Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Onipa Biara Nkasae Sɛ Onipa Yi Da”
    Ɔwɛn-Aban—2002 | September 1
    • 6. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu kaa nsɛm a na asete nyɛ den nanso na ntease wom.

      6 Ná Yesu taa de nsɛm ntiantiaa a emu da hɔ di dwuma, na ɔkaa nsɛm a asete nyɛ den na ntease wom paa. Enti wɔ bere a na wonnya ntintim nhoma no, ɔnam saayɛ so de ne nsɛm no duaa n’atiefo no koma ne wɔn adwene mu dennennen. Hyɛ nhwɛso ahorow bi nsow: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu. . . . Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].” “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn.” “Wɔn aba na mode behu wɔn.” “Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no.” “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”c (Mateo 6:24; 7:1, 20; 9:12; 26:52; Marko 12:17; Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛde besi nnɛ, bɛyɛ mfe 2,000 a Yesu kaa eyinom akyi no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛkae nsɛm yi.

  • “Onipa Biara Nkasae Sɛ Onipa Yi Da”
    Ɔwɛn-Aban—2002 | September 1
    • c Ɔsomafo Paulo nkutoo na ɔfaa asɛm a etwa to a woyi fii asɛm bi mu no kae wɔ Asomafo no Nnwuma 20:35, ɛmfa ho sɛ yehu adwene a ɛwɔ saa nsɛm no mu no wɔ Nsɛmpa no mu no. Ebetumi aba sɛ wɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ Paulo (sɛ ebia efi osuani bi a ɔte fii Yesu anom, anaasɛ ɔte fii Yesu a na wɔanyan no no nkyɛn) anaa denam ɔsoro anisoadehu so.—Asomafo no Nnwuma 22:6-15; 1 Korintofo 15:6, 8.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena