Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 4/1 kr. 20-25
  • Monhwɛ yiye wɔ mo tamfo Bonsam ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhwɛ yiye wɔ mo tamfo Bonsam ho!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Satan Adwene Ne N’atirimpɔw Ahobow
  • Wɔ A Ɔwɔ Hɔ Ho Nnaadaa
  • Satan Atoro Som Afiri No
  • Satan De Ahantan Di Dwuma
  • Honam Fam Nneɛma Ho Adifudepɛ Afiri
  • Satan De Onipa Mmerɛwyɛ Ahorow Di Dwuma
  • Gyina Pintinn!
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Munnyina Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Ahorow Ano Pintinn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 4/1 kr. 20-25

Monhwɛ yiye wɔ mo tamfo Bonsam ho!

“Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.​—1 PETRO 5:8.

1. Ɔtamfo bɛn na Yehowa Adansefo wɔ, na so wobetumi ama wadi nkogu?

SO WOYƐ ɔdansefo a wahyira ne ho so koraa ama Yehowa Nyankopɔn? Sɛ saa a, ɛnde wowɔ ɔtamfo, onipa bɔne bi a ɔreyɛ wo ho apam. Nanso wɔ nea obetumi ayɛ nyinaa akyi no, wubetumi ama saa ɔtamfo onitefo no adi nkogu. Wubetumi adi ɔsorosoroni Nyankopɔn, Yehowa, no nokware. Enti akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi anya kyɛfa wɔ wo soro Agya no din a ɛso bi nni no ho a wɔtew no mu. Ampa, wubetumi ama Yehowa koma atɔ ne yam na wubetumi ama wanya asɛm abua ɔhohorabɔfo Kɛse no. Yiw, na wubetumi anya akatua a ɛne daa nkwa wɔ paradise anigye mu.​—Mmebusɛm 27:11; Luka 23:43; Adiyisɛm 2:7.

2. Dɛn na ɔsomafo Petro kae wɔ yɛn tamfo kɛse no ho?

2 Sɛ wobɛkɔ so adi nokware ama Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye wɔ wo tamfo kɛse no ho. Ɛdefa ne ho no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” Nanso yebetumi ako atia ɔtamfo yi, efisɛ ɔsomafo no toa so sɛ: “Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, . . . Na ɔdom nyinaa Nyankopɔn . . . no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den.” (1 Petro 5:8-10) Saa asɛm no ma Yesu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no nya awerɛkyekye titiriw. Nanso, ɛkyerɛ biribi ankasa ma Yehowa asomfo a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so paradise no nso.

3. (a) Henanom na wɔasiesie wɔn hɔ sɛ wɔbɛboa yɛn? (b) Atamfo bɛn na Satan de wɔn di dwuma wɔ n’atirimpɔw bɔne no ho dwumadi mu?

3 Sɛ yɛbɛhwɛ yiye wɔ yɛn Tamfo no ho a, na yehia mmoa ne n’akwan horow no ho nimdeɛ nso. Wɔn a wɔasiesie wɔn ho na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu ne Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, abɔfo kronkron no ne Kristofo asafo no. Wɔ ɔkwan foforo so no, yɛn ankasa honam a ɛnyɛ pɛ, nneɛma nhyehyɛe bɔne yi ne Satan Ɔbonsam ankasa wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛko tia wɔn. Satan ma adwemmɔne kanyan no na wasiesie ne ho bere nyinaa sɛ ɔnam yɛn atamfo abien a wɔaka no so bedi n’atirimpɔw ahorow bɔne no ho dwuma.​—Yohane 15:19; 1 Korintofo 9:27.

4. (a) Din ahorow anan bɛn na wɔde nim Satan? (b) Dɛn nti na edin “Ɔbonsam,” “ɔwɔ” ne “ɔtweaseɛ” no fata Satan?

4 Edin ahorow a Kyerɛwnsɛm no de ma yɛn Tamfo no mpo boa yɛn ma yehu n’akwan, ne nnɛɛdɛe no mu yiye. Ɛfrɛ no sɛ Satan, Ɔbonsam, ɔwɔ ne ɔtweaseɛ (Adiyisɛm 12:4, 9, 10) Ne din Satan no ase kyerɛ “Ɔsɔretiafo,” anaa “Ɔtamfo.” (Hiob 1:6; 2:1) “Ɔbonsam” ase kyerɛ “Ntwirifo,” “Ɔnototofo,” anaa “Ɔdaadaafo.” Wɔfrɛ Satan “ɔwɔ” nso efisɛ ɔnam ɔwɔ so daadaa Hawa wɔ Eden turo no mu. (Genesis 3:1-7) Na wɔfrɛ no “ɔtweaseɛ” esiane nkurɔfo a otumi mene wɔn nti.

Satan Adwene Ne N’atirimpɔw Ahobow

5. Gyinabea bɛn na Satan apaw wɔ Yehowa ho?

5 Satan Ɔbonsam a na mfitiase no ɔyɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ soro no mu biako no bɛsɔre tiaa Yehowa na otwirii no. Ná Satan atirimpɔw ne sɛ ɔbɛdan adesamma afi Onyankopɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi Satan pɛsɛmenkominya adwen horow no ho dwuma. Ɔkwan a Ɔbonsam faa so no ma ɛda adi sɛ ɔmaa ɔnokwafo a Onyankopɔn yɛ, ne hia a ɛho hia sɛ adesamma de wɔn ho to Yehowa so na wɔhwɛ no kwan wɔ nkwa ne anigye a wɔbɛkɔ so anya ho no ho baa asɛm. Nea ɛda adi wɔ Satan adeyɛ no mu ne ma a ɔmaa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi tumi ne ɔkwan a ɔfa so di tumi a ɛho baa asɛm no. Nea Yehowa pɛ ne nnyinasosɛm a ɛne sɛ obedi tumi wɔ trenee so na wama abɔde afi wɔn pɛ mu asom no esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma no ne trenee nti no. Wɔ ɔkwan foforo so no, gyinabea a Satan apaw ne sɛ pɛsɛmenkominya kwan so adenya ne adwene a eye kɛse. Kyerɛ sɛ, ɔreka sɛ, ɛsɛ sɛ abɔde a wɔwɔ adwene nyinaa yɛ pɛsɛmenkominyafo te sɛ ɔno, na saa na ɔka sɛ wɔte nso.​—Hiob, ti 1 ne 2.

6. Dɛn na Satan kwan no da no adi wɔ n’adwene ho?

6 Ɔkwan a ɛte sɛɛ a Satan faa so no da no adi sɛ ɔmaa anibere a ano yɛ den bɛyɛɛ akɔnnɔ ne adwene a ɛrekɔ so wɔ ne mu. Eyi da adi nso wɔ ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ wɔ abɛɛfo a wɔbɛpaw no sɛ ɔhwɛfo no mu sɛ, “na wanhoman anhwe ɔbonsam atemmu [no] mu.” (1 Timoteo 3:6) Yiw, ɛdaa ahantan kɛse adi wɔ Satan fam ampa sɛ osii ne bo sɛ ɔbɛsɔre atia Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Ɔsorosoroni, Amansan Sodifo, mmeresanten Hene, Yehowa Nyankopɔn. (Genesis 17:1; 2 Samuel 7:28; Dwom 83:18; 1 Timoteo 1:17) Sɛ́ na Ɔbonsam akɔnnɔ a ɛtra so no yɛ ahomaso, ne sɛ na n’ani bere ɔsom a abɔde a wɔwɔ adwene de ma Yehowa Nyankopɔn no yɛ nea n’ankasa daa no adi bere a ɔkae sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa” bɛma Yesu Kristo, sɛ ɔbɛkotow asɔre no a no.​—Mateo 4:8, 9.

7. Dɛn nti na Onyankopɔn ankum atuatewfo a wɔne Satan, Adam ne Hawa amonom hɔ ara?

7 Ɛwom, anka Yehowa Nyankopɔn betumi akum Satan ne nnipa baanu a wodi kan no bere a wɔyɛɛ bɔne no ara pɛ. Nanso esiane asɛm a na Satan ama asɔre, ne mmɔborohunu ma Adam asefo a onnya nwoo wɔn no nti, Onyankopɔn maa ɔbonsam kwan sɛ ɔntra ase na ɔmmɔ mmɔden nkyerɛ sɛ asɛm a ɔnam ahohoahoa so ma ɛsɔree no yɛ nokware anaasɛ atoro. Bere koro no ara mu no, Yehowa nam ɛno so de hokwan no maa adesamma a wɔpɛ no sɛ wɔnsɔ di a wɔn ankasa bedi wɔn ho so a Onyankopɔn ne ne trenee nyinasosɛm ho asɛm nnim no nhwɛ.

Wɔ A Ɔwɔ Hɔ Ho Nnaadaa

8. Ɔkwan bɛn so na Satan adaadaa adesamma wɔ wɔ a ɔwɔ hɔ no ho?

8 Satan de akwan horow pii a ɛsonosonoe di dwuma de ma n’atirimpɔw ahorow sɛ Yehowa Nyankopɔn Tamfo no nya nkɔso, na sɛ ebetumi a wadan adesamma nyinaa afi wɔn Bɔfo no som a ɛfata no no ho. Akwan horow yi mu biako ne sɛ obenya nkurɔfo ma wɔagye adi sɛ onni hɔ koraa mpo! Eyi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ obenya wɔn. Enti, nnɛ, wɔ nyamesom ahorow pii mu no, abɛyɛ nea aba so sɛ wobegye adi sɛ onipa te sɛ Satan ɔbonsam biara nni hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔɔ amanneɛ wɔ nhwehwɛmu bi a Amerika aban asoɛe bi a ɛwɔ New York yɛe mu sɛ wɔ 1974 mu no ná Amerikafo fã kɛse no ara nnye wɔ a obi a wɔfrɛ no ɔbonsam wɔ hɔ no nni nwie. Asɔfo pii mpo nnye wɔ a Ɔbonsam wɔ hɔ sɛ obi ankasa no nni.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da nokwasɛm no adi sɛ Ɔbonsam yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

9 Nanso Kyerɛwnsɛm no mma yɛn adwenem nyɛ yɛn naa wɔ wɔ a obi a wɔfrɛ no Ɔbonsam wɔ hɔ no ho. Ɛkyerɛ sɛ obi nam ɔwɔ so kasae na ɔdaadaa ɔbea a odi kan, Hawa. Hiob nhoma no nso di wɔ a Satan wɔ hɔ no ho adanse, efisɛ ɛka sɛ ɔne Yehowa Nyankopɔn kasae, na ogyee Onyankopɔn akoa Hiob mudi mu kura ho kyim. Bio nso, Mateo, Marko ne Luka a wɔkyerɛw Nsɛmpa no bɔ amanneɛ sɛ ɔbonsam sɔɔ Yesu Kristo hwɛe. Sɛ́ ɛyɛ nea obi na ɔde sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛɛ baa Yesu so no da adi pefee a ɛnyɛ nea yenim fa Yesu pɛyɛ ne ne nipasu ho no nko nti na mmom sɛnea na Satan sɔhwɛ a ɛto so abiɛsa no te no nso nti. Ɔkwan bɛn so na Yesu betumi akotow asɔre wɔ nnyinasosɛm anaa adwemmɔne bi anim? Nea ɛda no adi nso ne ka a Yesu kaa Satan ho asɛm mpɛn pii sɛ onipa ne sɛ ɔne “wi yi ase sodifo” no.​—Yohane 12:31; 14:30; 16:11; 8:44; Mateo 4:1-10; 12:26; Luka 10:18.

10 Yesu asomafo no nso daa no adi sɛ Ɔbonsam yɛ onipa. Paulo kyerɛe sɛ nokware Kristofo nim Satan ‘adwene’ na ɔsomafo no bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ “ɔbonsam nnɛɛdɛe” ho. (2 Korintofo 2:11; Efesofo 6:11) Sɛnea yɛahu dedaw no, Petro ka kyerɛɛ mfɛfo gyidifo sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ wɔn Tamfo Bonsam no ho. Na ɔsomafo Yohane dii adanse sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” ne sɛ “Ɔbonsam de [Kristofo] mu binom begu afiase.”​—1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 2:10; 1 Petro 5:8.

Satan Atoro Som Afiri No

11. Dɛn na Satan ayɛ wɔ ɔsom ho nkate a onipa wɔ no ho?

11 Nea ɛka Satan kwan a ɔnam so fura nkurɔfo ani no ho ne atoro som a ɔde di dwuma. (2 Korintofo 4:4) Onyankopɔn bɔɔ onipa na ɔde hia a ɛho hia sɛ ɔne ne Bɔfo bedi nkitaho denam ɔsom so no hyɛɛ ne mu. Satan akyea saa nkate yi denam ma a wama pɛsɛmenkominya ne ɔsom kronn ho hwee a wonnim anya nkɔso no so. Sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ eyi no ‘ɔdan ne ho sɛ hann bɔfo.’ (2 Korintofo 11:14) Esiane saa nnaadaa yi nti, nnipa de wɔn ho hyɛ atoro som mpempem ahorow pii mu.

12. Ɛsɛ sɛ yebu atoro som ne gyidi afrafra dɛn?

12 Atoro som nyinaa fi Satan ankasa, efisɛ Paulo kae sɛ: “Afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn.” Yesu kae sɛ: “Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.” Bio nso, Kristo amma gyidi afrafra ho kwan na mmom ɔkae sɛ: “Obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”​—1 Korintofo 10:20; Mateo 12:30; Yohane 14:6.

13. Akwan horow bɛn so na Satan de onipa ani a egye asumansɛm ho no adi dwuma?

13 Satan de onipa ani a egye asumansɛm ne awufo tebea ho no di dwuma. Ɔnam nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia koraa te sɛ awufo a wɔne wɔn kasa, anaa ahonhomsɛmdi, adebisa, nsoromma mu hwɛ ne ntafoayi so anya nnipa pii. Nokwarem no, anigye a wɔwɔ wɔ nneɛma a ɛtete sɛɛ ho rekɔ so bere nyinaa nnɛ. Eyi akɔ akyiri akodu baabi a ama ebinom resom ɔbonsam ankasa.​—Exodus 22:18; Leviticus 19:26; 20:6; Deuteronomium 18:10-12.

Satan De Ahantan Di Dwuma

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn na Satan faa so nyaa Hawa ne Kain ma wodii n’atirimpɔw ho dwuma? (b) Nhwɛso afoforo bɛn na Bible no de ma wɔ eyi ho?

14 Satan gyaa ne ho mu maa ahantan ho sɔhwɛ no. Saa ara na ɔkanyan ahantan, pɛsɛmenkominya akɔnnɔ wɔ Hawa mu a ɛne sɛ ɔbɛyɛ sɛ ɔsorosoroni Nyankopɔn no, na ɔnam saa yɛ so danee yɛn awofo a wodi kan no fii Yehowa Nyankopɔn som ho. Akyinnye biara nni ho sɛ Satan faa ɔkwan a ɛte saa ara so wɔ Kain ho. Bere a ohuu sɛnea Kain bo afuw esiane sɛ ne nua Habel nyaa ɔsoro dom nti no, na Ɔbonsam betumi ama saa abufuw no akɔ so ma adan nitan a awudi wom.​—Genesis 4:3-8; 1 Yohane 3:11, 12.

15 Wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no, Satan atumi de wɔn a wɔyɛ ahantan​—nnipa te sɛ Nimrod, Misrifo Farao a na ɔwɔ Mose bere so no ne Asiria Hene Sanaherib​—adi dwuma sɛ nnwinade. (Genesis 10:8-12; Exodus 5:2; Yesaia 36:7-10, 16-20) Ɛnnɛ Satan anya nnipa pii denam ahantan so: abusua ho ahantan, ɔman ho ahantan, nhomasua ho ahantan, dibea ho ahantan, ne nea ɛkeka ho. Eyi nyinaa di ɔbonsam atirimpɔw ho dwuma denam ma a ɛma nkurɔfo siw wɔn aso wɔ Onyankopɔn asɛm ho no so.

Honam Fam Nneɛma Ho Adifudepɛ Afiri

16. Satan atumi de honam fam nneɛma ho adifudepɛ adi dwuma dɛn?

16 Afiri foforo a Satan de di dwuma yi nnipa ne honam fam nneɛma akyidi, adifudepɛ, sika ho dɔ, ahonyade ho ahantan. Ɔnam ɛno so nyaa asɔfo a na wɔwɔ Yesu bere so a wɔyɛ adifudepɛfo a wɔdɔ sika no. (Luka 16:14) Bere a ɔde honam fam nneɛma ho adifudepɛ afiri no redi dwuma no, ‘Satan hyɛɛ [Anania] koma ma ma odii atoro kyerɛɛ honhom kronkron.’ (Asomafo no Nnwuma 5:1-11) Na akyinnye biara nni ho sɛ ɔbonsam de honam fam nneɛma ne wiase anigyede ho dɔ dii dwuma de danee Dema ne Kristofo afoforo fii Yehowa som ho.​—2 Timoteo 4:10.

17. Nhwɛso bɔne titiriw bɛn na yɛwɔ a ɛfa obi a ogyaa ne ho mu’ maa adifudepɛ a Satan de di dwuma sɛ afiri no ho?

17 Nhwɛso bɔne titiriw a ɛfa adifudepɛ a Satan de di dwuma de sum afiri ho ne Yuda Iskariot de no. Ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛɛ owifo nko na mmom adifudepɛ ne ade titiriw nti a Yuda yii ne Wura mae. Sɛ́ ɛno ara ne n’adwene no da adi wɔ kasa a ɔkasa tiaa ngo huamhuam a ne bo yɛ den a Maria de srasraa Yesu nan ase no mu. (Yohane 12:4-6; Mateo 26:14-16) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na amma Satan nsa anka yɛn denam honam fam nneɛma ho adifudepɛ afiri no so!

Satan De Onipa Mmerɛwyɛ Ahorow Di Dwuma

18. (a) Nsiesiei horow bɛn na Onyankopɔn yɛ maa onipa na ama wanya anigye wɔ asetra mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan de eyinom adi dwuma de apira onipa?

18 Nea ɛka mmerɛwyɛ ahorow a Satan de di dwuma no ho ne ahohwibɔ a wɔabara no akyi a wobedi. Ná ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn adwene sɛ yebenya anigyede ahorow mu kyɛfa, na sɛ yenya eyinom mu kyɛfa sɛnea ne pɛ ma yɛn no te a, ebetumi de papa ne anigye pii aba. Nanso Satan sɔ nnipa hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde eyinom bedi kan wɔ wɔn asetra mu na wɔde wɔn ho ahyem wɔ ɔkwammɔne a ɛtõ Onyankopɔn mmara so. Satan nam ɛno so maa Israelfo 24,000 gyaa wɔn ho mu maa Baal-Peor. (Numeri 25:1-9) Ɛnnɛ, wiase no abɔ dam wɔ ahohwibɔ akyi a edi no mu. Nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa, sini ne television so dwumadi ahorow yɛ nea wɔde kanyan akɔnnɔ ahorow a emu yɛ den. Nanso, sɛ́ Kristofo a Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi sɔhwɛ horow a ɛte sɛɛ ho.​—1 Korintofo 14:20.

19. (a) Satan afiri bɛn na Kristofo nkumaa yɛ mmerɛw titiriw wɔ ho? (b) Dɛn ho na ɛsɛ sɛ Kristofo nkumaa hwɛ yiye?

19 Satan afiri foforo a ɔde di dwuma ne anigyede akyidi. Kristofo nkumaa yɛ mmerɛw titiriw wɔ afiri yi ho. Mpɛn pii wɔde wɔn ho nyinaa ma agumadi ahorow, sɛ́ bɛhwɛadefo ne wɔn a wonya mu kyɛfa. Nanso eyi betumi ama wɔabɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4) Wɔ mmofra afoforo fam no anigyede akyidi no ba bɛyɛ nnwom ahorow a ɛhyɛ ɔbrasɛe ne basabasayɛ ho nkuran. Ampa, ahwɛyiye ho hia kɛse, efisɛ nneɛma a ɛte sɛɛ betumi atwe Kristofo nkumaa afi trenee ne abrabɔ pa kwan no so.​—Dwom 16:11; 2 Petro 2:20-22.

20. Ɔkwan bɛn so na Satan de ehu di dwuma?

20 Satan de onipa ho hu afiri no nso di dwuma. Ɛyɛ onipa su sɛ ɔbɛtwe ne ho afi biribi a ɛbɛma wɔadi ne ho fɛw ho na wabɔ mmɔden sɛ obekwati amanehunu. Ehu a ɛte sɛɛ ama nnipa pii agyae nneɛma mu wɔ ahohia bere mu. (Mmebusɛm 29:25; Hebrifo 2:14, 15) Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no yɛremma ɛmma saa wɔ yɛn fam.

21. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma abasamtu di yɛn so nkonim?

21 Satan nnɛɛdɛe foforo ne mmɔden a ɔbɔ sɛ obebu Onyankopɔn nkoa aba mu ma wɔagyaa nneɛma mu no. Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔde eyi bɛyɛ Hiob, na ɛma ɔkae sɛ ne yam a anka wawu anaasɛ wɔanwo no mpo. Satan sɔɔ Mose nso hwɛe wɔ eyi ho. (Hiob 3:1-13; 14:13; Numeri 11:10-15) Gyidifo yi mu biara nni hɔ a abasamtu dii no so nkonim. Mmom no wɔyɛɛ nea ɛne ɔsoro apɛde hyia. Te sɛ wɔn no, ɛho nhia sɛ yɛbɛma tebea biara adi yɛn so nkonim, efisɛ Yehowa betumi awowaw yɛn na ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.​—Dwom 55:22.

Gyina Pintinn!

22, 23. Sɛ yebetumi agyina pintinn atia Satan “nnɛɛdɛe” a yɛnnyɛ nea ɔpɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

22 Esiane sɛ Satan atumi atwe adesamma fã kɛse no ara afi Yehowa Nyankopɔn ho nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ́ adansefo a wɔyɛ den ma Yehowa no, ɛsɛ sɛ ‘yegyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe,’ ne nnaadaa akwan horow no ‘di asi.’ (Efesofo 6:11) Ɛdenam saa yɛ so no yebetumi ada no adi sɛ ɔne ɔtorofo a ɔyɛ ɔhohoahoafo kɛse no ampa.

23 Nanso, ɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nnyina pintinn ntia Satan, efisɛ ɔwɔ tumi, nimdeɛ ne osuahu kɛse sen yɛn. Enti, sɛ yebetumi agyina pintinn atia no a, ɛho hia sɛ yɛde mmoa horow a Yehowa Nyankopɔn de ama ne nkurɔfo no nyinaa di dwuma kɛse. Ɛno ansa na yɛbɛma ɔtamfo a ɔyɛ onitefo no adi nkogu!

So Wutumi Kae?

◻ Atamfo bɛn na Ɔbonsam de wɔn di dwuma wɔ n’atirimpɔw bɔne ahorow no ho dwumadi mu?

◻ Gyinabea bɛn na Satan apaw wɔ Yehowa ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Satan yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

◻ Dɛn ne akwan horow bi a Ɔbonsam fa so sum yɛn afiri, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so a ɛrenni yɛn so nkonim?

[Kratafa 23 mfoni]

Yehowa Adansefo mma onipa ho hu nhaw wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena