Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 2/1 kr. 26-31
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Nsiesie A Ɔdɔ Wom
  • “Nokware Abodoo A Efi Soro”
  • “Nkwa [Wɔ] Mo Mu”
  • ‘Kristo Mu A Wɔtra’
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yesu Ne “Nkwa Paanoo No”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Na Woanya Daa Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Yesu Asɛm no Yɛɛ Nnipa Pii Nwonwa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 2/1 kr. 26-31

“Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa

“Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtra ase daa. Na abodoo a mede mema no, ɛne me honam a mede mema wiase nkwa nti.”​—YOHANE 6:51, Twi Bible Dedaw.

1. Tebea a ɛyɛ awerɛhow bɛn na adesamma rehyia nnɛ?

ADUAN a wodi no kɛse sen biara wɔ asase so a ɛne abodoo yɛ nea awowaw adesamma bere tenten. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, wɔafrɛ no nkwa poma. Nanso abodoo ho ɛkɔm a ɛde nkurɔfo abɛyɛ asɛm a ɛyɛ awerɛhow nnɛ. Mprempren ɔkɔm de nnipa a wɔte asase so nkyem anan mu biako. The Globe and Mail a wotintim wɔ Toronto, Canada, no kae nnansa yi sɛ: “Te sɛ ɔko no, aduankɔm tumi tra ahye ahorow nyinaa.” Nsɛmma nhoma no faa asɛm bi a Amanaman Nkabom no fã bi a ɛwɔ Afrika a ɛyɛ nnwuma ahorow a egye ntɛmpɛ no panyin bi kae no de bɔɔ kɔkɔ sɛ Afrika abɛn “asiane ne ɔhaw ahorow a emu yɛ den sen biara a adesamma ahyia pɛn no mu biako” ho.

2, 3. (a) Aduankɔm yɛ “sɛnkyerɛnne” bɛn fã? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi ɔhaw ahorow a efa aduan ho no ho dwuma? (d) Dɛn bio na ɛho hia, na bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn na Yesaia 25:8 de ma?

2 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ aduankɔm bɛyɛ ba a waba Ahenni tumi mu no ho sɛnkyerɛnne no fã. (Mateo 24:3, 7, 32, 33; 25:31, 32; Luka 21:11) Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ n’Ahenni no abɛn! Ɛrenkyɛ, saa Ɔhene nuonyamfo yi bedi adesamma atamfo nyinaa so nkonim na wayi amammui ne sikasɛm mu nsisi ahorow a ɛde amanehunu a ano yɛ den a ɛte saa aba no afi hɔ. Afei nnipa nyinaa bedi nya a wobenya wɔn da biara da aduan no ho ahurusi.​—Mateo 6:10, 11; 24:21, 22; Daniel 2:44; Mmebusɛm 29:2.

3 Wɔ trenee nniso ase no, yɛn asase a eye no betumi ama aduan ‘abu so,’ nea ɛdɔɔso a ɛbɛso nnipa a wɔdɔɔso sen wɔn a wɔwɔ wiase nyinaa mprempren no di. (Dwom 72:12-14, 16, 18) Yehowa de nneɛma pa bɛtow ne nkurɔfo “pon.” (Yesaia 25:6) Nanso biribi foforo nso ho hia. Bere a mfe retwam no, so adesamma bɛkɔ so ayare na wɔawuwu? Nea ɛyɛ anigye no, Yesaia 25:8 kɔ so ka wɔ Yehowa ho sɛ: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa] bɛpopa aniwa nyinaa so nusu.” Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba?

