Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 2/1 kr. 8-9
  • Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Asɛm no Yɛɛ Nnipa Pii Nwonwa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Na Woanya Daa Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 2/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi

YESU rekyerɛkyerɛ ɔfã a ɔwɔ sɛ nokware abodoo a efi soro no mu wɔ hyiadan bi mu wɔ Kapernaum. Ɛda adi sɛ ne kasa no yɛ nkɔmmɔbɔ a ɔne nnipa no fii ase bere a wɔsan fii Galilea Po no apuei fam bae, faako a wodii abodoo ne mpataa a ɔnam anwonwa kwan so de mae na wobehuu no no ntoaso.

Yesu toa n’asɛm no so na ɔka sɛ: “Abodoo a mede mɛma no, ɛne me honam a mede mema wiase nkwa nti.” Wɔ mfe abien pɛ a na atwam wɔ fefɛw bere mu wɔ 30 Y.B. mu no, na Yesu aka akyerɛ Nikodemo sɛ Onyankopɔn dɔ adesamma wiase no araa ma ɔde ne Ba mae sɛ Ogyefo. Enti mprempren na Yesu rekyerɛ sɛ ɔdesani biara a odi ne honam wɔ sɛnkyerɛnne kwan so denam n’afɔre a ɛnkyɛ biara ɔrebɛbɔ no mu gyidi a obenya so no betumi anya daa nkwa.

Nanso nnipa no ma Yesu nsɛm no to wɔn hintidua. Wobisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?” Yesu pɛ sɛ n’atiefo te ase sɛ ne honam a wobedi no bɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Enti sɛnea ɛbɛyɛ a obesi so dua no, ɔkɔ so ka biribi a enye, sɛ wɔfa no sɛnea ɛte ankasa no a. Yesu ka sɛ: “Sɛ moanni onipa ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no. Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ annone ampa. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tra me mu, na me nso metra no mu.”

Sɛ ɛwom sɛ na Yesu reka onipa nam a wobedi ho asɛm wɔ ha de a, ɛnde na anka ne nkyerɛkyerɛ bɛyɛ nea enye koraa. Nanso, na ɛnyɛ nea Yesu reka akyerɛ sɛ wonni ɔhonam na wɔnnom mogya ankasa. Ɔresi so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa no nya n’afɔre a ɔbɛbɔ bere a ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ ma na ohwie ne mogya gu no mu gyidi. Nanso, n’asuafo no mu pii mpo ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛte ne nkyerɛkyerɛ no ase ma enti wɔka sɛ: “Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?”

Esiane sɛ na Yesu nim sɛ n’asuafo no mu pii renwiinwii nti, ɔka sɛe”Eyi to mo hintidua anaa? Na afei, sɛ munhu onipa ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, nea ɔwɔ kan no nso ɛ? . . . Nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa. Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni.”

Yesu toa so sɛ: “Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’agya de ama no ansa.” Bere a ɔkaa saa no, n’asuafo no mu pii gyaw ne hɔ kɔ a wɔanni n’akyi bio. Enti Yesu dan n’ani kyerɛ n’asomafo 12 no na obisa sɛ: “Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?”

Petro bua sɛ: ‘Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm, na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn Ba no.’ Hwɛ nokwaredi fɛfɛ a wɔda no adi, ɛwom mpo sɛ ebia na Petro ne asomfo afoforo no ante Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa asɛm yi ho no ase anwie de!

Ɛwom sɛ Yesu ani gye Petro mmuae no ho de, nanso ɔka sɛ: “Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi? na mo mu biako yɛ ɔbonsam!” Na ɔreka Yuda lskariot ho asɛm. Ebetumi aba sɛ Yesu hu ade bi a enye “mfiase” wɔ Yuda ho wɔ ha.

Na Yesu ama nkurɔfo no nsa asi fam wɔ bere tiaa bi a atwam no mu denam ko a ɔko tiaa mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛyɛ no ɔhene no so na wobetumi asuwsuw sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi ayɛ Mesia no sɛ ɔrennye Mesia dibea no a?’ Eyi bɛyɛ asɛm foforo wɔ nnipa no adwenem. Yohane 6:51-71; 3:16.

◆ Henanom na Yesu de ne honam ma wɔn, na ɔkwan bɛn so na eyinom ‘di ne honam’?

◆ Yesu nsɛm foforo bɛn na ɛma nkurɔfo no ho dwiriw wɔn, nanso na dɛn na na Yesu resi so dua?

◆ Bere a nnipa pii san fii Yesu akyi no, dɛn na Petro kae?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena