Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bt ti 3 kr. 20-27
  • ‘Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Mama’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Mama’
  • ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wɔn Nyinaa Ahyiam Faako” (Asomafo Nnwuma 2:1-4)
  • ‘Wɔn Mu Biara Tee Ɔno Ara Ne Kasa’ (Asomafo Nnwuma 2:5-13)
  • ‘Petro Sɔre Gyinaa Hɔ’ (Asomafo Nnwuma 2:14-37)
  • “Momma Wɔmmɔ Mo Mu Biara Asu” (Asomafo Nnwuma 2:38-47)
  • Petro Ka Asɛm no Wɔ Pentekoste
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Kristosom Mu Trɛw Wɔ Afeha A Edi Kan Yudafo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nnipa A “Wofi Amanaman Kasa Nyinaa Mu” Te Asɛmpa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
bt ti 3 kr. 20-27

TI 3

‘Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Mama’

Nsɛm a esisii bere a wɔhwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste da no

Egyina Asomafo Nnwuma 2:1-47 so

1. Sɛ Pentekoste Afahyɛ du so a, nneɛma bɛn na ɛyɛ a ɛkɔ so?

ANIGYE ahyɛ Yerusalem mmɔnten so mã.a Lewifo no reto Hallel Nnwom. (Saa dwom no mu nsɛm wɔ Dwom 113 kosi 118) Ebetumi aba sɛ, sɛnea dwom no te no, ebinom to a na afoforo agye so. Dwom no rekɔ so nyinaa, na wusiw fi afɔremuka a ɛwɔ asɔrefie hɔ no mu rekɔ soro. Nnipa bebree redi akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so. Wɔatwa kwan tenten aba Yerusalem. Ebi fi Elam, Mesopotamia, Kapadokia, Ponto, Egypt, ne Roma.b Dɛn na na ɛrekɔ so? Nkurɔfo ahyiam rebedi Pentekoste afahyɛ no; wɔsan frɛ no ‘aba a edi kan da.’ (Num. 28:26) Ná wɔdi saa afahyɛ yi afe biara bere a wɔatwa atoko awie na wɔrebetwa hwiit no. Ná ɛyɛ anigye da.

Wɔn a wɔtee asɛmpa no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, wei yɛ map a ɛma yehu mmeae a wɔfi baa Yerusalem 1. Amantam: Libia, Egypt, Etiopia, Bitinia, Ponto, Kapadokia, Yudea, Mesopotamia, Babilonia, Elam, Media, ne Parti. 2. Nkurow: Roma, Aleksandria, Memfis, Antiokia (Siria), Yerusalem, ne Babilon. 3. Nsu: Mediterranea Po, Ɛpo Tuntum, Ɛpo Kɔkɔɔ, Kaspia Po, ne Persia Faka.

YERUSALEM—YUDASOM NO TI

Nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mfiase no mu dodow no ara sisii wɔ Yerusalem. Saa kurow yi da bepɔw so wɔ Yudea mmepɔw akɛse no mu. Ɛwɔ Mediterranea Po no apuei fam; sɛ wufi ɛpo no ho rekɔ hɔ a, ɛyɛ bɛyɛ kilomita 55. Nea ɛyɛe a wɔkyekyee Yerusalem kurow no ne sɛ, afe 1070 A.Y.B. no, Ɔhene Dawid ko faa abannennen bi a ɛwɔ Sion Bepɔw so. Akyiri yi, saa kurow no bɛyɛɛ Israel man no ahenkurow.

Moria Bepɔw wɔ Sion Bepɔw no nkyɛn pɛɛ. Sɛnea Yudafo abakɔsɛm kyerɛ no, Moria Bepɔw no so na Abraham yɛe sɛ ɔde Isak rebɔ afɔre no. Wei sii bɛyɛ mfe 1,900 ansa na wɔrekyerɛw nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma no mu no. Bere a Solomon sii Yehowa asɔrefie a edi kan no wɔ Moria Bepɔw so no, bepɔw no bɛkaa Yerusalem kurow no ho. Saa asɔrefie no mu na Yudafo kotiee nsɛm a wɔde bɛbɔ wɔn bra ne nea wɔde bɛsom Onyankopɔn.

