-
‘Bere a Wɔbɛsan Asiesie Nneɛma’ No Abɛn!Ɔwɛn-Aban—2000 | September 1
-
-
NÁ WƆRENTUMI mfa nna, adapɛn, anaa asram kakraa bi nwie saa adwuma no. Nanso, asuafo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa na wofii ase kaa asɛm no. Ne nyinaa mu no, wɔn ani ampa bere a wɔbɛsan asiesie nneɛma ho asɛm no so. Ɔsomafo Petro kaa ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm bi a na wɔabehyiam wɔ Yerusalem sɛ: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa, NW] anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw no, Yesu Kristo a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu.”—Asomafo no Nnwuma 3:19-21; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Ná saa ‘bere a wɔbɛsan asiesie nneɛma’ yi no de “ahodwo nna” a efi Yehowa nkyɛn na ɛbɛba. Ná nsiesie a wɔbɛsan ayɛ a wɔaka ho asɛm asie mmamu no benya afã abien. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ wɔsan siesie honhom fam nneɛma wɔ ɔkwan a abotɔyam wom so a ɛrekɔ so nnɛ no. Nea ɛto so abien no, na asase so paradise a wɔde besi hɔ ankasa bedi akyi aba.
-
-
‘Bere a Wɔbɛsan Asiesie Nneɛma’ No Abɛn!Ɔwɛn-Aban—2000 | September 1
-
-
Wɔyɛɛ ɔsatu kɛse bi na ama wɔakyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa so ma wɔadi nneɛma a Kristo hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonni so no nyinaa so. (Mateo 28:20) Hwɛ anigye araa a ɛyɛe sɛ wohui sɛ ebinom a na kan no wɔda suban a ɛte sɛ mmoa de adi no sesaa wɔn suban! Woyii nipasu dedaw a ɛde nneɛma bi te sɛ “abufuw,” “abususɛm” ne “aniwusɛm” ba no gui, na wɔhyɛɛ onipa foforo a “wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu [Onyankopɔn a] ɔbɔɔ no no suban so no.” Wɔ honhom fam no, odiyifo Yesaia nsɛm no rebam nnɛ: “Habɔdɔm [onipa a kan no na ɔyɛ keka] ne oguanten ba [onipa a odwo] bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako.”—Kolosefo 3:8-10; Yesaia 11:6, 9.
-