Yehowa Nsiesie A Ɔdɔ Wom

4. Nsiesiei a ɔdɔ wom bɛn na Yehowa yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ Misraim?

4 Bere a na Yosef yɛ aduan sohwɛfo wɔ Misraim no, awi buu so. Na eyi te saa, efisɛ bere a Farao paw Yosef akyi no, ɔnam nyansa kwan so siesiee ne ho maa mfirihyia ason aduankɔm a wɔka siei sɛ ɛbɛba no, na Yehowa fi ɔdɔ mu de ne nhyira kaa ho. (Genesis 41:49) Ná aduan a ɛdɔɔso a wobedi na wɔde bi asie pii wɔ hɔ ma wɔn nyinaa. Bere a Yosef n’agya, Yakob, ne ne nuabarimanom ne wɔn mmusua kɔkaa ne ho wɔ Misraim no, wonyaa saa ɔsoro akwankyerɛ no mu mfaso kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ saa Israelfo no tumi huu abodoo a wɔde awi mmɔre a akaw yɛ no di kɛse, efisɛ ɛda adi sɛ Misraim na wodii kan yɛɛ eyi.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma wonyaa aduan wɔ sare no so? (b) Henanom na wɔne Israelfo nyaa nhyira yi mu kyɛfa, na dɛn ntia?

5 Akyiri yi, Yehowa yɛɛ nsiesiei a ɔdɔ wom foforo maa ne nkurɔfo. Eyi yɛ bere a Israelfo ɔpepem pii fii Misraim a wɔrekɔfa Sinai sare so no. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipakuw kɛse yi atumi anya aduan wɔ anhweatam a hwee nni so yi so? Ɛwom sɛ gyidi a na wonni maa Yehowa bo fuwii de, nanso “ohiɛɛ ɔsoro pon, na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wonni, na ɔde soro aduan maa wɔn.” “Ɔde soro aduan [maa wɔn] ma wɔmee” bɛyɛ mfirihyia 40. (Dwom 78:22-24; 105:40; Exodus 16:4, 5, 31, 35) Mma wo werɛ mfi nso sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkutoo na wodii mana. “Afrafrafo pii” a na wɔnyɛ Israelfo nyaa gyidi wɔ Yehowa mu na wɔkaa wɔn ho bere a na wɔrefi Misraim no. Wɔn nso, Yehowa maa wɔn mana dii.​—Exodus 12:38.

6. (a) Ade titiriw bɛn na onipa hia, na dɛn ntia? (b) Afɔre ahorow a wɔbɔɔ wɔ Israel no sii dɛn so dua, na na ɛyɛ dɛn ho mfonini?

6 Nanso, biribi wɔ hɔ a ɛho ahia adesamma kɛse bere nyinaa sen ‘abodoo ankasa a efi soro.’ Wɔn a wodii mana a wɔde mae wɔ anwonwa kwan so no mpo nyinyinii na wowuwui, efisɛ onipa tebea a ɔwom a ɛyɛ bɔne a onya fii awo mu no rentumi mma ɔnkwati owu, ɛmfa ho sɛ aduan bɛn ara na odi. (Romafo 5:12) Afɔre ahorow a wɔbɔe wɔ Israel no yɛ nea wɔnam so kuraa abusuabɔ pa a ɛda wɔne Onyankopɔn ntam no mu de, nanso saa afɔre ahorow no sii bɔne a ɔman no wom no so dua nso. Antumi ‘anyi bɔne da.’ Bio nso, na saa ayɛyɛde ahorow no yɛ Yesu “afɔre biako” a etumi yi bɔne fi hɔ ‘daa’ no ho mfonini. Ɛdenam Yesu gyinabea a ɛkorɔn wɔ soro no so no, afei otumi de bo a saa afɔrebɔ no som di dwuma.​—Hebrifo 10:1-4, 11-13.

“Nokware Abodoo A Efi Soro”

7. (a) Adwene foforo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde susuw Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane ti 6 no ho? (b) Dɛn nti na Yesu kaa nnipakuw no anim?