Yudafo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ a wɔfi mmeaemmeae no, Yehowa asɔrefie hɔ na na wɔtaa kohyiam bɔ afɔre. Ɛhɔ ara nso na na wɔsom Yehowa na wɔdi afahyɛ ahorow. Nea enti a na wɔkɔ hɔ ne sɛ, Onyankopɔn hyɛɛ mmara sɛ: “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abegyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw.” (Deut. 16:16) Yerusalem hɔ ara nso na na Yudafo asɛnnibea kunini ne ɔman agyinatukuw a wɔfrɛ no Sanhedrin Kɛse no wɔ.

2. Anwanwasɛm bɛn na esii Pentekoste afe 33 Y.B.?

2 Anwanwasɛm bi sii afe 33 Y.B. Ná ɛyɛ March kosi June mu hɔ baabi. Ná abɔ bɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Nea esii no, na nkurɔfo werɛ remfi da. Prɛko pɛ, “dede bi fi soro bae, te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen.” (Aso. 2:2) Ofie a na Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyiam no, dede no gyigyee hɔ nyinaa. Afei biribi sii a na ɛyɛ nwanwa. Wɔhuu sɛ tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya abesisi asuafo no mu biara so.c Ɛbaa saa no, ‘honhom kronkron hyɛɛ wɔn mama’ na wɔfii ase kaa kasa foforo! Bere a asuafo no fii fie hɔ no, ahɔho a wɔhyiaa wɔn wɔ Yerusalem mmɔnten so no ho dwiriw wɔn, efisɛ na asuafo no tumi ne wɔn kasa! Asɛm no ne sɛ, “wɔn mu biara tee sɛ wɔreka ɔno ara ne kasa.”—Aso. 2:1-6.

3. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Pentekoste afe 33 Y.B. yɛ bere titiriw wɔ nokware som abakɔsɛm mu? (b) “Ahenni nsafe” a wɔde maa Petro no, dɛn na ɔde nea edi kan no yɛe?

3 Asɛm a esii Pentekoste da no yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu. Efisɛ saa bere no na wɔde wɔn a wɔasra wɔn no kyekyee honhom fam Israel man no anaa wɔbɛyɛɛ Kristofo asafo. (Gal. 6:16) Nanso asɛm no anso hɔ ara. Ná wɔde “Ahenni nsafe” anaa nsafoa mmiɛnsa bi ama Petro sɛ ɔmfa mmue hokwan soronko bi mma nnipa ahorow ahorow. Bere a Petro kasa kyerɛɛ nnipakuw no saa da no, ɔde nea edi kan no dii dwuma. (Mat. 16:18, 19) Safoa a edi kan yi buee kwan maa Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom no maa wɔgyee asɛmpa no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron bɛsra wɔn.d Ná wei bɛma wɔanya hokwan abɛka honhom fam Israel man no ho, na wɔatumi akɔyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ Mesia Ahenni no mu. (Adi. 5:9, 10) Bere rekɔ so no na Samariafo ne Amanaman mufo nso benya hokwan a ɛte saa. Nea ɛkɔɔ so Pentekoste afe 33 Y.B. no, dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi mu?

“Wɔn Nyinaa Ahyiam Faako” (Asomafo Nnwuma 2:1-4)

4. Adwuma a asafo a wɔtew no afe 33 Y.B. no yɛe no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no retoa so?

4 Bere a wɔrefi Kristofo asafo no ase no, na asuafo bɛyɛ 120 a wɔde honhom kronkron asra wɔn na wɔwom. Ná “wɔn nyinaa ahyiam faako” wɔ abansoro dan bi mu. (Aso. 2:1) Da no ara, wɔbɔɔ nnipa mpempem asu bɛkaa asafo no ho. Nkɔanim a wɔnyae saa bere no annyae, efisɛ asafo no akɔ so atrɛw de abesi nnɛ! Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ a mmarima ne mmea a wɔsuro Onyankopɔn na wɔwom no, wɔnam wɔn so reka ‘Ahenni no ho asɛmpa no wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse’ ansa na wiase yi awiei aba.—Mat. 24:14.

5. Wɔn a na wɔwɔ Kristofo asafo no mu wɔ asomafo no bere so no nyaa nhyira bi, na ɛno ara bi na yɛrenya no nnɛ. Ɛyɛ nhyira bɛn?

5 Afei nso, na Kristofo asafo no bɛboa ama wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” a wɔbɛba akyiri yi no, obiara atumi ahyɛ ne yɔnko nkuran aboa no. (Yoh. 10:16) Bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no, ɔkyerɛe sɛ n’ani sɔ mmoa a asafo no mufo nya fi wɔn nuanom hɔ no. Ɔkaa sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim wɔ gyidi no mu; anaa me ne mo nyinaa, obiara de ne gyidi bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.”—Rom. 1:11, 12.

ROMA—AHEMMAN BI AHENKUROW

Bere a nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mu sisii no, na Roma yɛ kurow a ɛso paa, na na ɛwɔ din sen nkurow a ɛwɔ wiase nyinaa. Ná ɛyɛ ahemman bi ahenkurow. Ná ahemman no hye fi Britain kɔka Afrika Atifi fam, na na efi Atlantic Po no ano kɔpem Persia Po no ano.

Ná Roma yɛ kurow bi a nnipa a wɔgu ahorow na ɛtete hɔ; obiara ne baabi a ofi, kasa a ɔka, ne n’amammerɛ. Afei na ɔsom biara bi wɔ hɔ. Ná wɔayiyi akwan pa pii atoto kurow no mu kamakama, sɛnea ɛbɛyɛ a aguadi ne akwantu bɛyɛ mmerɛw. Ná hyɛn gyinabea bi a wɔfrɛ no Ostia bɛn Roma; ɛhɔ na na ahyɛn pii de nnuan ne nneɛma a ne bo yɛ den a ɛrekɔ Roma no kogu.

Asomafo no bere so no, nnipa bɛboro ɔpepem baako na na wɔte Roma. Ɛkame ayɛ sɛ na wɔn mu fã yɛ nkoa. Ná nkoa yi bi yɛ nsɛmmɔnedifo a wɔadi wɔn asɛm abu wɔn fɔ, mmofra a wɔatɔn wɔn anaa wɔn awofo apo wɔn, na na ebi nso yɛ nnipa a Roma asraafo no afa wɔn sɛ nkoa. Nkoa a wɔde wɔn baa Roma no, na ebi yɛ Yudafo a wɔde wɔn fi Yerusalem baa hɔ bere a Roma Sahene Pompey ko faa kurow no afe 63 A.Y.B. no.

Nnipa a aka a wɔnyɛ nkoa no mpo, na wɔn mu dodow no ara di hia buruburoo. Ná wɔtete abansoro adan mu, na na nnipa abɔ apee so wɔ hɔ; sɛ aban ammoa wɔn a na wɔrebua ada. Nanso na aban asisi adan akɛseakɛse a ɛso bi mmae da wɔ ahenkurow no mu. Ná adan yi bi yɛ agohwɛbea ne agoprama; ɛhɔ na na wɔyɛ nneɛma ma nkurɔfo bɛhwɛ. Nnipa ne mmoa sii akan wɔ hɔ, na wɔyɛɛ teaseɛnam akansi nso maa nkurɔfo baa hɔ bɛhwɛɛ no kwa.

6, 7. Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no wɔ aman nyinaa mu no, dɛn na Kristofo asafo no reyɛ de adi so nnɛ?

6 Adwuma a Kristofo asafo no yɛe wɔ asomafo no bere so no, ɛno ara na ɛrekɔ nnɛ. Nea Yesu de hyɛɛ n’asuafo no nsa sɛ wɔnyɛ no, na ɛnyɛ mmerɛw nanso na ɛyɛ anigye. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mat. 28:19, 20.

7 Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo asafo no na Onyankopɔn nam so reyɛ saa adwuma yi. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ nnipa a yɛnte wɔn kasa, nanso Yehowa Adansefo ayɛ nhoma ahorow a yɛde sua Bible ne nneɛma foforo wɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Sɛ wowɔ Kristofo asafo no mu na wokɔ asɛnka yɛ asuafoyɛ adwuma no bi a, ɛnde ɛsɛ sɛ woma w’ani gye. Nnipa kakraa bi a wɔwɔ asaase so a wɔredi Yehowa din no ho adanse nnɛ no, woka ho, na ɛyɛ hokwan kɛse paa!

8. Sɛn na Kristofo asafo no boa yɛn?

8 Seesei yɛte mmere a emu yɛ den mu. Nanso Yehowa Nyankopɔn ama yɛn anuanom wɔ wiase nyinaa a wɔbetumi aboa yɛn ama yɛde anigye asom no. Paul kyerɛw Hebrifo Kristofo no sɛ: “Momma obiara nnwen ne yɔnko ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa. Na mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam, sɛnea ebinom nhyiam no. Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw, bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:24, 25) Kristofo asafo no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Sɛ yɛwɔ asafo no mu a, yetumi hyɛ afoforo den na wɔn nso hyɛ yɛn den. Enti wo ne wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea mmɔ daa. Ntoto Kristofo nhyiam mu da!

‘Wɔn Mu Biara Tee Ɔno Ara Ne Kasa’ (Asomafo Nnwuma 2:5-13)

Yesu asuafo no reka asɛmpa no akyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom no; nkurɔfo redi akɔneaba paa.

“Yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn nnwuma akɛse no ho asɛm wɔ yɛn kasa mu.”​—Asomafo Nnwuma 2:11

9, 10. Dɛn na ebinom ayɛ na ama wɔatumi ne nnipa a wɔka kasa foforo abɔ nkɔmmɔ?

9 Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Pentekoste afe 33 Y.B. no, wɔn ani gyei. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a wɔahyia no mu dodow no ara te Greek anaa Hebri kasa. Nanso ‘wɔn mu biara tee sɛ [asuafo no] reka ɔno ara ne kasa.’ (Aso. 2:6) Yebetumi aka sɛ bere a wɔtee asɛmpa no wɔ wɔn ankasa kasa mu no, ɛkaa wɔn koma. Yenim sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ntumi nka kasa foforo anwanwakwan so. Nanso wɔn mu bebree atu wɔn ho asi hɔ reka Ahenni asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔfi mmaa nyinaa. Ɔkwan bɛn so? Ebinom sua kasa foforo sɛnea wɔbetumi akɔboa asafo bi a ɛbɛn wɔn, na ebinom mpo tu kɔ aman foforo so. Sɛ nkurɔfo te sɛ anuanom yi rebɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ wɔn kasa mu a, wɔn ani gye.

10 Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Christine ne Adansefo foforo baason suaa Gujarati kasa no. Bere bi okyiaa ababaa bi a ɔne no wɔ adwumam wɔ Gujarati kasa mu. Ababaa no ani gyei, na obisaa Christine nea enti a ɔrehaw ne ho asua Gujarati kasa denneennen no. Christine de saa akwannya no dii no adanse. Ababaa no ka kyerɛɛ Christine sɛ: “Mitumi hu sɛ asɛm a mode nam no hia paa.”

11. Yɛbɛyɛ dɛn aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔnte yɛn kasa?

11 Ɛyɛ nokware, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebetumi asua kasa foforo. Nanso yebetumi aka Ahenni ho asɛm no bi akyerɛ nnipa a wɔka kasa foforo. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a wubetumi afa so ne sɛ wode JW Language® app no besua sɛnea wɔkyia kɛkɛ wɔ kasa bi a nkurɔfo taa ka wɔ baabi a mote no. Wubetumi nso asua nsɛm kakra a wobɛka ama wɔn a wɔka saa kasa no ani agye asɛmpa no ho. Wopɛ nso a, fa wɔn kɔ jw.org, na fa video ne nhoma ahorow a ɛwɔ wɔn kasa mu kyerɛ wɔn. Sɛ yɛfa saa akwan yi so di adanse a, ɛbɛma yɛn ani agye te sɛ yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no. Bere a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo no wɔ ‘wɔn ara wɔn kasa mu’ no, sɛnea nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade no maa wɔn ani gyei paa.

YUDAFO A WƆWƆ MESOPOTAMIA NE EGYPT

Nhoma bi a wɔato din The History of the Jewish People in the Age of Jesus Christ (175 A.Y.B.–135 Y.B.) ka sɛ: “[Israel] mmusuakuw du no ne Yudafo asefo tenaa Mesopotamia, Media ne Babilonia. Asiriafo ne Babilonfo na ɛsoaa wɔn beguu hɔ.” Esra 2:64 ma yehu sɛ Israelfo 42,360 pɛ na wɔfi Babilon nkoasom mu san kɔɔ Yerusalem. Wei sii afe 537 A.Y.B. Flavius Josephus kae sɛ asomafo no bere so no, na Yudafo a “wɔte Babilon mpɔtam” no yɛ mpempem pii. Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 200 kosi 400 no, Yudafo a wɔwɔ hɔ no kyerɛw nhoma a wɔfrɛ no Babilon Talmud no.

Kyerɛwtohɔ wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, bɛboro mfe 500 ansa na Kristo reba no, na Yudafo bi tete Egypt. Saa bere no, Yudafo a na wɔtete Egypt nkurow bi te sɛ Memfis no, Yehowa maa Yeremia de nkra bi kɔmaa wɔn. (Yer. 44:1, ase hɔ asɛm.) Ebetumi aba sɛ Yudafo pii tu kɔɔ Egypt afe 323-330 A.Y.B. Josephus kyerɛ mu sɛ, nnipa a wɔdii kan kɔtenaa Aleksandria no, na Yudafo no ka ho. Akyiri yi, wɔde kurow no fã bi mpo maa wɔn sɛ wɔntena hɔ. Asomafo no bere so no, Yudani nhomakyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Philo kaa sɛ, ne man mufo ɔpepem baako te Egypt, “efi Libia hye so kosi Etiopia hye so.”

‘Petro Sɔre Gyinaa Hɔ’ (Asomafo Nnwuma 2:14-37)

12. (a) Dɛn na odiyifo Yoel kae a ɛfa anwanwade a esii Pentekoste afe 33 Y.B. no ho? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na asuafo no rehwɛ kwan sɛ Yoel nkɔmhyɛ no bɛba mu wɔ wɔn bere so?

12 ‘Petro sɔre gyinaa hɔ’ kasa kyerɛɛ nnipa a wɔfi mmeaemmeae abehyiam no. (Aso. 2:14) Ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn a wɔretie no nyinaa sɛ, Onyankopɔn na wama wɔn tumi a wɔde ka kasa foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a Yoel nkɔmhyɛ no bɛbam. Asɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ: “Mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so.” (Yoel 2:28) Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mɛsrɛ Agya no, na ɔbɛma mo ɔboafo foforo.” Yesu kyerɛɛ mu sɛ saa ɔboafo no ne ‘honhom no.’—Yoh. 14:16, 17.

13, 14. Sɛn na Petro kaa n’asɛm no ma ɛkaa wɔn a wɔretie no no koma, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

13 Bere a Petro rewie n’asɛm no, osii no pi kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Ma Israel fi nyinaa nhu paa sɛ, Yesu yi a mobɔɔ no asɛndua mu no, Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Kristo.” (Aso. 2:36) Ɛyɛ nokware sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu kum no no, na wɔn a Petro rekasa kyerɛ wɔn no mu dodow no ara nni hɔ. Nanso na ɔman mũ no nyinaa di fɔ wɔ nea esii no ho. Yɛnhyɛ no nsow sɛ Petro fi obu mu kaa asɛm a ɛbɛka ne nuanom Yudafo no koma. Ná Petro botae ne sɛ ɔbɛma wɔanu wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ obebu wɔn fɔ. Asɛm a Petro kae no hyɛɛ wɔn a wɔretie no abufuw anaa? Daabida. Mmom “ɛwowɔɔ wɔn komam,” na wɔbisae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Ebetumi aba sɛ obu a Petro de kasae no ka ho bi na asɛm no kaa nnipa pii koma ma wɔsakrae.—Aso. 2:37.

14 Sɛnea Petro kasa ma ɛkaa nkurɔfo koma no, yebetumi asua biribi afi mu. Sɛ yɛredi nkurɔfo adanse na sɛ wɔka asɛm a enni Bible mu mpo a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛpɛ biribi a yɛne wɔn adwene hyia wɔ ho na yɛbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛne obi rekasa na yɛhyɛ ase fi nsɛm a yɛne no yɛ adwene so a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi afa kwan bi so ne no asusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Sɛ yɛfa saa kwan yi so kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no a, yebetumi anya wɔn a wɔwɔ koma pa ma wɔatie asɛm no.

KRISTOFO A WƆWƆ PONTO

Bere a Petro maa ɔkasa Pentekoste da, afe 33 Y.B. no, na wɔn a wɔwɔ hɔ no bi yɛ Yudafo a wɔfi Ponto mantam a ɛwɔ Asia Kumaa atifi fam no. (Aso. 2:9) Yetumi hu sɛ ebinom de asɛmpa no kɔɔ wɔn kurom, efisɛ Petro kyerɛw sɛ gyidifo a na ɔde ne krataa rekɔma wɔn no bi ‘abɔ ahwete’ mmeae bi te sɛ Ponto.g (1 Pet. 1:1) Ɔkaa wɔ ne krataa no mu sɛ ɔsom a saa Kristofo wom no nti, na ‘sɔhwɛ ahorow betumi ama wɔn werɛ ahow.’ (1 Pet. 1:6) Ebetumi aba sɛ na nkurɔfo sɔre tia wɔn, na na wɔtan wɔn ani.

