Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 3/1 kr. 8-9
  • Yesu Anwonwade A Edi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Anwonwade A Edi Kan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔsan Yɛɛ Anwonwade Wɔ Kana
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Ne Dɔn Nnya Nnui”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 3/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu Anwonwade A Edi Kan

AFEI ara na na Yesu ne n’asuafo a wanya wɔn foforo no afi Yordan Bon no mu. Ɛyɛ bere a Andrea, Petro, Yohane ne ebia Yakobo, Filipo ne Natanael bɛyɛɛ Yesu asuafo a wodi kan no akyi bɛyɛ da koro anaa nnanu.

Afei de wɔnam kwan so rekɔ Galilea mantam a emu na wɔn nyinaa fi no mu. Ná wɔrekɔ Kana, a ɛhɔ na Natanael fi a ɛyɛ kurow a egu mmepɔw a ɛbɛn Nasaret a ɛhɔ na Yesu nyinii no so no. Ná wɔato nsa afrɛ wɔn aba ayeforohyia apontow bi ase wɔ Kana.

Ná Yesu ne na nso aba ayeforohyia no ase bi. Sɛ́ wɔn a wɔreware no abusuafo nnamfo no, ɛte sɛ nea Maria boa ma wɔsom ahɔho pii no. Enti otumi huu nsã a ɛsae no ntɛm ara na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Yesu sɛe “Wonni nsa.”

Enti bere a Maria nam eyi so kamfo kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ nsa a asa no ho biribi no, Yesu twentwɛn ne nan ase mfiase no. Obisaa no sɛ, “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” Sɛ́ Onyankopɔn Hene a wapaw no no, na ɛnyɛ nea abusuafo anaa nnamfo na ɛbɛkyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Enti Maria fi nyansa mu gyaw asɛm no maa ne ba no a nea ɔka kyerɛɛ asomfo no ara ne sɛ: “Biribiara a obese mo no, monyɛ!”

Nanso na abo nsuhina akɛse asia sisi hɔ a emu biara betumi agye galɔn du. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔresom no sɛ: “Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama.” Asomfo no hyehyɛ no mama. Afei Yesu kae sɛ: “Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no!”

Adidiihwɛfo no ani gyee sɛnea nsa no yɛ dɛ fa no ho, nanso na onnim sɛ wɔnam anwonwa kwan so na ɛyɛe. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no, na ɔkae sɛɛ “Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.” Yesu anwonwade a edi kan nen, na bere a n’asuafo afoforo no hui no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den. Akyiri yi wɔkɔɔ Kapernaum, kurow a ɛbɛn Galilea Po no ho no, mu a ne na ne ne nuanom ka ho. Yohane 2:1-12.

◆ Bere bɛn na wohyiaa ayeforo wɔ na no?

◆ Dɛn nti na Yesu ani annye nea ne na kamfo kyerɛe no ho?

◆ Anwonwade bɛn na Yesu yɛe, na ɛkaa afoforo dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena