Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 13-15
  • So Kristofo Biakoyɛ Ma Su Ahorow Ho Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Kristofo Biakoyɛ Ma Su Ahorow Ho Kwan?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Ani Gye Yɛn Ho sɛ Ankorankoro
  • Sɛnea Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn
  • Afoforo Ho a Yebesusuw
  • Biakoyɛ ne Su Ahorow—Ade a Ebetumi Akari Pɛ
  • So Kristofo Biakoyɛ Hwehwɛ sɛ Wɔbɛyɛ Ade Ɔkwan Koro So?
    Nyan!—2003
  • Momfa “Nokoro” Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Munkura Biakoyɛ Mu Wɔ Nna A Edi Akyiri Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 13-15

Bible No Adwene

So Kristofo Biakoyɛ Ma Su Ahorow Ho Kwan?

BIAKOYƐ a ɛbɛba Kristofo asafo no mu no ho hia. Gyidi koro a wonni ma ntawntawdi, mpaapaemu, ne ɔtan a ɛyɛ hu sɔre. (Asomafo no Nnwuma 23:6-10) Bible ka sɛ “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Korintofo 14:33) Enti, wotu Kristofo fo sɛ wɔnyɛ nokoro, na wonnya adwene ne nsusuwii koro.—1 Korintofo 1:10.

So saa nsɛm yi ne Bible mu nsɛm foforo a ɛte sɛ ɛno no hyɛ Kristofo nkuran ketee sɛ wɔnyɛ biako wɔ biribiara mu? (Yohane 17:20-23; Galatifo 3:28) Ɛdefa su a ankorankoro kura ho no, so nokware Kristosom a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no nhyɛ su horow ho kwan a wɔbɛma ho nkuran? So wɔhwɛ kwan kyenkyen ara sɛ Kristofo nyinaa nna su pɔtee bi adi?

Onyankopɔn Ani Gye Yɛn Ho sɛ Ankorankoro

Nnipa bi gye di yiye sɛ Bible yɛ adwinnade foforo ara kwa a wɔnam so di ahiafo so. Nokwarem no, mpɛn pii na nyamesom akuw bi de adi dwuma wɔ saa kwammɔne no so. Nanso, Yesu nyaa adwene soronko koraa wɔ Kyerɛwnsɛm no ne ne Soro Kyerɛwfo no ho. Ɔkaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ obi a ɔwɔ n’abɔde biara ho anigye kɛse.

Wɔ Yohane 6:44 no, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” Adeyɛ asɛm a wɔde di dwuma wɔ ha no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn twe nkurɔfo bere a wɔmpene so. Mmom no, Onyankopɔn kanyan yɛn koma twe yɛn brɛoo. Sɛnea Bible ho nimdefo bi ka no no, ‘Onyankopɔn tumi na ɛkanyan adwene no ma egye di.’ Ɔbɔadeɛ no mmu adesamma abusua no sɛ nnipa a wɔn nyinaa wɔ su koro. Ɔyɛ ankorankoro mu nhwehwɛmu, na ɔtwe wɔn a wɔwɔ koma pa no brɛoo ba ne nkyɛn.—Dwom 11:5; Mmebusɛm 21:2; Asomafo no Nnwuma 13:48.

Hyɛ sɛnea na ɔsomafo Paulo tumi yɛ nsakrae no nsow. Ohuu ankorankoro ahiade titiriw na ɔkae sɛ aman anaa mmusua pɔtee bi taa nya adwenhorow bi. Afei ɔyɛɛ nsakrae wɔ akwan a ɔfaa so yɛɛ nneɛma mu ma ɛfatae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛɛ sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; . . . Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛ nea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya mmerɛwfo; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.”—1 Korintofo 9:20-22.

Ɛda adi pefee sɛ, Paulo amma nkurɔfo annya su koro anaasɛ ɔne wɔn nyinaa anni wɔ ɔkwan koro so. Ɔde saa nkuranhyɛ yi maa wɔn: “Momma mo kasa ho mmara nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) Yiw, na ɛsɛ sɛ Paulo ne Kristofo foforo hu na wɔkyerɛ obu ma soronko a obi yɛ no na ama wɔatumi aboa no.