Amrado a na ɔhwɛ Roma mantam Bitinia ne Ponto so a wɔfrɛ no Pliny Kumaa no kyerɛw krataa bi kɔmaa Ɔhempɔn Trajan. Krataa no mu nsɛm ma yehu sɛ wɔtan Kristofo a na wɔwɔ Ponto no paa. Bere a Pliny rekyerɛw krataa no wɔ Ponto bɛyɛ afe 112 Y.B. no, ɔkaa sɛ Kristosom abɛyɛ sɛ “nsanyare” bi a ɛde nnipa nyinaa, mpanyin, mmofra, mmea, mmarima, atitiriw ne mpapahwekwa nkwa ato asiane mu. Sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ ɔyɛ Kristoni a, na Pliny de akwannya no ma no sɛ ɔnka sɛ ɔnyɛ Kristoni. Sɛ onii no anyɛ saa a, na okum no. Obi biara a ɔdomee Kristo anaa ɔbɔɔ anyame anaa Trajan nkaedum mpae no, onyaa ne ti didii mu. Nanso Pliny ankasa gye toom sɛ, “sɛ obi yɛ Kristoni papa a, obiara rentumi nhyɛ no mma ɔnyɛ saa da.”

g Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ Twi mu sɛ “moabɔ ahwete” no, na wɔde ka Yudafo ho asɛm. Wei ma ɛda adi sɛ na Yudafo no mu bebree ka wɔn a wɔdii kan bɛyɛɛ Kristofo no ho.

“Momma Wɔmmɔ Mo Mu Biara Asu” (Asomafo Nnwuma 2:38-47)

15. (a) Asɛm bɛn na Petro kae, na dɛn na atiefo no yɛe wɔ ho? (b) Dɛn na na ɛma nnipa mpempem a wɔtee asɛmpa no Pentekoste da no fata sɛ wɔbɔ wɔn asu saa da no ara?

15 Saa Pentekoste da no, Petro ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom a na wɔayɛ aso retie no no sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu.” (Aso. 2:38) Wei ma wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu; ebetumi aba sɛ wɔbɔɔ wɔn asu wɔ atare a ɛwɔ Yerusalem anaa mpɔtam hɔ mu.e Ɛbaa wɔn mu ara na wɔbɔɔ asu anaa? Bible mu asɛm yi kyerɛ sɛ obi resua Bible anaasɛ ɔyɛ abofra a n’awofo yɛ Kristofo a, ɛsɛ sɛ otutu mmirika kɔbɔ asu anaa? Ɛnte saa koraa. Kae sɛ na Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom a wɔbɔɔ wɔn asu Pentekoste afe 33 Y.B. no asua Onyankopɔn Asɛm. Afei, ɔman a na wɔwom no, na wɔahyira wɔn nyinaa so ama Yehowa dedaw. Ɛno da nkyɛn a, na wɔn mu bi atwa kwantenten aba saa afe afe afahyɛ yi ase, enti na wei kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Bere a wɔtee nokwasɛm a ɛfa Yesu Kristo ho ne sɛnea Onyankopɔn de no di dwuma no, wɔgye toom na wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛtoa so asom Onyankopɔn. Nanso efi saa bere no rekɔ de, na wɔabɛyɛ Kristo akyidifo a wɔabɔ asu.

HENANOM NE WƆN A WƆSAKRA BƐYƐƐ YUDAFO NO?

“Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo” nyinaa tee asɛm a Petro kae no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B.—Aso. 2:10.

Mmarima a wɔfata a wɔyii wɔn de “adwuma a ɛho hia” hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyekyɛ aduan daa no, na Nikolao, “a ofi Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani no” ka ho. (Aso. 6:3-5) Wɔn a wɔsakra bɛyɛɛ Yudafo no yɛ nnipa a wɔnyɛ Yudafo a wɔbegyee Yudasom toom. Ná wɔbu wɔn sɛ Yudafo wɔ biribiara mu, efisɛ wɔgyee Israelfo Nyankopɔn no toom na wɔdii wɔn Mmara so. Afei nso wɔpoo anyame foforo nyinaa, wɔde wɔn ho bɔɔ Israel man no, na mmarima a ɛwɔ wɔn mu no twaa twetia.