7 Momma yɛnnan nkɔ Yohane ti 6. Yesu nsɛm a ɔkae wɔ ha no nyɛ nea wɔakyerɛw wɔ ti 5 no ntoaso. Ɛsono asɛm no, efisɛ na afe biako atwam. Afei de ɛyɛ 32 Y.B. mu. Ná onni Yudafo a wobu wɔn ho sɛ atreneefo no ntam bio, na mmom na ɔwɔ nnipa a wɔba fam a wɔwɔ Galilea no ntam. Ná Yesu ayɛ anwonwade a ɛne ma a ɔde atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien maa nnipa 5,000 dii no. Ade kyee no, nnipakuw no dii Yesu akyi a wɔrehwɛ kwan sɛ wobenya aduan foforo adi kwa. Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ sɛ muhuu sɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia. Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtra hɔ kɔ daa nkwa mu.” Na ɛyɛ Yesu n’Agya na ɔsomaa no sɛ ɔmfa aduan a ɛte saa mma nnipa a wobenya ne mu gyidi no nyinaa. Na eyi bɛyɛ “nokware abodoo a efi soro” a nneɛma a wonya fi mu no betumi atra hɔ akyɛ kɛse asen mana ankasa a tete Israelfo no dii no.​—Yohane 6:26-32.

8. Ɔkwan bɛn so na obi betumi anya daa nkwa?

8 Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ mfaso ahorow a wobenya afi saa “aduan” no mu, bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da. . . . Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.”​—Yohane 6:35-40.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsono “nkwa abodoo” no wɔ mana no ho? (b) Sɛnea Yohane 6:42-51 kyerɛ no, henanom na Yesu de ne honam ma wɔn? (d) Ɔkwan bɛn so na eyinom ‘di ne honam’?

9 Saa Yudafo a na wɔyɛ honam fam ade dodowpɛfo no ani annye saa nsɛm no ho. Nea wotumi hu wɔ Yesu ho ara ne sɛ ɔyɛ Yosef ne Maria babarima. Yesu bɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Munnnwiinwii mo mu! Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.” Afei otĩi mu sɛ: “Mene nkwa abodoo. Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui; eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtra ase daa. Na abodoo a mede mema no, ɛyɛ me honam a mede mema wiase nkwa nti.”​—Yohane 6:42-51, Twi Bible Dedaw.

10 Enti, na ɛyɛ “wiase nkwa”​—adesamma wiase a wobetumi agye no nkwa no nyinaa​—nti, na Yesu de ne honam mae. Na “obiara” a ofi adesamma wiase no mu a odi saa “abodoo” no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so denam kyerɛ a ɔkyerɛ gyidi wɔ Yesu afɔrebɔ tumi a egye nkwa no mu no so no, betumi aba ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Wɔ ha no, “afrafrafo pii” a wɔne Israelfo no nyaa mana a wodii wɔ sare no so no mu kyɛfa no yɛ nnipakuw kɛse a wɔyɛ Yesu “nguan foforo” a wɔne “Onyankopɔn Israel” nkaefo a wɔasra wɔn no redi Yesu honam wɔ sɛnkyerɛnne kwan so mprempren no ho mfonini. Wɔyɛ eyi denam gyidi a wɔkyerɛ wɔ n’afɔrebɔ no mu no so.​—Romafo 10:9, 10; Galatifo 6:16.

11. Asɛm foforo bɛn a Yesu kae na ɛyɛɛ Yudafo no ahodwiriw, na dɛn ntia?

11 Wɔ Galilea no, Yesu ɔkasa a ɔmae no yɛɛ n’atiefo no pii ahodwiriw. Enti bere a ɔda so ara reka ne honam ho asɛm no, ɔtoaa so kaa ho asɛm foforo bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Sɛ moanni onipa ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no. Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa.” (Yohane 6:53-55) Ɛyɛ ahodwiriw ampa! Ɛnyɛ sɛ adwene a ɛne di a wobedi onipa nam no yɛɛ saa Yudafo no ahobow nko, na mmom na mmara a ɛwɔ Leviticus 17:14 no hyɛ da bara “mogya biara” a wobedi nso.

12. (a) Na Yesu resi dɛn so dua wɔ ha? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ eyi nyɛ nea ɛfa Yesu yɔnko adedifo no nkutoo ho?

12 Ɛwom, na Yesu resi so dua wɔ ha sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a obenya daa nkwa no yɛ saa denam gyidi a ɔbɛkyerɛ wɔ afɔre a ɔbɔɔ akyiri yi a ɛyɛ ne nipadua a ɛyɛ pɛ a ɔde mae ne ne mogya a ohwie gui no so. (Hebrifo 10:5, 10; 1 Petro 1:18, 19; 2:24) Wɔanyɛ saa nsiesiei yi amma Yesu yɔnko adedifo no nkutoo. Ɛsɛ sɛ “nnipakuw kɛse” a wonya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no nso yɛ wɔn a wɔka ho, efisɛ eyinom ‘ahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.’ Wɔ a wɔwɔ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi sɛnea ɛda adi denam ‘ɔsom kronn’ a wɔde ma Onyankopɔn so no ma wɔkora wɔn so wɔ bere a ɔhaw kɛse wom sen biara wɔ asase so no mu. Saa ara na wobuu Rahab bem, na onyaa nkwa bere a Yosua sɛee Yeriko no.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 15; Yosua 6:16, 17; Yakobo 2:25.

“Nkwa [Wɔ] Mo Mu”

13. (a) Sɛ wode Yohane 5:26 ne Yohane 6:53 retoto ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow? (b) Hela nsɛmfua a wɔtaa de di dwuma a wɔakyerɛ ase bɛn na ɛboa yɛn ma yɛte Yohane 6:53 ase? (d) Enti, dɛn na nya a wobenya ‘nkwa wɔ wɔn mu’ no kyerɛ, na henanom na asɛm yi fa wɔn ho?

13 Wɔ Yohane 6:53, 54 no, Yesu de “daa nkwa” toto nya a wonya ‘nkwa wɔ wɔn mu’ ho. Enti, wɔ asɛm yi mu no, ɛte sɛ nea asɛm a ɛne “nkwa [wɔ] mo mu” no kura ntease a ɛyɛ soronko wɔ nea Yesu kae wɔ Yohane 5:26 no ho. Asɛm koro no ara a wɔada no adi a ɛne “munnya nkwa mo mu” no pue wɔ mmeae afoforo wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no: “Munnya nkyene mo ankasa mo mu” (Marko 9:50) ne ‘wonyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu’ (Romafo 1:27) .a Wɔ nhwɛso ahorow yi mu no, asɛm no nkyerɛ tumi a obi wɔ a ɔma nnipa afoforo nya nkyene anaa akatua wɔ wɔn mu ankasa. Mmom no, ɛkyerɛ nea edi mũ koraa. Enti, sɛnea asɛm a ɛwɔ Yohane 6:53 no kyerɛ no, ‘nkwa a wobenya wɔ wɔn mu’ no bɛkyerɛ kɔ a awiei koraa no wɔbɛkɔ asetra a edi mũ mu wɔ ha. “Kuw ketewa” a wɔyɛ Ahenni adedifo no nya eyi bere a wonya owusɔre kɔ soro no, na “nguan foforo” no nya eyi wɔ mfirihyia apem no akyi bere a wɔasɔ wɔn ahwɛ na wɔabu wɔn bem sɛ wɔfata daa nkwa wɔ Paradise asase so no.​—1 Yohane 3:2; Adiyisɛm 20:4, 5.

14. Henanom nso na wobɛnya “abodoo a efi soro” no mu mfaso, na ɔkwan bɛn so?

14 Afoforo nso betumi anya “abodoo a efi soro” no mu mfaso. Yesu kae wɔ nea odi ne ‘honam na ɔnom ne mogya’ nanso owu no ho sɛ: “Menyan no ɛda a edi akyiri no.” Ɛyɛ nea yɛte ase sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no wɔ “akyiri torobɛnto” a wɔhyɛn wɔ Yesu Kristo “ahoyi” wɔ Ahenni tumi mu no mu. (1 Korintofo 15:52; 2 Timoteo 4:1, 8) Na wɔn a wɔbɛyɛ “nguan foforo” no mufo a wɔda wɔ owu mu no nso ɛ? Wɔ ha no, Marta asɛm a ɔkae saa bere no yɛ nea yɛn ani gye ho wɔ ha, efisɛ saa bere no na Yudafo a wosuro Onyankopɔn no nni anidaso biara ka asase so owusɔre ho. Marta kyerɛɛ gyidi a na ɔwɔ wɔ asɛm no mu: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, [Lasaro bɛsɔre].” (Yohane 11:24) Enti yɛn a mprempren yɛte bere a Kristo aba yi mu no betumi anya anidaso sɛ saa anokwafo a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo a wɔda wɔ owu mu no benya owusɔre a edi kan wɔ asase so ha, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan adi “abodoo a efi soro” no bio a wɔwɔ daa nkwa ho anidaso. Hwɛ anidaso kɛse ara a eyi yɛ, na ɛyɛ nea ɛbɛba mu, efisɛ wonyan Yesu ankasa fii owu mu!​—1 Korintofo 15:3-8. Hwɛ Mateo 3:9; 9:3; 13:21; Marko 5:30; 6:51; Luka 7:39, 49; 12:17; 18:4; Yohane 5:42; 11:38; Asomafo no Nnwuma 10:17; 2 Korintofo 1:9 nso.

‘Kristo Mu A Wɔtra’

15. Yesu asɛm a ɛne ‘tra a wɔbɛtra Kristo mu’ no fa henanom ho, na dɛn nti na wubua saa?

15 Yesu kɔ so sɛ: “Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tra me mu, na me nso metra no mu.” (Yohane 6:56) Ɛnde, na eyi te saa wɔ “obiara” a onya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a ɔwɔ anidaso sɛ ‘obenya nkwa wɔ n’ankasa mu’ no fam. Wɔn a wɔda gyidi a ɛte saa adi no nyinaa betumi ‘atra Yesu mu.’ Nokwarem no, “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ asase so anidaso no ‘nte Yesu mu’ efisɛ wɔne no nyɛ adedifo ne n’ayeforokuw a wonya owusɔre te sɛ ne de no kɔtra soro no mufo. (Romafo 8:1, 10; 1 Korintofo 1:2; 2 Korintofo 5:17; 11:2; Galatifo 3:28, 29; Efesofo 1:1, 4, 11; Filipifo 3:8-11) Nanso ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ asase so anidaso no nyinaa ne Agya no ne Ɔba no yɛ biako koraa wɔ hu a wohu ne yɛ a wɔyɛ “Onyankopɔn pɛ a eye” no mu ankasa, sɛnea ɛte wɔ kuw ketewa no fam mpo no.​—Romafo 12:2; fa toto Yohane 17:21 ho.

16. (a) Akwan a ɛho hia bɛn so na wɔn a wonya Kristo afɔrebɔ no mu gyidi nyinaa ‘te Yesu mu’?(b) Biako a wɔyɛ wɔ atirimpɔw ne mmɔdenbɔ mu no da adi wɔ dɛn mu?

16 Esiane eyi nti, bo a Kristo honam ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no som no wɔ hɔ ma nnipa a wɔwɔ gyidi nyinaa, na wɔn a wonya mu mfaso nyinaa betumi afa akwan horow a ɛho hia so ‘atra Yesu mu.’ Wɔn nyinaa bɛba abɛyɛ Yehowa Nyankopɔn amansan nyinaa abusua no mufo. Wɔ saa “nna a edi akyiri yi” a emu yɛ den yi mu no, wɔwɔ gyidi, atirimpɔw ne adwuma mu biakoyɛ mu anigye wɔ wiase nyinaa. Esiane sɛ wɔwɔ Yesu mu gyidi nti, wotumi yɛ ‘nnwuma akɛse’ a ɛsen nea Yesu yɛe wɔ asase so ha no. Na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, “nguan foforo” a wɔyɛ ɔpepem pii mprempren no yɛ wɔn a wɔreyɛ Yehowa adwuma wɔ saa bere yi mu no mu ɔha biara mu 99.7. (Yohane 14:12; Romafo 10:18) Saa atirimpɔw ne mmɔdenbɔ mu biakoyɛ yi da adi wɔ adanse kɛse a wodi wɔ wiase nyinaa ne wɔn pɛ mu a wofi boa Ɔwɛn Aban Asafo no adansi ho nhyehyɛe ahorow no mu. (Dwom 110:3) Yennya nhuu adesamma mu nnipa dodow a wɔbɛba abegye adi na wɔaba saa biakoyɛ a ɛsom bo yi mu no. Nnansa yi akontaabu da no adi sɛ adansefo 3,024,131 na wɔwɔ hɔ.

17. Nsɛntitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ Nkaedi afahyɛ no ase nyinaa hu?

17 Wɔ 1986 Nkaedi afahyɛ no ase no, ɛyɛ nea yɛhwɛ kwan sɛ anigyefo pii bɛma wɔn a wɔbɛba bi no dodow akɔ soro. “Nguan foforo” no mufo ɔpepem pii ne “kuw ketewa” no mufo a wɔn dodow reba fam no bɛkɔ bi​—wɔn nyinaa bɛkyerɛ Yehowa nsiesiei a ɔdɔ wom a ɛnam Kristo so no ho anisɔ kɛse a wohu hia a Kristo honam ne mogya no ho hia no. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa hu faako a wogyina. Ɛnyɛ di a wodi sɛnkyerɛnnede no na ɛma wonya daa nkwa. Eyi yɛ Yesu afɔrebɔ no ho sɛnkyerɛnnede a wodi kan de di “apam foforo” no ho dwuma. Wɔn a wɔasra wɔn a wɔayɛ wɔn saa apam no mufo no nkutoo na wodi saa sɛnkyerɛnnede no bi ma ɛfata. Ebia na obi yɛ saa apam foforo no muni anaasɛ ɔnyɛ bi. (1 Korintofo 11:20, 23-26) Wɔn a wɔnyɛ apam no mufo a Yesu nyɛɛ wɔn Ahenni apam no mufo no nni Nkaedi afahyɛ no sɛnkyerɛnnede no bi, nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so hu sɛnea Yesu honam ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no ho hia ma wɔn no. (Luka 22:14-20, 28-30) Ɛyɛ saa afɔrebɔ yi so na wɔnam betumi anya daa nkwa wɔ asase so.

18. Anigye bɛn na efi nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ nyinaa a wohu no mu ba?

18 Enti ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ saa Nkaedi afahyɛ yi ho nhyehyɛe denam hu a yebehu nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ma adesamma no pefee so. Ɛmmra sɛ “kuw ketewa” no mufo bebu wɔn frɛ no sɛ ɛsom bo, na ɛmmra sɛ nnipadɔm a wɔredɔɔso a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo no bedi hwɛ a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya “nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ wɔn ankasa mu’ wɔ asase so no ho ahurusi bere a wobu biako a wɔne Agya no, Ɔba no ne nkaefo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so a wɔn dodow rekɔ fam no yɛ mprempren no sɛ ɛsom bo kɛse no. Hwɛ anigye ara a yenya sɛ “nkwa abodoo” no wɔ hɔ mprempren ma nnipa nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Mateo 3:9; 9:3;13:21; Marko 5:30; 6:51; Luka 7:39, 49; 12:17; 18:4; Yohane 5:42; 11:38; Asomafo no Nnwuma 10:17; 2 Korintofo 1:9 nso.

Ntimu Nsemmisa Ahorow

◻ Wɔ 32 Y.B. mu no, Yesu kaa mana ahorow abien bɛn ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ wɔde ma henanom?

◻ Henanom na Yesu to nsa frɛ wɔn sɛ ‘wommedi ne honam na wɔnnom ne mogya,’ na ɔkwan bɛn so na wɔnam yɛ eyi?

◻ Dɛn na nya a wobenya ‘nkwa wɔ wɔn mu’ no kyerɛ, na ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na wonya eyi?

◻ Anigye bɛn na yɛn nyinaa betumi anya mu kyɛfa a ɛfa “nkwa abodoo” no ho?

[Kratafa 31 adaka]

“Na dɔn no dui no, ɔbɛtraa ose, na asomafo no ka ne ho. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane. Na mise mo sɛ, merenni bi bio, gye da a aba mu Onyankopɔn ahenni mu. Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkae sɛ: Munnye eyi, na monkyɛ mu! Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni aba.”​—Luka 22:14-18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena