31-40) Eyinom nyɛ Yesu “kuw ketewa” a ɔde Ahenni no ma wɔn no, na mmom sɛ́ “nguan foforo” no, wɔkɔka eyinom ho sɛ nguankuw kɛse a wɔne Agya no ne ne Ba no som biakoyɛ mu no fã. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Ɔsomafo Yohane de awerɛhyem no ma sɛ Yesu Kristo “ne yɛn [ɛyɛ, “kuw ketewa” no] bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” Enti “nguan foforo” a wɔaboaboa wɔn ano afi adesamma wiase mu yi nso betumi anya wɔne Onyankopɔn ne Kristo biakoyɛ a ɛsom bo mu anigye. Ɛte sɛ nea Yohane kɔ so ka no, sɛ: “Obiara a odi n’asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Eyi na yɛde hu sɛ yɛwɔ ne mu.” Nea edi kan no, “kuw ketewa” no, ne afei “nguan foforo” no ba benya asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛnantew sɛnea Yesu yɛe no.​—1 Yohane 2:1-6.

13. (a) Dɛn na Yesu bɔɔ ho mpae wɔ Yohane 17:20, 21 no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ adesrɛ yi nyɛ nea ɛfa Kristo mfɛfo adedifo no nkutoo ho?

13 Enti ɛnnɛ, ɔsoro ne asase so kuw abien no nyinaa yɛ ‘biako wɔ Agya no ne Ɔba no mu’​—wɔne wɔn yɛ biako koraa wɔ Onyankopɔn adwuma a wɔbɛyɛ mu. Yesu bɔɔ mpae sɛ “wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu.” Saa koroyɛ yi nyɛ nea ɛfa mfɛfo adedifo ho nko, efisɛ ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea Yesu asuafo no ba bɛyɛ ‘Yehowa nipadua’ bi fã anaa ‘Yehowa mfɛfo adedifo.’ Wɔyɛ “biako” efisɛ wɔda koroyɛ adi, a wɔne Yehowa ne Kristo nyinaa wɔ “koma ne adwen koro” bere a wodi adesamma wiase no adanse no.​—Yohane 17:20, 21.

14. Ɔkwan titiriw bɛn so na ɔsoro kuw no ne Kristo yɛ biako, na dɛn na ɛma wohu eyi?

14 Nanso ɔsoro kuw a wɔasra wɔn no nya saa biakoyɛ no mu anigye mprempren wɔ ɔkwan titiriw bi so, efisɛ wɔabu wɔn trenee wɔ nkwa ho denam Kristo afɔre no mu mfaso a wɔde di dwuma so. Enti wobetumi ayɛ wɔn a wɔde honhom awo wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ Kristo Yesu mfɛfo adedifo. Wogye mma a wɔde wɔn ayɛ no tom, sɛ, “Honhom no ara [Onyankopɔn adeyɛ tumi] ne yɛn honhom [nea ɛyɛ yɛn adwene titiriw] di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.”​—Romafo 3:23, 24; 5:1; 8:15-18.

15. Dɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ ne daakye ma wɔn a wɔhwɛ nkwa wɔ asase so kwan no?

15 Wɔn a wɔrehwɛ nkwa wɔ asase so kwan no de, wɔabu wɔn trenee mprempren wɔ wɔne Onyankopɔn adamfofa mu, te sɛnea na ɛte wɔ Abraham, Rahab, ne tetefo afoforo fam no. Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, wɔde nkakrankakra bɛma wɔadu ɔdesani pɛyɛ ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔ sɔhwɛ a etwa to akyi no, “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:19-21; Yakobo 2:21-26) Enti, wobebu adesamma asoɔmmerɛwfo trenee ama daa nkwa wɔ asase so.​—Fa toto Yohane 10:10; Yesaia 9:7; 11:1-9; 35:1-6; 65:17-25 ho.

16. (a) Akwan horow bɛn so na “kuw ketewa” no ne “nguan foforo” no ne wɔn ho ‘yɛ biako’? (b) Nanso dɛn nti na Yohane 3:3-5 fa “kuw ketewa” no nkutoo ho?

16 Sɛ́ ankorankoro no, “kuw ketewa” no ne nnipakuw kɛse a wɔyɛ “nguan foforo” no da nnamyɛ a anigye wom koro no ara adi ma Onyankopɔn som. (Luka 12:32; Yohane 10:16; Tito 2:13, 14) Nkaefo a wɔasra wɔn no mu pii akɔ anim kɛse wɔ mfe ne Kristofo osuahu mu, nanso kuw abien no nyinaa da Kristofo nipasu ne honhom aba no adi. (Efesofo 4:24; Galatifo 5:22, 23) Nanso nsonsonoe wom, sɛnea Yesu daa no adi kyerɛɛ Nikodemo ansa na ɔreka daa nkwa ho asɛm no. Ɔkae sɛ: “Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.” (Yohane 8:3-5) Enti Kristofo a wɔagye asubɔ a Onyankopɔn frɛ wɔn ma wɔne Yesu yɛ mfɛfo adedifo wɔ n’Ahenni no mu no nya honhom mu awo foforo. (1 Korintofo 1:9, 26-30) “Nguan foforo” no nhia awo foforo a ɛte sɛɛ, efisɛ wɔn botae ne daa nkwa wɔ asase so Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ no so sɛ Ahenni no mma.​—Mateo 25:34, 46b; Luka 23:42, 43.

Nkaedi​—Ne Apam Foforo No

17. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ nkwa ho botae no nyinaa ne Onyankopɔn nkurɔfo hyiam March 24?(b) Dɛn na yehu a ɛfa 1985 Nkaedi no ho?

17 March 24, bere a owia akɔtɔ yɛ bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛhyɛ 1986 Yesu wu Nkaedi ho fa no. Wɔde adwene besi Yesu ɔdesani nipadua a ɛyɛ pɛ ne ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre maa adesamma abɔnefo ne tew a ɔde tew n’Agya din ne n’atirimpɔw ho no so. (1 Korintofo 11:23-26) Enti, wɔn a wɔwɔ nkwa ho botae nyinaa (sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa asase so de) bɛpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa hyiam saa anigye bere yi. Wɔ 1985 mu no, nnipa a wɔn dodow yɛ 7,792,109 kaee Yesu wu no. Nanso wɔn a wodii Nkae abodoo no na wɔnom bobesa a ɛyɛ Yesu ɔdesani nipadua ne ne mogya ho sɛnkyerɛnne no dodow yɛ 9,051 pɛ. Dɛn nti na wosua saa?

18, 19. (a) Apam ahorow bɛn na Yesu ka ho asɛm wɔ Luka ti 22 no? (b) Atirimpɔw bɛn na emu biara di ho dwuma? (d) Sɛnea wɔde Mose yɛɛ ho mfonini no, ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “ntam gyinafo koro”?

18 Wiɛ, anadwo a Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ no, dɛn na ɔkae? Bere a ɔde abodoo no ama n’asuafo no akyi no, afei ɔde bobesa no maa wɔn saa ara, kae sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” Akyiri yi ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔne wɔn ayɛ apam foforo no mu, sɛ: “Mo ne wɔn a wɔne me agyina me sɔhwɛ mu; na sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam ahenni ho no, saa ara na me nso me ne mo yɛ, na moadidi na moanom me pon so m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”​—Luka 22:19, 20, 28-30, NW.

19 Ná odiyifo Yeremia aka apam foforo no ho asɛm asie sɛ Yehowa nam so de ne nkurɔfo mfomso ne wɔn bɔne befiri wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobehu Yehowa’ wɔ abusuabɔ a emu yɛ den sen biara mu. (Yeremia 31:31, 34) Sɛnea na Mose yɛ Mmara apam a wɔne honam fam Israel yɛe no “ntamgyinafo” no, saa ara na Yesu bɛyɛɛ “bɔhyɛ a ɛkyɛn so [yi] . . . ntamgyinafo” a ɛyɛ nea Onyankopɔn ne honhom mu “Onyankopɔn Israel” no yɛe no. Wɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn a wɔafrɛ wɔn ma wɔne Kristo abɛyɛ Ahenni adedifo no. Enti ‘wonya daa agyapade ho bɔhyɛ no.’ (Galatifo 3:19, 20; 6:16; Hebrifo 8:6; 9:15; 12:24) Ɛyɛ Bible mu ntease yi titiriw nti na Kristo Yesu som sɛ “Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro” no.​—1 Timoteo 2:5, 6.

20. (a) Henanom na wodi Nkae abodoo no na wɔnom bobesa no ma ɛfata? (b) Dɛn nti na eyi te saa?

20 Ɛnde hena na obetumi adi Nkae abodoo no, anom bobesa no ama afata? Ɛyɛ kuw a Onyankopɔn ne wɔn yɛ apam wɔ Yesu afɔrebɔ no ho no nkutoo. (Dwom 50:5) Apam yi atirimpɔw ne sɛ wɔde bebu Yesu mfɛfo adedifo 144,000 no bem ama ɔdesani nkwa mprempren sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de nkwa hokwan yi abɔ afɔre na wɔafa wɔn akɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Romafo 4:25; 2 Timoteo 2:10, 12) Na “nguan foforo” no nso ɛ?

21. (a) Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no nya mfaso sɛ bɛhwɛadefo wɔ Nkaedi no ase? (b) Nkaedi no twe adwene si dɛn so, na enti asemmisa bɛn na ɛsɔre?

21 “Nguan foforo” kuw no nni apam foforo no mu na enti wonni bi. Nanso wɔn nyinaa nya mu mfaso kɛse denam Nkaedi no ase a wokɔ sɛ bɛhwɛadefo a wɔwɔ obu no so. Anisɔ a wɔwɔ wɔ honhom mu nneɛma bo no ano yɛ nnam ma ɛne Yesu mpae a ɔbɔɔ n’Agya no mu nsɛm hyia: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Kae, Nkaedi no twe adwene si Yesu honam ne ne mogya no so. Kristo honam ne ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no ho hia kɛse ma wɔn a wɔrepere adu daa nkwa botae no ho nyinaa. Ɔkwan bɛn so na eyi yɛ nokware wɔ “nguan foforo” a wɔne wɔn nyɛɛ apam foforo ma enti wonni Nkae abodoo no na wɔnnom bobesa no bi no fam? Momma yensusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Yesu de daa nkwa anidaso ho ntease no mae nkakrankakra dɛn?

◻ Onyankopɔn adi ‘n’afisiesie’ no ho dwuma dɛn?

◻ Dɛn nti na wobetumi aka sɛ “nguan foforo” no ne Agya no, Ɔba no, ne Kristo nuanom, no ‘yɛ biako’?

◻ Dɛn nti na Kristofo a wɔasra wɔn no nkutoo na wodi Nkae ade no bi?

[Kratafa 24 mfoni]

“Kuw ketewa” no ne “nguan foforo” no ‘yɛ biako’ a wɔreyɛ Onyankopɔn adwuma te sɛ nea Yesu yɛe no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena