-
Yesu Te Sɛn?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
6. Yesu yam ye
Ná Yesu nni ahode pii, nanso na ne yam ye. Otuu yɛn fo sɛ yɛnyɛ nkurɔfo adɔe. Kenkan Asomafo Nnwuma 20:35. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Yesu se sɛ yɛn ani begye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.
Sɛ yɛn nsam nni bi mpo a, nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de ayɛ nkurɔfo papa?
-
-
Dɛn Na Bible Ka Fa Adwuma Ne Sika Ho?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
3. Nneɛma pa bɛn na yebetumi de yɛn sika ayɛ?
Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔkyɛ ade paa. Enti sɛ ‘yebue yɛn nsam kyɛ ade’ a, na yɛresuasua no. (1 Timoteo 6:18) Nneɛma pa a yebetumi de yɛn sika ayɛ no bi ne sɛ, yebeyi ntoboa de aboa asafo no. Afei, yebetumi de yɛn sika aboa wɔn a wonni bi, ɛnkanka yɛn nuanom Kristofo. Yehowa de, ɛnyɛ sika dodow a yebeyi no na ehia no, na mmom, nea ehia no ara ne sɛ yebefi yɛn koma mu ayɛ saa. Sɛ yeyi yɛn yam kyɛ ade a, yɛn ani begye, na ɛbɛma Yehowa nso ani agye.—Kenkan Asomafo Nnwuma 20:35.
-