Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/15 kr. 8-9
  • Petro Ka Asɛm no Wɔ Pentekoste

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Petro Ka Asɛm no Wɔ Pentekoste
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obiara Te N’ankasa Kasa
  • Asuade Ahorow a Ɛwom Ma Yɛn
  • ‘Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Mama’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Wɔde Nniso A Ɛsen Biara No “Nsafe” Di Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/15 kr. 8-9

Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde

Petro Ka Asɛm no Wɔ Pentekoste

NÁ ƐYƐ afe 33 Y.B. mu fefɛwbere anɔpa bi a awɔw nnim pii. Na tebea no yɛ anigye! Nnipadɔm a wɔyɛ Yudafo ne wɔn a wɔabɛka wɔn ho no yɛɛ Yerusalem mmɔnten mã. Ná wofi mmeae bi te sɛ Elam, Mesopotamia, Kapadokia, Misraim, ne Roma na aba hɔ. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ wɔhyehyɛ wɔn kurow mu ntade, na wobɛte sɛ wɔreka wɔn kasa a egu ahorow no! Ná ebinom atwa bɛyɛ kilomita mpem abien aba saa adeyɛ titiriw yi ase. Ná ɛyɛ dɛn ade? Pentekoste—Yudafo afahyɛ a ɛyɛ anigye bi a na wɔde hyɛ atoko twabere no awiei ho fa.—Leviticus 23:15-21.

Wusiw fii afɔrebɔde a na ɛwɔ asɔrefie afɔremuka so no mu kɔɔ soro, na Lewifo no too Hallel no (Nnwom 113 kosi 118). Bere a ɛrekɔbɔ anɔpa 9:00 no, biribi nwonwaso sii. “Ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den” fi soro bae. Ɛyɛɛ ofie a na Yesu Kristo asuafo bɛyɛ 120 ahyiam no nyinaa ma. Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Tɛkrɛma a wɔapaapae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.”—Asomafo no Nnwuma 2:1-4.

Obiara Te N’ankasa Kasa

Ankyɛ na asuafo bebree puepue fii fie hɔ. Anwonwasɛm ne sɛ, na wotumi ka nnipakuw no kasa ahorow no! Susuw sɛnea na ɛbɛyɛ ahodwiriw sɛ ɔhɔho a ofi Persia ne obi a ɔyɛ Misrini bɛte sɛ Galileafo reka saafo no kasa no ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipakuw no ho dwiriw wɔn. Wobisae sɛ: “Eyi ase ne dɛn?” Ebinom fii ase dii asuafo no ho fɛw kae sɛ: “Nsa dɔkɔdɔkɔ abow wɔn.”—Asomafo no Nnwuma 2:12, 13.

Ɛno akyi no, ɔsomafo Petro sɔre gyina kasa kyerɛɛ nnipakuw no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa ɔkasa ho dom akyɛde a ɛyɛ nwonwa yi yɛ bɔ a Onyankopɔn nam odiyifo Yoel so hyɛe yi mmamu: “Mehwie me Honhom no bi magu honam nyinaa so.” (Asomafo no Nnwuma 2:14-21; Yoel 2:28-32) Yiw, afei ara na na Onyankopɔn ahwie ne honhom kronkron agu Yesu asuafo no so. Ná eyi di adanse pefee sɛ wɔanyan Yesu afi owu mu ma afei de ɔwɔ Onyankopɔn nifa so wɔ soro. Petro kae sɛ: “Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.”—Asomafo no Nnwuma 2:22-36.

Dɛn na atiefo no yɛe wɔ ho? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?” Petro buae sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu.” Nnipa bɛyɛ 3,000 yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ! Ɛno akyi no, “na wokura asomafo no kyerɛ . . . mu ara.”—Asomafo no Nnwuma 2:37-42.

Petro nam di a odii anim wɔ bere titiriw yi mu so de “ɔsoro ahenni ano nsafe” a Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no no mu nea edi kan dii dwuma. (Mateo 16:19) Saa nsafe yi buee hokwan soronko maa nnipakuw ahorow. Safe a edi kan yi maa Yudafo tumi bɛyɛɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn. Akyiri yi, safe a ɛto so abien ne nea ɛto so abiɛsa no buee hokwan koro yi ara maa Samariafo ne afei Amanaman mufo.—Asomafo no Nnwuma 8:14-17; 10:44-48.

Asuade Ahorow a Ɛwom Ma Yɛn

Ɛwom sɛ na Onyankopɔn Ba no wu ho asodi da saa nnipakuw a wɔyɛ Yudafo ne wɔn a wɔabɛka wɔn ho yi so de, nanso Petro kasa kyerɛɛ wɔn obu kwan so, na ɔfrɛɛ wɔn “anuanom.” (Asomafo no Nnwuma 2:29) Ná ne botae ne sɛ ɔbɛma wɔanya ahonu, na ɛnyɛ sɛ obebu wɔn fɔ. Enti, na ɔkwan a ɔfaa so no fata. Ɔkaa nokware no, na ɔde Kyerɛwnsɛm mu nsɛm foaa ne nsɛm no so.

Ɛyɛ papa sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nnɛ no di Petro nhwɛso no akyi. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden nya biribi a wɔne wɔn atiefo adwene hyia wɔ ho na afei wɔde anifere ne wɔn susuw nsɛm ho fi Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ wɔfa ɔkwampa so ka Bible mu nokware no a, ɛbɛka komapafo no.—Asomafo no Nnwuma 13:48.

Nnamyɛ ne akokoduru a Petro daa no adi wɔ Pentekoste no bɔ pa a ɔpaa Yesu akyi adapɛn ason a na atwam mu no abira koraa. Saa bere no, na onipa ho suro akita Petro. (Mateo 26:69-75) Nanso na Yesu asrɛ ama Petro. (Luka 22:31, 32) Akyinnye biara nni ho sɛ, yi a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro wɔ ne wusɔre akyi no, hyɛɛ ɔsomafo no den. (1 Korintofo 15:5) Ɛno nti Petro gyidi ano ammrɛ ase. Bere tiaa bi akyi no, na ɔde akokoduru reka asɛm no. Enti, ɛnyɛ Pentekoste nko na ɔkaa asɛm no, na mmom ne nkwa nna nyinaa.

Na sɛ yɛadi mfomso wɔ ɔkwan bi so sɛnea Petro yɛe no nso ɛ? Momma yɛnna ahonu adi, mmɔ mpae nsrɛ bɔne fafiri, na yɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛanya honhom fam mmoa. (Yakobo 5:14-16) Ɛno bɛma yɛatumi akɔ yɛn anim, a yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛn som kronn no sɔ yɛn soro Agya mmɔborohunufo, Yehowa, ani.—Exodus 34:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena