Kristo Akanni Wɔ Nnamyɛ Mu Nnɛ
“Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” -Mateo 28:20
1. Ɔkwan bɛn so na Kristo de “nea ɔwɔ” hyɛɛ n’asuafo nsa?
BERE a na Kristo rebegyaw n’asuafo no hɔ na wasan akɔ soro wɔ 33 Y.B. mu no, “ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.” Na eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔyɛ abɔfo ma Kristo’ na wɔyɛ asɛnka adwuma a na wafi ase no, na wɔtrɛw mu ma edu “asase ano nohɔ.” Ansa na ɔregyaw wɔn hɔ no, na wahyɛ wɔn sɛ ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo.’ So yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ na n’ani ku sɛnea wodii n’ahyɛde yi ho dwuma no ho? Nokwarem no, yɛwɔ bi!—Mateo 25:14; 2 Korintofo 5:20; Asomafo no Nnwuma 1:8; Mateo 28:19.
2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Kristo ani wɔ afeha a edi kan asafo ahorow no dwumadi abotow no so kɛse?
2 Bɛboro mfe 60 wɔ bere a Kristo foro kɔɔ soro akyi no, ɔkyerɛe sɛ na n’ani wɔ Kristofo asafo no dwumadi ahorow wɔ asase so no so kɛse. Wɔ adiyisɛm a Yesu Kristo de maa ɔsomafo Yohane a ɔyɛ afeha a edi kan sodikuw no muni no mu no, ɔde nkrasɛm kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia Kumaa no. Ɔka’ kyerɛɛ emu anum sɛ: ‘Minim mo nnwuma.’ Na ɔkyerɛe sɛ na onim nea ɛrekɔ so wɔ abien a aka a ɛne Smirna ne Pergamo no mu. Ɔde nkuranhyɛ ne afotu pɔtee bi maa asafo no mu biara. Na wɔn adwenem rentumi nyɛ wɔn nãã wɔ nea na ɔyɛ wɔn Kannifo a ɔyɛ nnam no ho.—Adiyisɛm 1:11; 2:1—3:22.
3. Henanom na wɔde nkrasɛm ahorow ason no kɔmaa wɔn ankasa, na dɛn na ɛkyerɛ saa?
3 Nokwarem no, na saa nkrasɛm no mu nsɛm nyɛ nea ɛfa asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia nkutoo no ho. Afotu pa ne kɔkɔbɔ ahorow a ɛwom no fa asafo ahorow no nyinaa ho, efi afeha a edi kan no mu de besi “Awurade Da” a yɛwom mprempren no mu.a Kristo aniwa a wɔde toto “gyaframa” ho no ahwɛ nea ɛrekɔ so wɔ “asafo no nyinaa” mu.—Adiyisɛm 1: 10; 2:18, 23.
Owura No Ne Ne Nkoa
4. Ɔkwan bɛn so na Kristo ‘tuu kwan’ na afei “ɛkyɛe no,” ɔsan bae?
4 Bere a Kristo de ne ho atoto “onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ n’ankasa ne nkoa na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa” ho akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.” (Mateo 25:14, 19) Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Kristo ‘kɔɔ soro,’ faako a ɔte “Onyankopɔn nifa.” (1 Petro 3:22) “Na ɛkyɛe no,” bere a wɔde Kristo sii ahengua so wɔ 1914 mu akyi no,ofii ase ‘dii nkonim wɔ n’atamfo mfinimfini’ denam Satan ne n’adaemone a ɔtow wɔn kyenee asase so no so. (Dwom 110:1, 2; Adiyisɛm 12:7-9) Afei ɔde n’adwene sii ne nkoa so. Na bere adu sɛ ɔne wɔn bebu akontaa. Ná ɔyɛ wɔn Kannifo a ɔyɛ nnam sen biara.
5. Bere bɛn na akontaabu bere no bae, na ɔkwan bɛn so na wotuaa anokwafo no ka?
5 Onyankopɔn nkurɔfo nnɛyi abakɔsɛm kyerɛ sɛ saa akontaabu bere yi bae wɔ 1918-19 mu. Bɛ a ɛfa talente ho no kyerɛkyerɛ sɛnea Owura no ne ne nkoa a wɔasra wɔn no nkaefo bebu akontaa no mu. Wɔn mu biara bebu ɔkwan a ɔfaa so de ne nneɛma dii dwuma no ho akontaa, “sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te,” anaasɛ honhom mu hokwan ahorow a ɔwɔ te. Wɔn a na wɔasow aba no kɔɔ wɔn Wura a ɔkaa eyi kyerɛɛ wɔn no anigye mu: “Woadi kakraa yi ho nokware, mede wo mesi ade pii so.”—Mateo 25:15, 20-23.
6. Dɛn na saa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no bom yɛe sɛ kuw, na dɛn na wɔn Wura de hyɛɛ wɔn nsa?
6 Na ɛsɛ sɛ wohu saa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ Ɔhene a ɔredi tumi mprempren no ahemmɔfo anokwafo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ asuafo ama wɔn Wura no. Wohuu wɔn nyinaa sɛ “akoa” a na wɔn Wura no aka ne ho asɛm sɛɛ no: “Hena ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.”—Mateo 24:45-47.
7. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘nea Kristo wɔ’ no adɔɔso fi 1914? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristo yɛ “nguan foforo” no Kannifo a ɔyɛ nnam nso?
7 Nea Kristo wɔ nyinaa’ no adɔɔso pii fi 1914 reba. Wɔde “ahenni tumi” a tumi ne asɛyɛde kɛse ka ho afura no. (Luka 19:11, 12, NW) Ofii ase boaboaa “ahenni no mma” a wɔne Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn a “wɔatɔ wɔn afi asase so” ma wɔne no abɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ soro no nkaefo no ano. (Mateo 13:38; Adiyisɛm 14:1-4; 5:9, 10) Afei, sɛnea ɛdaa adi wɔ abakɔsɛm mu wɔ efi 1935 reba no, ɔreboaboa “nnipakuw kɛse” a wɔne “nguan foforo” a ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba” no ano. (Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16) Yiw, ɔno ne Onii a ɔde “nguan” yi ba na ɔyɛ wɔn Kannifo a ɔyɛ nnam. Nea ɛyɛ anigye no, Hela kyerɛwsɛm no kyerɛ sɛ, “Na wɔn na ɛho hia sɛ mekyerɛ wɔn kwan.” ɔkwan bɛn so na ɔde nnamyɛ rekyerɛ ne “nguan” nyinaa kwan nnɛ?
Ahwɛfo A Wɔhyɛ Kristo Nsa Nifa Mu
8, 9. (a) Anisoadehu bɛn na ɔsomafo Yohane nyae? (b) Dɛn na na akaneadua ason ne nsoromma ason no yɛ ho mfonini?
8 Ɔsomafo Yohane a na ɔyɛ Kristofo asafo a edi kan no sodikuw no muni no nyaa anisoadehu a ‘ohuu sika akaneadua ason, na akaneadua no mfinimfini no, ohuu obi a ɔte sɛ onipa ba . . . Na okura nsoromma ason ne nsa nifa mu.’ Yesu Kristo kyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ Yohane sɛ: “Nsoromma ason a wuhui me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no, yɛ asafo ason.”—Adiyisɛm 1: 12-20.
9 Bere a “Then Is Finished the Mystery of God” nhoma no reka eyi ho asɛm no, ɛka sɛ: “So saa ‘abɔfo’ no yɛ nea wontumi mfa aniwa nhu wɔn? Dabi. Ɔsomafo Yohane nsa kaa Adiyisɛm no nyinaa fii Yesu Kristo nkyɛn denam abɔfo so, na ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ ɔbɛsan akyerɛw krataa akɔma abɔfo wɔ soro a ɛyɛ trabea a aniwa ntumi nhu hɔ no. Wonhia nkrasɛm a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ason a na ɛwɔ Asia no. Nea abodin a ɛne ‘ɔbɔfo’ no kyerɛ titiriw ne ‘ɔsomafo; nkrasɛm kurafo.’ . . . Esiane sɛ wohui sɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so nsoromma ason yi wɔ Yesu nsa nifa mu nti, ɔno na ɔhwɛ wɔn so na ɔkyerɛ wɔn kwan a ne ‘nsa nifa’ a ɛyɛ tumi a ɔde di dwuma wɔ ɔkwan pa so no tumi kyerɛ wɔn kwan na ɛbɔ wɔn ho ban. . . . Esiane sɛ ‘akaneadua ason’ a ɛwɔ ‘Awurade da’ no ho anisoadehu mu yɛ nokware Kristofo asafo ahorow a ɛwɔ mprempren ‘Awurade da’ ankasa fi 1914 Y.B. mu no mu nyinaa ho mfonini nti, saa ara nso na ‘nsoromma ason’ no yɛ ahwɛfo a wɔte sɛ abɔfo a wɔde honhom awo wɔn na wɔasra wɔn a wɔwɔ saa asafo ahorow no mu nnɛ no ho mfonini.”b—Kratafa 102-4.
10. “Nea ɔwɔ” a adɔɔso bɛn na wɔde ahyɛ akoa no nsa sɛ ɔnhwɛ so?
10 Saa ahwɛfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Kristo nsa nifa mu no nyinaa yɛ kuw a wɔne “akoa” a Wapaw no sɛ ‘onni nea ɔwɔ nyinaa so’ no mufo. Esiane sɛ wɔde asɛyɛde ahorow a emu atrɛw ahyɛ akoa no Wura ankasa nsa fi 1914 nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea nneɛma pii ka “nea ɔwɔ nyinaa” a wɔde ama akoa no ho sen bere a atwam no. Ade biako ne sɛ, sɛ “abɔfo ma Kristo” no, mprempren nkaefo no yɛ ahemmɔfo ma Ɔhene bi a ɔredi tumi wɔ Ahenni bi a wɔde asi hɔ no so. (2 Korintofo 5:20) Wɔde honhom mu nneɛma a ɛyɛ Owura no de wɔ asase so no nyinaa ahyɛ wɔn nsa. Ɛsɛ sɛ wɔsom de ma ɛho nkɔm nyinaa a wɔhyɛe a bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no nya mmamu. Nea ɛka eyi ho ne sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi . . . adanse.” (Mateo 24:14) Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ ‘amanaman nyinaa asuafo’ sen bere biara na wɔnam saayɛ so aboaboa “nnipakuw kɛse” a wonnim wɔn dodow ano. (Mateo 28:19, 20; Adiyisɛm 7:9) Yiw, saa “amanaman nyinaa ade a eye” yi yɛ ‘nea Kristo wɔ’ wɔ asase so a adɔɔso no fã.—Hagai 2:7.
11. Dɛn na “nea ɔwɔ” a adɔɔso yi ma ɛho hia? (b) Hena na ɔrekyerɛ adwuma no kwan, ne wɔ ɔkwan bɛn so?
11 Eyi nyinaa kyerɛ sɛ kuw a ɛne “akoa” no yɛ adwuma pii, adwuma kɛse a emu trɛw kodu “wiase nyinaa.” Ɛhwehwɛ nso sɛ wobenya adwumayɛbea ti a ɛso ne baa dwumadibea ahorow a wɔde bɛhwɛ adwuma no so na wɔatintim na wɔakyekyɛ nhoma ahorow a wɔde kɔ asɛnka na wɔde yɛ kokoam adesua. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔyɛ adwuma yi wɔ Yesu Kristo a sɛnkyerɛnne kwan so no “ɔwɔ akaneadua no mfinimfini” anaasɛ asafo ahorow no mu no akanni a etu mpɔn ase. Ɔkyerɛ wɔn kwan denam ahwɛfo a wɔasra wɔn a. sɛnkyerɛnne kwan so no okura wɔn wɔ ne “nifa” mu no so. (Adiyisɛm 1:13, 16) Sɛnea na ɛte wɔ tete Kristofo mmere no mu no, ahwɛfo a wɔasra wɔn yi kuw bi na wɔyɛ Kristo asafo a ɛwɔ asase so no Sodikuw a aniwa hu no. Ne “nifa” a ɛne tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan pa so no kyerɛ mmarima anokwafo yi kwan bere a wɔhwɛ Ahenni adwuma no so no.
Denam Honhom So
12, 13. (a) Esiane nkɔso kɛse a aba no nti, asemmisa bɛn na ɛsɔre? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo de honhom no di dwuma na ama wadi ahwɛfo a wɔwɔ n’asuafo mu wɔ asase so no ahiade ho dwuma?
12 Esiane sɛ, “nguan foforo” no dodow boro ɔpepem abiɛsa mprempren na wɔaboaboa wɔn ano ayɛ wɔn asafo ahorow bɛyɛ 52,000 nti, ɛda adi sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no hia mmoa wɔ hwɛ a wɔbɛhwɛ nea Owura no wɔ wɔ asase so no mu. Nnipa a wɔn dodow nnu 9,000 a anuanom mmea pii ka ho na wodi Nkaedi abodoo no ma enti ɛnyɛ nea asafo biara wɔ ɔhwɛfo biako a wɔasra no. So eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo na ɔhwɛ asafo ahorow a “ɔbɔfo” a wɔde honhom awo no anaasɛ ‘nsoromma’ no biara nni mu no so?
13 Ɛnte saa koraa! Sɛnea yɛahu wɔ asɛm a edi kan no mu no, Kristo de nnamyɛ kyerɛɛ n’asafo no kwan denam honhom kronkron no so wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛnnɛ ɔde Sodikuw no mufo a wɔde honhom awo wɔn no di dwuma de paw ahwɛfo fi “nguan foforo” no mu. Sɛ́ mpanyimfo a wɔasra wɔn no, ɛsɛ sɛ eyinom du nneɛma a wɔhwehwɛ no ho, sɛnea wɔada no adi wɔ kyerɛw nsɛm ahorow te sɛ 1 Timoteo 3:1-7 ne Tito 1:5-9 mu no. Wɔnam honhom kronkron no akwankyerɛ so na wɔkyerɛw Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow yi. Wɔkamfo nnipa no kyerɛ na wɔpaw wɔn wɔ bere a wɔabɔ mpae awie akyi na wɔyɛ saa wɔ honhom kronkron akwankyerɛ ase. Paulo afotu yi fa saa mpanyimfo a wɔasra wɔn no nso ho saa ara: “Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a honhom kronkron de mo asisi so ahwɛfo no . . . yiye.”—Asomafo no Nnwuma 20:28.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 32:1, 2 no renya mmamu dedaw? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo nyinaa brɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo “nifa” ase?
14 Enti, treneeni ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no de “nguan foforo” no redi dwuma sɛ “asafohene” na ama wɔabɔ ne “nguan” ho ban afi honhom mu mframa, ahum ne ɔpɛ ho. (Yesaia 32:1, 2) Te sɛ Dawid a ɔtraa ase tete bere no mu no, sɛ́ ebia mpanyimfo no yɛ wɔn a wɔasra wɔn anaasɛ “nguan foforo” no mufo no, wɔbɔ Yehowa mpae sɛ: “Wo honhom pa nnya me asase tẽẽ so.” (Dwom 143:10) Na Yehowa tie wɔn mpaebɔ. Onam ne Ba no so de Ne honhom ma wɔn na Yesu de di dwuma nnamyɛ so de kyerɛ n’asuafo kwan wɔ asase so. Sɛnea ɛte ankasa no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo nyinaa brɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo ‘nifa’ a ɛkyerɛ tumi ne akwankyerɛ no ase, nea ɔde di dwuma denam honhom ne ne Sodikuw no mufo a wɔde honhom awo wɔn so no.
Denam Abɔfo So
15. Ɔkwan foforo bɛn na Kristo wɔ a ɔnam so kyerɛɛ n’asuafo kwan nnamyɛ so wɔ asase so?
15 Asɛm a edi kan no kae sɛ na wɔde abɔfo di dwuma wɔ afeha a edi kan no mu de kyerɛ tete Kristofo no kwan, wɔde gye wɔn fi ɔhaw mu na wɔde boaa wɔn wɔ wɔn asɛmpaka adwuma no mu. So ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw Sɛ yɛn Hene Yesu Kristo a ɔredi tumi no mfa abɔfo nni dwuma bio mfa nkyerɛ n’asuafo kwan nnɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? Ɛnyɛ sɛ ɛbɛyɛ nea ntease nnim nko na mmom ɛbɛyɛ nea ennyina Kyerɛwsɛm so nso?
16, 17. Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Kristo de abɔfo di dwuma de boaboa “ahenni mma no” ne “nguan foforo” no ano?
16 Sɛnea Yesu bɛ a ɛfa awi ne wura ho kyerɛ no, twabere no bɛba wɔ “wiase awiei” a efii ase wɔ 1914 mu no mu. Wɔ otwa no mu no, wɔbɛboaboa “ahenni mma no” ano afi “ɔbɔne no mma” no mu. Henanom na Owura no de wɔn bɛyɛ otwa adwuma no? “Twafo no ne abɔfo.” Kristo de kaa ho sɛ “Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu.” (Mateo 13:37-41) Kristo de abɔfo di dwuma de bɔ ne nuanom ho ban wɔ asase so.
17 Na “nguan foforo” no nso ɛ? So Kristo de abɔfo di dwuma na ama wɔaboaboa wɔn ano? Ɛte saa! Ne bɛ a ɛfa nguan ne mpapo ho no ka sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” (Mateo 25:31, 32) Kristo de n’abɔfo di dwuma wɔ mpaapaemu adwuma yi mu. Sɛnea ɔbɔfo bi kyerɛɛ Filipo kwan kɔɔ Etiopiani piani bi nkyɛn no, saa ara nso na yɛwɔ adanse a ɛdɔɔso nnɛ a ɛkyerɛ sɛ Kristo de n’abɔfo di dwuma de kyerɛ n’Adansefo kwan kɔ wɔn a wɔte sɛ nguan no nkyɛn. Nnipa pii adi nokwasɛm no ho adanse sɛ na wɔrebɔ mpae ahwehwɛ mmoa bere a ɔdansefo bi bɛbɔɔ wɔn pon mu wɔ ɛno akyi pɛɛ no.—Asomafo no Nnwuma 8:26, 27.
Kristo Akwankyerɛ Mu Ahotoso A Edi Mu
18, 19. Esiane nea esii wɔ afeha a edi kan no mu nti, dɛn na yɛwɔ mu ahotoso?
18 Wɔ afeha a edi kan no mu no, nsɛm tebea amma Kristo amfa sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no anni dwuma amfa anni ɔhaw pɔtee bi ho dwuma bere nyinaa. Bere a na Paulo nkutoo wɔ Asia Kumaa Kusuu Fam na ɛho behiae sɛ ohu asasesin a edi hɔ a ɛsɛ sɛ ɔkɔyɛ mu adwuma no, Kristo yɛɛ ade denam honhom no so. (Asomafo no Nnwuma 16: 6-10) Ɛnnɛ Yehowa Adansefo wɔ ahotoso sɛ wɔn nuanom no mu biara a ɔtaa nti wɔatwa no afi Sodikuw no ho no da so ara wɔ Kristo akanni a ɛyɛ nnam ase denam honhom no ne abɔfo mmoa so.
19 Wɔ tete Kristofo mmere no mu no, ebia na ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛte gyinae ahorow bi a sodikuw no sii no ase wɔ saa bere no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi te saa bere a wɔmaa Paulo san kɔɔ Tarso anaasɛ wɔma ɔkɔɔ asɔrefi hɔ wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no akyi no. (Asomafo no Nnwuma 9:30; 21:23-25) Nanso Kristo ankasa na ɔma wosii gyinae ahorow a ɛte saa no. (Asomafo no Nnwuma 22:17-21; 28:11) Ɛnnɛ yebetumi anya ahotoso sɛ biribiara a Kristo ma kwan ma ɛba n’asuafo mu wɔ asase so no wɔ atirimpɔw bi a ɛkorɔn te sɛ nea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu mpo no.
20. Dɛn na yegye di, na dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
20 Enti sɛ yɛkenkan wɔ Bible no mu sɛ Kristo ne “nipadua a ɛne asafo no ti” a, yegye di sɛ ɛnyɛ nea ɔyɛ Ti ara kwa. (Kolosefo 1: 18) Yefi osuahu mu nim sɛ ɔyɛ Ti a ɔyɛ nnam ankasa. Sɛ yɛkenkan Asomafo no Nnwuma nhoma no na yehu sɛnea Kristo kyerɛɛ nneɛma kwan wɔ ne tete Kristofo no mu a, yetumi hu sɛ ɔnam ɔkwan koro no ara so nnɛ. Yehu di a Kristo de honhom kronkron no, abɔfo, ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne Sodikuw no di dwuma de paw mpanyimfo a wɔfata wɔ honhom mu. Esiane sɛ yɛwɔ ahotoso wɔ nnamyɛ a Kristo de kyerɛ nneɛma kwan no mu nti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ‘adi nokware’ na yenyin ɔdɔ mu wɔ “nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.”—Efesofo 4:15.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nkrasɛm ason yi ne nea ɛfa ho ho nkyerɛkyerɛmu kɛse no, hwɛ “Then Is Finished the Mystery of God” nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii no atiri 7 kosi 14.
b July 1, 1972 Ɔwɛn.-Aban no kɔ so kyerɛkyerɛ asɛm no mu bere a ɛka eyi no: “Akyinnye biara nni sɛ ɛnyɛ ɔpanyin, presbyter, anaasɛ ɔhwɛfo biako pɛ na Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no frɛɛ no “ɔbɔfo” a wɔde ɔsoro nsoromma yɛɛ ne ho mfonini, na mmom “mpanyimfo kuw” no nyinaa. Na ɛsɛ sɛ “mpanyimfo kuw” (presbytery) a ɛwɔ Efeso hɔ no di dwuma sɛ nsoromma a ɛhyerɛn wɔ wim, na ɛyɛ honhom mu kanea wɔ asafo a honhom kronkron de wɔn ayɛ ɛso ahwɛfo no mu.”
Nsɛntitiriw a Ɛsɛ wokae
◻ Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ na Kristo ani wɔ afeha a edi kan asafo ahorow no dwumadi so?
◻ Hena na Kristo paw no sɛ ɔnhwɛ “ nea ɔwɔ” nyinaa so, dɛn na ɛka eyi ho?
◻ Henanom na nsoromma ason a ɛhyɛ Kristo nifa mu no yɛ wɔn ho sɛnkyerɛnne?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristo de honhom kronkron no, abɔfo, ne Sodikuw no mufo a wɔasra wɔn no di dwuma de kyerɛ n’asafo no kwan nnɛ?
◻ Dɛn nti na yebetumi anya kyerɛ a Kristo kyerɛ nneɛma kwan nnɛ no mu ahotoso a edi mu?
[Adaka wɔ kratafa 20]
Ebia sɔhwɛ horow a ɛba esiane akodi, ɔman anidan ahorow anaa ɔtaa ankasa ne adwuma no a aban bara nti, bɛma ɛrentumi nyɛ yiye sɛ mobɛkɔ so wo Kristofo som mu wɔ ɔkwan a wɔahyehyɛ so kɛse. Ebia tebea horow bɛba a ɛremma muntumi nyɛ asafo nhyiam akɛse. Ebia nkitaho a wɔne baa dwumadibea no di mu betwa bere tiaa bi. Ebia amansin so ahwɛfo nsrahwɛ mu betwa. Ebia nhoma afoforo rentumi mma. Sɛ nneɛma yi mu bi to wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Mmuae no ne sɛ: Yɛ nea wubetumi biara, ne dodow biara a wubetumi ayɛ, wɔ ɔsom kronn no fam wɔ tebea horow no mu. Ɛsɛ sɛ wo ankasa wutumi sua ade. Mpɛn pii anuanom no tumi kyekyɛ wɔn mu akuw nketewa na wohyiam sua ade wɔ afie mu. Wobetumi de nhoma a wɔasua dedaw no bi ne Bible no ankasa ayɛ saa nhyiam horow yi. Mommma mo ani ntane na monhaw nso. Mpɛn pii ɛnkyɛ koraa na wɔne anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no atumi adi nkitaho bio. Sodikuw no hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ma wate anuanom no nka.
Sɛ ɛba sɛ wuhu sɛ wo ne wo nuanom Kristofo ntam kwan aware anaa woatwa wo afi wɔn ho mpo a, ma ɛntra w’adwene mu sɛ wontwaa wo mfii Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo ho.—Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma, kratafa 168.
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Kristo wɔ asafo ahorow no mu na okura ahwɛfo no wɔ ne nifa mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so