Sɛnea Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn

Saa obu a yebenya ama yɛn ho sɛ ankorankoro no kɔ so bere a obi abɛyɛ Kristofo asafo no muni no. Onyankopɔn nkurɔfo nsesa wɔn su mma ɛnyɛ pɛ koraa mma ɛne wɔn a wɔwɔ tumi no apɛde nhyia koraa. Mmom no, wɔwɔ nipasu ahorow pii, ne nneɛma ahorow a obiara bɔ mu mmɔden, suban, ne nsusuwii ahorow. Wommu ankorankoro su a ɛyɛ soronko no sɛ biribi a ɛhaw adwene anaa atantanne. Ɛyɛ sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn no fã.

Enti, wɔ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Bible mu sɛ wɔde bɛma treneefo no mu no, pɛyɛ a nnipa benya no bɛma su ahorow ho kwan. (2 Petro 3:13) Wɔ asɛmti “Perfection” (Pɛyɛ) ase no, Bible ho nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm Insight on the Scripturesa ka nsɛm a edi hɔ yi ma ɛfata sɛ: “Nanso, pɛyɛ nkyerɛ sɛ nnipa nyinaa benya su koro, sɛnea nnipa susuw mpɛn pii no. Mmoa a wɔn su gu ahorow pii na wɔwɔ mmoadoma abusua a Yehowa hyehyɛe a ‘ɛyɛ pɛ’ (Genesis 1:20-24; Deuteronomium 32:4) no mu.”

Insight de ka ho sɛ: “Saa ara na pɛ a okyinnsoromma a ɛne Asase bɛyɛ no nkyerɛ sɛ abɔde nyinaa benya su koro, a nsakrae nnim anaa nneɛma rengu ahorow wɔ so; yebehu nneɛma a asete nyɛ den ne nea ɛkyere adwene, nea emu da hɔ ne nea ɛyɛ nwonworann, nea ɛyɛ nwene ne nea ɛyɛ dɛ, nea ayɛ wirekyiree ne torontorom, sare ne kwae, mmepɔw ne abon. Yebenya sutɔbere a ɛma nneɛma yɛ frɔmfrɔm, ahohuru bere a ɛyɛ anigye a wim tebea yɛ bruu, otwabere mu kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ, na sukyerɛmma a ɛyɛ fɛ ankasa bɛtɔ. (Genesis 8:22) Enti nnipa a wɔayɛ pɛ no rennya suban, ne ɔdom akyɛde koro, na wɔn nyinaa remmɔ ade koro mu mmɔden.”

Afoforo Ho a Yebesusuw

Nanso, nokware Kristosom nhyɛ ahopɛ su a ɛmma yensusuw wɔn a wɔbɛn yɛn ho no ho nkuran. Ɔsomafo Paulo hwɛɛ n’asetra ne ne nneyɛe mu biribiara yiye na wanto afoforo hintidua. Ɔkae wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa asafo a na ɛwɔ Korinto no mu sɛ: “Yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no.” (2 Korintofo 6:3) Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ankasa akɔnnɔ ahorow so, na yɛde afoforo ahiade di yɛn ankasa apɛde anim. Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.”—Romafo 14:21.

Saa ara na nnɛ, ebia obi rennom mmosa wɔ obi a ɛyɛ den ma no sɛ obedi n’asanom so no anim. (1 Korintofo 10:23, 24) Ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔbɛyɛ eyi, na mmom ɛkyerɛ ɔkwampa a ɔfa so da ayamye ne ɔdɔ adi. “Kristo nso ansɔ ne ho ani.” Ná Yesu yɛ onipa, nanso wammu n’ani angu afoforo nkate so amfa anni n’apɛde ho dwuma.—Romafo 15:3.

Bio nso, nokware Kristosom ho ade biako a ɛyɛ anigye sen biara ne obu a wɔkyerɛ ma ankorankoro ahofadi ne wɔn apɛde a Bible akwankyerɛ ahorow ma ho kwan no. Ɛkyerɛ yɛn sɛ ɛsono sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn mu biara. Yɛkenkan wɔ 1 Korintofo 2:11 sɛ: “Nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, sɛ onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu?” Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte afoforo ase sɛnea yebetumi biara. Nanso saa nkyekyem yi kyerɛ sɛ yɛn mu biara wɔ su soronko bi a yɛne yɛn Bɔfo no nkutoo na ɛte ase. Yɛwɔ “komam nipa a wahintaw” a yɛda no adi bere a yɛpaw sɛ yɛbɛyɛ saa no.—1 Petro 3:4.

Biakoyɛ ne Su Ahorow—Ade a Ebetumi Akari Pɛ

Ɔsomafo Paulo yɛ nhwɛso pa wɔ kari a Kristofo bɛkari pɛ mu. Ɛwom sɛ na ɔwɔ tumi sɛ Kristo somafo de, nanso ɔyɛɛ ahwɛyiye sɛ ɔremfa ne nsusuwii nhyɛ afoforo so.

Sɛ nhwɛso no, na Paulo kura adwene a emu yɛ den wɔ mfaso horow a ɛwɔ sigyadi mu wɔ wiase a ɛnyɛ pɛ yi mu ho. Ná n’ankasa yɛ sigyani bere a ɔkyerɛw eyi no: ‘Wɔn a wɔware no ho behia wɔn ɔhonam mu,’ ne, ‘sɛ okunafo tra hɔ saa ara a, sɛnea misusuw no, eye mmom ma no.’ Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ne nsɛm yi bɛyɛɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu fã no kyerɛ sɛ na mfomso biara nni ne nsusuwii no ho. Nanso, ɔsan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne ɛ.”—1 Korintofo 7:28, 40.

Ɛda adi sɛ, na asomafo no mu dodow no ara yɛ awarefo, sɛnea Paulo de nsɛm yi da no adi no: “Yenni ho kwan sɛ yɛde onuawa a ɔyɛ ɔyere kyini, sɛ asomafo a aka no ne Awurade ne nuanom ne Kefa?” (1 Korintofo 9:5) Ná Kristofo nim sɛ, wɔ saa asɛm yi mu no, wobetumi apaw nneɛma ahorow a ɛne Paulo de nhyia, nso na ɔbɛkɔ so abu wɔn.

Wɔama Onyankopɔn asomfo kwan bere nyinaa ma wɔada wɔn gyidi adi ma ɛne wɔn nipasu a egu ahorow no ahyia. Nokwarem no, Onyankopɔn maa kwan mpo maa Bible akyerɛwfo no faa ɔkwan a wɔn ankasa pɛ so bere a na wɔrekyerɛw Bible no. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ Nehemia kyerɛw ne kyerɛwtohɔ no faa n’ankasa ho de, nanso na odwo. (Nehemia 5:6, 19) Ɔkwan foforo so no, esiane odwo nti, ɔsomafo Yohane amfa n’ankasa din anni dwuma da wɔ N’asɛmpa kyerɛwtohɔ no mu, na wanka ne ho asɛm koraa. Onyankopɔn penee akwan abien no nyinaa so, na ɔma wɔkoraa so wɔ Bible no mu.

Yehu kari a yɛbɛkari pɛ ne ntease a yebenya ho nhwɛso a ɛte saa ara wɔ Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu. Ɛda adi pefee sɛ Kristofo biakoyɛ ma su ahorow ho kwan. Nokwarem no, mmusua ne nsusuwii a egu ahorow no betumi de mpaapaemu aba bere a wɔnna honhom fam su horow adi no. (Romafo 16:17, 18) Nanso sɛ ‘yɛhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no’ a, yesua sɛ yebegye afoforo su a egu ahorow no atom na yɛakyerɛ ho anigye.—Kolosefo 3:14.

Bible ka sɛ: “Enti munnyigye mo ho, sɛnea Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn anuonyam no.” (Romafo 15:7) Ɛdenam Onyankopɔn honhom no mmoa so no, Kristofo betumi de ahwɛyiye akari pɛ wɔ biakoyɛ a wobekura mu no mu bere a wɔkyerɛ nipasu a egu ahorow wɔ asafo no mu ho anigye no.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Ɔbɔadeɛ no mmu adesamma abusua no sɛ nnipa a wɔn nyinaa wɔ su koro

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Yɛn mu biara wɔ su soronko bi a yɛne yɛn Bɔfo no nkutoo na ɛte ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena