Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 15 kr. 40-kr. 41 nky. 6
  • Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Anwonwade A Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Ɔsan Yɛɛ Anwonwade Wɔ Kana
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Ne Dɔn Nnya Nnui”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 15 kr. 40-kr. 41 nky. 6
Yesu wɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana, Yesu aka akyerɛ asomfo no sɛ wɔmfa nsuo nhyɛ nhina ma

TI 15

Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan

YOHANE 2:1-12

  • KANA AYEFOROHYIA NO

  • YESU MAA NSUO DANEE NSA

Bere a Natanael bɛyɛɛ Yesu suani no, ne nnansa so na Yesu ne n’asuafo a wanya wɔn foforo no de wɔn ani kyerɛɛ Galilea mantam mu. Saa mantam no mu na na asuafo no fi. Ná wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforo bi wɔ Kana a ɛda bepɔ so; ɛhɔ na na Natanael fi. Kuro no wɔ Nasaret atifi fam; Nasaret nso na Yesu nyinii.

Yesu maame Maria nso kɔɔ ayeforo no bi. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbɛn abusua no paa, enti na ɔdi ayeforo no mu akoten. Ayeforo no rekɔ so no, wɔn nsa sae, na Maria huu no ntɛm kaa ho asɛm kyerɛɛ Yesu sɛ: “Wɔnni nsã.”​—Yohane 2:3.

Ná Maria pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ nsa no asa, enti Yesu nyɛ ho biribi. Yesu kaa asɛm bi de kyerɛɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ne maame kyerɛ no nea ɔnyɛ. Yesu kaa sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?” ( Yohane 2:4) Yesu yɛ Ɔhene a Onyankopɔn na apaw no, enti ne soro Agya no na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ no nea ɔnyɛ, na ɛnyɛ n’abusuafo anaa ne nnamfo. Maria tiee ne ba no gyaee ɛho asɛm maa no, na ɔka kyerɛɛ asomfo no sɛ: “Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.”​—Yohane 2:5.

Ná nhina nsia a wɔde abo ayɛ sisi hɔ, na ebiara tumi fa nsuo lita 40 anaa galɔn 10. Yesu ka kyerɛɛ asomfo no sɛ: “Momfa nsuo nhyɛ nhina no mama.” Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsa bi nkɔma adidiiɛhwɛfoɔ no.”​—Yohane 2:​7, 8.

Adidiihwɛfo no rekamfo ayeforokunu no sɛ nsa no yɛ nsa papa

Bere a adidiihwɛfo no kaa nsa no hwɛe no, ɔhuu sɛ ɛyɛ nsa papa paa, nanso na ɔnnim sɛ wɔnam anwonwakwan so na ɛyɛe. Enti ɔfrɛɛ ayeforokunu no ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara de nsã pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ nkurɔfoɔ bobo a, afei ɔde deɛ ɛnyɛ no aba. Wo deɛ, wode nsã pa no asie abɛsi sɛsɛɛ.”​—Yohane 2:10.

Wei ne anwonwade a ɛdi kan a Yesu yɛe. Bere a n’asuafo foforo no huu saa anwonwade no, ɛmaa gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no yɛɛ kɛse. Ɛno akyi no, Yesu ne ne nuanom ne wɔn maame kɔɔ Kapernaum. Ná Kapernaum kuro no da Galilea Po no atifi fam.

  • Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase no, ɛdii nna sɛn ansa na ɔrekɔ Kana ayeforo no?

  • Bere a Yesu maame kaa sɛ nsa asa no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ no?

  • Anwonwade bɛn na Yesu yɛe? Sɛn na ɛkaa nkurɔfo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena