Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Onyankopɔn Ade Kɛse” Na Ɛkanyan wɔn
    Ɔwɛn-Aban—2002 | August 1
    • Ɛkanyan Wɔn Ma Wɔyɛɛ Ade!

      4. Yoel nkɔmhyɛ bɛn na enyaa mmamu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu?

      4 Bere a asuafo a wɔwɔ Yerusalem nyaa honhom kronkron no, wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka nkwagye asɛmpa no akyerɛ afoforo, na wɔde nnipadɔm a na wɔahyiam saa fefɛw bere anɔpa yi na efii ase. Wɔn asɛnka no maa nkɔmhyɛ titiriw bi a Yoel, Petuel ba no, yɛɛ ho kyerɛwtohɔ mfeha awotwe a na atwam no nyaa mmamu: “Mehwie me honhom magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mpanyin asosõ adae, na mo mmerante ahuhu anisoade, na nkoa ne mfenaa nso so na nna no mu mehwie me honhom magu. . . . Ansa na [Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no aba.”—Yoel 1:1; 2:28, 29, 31; Asomafo no Nnwuma 2:17, 18, 20.

      5. Ntease bɛn mu na afeha a edi kan no mu Kristofo no hyɛɛ nkɔm? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

      5 So na eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn rebɛma awo ntoatoaso a wɔn nyinaa yɛ adiyifo, mmea ne mmarima a wɔn nyinaa te sɛ Dawid, Yoel, ne Debora asɔre, na ɔde wɔn adi dwuma ma wɔahyɛ nsɛm a ebesisi daakye ho nkɔm? Dabi. Kristofo, ‘mmabanin ne mmabea, nkoa ne mfenaa’ bɛhyɛ nkɔm wɔ ntease a ɛne sɛ Yehowa honhom bɛka wɔn ma wɔaka “ade kɛse” a Yehowa ayɛ na ɔbɛkɔ so ara ayɛ no akyerɛ mu. Enti wɔbɛsom sɛ Ɔsorosoroni no kasamafo.a Nanso nnipadɔm no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?—Hebrifo 1:1, 2.

  • “Onyankopɔn Ade Kɛse” Na Ɛkanyan wɔn
    Ɔwɛn-Aban—2002 | August 1
    • a Bere a Yehowa paw Mose ne Aaron sɛ wonnyina ne nkurɔfo ananmu nkasa nkyerɛ Farao no, Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo.’ (Exodus 7:1) Aaron somee sɛ odiyifo, ɛnyɛ sɛ na ɔbɛhyɛ nneɛma a ɛbɛba daakye ho nkɔm, na mmom sɛ ɔbɛyɛ Mose kasamafo.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena