-
Bible No Yɛ Onyankopɔn Asɛm a Ɔde Ama YɛnWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
6. Nhoma a obiara nsa betumi aka bi
Nhoma biara nni hɔ a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu te sɛ Bible. Ɛno nso ne nhoma a nnipa wɔ bi sen nhoma biara. Monkenkan Asomafo Nnwuma 10:34, 35. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔkyerɛ n’Asɛm no ase kɔ kasa pii mu ma nnipa pii nya bi?
Dɛn na w’ani gye ho wɔ Bible ho?
Ɛkame ayɛ sɛ
wiase mu
nnipa nyinaa
betumi anya Bible no bi wɔ kasa a wɔte ase mu
Kasa ahorow a wubenya Bible no nyinaa
anaa ne fã bi wom no
boro
3,000
Wobu akontaa sɛ wɔatintim bɛyɛ
5,000,000,000
ɛdɔɔso sen nhoma biara
-
-
Boa Ma Asomdwoe Ne Baakoyɛ Ntena Asafo No MuWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
4. Sɛ wowɔ nnipakuw bi ho adwene a ɛmfata a, bɔ mmɔden yi fi wo mu
Yɛdɔ yɛn nuanom nyinaa. Nanso wɔn a ɛsono ɔman a wofi mu anaa sɛnea wɔte no, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛne wɔn bɛbɔ. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatrɛw yɛn dɔ mu? Monkenkan Asomafo Nnwuma 10:34, 35. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Yehowa nyɛ nyiyim, mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom no no, ofi he oo, ɔte sɛn oo, ogye no tom. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yesuasua Yehowa?
Baabi a wowɔ no, adwene a ɛmfata bɛn na nkurɔfo wɔ wɔ afoforo ho a wompɛ sɛ wunya bi?
Monkenkan 2 Korintofo 6:11-13. Muwie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Anuanom a ɛsono baabi a wofi anaa sɛnea wɔte no, wohwɛ a dɛn na wubetumi ayɛ na woahu wɔn yiye?
-