Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/15 kr. 31
  • Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yesu Ne “Nkwa Paanoo No”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So—So Ɛyɛ Kristofo Anidaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/15 kr. 31

Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Dɛn nti na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wobegye no adi no ‘renwu da,’ bere a nokwarem no n’atiefo no nyinaa wuwui?​—Yohane 11:25, 26.

Bere a Yesu kaa wu a wɔrenwu anaa ase a wɔbɛtra daa ho asɛm no, ɛda adi pefee sɛ na ɔnkyerɛ sɛ n’atiefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no renhyia ɔdesani owu da. Ade titiriw a na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ gyidi a wobenya wɔ ne mu no betumi ama wɔanya daa nkwa.

Wɔ nhwɛso biako mu no, Yesu frɛɛ ne ho sɛ “nkwa abodoo.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di bi a, ɔbɛtra ase daa.”​—Yohane 6:48-51.

Sɛ obi hwɛ saa nsɛm no nkutoo a, ebia ɔbɛka sɛ na Yesu reka akyerɛ n’atiefo no sɛ wobetumi akwati owu. Nanso, nsɛm afoforo a ɛka ho no mmoa saa a wɔbɛka no. Ná ɛnkyɛe bere a Yesu kae sɛ: “Eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyan no ɛda a edi akyiri no. . . . Obiara a ohu ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no. . . . Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.” (Yohane 6:39-44) Na ɔde kaa ho akyiri yi sɛ: “Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.” (Yohane 6:54) Enti, na wɔrentumi nte Yesu bɔhyɛ a ɛfa ‘ase a wɔbɛtra daa’ ho no ase sɛ n’atiefo no renwu da mma ɛmfata.

Ɛte sɛ Yesu bɔhyɛ a ɔde maa Marta a wonim yiye no ara: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.” (Yohane 11:25, 26) Ɛda adi sɛ na Yesu nkyerɛ sɛ sɛ nhwɛso no, na asomafo anokwafo no renwu da sɛnea adesamma afoforo yɛ no. Afe biako mu no, na wɔde honhom kronkron bɛsra wɔn na wɔama wɔanya anidaso sɛ wobedi ade sɛ ahene wɔ soro. Sɛ wɔn nsa bɛka saa akatua no a, ɛsɛ sɛ wowu sɛ adesamma. (Romafo 8:14-23; 1 Korintofo 15:36-50) Na hyɛ no nsow sɛ na Yesu aka sɛ: “Nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.”

Yesu bɔhyɛ no bɛbam ama Onyankopɔn nkoa a wotuu wɔn ho maa no a wɔtraa ase na wowuwui ansa na bere a wofi ase de daa nkwa ma no reba no. Wobenyan anokwafo a wɔte saa no wɔ daakye owusɔre bi mu. Ɛdenam nokware a wɔbɛkɔ so adi bere a wɔasɔre no akyi so no, wɔrenwu “owuprenu” a ɛyɛ daa ɔsɛe da.​—Adiyisɛm 20:15; 21:8; Yohane 8:51.

Nanso Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no wɔ hokwan titiriw bi. Esiane sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu nti, yebetumi atwa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no na yɛatwam akɔhyɛn wiase foforo no mu. Ɛho renhyia sɛ wɔn a wɔwɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso na wokura wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn mu no wu ɔdesani wu koraa. Bere a wɔatwa “ahohiahia kɛse” no, wɔbɛkyerɛ wɔn kwan “akɔ nkwa asuti ho.”​—Adiyisɛm 7:9-17.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Marta a na ɔredi awerɛhow no ma yɛn daa nkwa ho anidaso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena