‘Honhom Biakoyɛ’ Wɔ Nguankuw A Wɔredɔ Ntɛmntɛm Mu
1. (a) Wɔ Efesofo 4:1-6 no, biakoyɛ ho afotu a ɛfata bɛn na Paulo kyerɛwee? (b) Dɛn nti na saa afotu no fata wɔ yɛn bere yi mu nso?
BERE a ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Efeso asafo no mu krataa no, osii biakoyɛ so dua, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase, na wonnya wɔn ho wɔn ho ho koma wɔ ɔdɔ mu, mmɔ mmɔden “mfa asomdwoehama nkura honhom biakoyɛ no mu.” (Efesofo 4:1-6) Ná Paulo adi bɛboro mfe abien wɔ Efeso, enti na onim sɛnea anuanom a wɔwɔ hɔ no su ahorow te. Na onim nso sɛ nneɛma ahorow a ɛde biakoyɛ ba a Yehowa de adi dwuma wɔ ne nkurɔfo mu no betumi adi saa akameakame no so, enti Paulo hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ saa nneɛma yi ho anisɔ na wonnye ntom. Ɛho hia sɛ yɛyɛ saa ara wɔ yɛn bere yi so nso. Dɛn ntia? Efisɛ wɔreboaboa nnipa pii a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” ano aba Yehowa ahyehyɛde no mu.—Adiyisɛm 7:9, 10.
2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam bɔ n’asase so ahyehyɛde no biakoyɛ no ho ban?
2 Nea ɛne n’atirimpɔw hyia no, Yehowa aka n’asomfo abom “sɛ nguan nguamman mu.” (Mika 2:12) Ɔde akwankyerɛ a wohia ma wɔn na abɔ saa biakoyɛ no ho ban. Ɔkwan bɛn so? Ɔno ankasa apaw ne Ba, Yesu Kristo, Sɛ Kristofo asafo no ti. Yehowa ama wɔakyerɛw n’atirimpɔw ho asɛm wɔ Bible no mu, ɔnam n’asase so ahyehyɛde no so kyerɛ n’asomfo kwan ma ɛne saa atirimpɔw no hyia. Sɛ yɛhwehwɛ saa ɔsoro akwankyerɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ bere yi fi afe 1919 no ho adanse no mu a, ɛhyɛ yɛn gyidi den.
Wɔasiesie Wɔn Ho Sɛ Wobedi Adanse Wiase Nyinaa
3. Ahenni adedifo no ho adwuma bɛn na Bible no ka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei?
3 Ɛreka nneɛma nhyehyɛe no awiei ho asɛm no, Kyerɛwnsɛm no kaa boa a wɔbɛsan aboaboa “wɔn a wɔapaw wɔn” no ano akɔ ahyehyɛde kwan so biakoyɛ mu, ne boa a wɔbɛboaboa Ahenni kuw no mufo a wotwa to ano no ho asɛm too hɔ. (Mateo 24:31; 13:37-43, 47-50) Ɔkwan bɛn so na wɔnam ayɛ eyi?
4. (a) Dɛn na Kristo ne abɔfo no de dii dwuma de boaboaa nkaefo no ano? (b) Enti akwan horow abien bɛn na na Yehowa de redi dwuma wɔ ha de aka n’asomfo abom no?
4 Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Kristo bɛsoma n’abɔfo ma wɔabɛyɛ eyi. Obiara nni asase so a otumi hu sɛ saa honhom abɔde yi reyɛ adwuma, nanso nea efi wɔn adwuma no mu ba wɔ Yehowa asase so ahyehyɛde no mu no da adi pefee. Wɔ ɔtaa a emu yɛ den a wohyiae wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu no akyi no, wɔmaa Yehowa asomfo nyaa ahoɔden foforo denam Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ne ti ne “Nhyira Ne Akokodurufo” a wotintimii wɔ afe 1919 mu no so. Ná Yehowa wɔ adwuma pii ma wɔn a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio saa afe no mu ase no, wɔbɔɔ nhoma foforo The Golden Age (mprempren wɔfrɛ no Nyan!) no ho amanneɛ wɔ ɔkasa a ɛne “Ɛka Ahenni No Kyerɛ” no mu na wɔkae sɛ wɔnkyekyɛ mma nnipa pii mfa ntwe wɔn adwene nsi “Mesia no anuonyam ahenni no Mmere Pa” no so. Wɔhyɛɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” no nyinaa nkuran sɛ wonnya saa adwuma no mu kyɛfa. Nhyiam foforo a wɔyɛe wɔ Cedar Point wɔ 1922 mu, no ase no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ “Mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’ahenni no ho dawuru.” Wɔ 1925 mu no, adwuma a na Yehowa asomfo reyɛ wɔ ɔko no akyi no ho ntease a Adiyisɛm ti 12 ma wonyae no hyɛɛ adwuma no yɛ mu den bio. Afei ɛdenam tirimbɔ a wɔpenee so wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus Ohio, ne nhyiam 50 a wɔyɛe wɔ ɛno akyi wɔ wiase nyinaa no ase so no, wogyee edin Yehowa Adansefo no toom, de maa saa Kristofo yi daa nsow wɔ Kristoman mu asɔre horow no ho na esii adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no so dua. (Yesaia 43:10-12) Enti na Yehowa reka n’asomfo abom (1) denam Kyerɛwnsɛm no mu ntease a wɔkɔ so nya ne (2) denam kanyan a ɔkanyan wɔn ma wɔyɛ adwuma denneennen sɛ n’adansefo no so.
5. Ebedu 1935 mu no, na dɛn na wɔatumi abom ayɛ wɔ Yehowa akwankyerɛ ase?
5 Ɛwom sɛ wɔn dodow sua de, nanso wɔn biakoyɛ adwuma wɔ Yehowa akwankyerɛ ase no maa Ahenni asɛm no koduu asase no ano tɔnn. Efi afe 1921 besi 1935 mu no wɔmaa nhoma akɛse ne nketewa 205,217,917 wɔ kasa horow pii mu. Wɔkyekyɛɛ nkratawa pii nso, na wɔde radio dii dwuma kɔɔ akyiri. Esiane eyi nti mpempem pii hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ wɔn asu na wɔde honhom kronkron sraa wɔn bere a Ahenni kuw no mufo anoboaboa no bɛnee n’awiei no. Nanso, na wonwiee wɔn baguam som adwuma no. Ná Yehowa resiesie wɔn ama nea ɛda wɔn anim no.
Wɔhyɛɛ Wɔn Den Ma Wɔahyia Ɔsɔretia
6. Dɛn bio na na Yehowa resiesie n’asomfo a wɔasra wɔn no ama?
6 Wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu no, na atamfo no abɔ wɔn a wɔasra wɔn no apete. Ná afei ɔhaw afoforo a ano yɛ den a ɛbɛma wɔagyae wɔn adwuma no rebɛba. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn den sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ nguankuw a wɔabɔ apete bio. Ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ eyi?
7. Bere a wɔresan asi asɔrefi no, ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne nkurɔfo tumi kɔɔ wɔn anim wɔ biakoyɛ mu bere a wɔsɔre tiaa wɔn no?
7 Bere a ɔsɔretia siw Yehowa asɔrefi a na wɔresan asi no ano bere a wɔn a wɔkɔɔ nnomumfa mu no fi Babilon san bae akyi no, Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo den denam adiyifo, asɛnkafo a aniwa hu wɔn so ma wɔde nkrasɛm a ɛyɛ ne bere so de fii ne hɔ brɛɛ wɔn. Afei bio, Yehowa ankasa honhom dii akwanside ahorow a ɛte sɛ bepɔw no so ma n’asomfo kɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ ahyehyɛde biako.—Hagai 1:1-8; Sakaria 4:1-14.
8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ anuanom no den wɔ afeha a edi kan no mu?
8 Bere a nokware asomfo baa atamfo ntua ase wɔ afeha a edi kan no mu no, Yehowa maa asomafo no kyerɛw nkrataa ahorow a ɛde akwankyerɛ ne afotu mae. Wɔ eyi mu no wohuu nea ɔma ɔsɔretia ba no pefee sɛ ɔne Satan Ɔbonsam, nea ne botae ne sɛ ɔbɛma wɔagyae asɛmpa no ka, a ɔyɛ saa denam ɔtaa a emu yɛ den so anaasɛ ɔnam anuanom atorofo nkɛntɛnso so haw asafo no biakoyɛ no. Enti wɔboaa wɔn nyinaa ma wohuu nea ɛho aba asɛm no mu yiye. (Efesofo 6:10-13; 2 Korintofo 11:12-15; 1 Petro 5:5-8) Wɔnam ɔdɔ so hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wonnyina hɔ pintinn honhom koro mu, na wɔmfa ɔkra koro mmom nni apere mma asɛmpa no gyidi, na wɔmmma atamfo nnyi wɔn hu biribiara mu’—Filipifo 1:27, 28.
9. (a) Nnɛ bere yi mu no, ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de mmoa a ɛte saa ama? (b) Ma eyi ho nhwɛso?
9 Wɔ nnɛ bere yi mu no, Yehowa akɔ so de mmoa a n’asomfo hia ama wɔn, na ɔyɛ saa denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” nkaefo a wɔwɔ asase so nnɛ, a Yesu ne wɔn ti a wɔapaw no no so, na saa mmoa yi ba wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47) Enti wɔ afe 1925 mu no “akoa” kuw no nam Ɔwɛn-Aban no so boaa n’akenkanfo ma wohui sɛ Onyankopɔn Ahenni no adi tumi wɔ ɔsoro fi afe 1914, ne sɛ nokware mu no, ahyehyɛde abien pɛ na ɛwɔ hɔ—Yehowa de ne Satan de. Wɔ afe 1929 mu no wosii Kristoni asɛyɛde sɛ odi Onyankopɔn mmara so daa sɛ nea ɛkorɔn sen onipa de no so dua denneennen. Nkakrankakra no wɔyɛɛ nsakrae ahorow wɔ ahyehyɛde no mu kosii sɛ wɔ afe 1938 mu no wɔpaw asafo no mu ahwɛfo nyinaa wɔ teokrase kwan so mmom sen aba a na wɔtow wɔ asafo no mu paw wɔn no. Eyinom nyinaa kaa Yehowa asomfo boom na ɛhyɛɛ wɔn den, na hwɛ sɛnea ɛbae wɔ ne bere mu!
10. (a) Ɔkwan bɛn so na saa mmoa no bɛyɛɛ nea ɛbae wɔ ne bere mu? (b) Bere a ɔtaa no kɔɔ so no, mmoa foforo bɛn na Yehowa de maa wɔn?
10 Wɔ 1930 mfe no mu ne de kosi Wiase Nyinaa Ko II mu nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase pii so no hyiaa ɔtaa a emu yɛ den. Wɔde mpempem pii kɔɔ asenniibea. Wɔ nsase pii so no, aban ahorow baraa wɔn adwuma no. Wɔde wɔn mu pii guu nnadeban mu mfe pii wɔ ka-nka-bi nniso ase. Bere a ɔtaa yi fii ase no Yehowa kɔɔ so hyɛɛ n’asomfo den. Wɔ Ɔwɛn-Aban adesua horow ase wɔ afe 1931 mu no, wosuaa sɛnea ɛnyɛ sɛ Yudafo a wɔtraa ase wɔ Ɔhemmaa Ester nna mu no ko peree wɔn nkwa nko na mmom wɔyɛɛ ade tiaa wɔn atamfo nso no ho ade, na wosusuw sɛnea eyi te saa nnɛ wɔ honhom fam akodi mu no ho. Nsɛm a na ɛfa “Ɔtaa” ho, wɔ afe 1934 mu no, de Hebrifo baasa a wɔde wɔn guu ogya fononoo mu asɛm no dii dwuma ma ɛboaa Yehowa Adansefo ma wosii wɔn bo sɛ wobegyina pintinn a wɔwɔ ahotoso kɛse wɔ Yehowa mu. (Daniel 3:17, 18, 28) Yehowa wɔ adwuma kɛse wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na na ɔremma kwan mma Satan ɔsɔretia nsiw ano.
“Nnipakuw Kɛse” A Wɔboaboa Wɔn Ano Ma Nkwagye
11. (a) Asɛnka adwuma a ɛsõ bɛn na na Yehowa resiesie n’asomfo ama? (b) Kyerɛ nea ɛkɔɔ so wɔ saa ahosiesie nhyehyɛe a ɛnam ɔsoro akwankyerɛ so no mu no bi.
11 Bere a Ahenni adedifo “kuw ketewa” no mufo anoboaboa no bɛn n’awiei no, Yehowa twee adwene sii adwuma kɛse bi so, kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ “nnipakuw kɛse” a wobefi “ahohiahia kɛse” no mu aka ma wɔatra asase so wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ mu no. Enti wɔ 1918 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no maa ɔkasa bi wɔ Los Angeles, California, faa asɛm bi a na akyiri yi akasafo ɔhaha pii betĩ mu aka ho a na ne ti ne “Wiase No Aba Awiei, Ɔpepem pii a Wɔte Ase Nnɛ Renwu Da.” Afei wɔ afe 1923 mu no, Ɔwɛn-Aban, no kyerɛe sɛ, “nguan foforo” a Yohane 10:16 ka wɔn ho asɛm no ara ne “nguan” a wɔwɔ Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no mu no, na na wɔafi ase reda wɔn ho adi dedaw. Wɔ afe 1931 mu no, wɔkyerɛe sɛ wɔn a wɔhyɛɛ wɔn momaso agyirae maa nkwagye wɔ Hesekiel 9:1-11 no yɛ eyinom ho mfonini. Wɔ afe 1932 mu no, wɔdaa no adi sɛ ná Yonadab a ohui sɛ ɛho hia sɛ wɔde ahofama a edi mu ma Yehowa no gyina hɔ ma saa kuw yi ara. Saa ahosiesie nhyehyɛe a wofi soro de mae yi baa awiei wɔ 1935 mu bere a wɔkyerɛe wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Washington, D.C. no ase sɛ “nnipadɔm kɛse” anaasɛ “nnipakuw kɛse” a Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm no ne saa asase so kuw no, na atiefo no mu ɔhaha pii huu wɔn ho sɛ wɔka saa kuw no ho. Wɔ Yehowa honhom akwankyerɛ ase no, saa kuw yi anoboaboa rekɔ so ntɛmntɛm mprempren.
12. (a.) Dɛn nti na nnipa a wɔn anidaso ne se wɔbɛtra asase so no ano a wɔboaboa ka wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no ho no mfaa mpaapaemu mmae? (b) Ɛdenam Yehowa nhyira so no, dɛn na mmɔden a wɔbom bɔ no de aba?
12 So asase so kuw yi ano a wɔreboaboa de wɔn aka wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no ho no de mpaapaemu aba ahyehyɛde no mu? Dabi. Sɛnea Yesu ka too hɔ no, wɔabɛyɛ “kuw biako” a ɔno ne wɔn “hwɛfo biako.” (Yohane 10:16) Wohu sɛ anidaso no mu biara a wɔwɔ no di Yehowa dom a ɛnsɛ yɛn no ho adanse, na ɛyɛ hokwan ne asɛyɛde a wɔn nyinaa anya sɛ wɔbɛyɛ Yehowa din no ne n’Ahenni no ho Adansefo, na Kristofo nokwaredi ho gyinapɛn koro no ara fa wɔn nyinaa ho. Wɔyɛ nnipa a wɔaka abom ampa. Wɔn nyinaa aka abom de wɔn ho ahyɛ Ahenni ho adansedi no mu wɔ wiase nyinaa, na wɔaboaboa nnipa pii ano. Wɔ Wiase Nyinaa Ko I akyi no na wɔn a wonya kyɛfa wɔ Yehowa Ahenni a wɔka kyerɛ wɔ baguam no mu no yɛ mpem kakraa bi. Ɛyɛ efi afe 1941 mu reba no na nnipa a wɔde wɔn ho hyɛɛ adwuma yi a wɔyɛ no wiase nyinaa mu no duu 100,000. Ɛnnɛ wɔn a wɔaka abom sɛ Ahenni asɛm no ho adawurubɔfo no dodow si 2,652,323. Abam sɛnea Yehowa nam odiyifo Yesaia so ka too hɔ no: “Nea osua koraa bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”—Yesaia 60:22.
Mmɔden A Yɛbom Bɔ De Nya Nneɛma A Ɛho Hia
13. Nkɔso a aba no aka Ɔwɛn Aban Asafo nhoma tintim adwuma no dɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔadi ahiade yi ho dwuma?
13 Yehowa Adansefo dodow a akɔ anim yiye no ama ɛho abehia sɛ wɔtrɛw nneɛma a wɔde yɛ adwuma no mu. Wɔ 1920 mfe no mu no na wotintim Bible nhoma horow a Adansefo no de yɛ adwuma no fã kɛse no ara wɔ Brooklyn, New York. Mprempren wotintim nhoma ahorow yi bi wɔ aman afoforo 30 so. Ntoboa a wofi wɔn pɛ mu de ma no ma wonya sika a wohia, na baabi a wonni bi mpo no, mmoa a wɔn a wɔwɔ aman afoforo so fi ayamye mu de ma no ma adwuma no kɔ so. Fa toto 2 Korintofo 8:14 ho.
14. Efi 1935 reba no, ɔkwan bɛn so na wɔnam asisi Ahenni Asa afoforo a ɛho hia?
14 Afe koro no ara a wohuu “nnipakuw kɛse” no yiye sɛ kuw a wɔbɛtra asase so no, J. F. Rutherford, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, de din Ahenni Asa no too beae a na Yehowa Adansefo hyiam no wɔ Hawaii. Fi saa bere no reba no Yehowa Adansefo de din yi ato faako a wohyiam. Efi 1940 de besi nnɛ no, asafo ahorow no dodow fi 5,118 abedu bɛboro 46,000. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi nkɔso a aba wiase nyinaa no ho dwuma no, wɔasisi Ahenni Asa afoforo ne adan a wɔbɛyɛ nhyiam akɛse wom. Eyi agye mmɔden a wɔn nyinaa bom bɔ wɔ sika ne ɔdansi no ankasa fam. Yehowa nkurɔfo a wɔaka abom no afi wɔn koma nyinaa mu aboa!
15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya adɛn a ɛdɔɔso a yebetumi ahyia wom?
15 Ɛnnɛ nnipa dodow a wɔba Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no akɔ anim sen bere biara, na wɔredɔɔso ntɛmntɛm. Yegye wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan na wɔanantew n’atempɔn so ampa no nyinaa tom. (Yesaia 2:2, 3; Hebrifo 10:23-25) Yɛpɛ sɛ yehu ampa sɛ yɛwɔ nneɛma a ɛdɔɔso a ebetumi ahwɛ wɔn a wɔkyerɛ anisɔ ma saa nsiesiei a Yehowa ayɛ no nso. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
16. (a) Sɛ yehia Ahenni Asa foforo ama yɛn asafo a emu retrɛw no a, ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ adwuma ne ɛka a wɔbɛbɔ wɔ ho no ho, sɛ ebia yɛbɛkɔ Asa no so adesua anaasɛ yɛrenkɔ hɔ no? (b) Bere a nkɔso aba faako a nneɛma bo yɛ den no yɛbɛyɛ dɛn anya Ahenni Asa afoforo?
16 Ɛwom sɛ yehyiam wɔ asafo ahorow pii mu de, nanso yɛyɛ “kuw biako,” nnipa biako a wɔaka abom. Pɛ a yɛpɛ sɛ ɔsom kronn mu trɛw ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no bɛka yɛn ma yɛaboa wɔ ɔkwan biara a yebetumi so, a faako a wohia mmoa wɔ no mfa ho. So nkɔso a aba wɔ asafo dodow a wohyiam wɔ Ahenni Asa bi so no ama ɛho abehia sɛ wosi foforo? Hwɛ papa a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔkɔ so de ɔdan dedaw no di dwuma no sɛ wɔde mmoa a wobetumi bɛma ma wɔatumi asi ɔdan no bi ama wɔn a ɛho hia sɛ wonya baabi foforo no. Wɔ mmeae horow bi no anuanom atu wɔn ho asi hɔ de aboa ma wɔasisi Ahenni Asa afoforo wɔ baabiara a eyinom ho hia. Esiane nhyehyɛe pa ne mmɔdenbɔ nti, wɔatumi de nnanu anaasɛ nea ennu saa asisi Ahenni Asa afoforo a ɛyɛ fɛ. Nanso, wɔ aman bi so no esiane sɛ nneɛma bo kɔ so yɛ den nti, ama ayɛ den ama asafo mmiako mmiako bi sɛ wobenya sika de atɔ nneɛma a ɛho hia wɔn. Nanso ade a asafo biako ntumi nyɛ no, mmɔden asafo ahorow bɔ no bɛma wɔatumi ayɛ. Sɛ wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa a, yebedi ho dwuma dɛn?
17. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛfata na yɛatumi adi saa ahiade yi ho dwuma?
17 Bere a wɔmaa Israelfo kwan sɛ wɔmmoa mma wonsi Yehowa ntamadan kronkron no, koma a ɛpɛ kaa wɔn ma wɔde nea ɛboro nea wohia mae. (Exodus 35:5-9; 36:5-7) Ɛnyɛ ntoboa akɛse a woyi de boa nokware som nkutoo na ɛsom bo. Yesu kamfoo ayamye a na okunafo hiani no ntoboa ketewaa no kyerɛ no. (Luka 21:1-4) Paulo kyerɛwee wɔ nneɛma a yebetumi de aboa yɛn mfɛfo asomfo a wɔsom Onyankopɔn wɔ honhom fam no ho sɛ: “Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni . . . Na mmoroso akogu wɔn hia mu, na wɔn mmoroso nso abegu mo hia mu . . . sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔboaboa bebree ano no, ebi ammoro no so, na nea ɔboaboa ketewa ano no, anhia no hwee.” (2 Korintofo 8:12-15) Saa nnyinasosɛm yi betumi akyerɛ yɛn kwan yiye ma yɛaboa ma wɔasi anaasɛ wɔatrɛw Ahenni Asa ahorow mu wɔ baabiara a ɛho hia, a ɛmfa ho sɛ ebia yɛn ankasa te saa mpɔtam hɔ anaasɛ yɛnte hɔ.
18. (a) Dɛn na ɛkanyan Biakoyɛ ho Mpaemuka a yɛyɛe wɔ nhyiam horow a yɛyɛe nnansa yi ase no? (b) Mpaemuka no mu asɛm a edi kan no ase kyerɛ dɛn? (d) nea ɛtia abien no nso ɛ? (e) nea ɛto so abiɛsa no nso ɛ? (ɛ) Mpaemuka no de mpaebɔ a ɛfata bɛn na ewiei?
18 ‘Honhom biakoyɛ’ yɛ biribi a Yehowa ahyehyɛde no da no adi, na yɛn sɛ ankorankoro no wɔ hokwan sɛ yɛda no adi kyerɛ. Wɔ yɛn nhyiam horow a yɛyɛe afe a etwaam no ase no, yɛyɛɛ eyi ho mpaemuka bi a ɛyɛ ne bere mu. Wɔatintim mpaemuka yi wɔ kratafa 16. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ saa mpaemuka yi mu nnɛ, na ama woatumi anya hokwan asusuw akwan horow a wo ankasa wubetumi afa so de adi dwuma wɔ mmere a ɛda yɛn anim no mu no ho.
Wo Mmuae Ne Dɛn?
□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam bɔ n’asomfo biakoyɛ no ho ban?
□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam kyerɛɛ nneɛma kwan sɛnea ɛbɛyɛ na wɔawie Ahenni kuw no ano boaboa?
□ Ɔkwan bɛn so na wɔnam hyɛɛ Yehowa Adansefo den maa ɔsɔretia a emu yɛ den ansa na Wiase Nyinaa Ko ll reba ne wɔ ɔko no mu?
□ Yehowa siesiee n’Adansefo maa anoboaboa adwuma a efii ase wɔ afe 1935 mu no wɔ ɔkwan bɛn so?
□ Kyɛfa bɛn na yebetumi anya wɔ Ahenni Asa a wohia no ntɛmntɛm no si mu?
[Kratafa 16 adaka]
BIAKOYƐ HO MPAEMUKA
Yɛn, Yehowa Adansefo, a yɛahyiam wɔ yɛn “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam yi ase, pɛ sɛ yɛkyerɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ. Yɛda no ase sɛ ɔde ne Ba a ɔdɔ no no abɔ afɔre, na wapaw yɛn sɛ ɔman ama ne Din.
Enti YƐDA nea yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ NO ADI, nea edi kan, sɛ yebekura biako a Yehowa ama yɛayɛ te sɛ nguan a wɔwɔ ne nguamman mu no mu, na yɛde yɛn ho bɛto ɔno ne ne honhom kronkron akwankyerɛ so; nea ɛtia abien, yɛbɛkɔ so abu bra pa wɔ amanaman no mu bere nyinaa bere a yɛde nnamyɛ ka Ahenni no ho anidaso asɛm no kyerɛ wɔn a wobetie no; na nea ɛto so abiɛsa no, yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛannan amfi Yehowa kwan so a ɛmfa ho sɛ hena na ɔbɛpɛ sɛ onya yɛn so nkɛntɛnso wɔ ɔkwammɔne so.
Na YƐBƆ MPAE sɛ yɛbɛkɔ so afata ama ɔdɔ a Yehowa ayi adi akyerɛ yɛn no, na daa yɛbɛkyerɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yekura ne Din no ne n’Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase ho asɛmpa no ho dawuru a yɛbɛbɔ no mu ho anisɔ.
[Kratafa 17 mfoni]
Ahenni Asa bebree a yebesisi no gye mmɔden a yɛbɛbom abɔ wɔ sika ne ɔdansi no ankasa fam