-
Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ AhotosoNyan!—1988 | August 8
-
-
Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso
WƆ BIBLE mmere mu no, na mmataho dennen a ɛwɔ oguanhwɛfo ne ne nguan ntam no yɛ akasabebui. Mpɛn pii no na oguanhwɛfo no yɛ nguan no wura ankasa anaasɛ wɔn wura no abusua muni bi. Ɔkɔ nguamman no mu anɔpa na ɔfrɛ ne nguan no fi nguan afoforo pii a wɔwɔ hɔ no mu. Na onim ne nguan no; na wonim ne nne. Na ɔnka wɔn—odii wɔ anim na wodii n’akyi. Ɔkyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ sare momono ne nsu pa ho. Wɔ anadwo wim tebea bɔne mu no, ɔsan de wɔn ba nguamman no mu anaasɛ ɔma wɔda ɔbodan bi mu. Wɔ wim tebea a ano nyɛ den mu no, ɔne wɔn da wuram wɔ ewi no ase—sɛnea na ɛte wɔ afe 2 A.Y.B asusow bere mu bere a na nguanhwɛfo bi “da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo” no ara pɛ.—Luka 2:8.
-
-
Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ AhotosoNyan!—1988 | August 8
-
-
Na nguan no wɔ wɔn ahwɛfo no mu ahotoso. Wɔmaa pii din ahorow a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔte—aso a apae, dua kɛse, anim tuntum, fitafita. Sɛ oguanhwɛfo no bɔ wɔn din a, wogye so. Nhwehwɛmufo bi pɛe sɛ ohu sɛnea eyi yɛ nokware bere a na ɔretwam wɔ nguankuw bi ho no. Ɔka nea edi so yi kyerɛ: “Afei mekyerɛɛ [oguanhwɛfo no] sɛ ɔmfrɛ ne nguan no biako. Ɔyɛɛ saa, na ntɛm ara ogyaw n’adidibea no ne n’ahokafo na otuu mmirika de anigye sɛnkyerɛnne ne mpofirim osetie a minhuu bi da wɔ aboa foforo biara mu bɛhyɛɛ oguanhwɛfo no nsam. Ɛyɛ nokware nso sɛ wɔ saa ɔman yi mu no, ‘wɔrenni ɔnanani akyi, na mmom woguan fi ne ho.’”
Yesu sii nea yɛasusuw ho yi mu pii so dua bere a ɔdaa n’ankasa ho adi sɛ n’akyidifo a wɔte sɛ nguan no Oguanhwɛfo Pa no: “Nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi [fi nguamman no mu]. Na ɔma n’ankasa nguan fi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. Ɔnana, wɔrenni n’akyi, efisɛ wonnim ananafo nne. Mene oguanhwɛfo pa no; na minim me de, na mede nso nim me, sɛnea agya no nim me na me nso minim agya no; na mede me kra [me nkwa] meto hɔ mema nguan no.”—Yohane 10:3-5, 14, 15.
-