Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 55 kr. 134-kr. 135 nky. 10
  • Yesu Asɛm no Yɛɛ Nnipa Pii Nwonwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Asɛm no Yɛɛ Nnipa Pii Nwonwa
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Na Woanya Daa Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 55 kr. 134-kr. 135 nky. 10
Yesu ne asomafo 12 no rekasa na Yuda deɛ wayi n’ani ato nkyɛn; wohu sɛ n’adwenem yɛ no naa. Asuafo no bi renwiinwii, na wɔagyae Yesu akyi di

TI 55

Yesu Asɛm No Yɛɛ Nnipa Pii Nwonwa

YOHANE 6:48-71

  • ƐSƐ SƐ WƆDI NE HONAM NA WƆNOM NE MOGYA

  • N’ASƐM TOO NNIPA PII HINTIDUA NA WƆANNI N’AKYI BIO

Bere a Yesu kɔɔ Kapernaum hyiadan mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no sɛ ɔno ne nokware paanoo a ɛfiri soro no. Nea ɔkae no nyɛ ade foforo. Nnipa a wɔfiri Galilea Po no agya bɛhwehwɛɛ no a ɔmaa wɔn paanoo ne mpataa dii no, asɛm koro no ara na ɔka kyerɛɛ wɔn.

Yesu toaa n’asɛm no so sɛ: “Mo agyanom dii mana wɔ serɛ so nanso wɔwuwuiɛ.” Afei ɔkaa sɛ: “Mene paanoo a ɛte ase a ɛsiane firii soro baeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa; na nokorɛm no, paanoo a mede bɛma no ne me honam ɛsiane wiase nkwa nti.”—Yohane 6:48-51.

Afe 30, aka kakra ma Twam afahyɛ no adu so no, Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ Agyenkwa. Nanso afei deɛ Yesu se ɛsɛ sɛ nnipa di ne honam, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnya afɔre a ɔrebɛbɔ no mu gyidi. Sɛ obi yɛ saa a, ɛbɛma wanya daa nkwa.

Asɛm a Yesu kae no ansen nkurɔfo no tirim. Enti wɔbisaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa yi atumi de ne honam ama yɛn adi?” (Yohane 6:52) Ná Yesu pɛ sɛ wɔhu sɛ ɛnyɛ ne honam paa na ɔreka ho asɛm. Ɔkaa biribi a ɛbɛma wɔate ase.

Ɔkaa sɛ: “Sɛ moanni onipa Ba no honam annom ne mogya a, monni nkwa wɔ mo mu. Deɛ ɔdi me honam nom me mogya no wɔ daa nkwa, . . . na me honam yɛ aduane ankasa, na me mogya nso yɛ anonneɛ ankasa. Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.”—Yohane 6:53-56.

Nnipa a na wɔretie Yesu no, na wɔyɛ Yudafo, enti wo deɛ hwɛ sɛnea asɛm yi bɛhaw wɔn afa! Ɛbɛyɛ wɔn sɛ gyama ɔreka akyerɛ wɔn sɛ wɔnwe nnipa nam na wɔnnom mogya. Nanso na Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ mma wɔnni mogya. (Genesis 9:4; Leviticus 17:10, 11) Nanso, na ɛnyɛ nnipa nam anaa mogya paa na Yesu reka ho asɛm. Nea na ɔreka ara ne sɛ, obiara a ɔpɛ daa nkwa no, ɛsɛ sɛ ɔnya afɔre a ɔde ne nipadua a bɔne biara nni ho rebɛbɔ no mu gyidi. Nkyerɛkyerɛmu yi nyinaa akyi no, n’asuafo no pii ante ase. Ebinom kaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hwan na ɔbɛtumi atie?”—Yohane 6:60.

Yesu huu sɛ n’asuafo no bi renwiinwii, enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Yei to mo suntidua anaa? Na sɛ mohunu onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ baabi a na ɔwɔ kane no nso ɛ? . . . Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom ne nkwa. Nanso mo mu bi nnye nni.” Wei maa n’asuafo no bebree gyaee n’akyi di.—Yohane 6:61-64.

Afei Yesu bisaa n’asomafo 12 no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” Petro buaa sɛ: “Awurade, hwan nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi na yɛabɛhunu sɛ wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ.” (Yohane 6:67-69) Ɛwom, bɛsi saa bere yi nyinaa na Petro ne asomafo a aka no ntee Yesu asɛm no ase papa, nanso wɔkyerɛɛ sɛ wɔtaa Yesu akyi.

Yesu ani gyee Petro asɛm no ho, nanso ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ me na meyii mo nnipa dumienu yi? Nanso mo mu baako yɛ otwirifoɔ.” (Yohane 6:70) Ná Yesu reka Yuda Iskariot ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ahu sɛ Yuda afiri ase renya adwemmɔne.

Ne nyinaa akyi no, Yesu koma tɔɔ ne yam sɛ Petro ne asomafo a aka no deɛ, biribiara amma wɔannyae n’akyi di; mmom wɔtoaa nkwagye adwuma no so.

  • Ɛkwan bɛn na Yesu faa so de ne nipadua maa nnipa? Ɛbɛyɛ dɛn na obi ‘adi Yesu honam’?

  • Adɛn nti na nea Yesu ka faa ne nipadua ne ne mogya ho no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa? Dɛn paa na na Yesu repɛ akyerɛ?

  • Bere a nnipa pii gyaee Yesu akyi di no, dɛn na Petro kae?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena