Bible No Adwene
So Mmea Wɔ Afã Wɔ Asɛnka Agua So?
NICHOLAS Stacey a ɔyɛ Church of England ɔsɔfo bi no kyerɛwee wɔ London atesɛm krataa The Times mu sɛ: “Kristofo asɔremma a wɔyɛ asɔfodwuma no mu pii ntumi nte nea enti a sɛ mmea tumi yɛ ahemmaa, asoafo mpanyimfo, atemmufo, nnuruyɛfo, nyansahufo a, ɛsɛ sɛ wosiw wɔn kwan ma wɔmma Adidi Kronkron na wanhyira aware so no ase.”
Ɛwom sɛ Church of England tete mmea ma ɔsom titiriw ahorow de, nanso besi saa bere yi no, ɛmmaa mmea kwan sɛ wobetumi ayɛ asɔfo na wɔama adidi. So wopene asɔre no gyinabea no so, anaasɛ wugye di sɛ ɛsɛ sɛ mmea gyina asɛnka agua so?
Ebetumi Ama Asɔre mu Apaapae
Ɔsɛmpɔw a ɛfa sɛ ebia mmea betumi ayɛ asɔfo ho no ama mpaapaemu aba asɔre koro mufo ntam. Ɔdenimfo Graham Leonard a ɔyɛ London ɔsɔfopanyin ne asɔfo no mu nea ɔsɔre tia mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo titiriw no bɔ kɔkɔ sɛ Church of England mu betumi apae abien wɔ ɔsɛmpɔw no ho. Nnipa binom ka sɛ adwemmɔne nti na wɔmma mmea nnyina asɛnka agua so, nanso pii ka ho.
Mfe du du bi ni no, Church of England no rebɔ mmɔden sɛ ebesiesie ɛne Rome ntam. Nanso wɔ krataa bi a paapa no de kɔmaa Canterbury Sɔfo Panyin nnansa yi mu no, ɔkae sɛ mmea a wobegye wɔn wɔ asɔfodi mu no bɛyɛ “saa nkɔso no ho akwanside kɛse bi wɔ Katolek Asɔre no ani so.”
Nanso wɔagyaw ade titiriw biako wɔ saa akyinnye yi mu—Bible no. Ɔkwan bɛn so na na mmea som wɔ tete Kristofo asafo no mu, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn afã nnɛ?
Wɔyɛ Pɛ Nanso Ɛsono Wɔn Mu Biara
Bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ wɔ afe 33 Y.B. mu no, mmea ne mmarima nyinaa nyinyaa honhom kronkron. Sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu no, eyi ne nea na odiyifo Yoel aka asie no pɛpɛɛpɛ.—Asomafo no Nnwuma 1:13-15; 2:1-4, 13-18.
Akyiri yi, Petro benyaa nokwasɛm foforo bi a ɛho hia mu ntease pefee: “Onyankopɔn nyɛ nyiyim.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, NW) Nea saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ ne sɛ Onyankopɔn nyɛ “obi a ɔhwɛ anim.” “Obi a ɔhwɛ anim” gye ɔfoforo bi tom na ɔpɛ n’asɛm sen afoforo. Yehowa yɛ nea ɛbɔ eyi abira. Ɔdom wɔn a wosuro no na wɔyɛ adetrenee nkutoo. Sɛ ɛba nkwagye mu a, Onyankopɔn mpɛ ɔbarima ‘anim’ nsen ɔbea anim.’ Wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ n’anim.—Asomafo no Nnwuma 10:35.
Enti, Kyerɛwnsɛm no de nidi a ɛyɛ pɛ ma Kristofo mmarima ne mmea sɛ asafo no mufo. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Galatia no sɛ “akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima ama ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako Kristo Yesu mu.” Obiara wɔ ne honhom mu gyinabea wɔ Onyankopɔn anim, nanso, wɔn nyinaa ka bom sɛ n’asomfo a wɔyɛ nipadua biako. Onyankopɔn fifo nyinaa yɛ pɛ.—Galatifo 3:26-28.
Ne nyinaa akyi no, nsonsonoe ahorow da mmarima ne mmea ntam wɔ asafo no mu. Nanso sɛnea awosu mu nsonsonoe ahorow a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam no nyɛ akwanside mma boa a wɔbɛboaboa wɔn ho wɔn ho no, saa ara na ɛnsɛ sɛ hokwan ahorow a mmarima ne mmea wɔ wɔ Kristofo asafo no mu no yɛ akwanside wɔ asafo no biakoyɛ mu. Dɛn ne saa nsonsonoe ahorow no?
Akyerɛkyerɛfo—Bere Bɛn ne ma Henanom?
Nsonsonoe no gyina ɔkyerɛkyerɛ ne tumidi so. Wɔmma mmea kwan sɛ wɔbɛsom wɔ ɔkyerɛkyerɛ gyinapɛn bi mu wɔ asafo no mu ne sɛ wobedi honhom mu ti wɔ wɔn mfɛfo asafo no mufo so. Wɔ Paulo krataa a ɛfa asafo no ho a ɔde kɔmaa Timoteo no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee sɛ: “Ɔbea de, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm.”—1 Timoteo 2:12.
Afei Paulo kyerɛ nea enti a ɔmma mmea kwan sɛ wɔnyɛ akyerɛkyerɛfo no—abusuabɔ bi a wofi ɔsoro de ato ɔbarima ne ɔbea ntam. Ɔkyerɛw sɛ: “Efisɛ wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ.” (1 Timoteo 2:13) Ná anka Onyankopɔn betumi abɔ Adam ne Hawa nyinaa bere koro mu, nanso wanyɛ saa. Adam traa ase bere bi ansa na Hawa reba. So eyi nna Onyankopɔn atirimpɔw sɛ Adam bɛkyerɛ kwan na wayɛ ti mmom sen sɛ Hawa bɛyɛ no adi? (1 Korintofo 11:3) Na sɛ wobɛkyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ woreyɛ owura, anaa ti wɔ wɔn a worekyerekyerɛ wɔn no so. Wɔn a worekyerɛkyerɛ wɔn no tie na wɔyɛ komm sua ade. Enti, mmarima nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo ne ahwɛfo wɔ asafo no mu.
So ɛho hia sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mmea nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no de abasamtu ne abufuw ba anaa? Mmea wɔ hokwan sɛ wɔde Kristofo nkyerɛkyerɛ ma na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa. Akodu he ne wɔ tebea horow bɛn mu? Mmerewa betumi de ‘nsɛmpa akyerɛkyerɛ’ mmabaa. Na te sɛ nea Eunike ne ne na Lois kyerɛkyerɛɛ Timoteo no, saa ara na Kristofo mmea bedi wɔn nhwɛso no akyi wɔ mmofra a wɔtete wɔn wɔ nokware “Kwan” no so no mu.—Tito 2:3-5; Asomafo no Nnwuma 9:2; 2 Timoteo 1:5.
Ɛnnɛ, Kristofo mmea di Euodia ne Sintike nhwɛso akyi denam asɛmpa no a wɔka wɔ baguam nso so. (Filipifo 4:2, 3) Wobetumi ayɛ akyerɛkyerɛfo denam Bible adesua a wɔne anigyefo bɛyɛ so. (Mateo 28:20) Mmea ɔpehaha pii nya honhom mu akomatɔyam wɔ saa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛho hia kɛse yi mu. Wɔde trenee ne asomdwoe wiase bi a ɛwɔ Kristo nniso ase a wɔde asi hɔ ho ade kyerɛ afoforo—anidaso bi a wɔne wɔn Kristofo nuabarimanom kyɛ no pɛpɛɛpɛ.—Dwom 37:10, 11; 68:11.