Bere a Israelfo fii Babilon san baa wɔn man mu wɔ afe 537 A.Y.B. no, wɔn mu bebree antena ammɛn Israel, nanso wɔannyae Yudasom. Ɛno nti, nnipa a na wɔtete aman a ɛbɛn Israel ne aman a ɛwɔ akyiri nyinaa behuu Yudasom. Nhoma akyerɛwfo bi te sɛ Horace ne Seneca a wɔtenaa ase tete mmere mu no di ho adanse sɛ, aman horow so nnipa bebree ani begyee Yudafo no ne wɔn som ho, enti wɔtu bɛtenaa wɔn mu na wɔbegyee Yudasom toom.

16. Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, dɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ ahofama?

16 Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa hyiraa wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo no nyinaa hyiaa mu, na wɔde wɔn nneɛma nyinaa boom, na wɔtontɔn wɔn ahode ne wɔn agyapade, na nea wonya fii mu no, wɔkyekyɛ maa obiara nyaa nea ohia.”f (Aso. 2:44, 45) Nokware Kristofo nyinaa betumi asuasua wɔn dɔ ne wɔn ahofama no.

17. Nneɛma bɛn na ehia sɛ obi yɛ na ama wafata sɛ wɔbɔ no asu?

17 Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ ansa na obi betumi ahyira ne ho so abɔ asu abɛyɛ Kristoni no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛsɛ sɛ onya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Bio nso, ehia sɛ onya gyidi, ɔsakra fi ne kan abrabɔ ho, na ɔkyerɛ sɛ wanu ne ho ankasa. (Aso. 3:19) Afei ɛsɛ sɛ ɔsesa n’akwan na ofi ase yɛ nnwuma a Onyankopɔn pene so. (Rom. 12:2; Efe. 4:23, 24) Sɛ owie weinom nyinaa a, ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, na ɔma wɔbɔ no asu.—Mat. 16:24; 1 Pet. 3:21.

18. Hokwan bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristo asuafo a wɔabɔ asu?

18 Woyɛ Yesu Kristo suani a woahyira wo ho so abɔ asu anaa? Ɛnde, ma w’ani nnye sɛ woanya hokwan a ɛte saa. Yehowa betumi de wo ayɛ adwuma kɛse ama woadi adanse frenkyemm te sɛ asuafo a na wɔwɔ asomafo no bere so no a honhom kronkron hyɛɛ wɔn mã no!

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 23 a wɔato din “Yerusalem—Yudasom No Ti” no.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 24 a wɔato din “Roma—Ahemman Bi Ahenkurow,” ne nea ɛwɔ kratafa 25 a wɔato din “Yudafo a Wɔwɔ Mesopotamia Ne Egypt,” ne nea ɛwɔ kratafa 26 a wɔato din “Kristofo a Wɔwɔ Ponto” no.

c Ná “tɛkrɛma” no nyɛ ogya ankasa, na mmom na “ɛte sɛ ogya.” Enti sɛ obi de n’ani hwɛ a, na ohu no sɛ ogya wɔ osuani biara so.

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 27 a wɔato din “Henanom Ne Wɔn a Wɔsakra Bɛyɛɛ Yudafo No?”

e Biribi a ɛte saa sii bere a Yehowa Adansefo hyiae August 7, 1993 wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase wɔ Kiev, Ukraine no. Wɔbɔɔ nnipa 7,402 asu wɔ atare nsia mu. Edii nnɔnhwerew mmienu ne simma dunum ansa na wɔrebɔ wɔn asu awie.

f Wɔanyɛ nhyehyɛe yi sɛ ɛntena hɔ afebɔɔ. Mmom wɔyɛe sɛ wɔde bɛboa ahɔho a wɔabɛyɛ Kristofo a wɔda so wɔ Yerusalem resua wɔn gyidi ho nsɛm pii no. Wei nkyerɛ sɛ, wɔhyɛɛ wɔn nyinaa sɛ obiara mfa nea ɔwɔ mmra na wɔnka mmom nkyɛ. Mmom wɔn ankasa na wɔyii wɔn yam de nea wɔwɔ bɛboae.—Aso. 5:1-4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena