Yesu “Wɔ Yudafo Asase So”
BERE a ɔsomafo Petro redi Kornelio adanse no, ɔkaa nea Yesu yɛe wɔ “Yudafo asase so ne Yerusalem nyinaa” no ho asɛm. (Aso. 10:39) Mmeae bɛn na wususuw sɛ Yesu yɛɛ ne som adwuma a agye din wɔ abakɔsɛm mu no?
Na Yudea ka “Yudafo asase,” baabi a Yesu yɛɛ Onyankopɔn adwuma, no ho. (Luka 4:44) Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, okodii adaduanan wɔ Yuda (anaa, Yudea) sare so, asase kesee a hwee nni so a na atuatewfo ne akwanmukafo ahyɛ hɔ ma no. (Luka 10:30) Akyiri yi, bere a Yesu fi Yudea rekɔ atifi fam no, odii Samariani bea bi adanse wɔ beae bi a ɛbɛn Sikar.—Yoh. 4:3-7.
Nsɛmpa no mu nhwehwɛmu da no adi sɛ Yesu de n’adwene sii Galilea so kɛse. Ɛwom sɛ ɔkɔɔ anafo fam kɔɔ Yerusalem kodii afe afe afahyɛ ahorow de, nanso odii ne mfirihyia abien a edi kan wɔ ne som adwuma no mu fã kɛse wɔ Bɔhyɛ Asase no atifi fam. (Yoh. 7:2-10; 10:22, 23) Sɛ nhwɛso no, ɔdaa ne nkyerɛkyerɛ atitiriw adi, yɛɛ n’anwonwade ahorow a ɛka koma no pii bere a na ɔwɔ baabi a ɛbɛn Galilea Po no anaa ɛpo no so. Kae sɛ ɔmaa ahum a na ɛretu wɔ nsu no so no yɛɛ komm, na ɔnantew so mpo. Ogyinaa korow mu wɔ saa po no so kaa asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a na wogyina mpoano abosea no so no. Ná n’akyidifo paa a wodi kan no fi apofofo ne akuafo a wɔbɛn hɔ no mu.—Marko 3:7-12; 4:35-41; Luka 5:1-11; Yoh. 6:16-21; 21:1-19.
Baabi a na Yesu fi yɛ ne som adwuma wɔ Galilea no yɛ Kapernaum a ɛwɔ mpoano, “n’ankasa ne kurom” no. (Mat. 9:1) Bere a ɔyɛɛ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no, na ɔwɔ bepɔw bi a ɛbɛn hɔ so. Bere bi ɔtraa korow mu fi Kapernaum mpɔtam hɔ kɔɔ Magadan, Betsaida, anaa mmeae bi a ɛbɛn hɔ.
Hyɛ no nsow sɛ na Nasaret, baabi a Yesu nyinii; Kana, baabi a ɔdan nsu nsa; Nain, baabi a onyan okunafo bi ba; ne Betsaida, baabi a ɔmaa mmarima 5,000 aduan anwonwakwan so na obuee onifuraefo bi ani no, bɛn Yesu ‘ankasa kurom.’
Wɔ afe 32 Y.B. mu Twam akyi no, Yesu kɔɔ atifi fam kɔɔ Tiro ne Sidon, Foinikefo po so hyɛn gyinabea. Afei ɔtrɛw ne som adwuma no mu kɔɔ Helafo nkurow du a wɔfrɛ no Dekapoli no bi mu. Ná Yesu bɛn Kaesarea Filipi (F2) bere a Petro gyee no toom sɛ Mesia no, na ankyɛ na ɛbɛyɛ sɛ ahosakra no bae wɔ Bepɔw Hermon so. Akyiri yi, Yesu kaa asɛm wɔ Perea mantam mu, wɔ Yordan agya.—Marko 7:24-37; 8:27–9:2; 10:1; Luka 13:22, 33.
Yesu ne n’asuafo dii ne dapɛn a etwa to wɔ asase so no wɔ Yerusalem, “ɔhenkɛse kurow” no ne ne mpɔtam. (Mat. 5:35) Wubetumi ahu mmeae bi a ɛbɛn a woakenkan ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu te sɛ Emaus, Betania, Betfage, ne Betlehem.—Luka 2:4; 19:29; 24:13; hwɛ “Yerusalem Mpɔtam” wɔ kratafa 18 asase mfonini a ɛwɔ adaka mu no.
[Asase mfonini wɔ kratafa 29]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Bɔhyɛ Asase (Yesu bere so)
Asase no Wɔ Yesu Bere So
Dekapoli Nkurow
Ɛ5 Hippo(s)
Ɛ6 Pella
Ɛ6 Scythopolis
F5 Gadara
F7 Gerasa
G5 Dion
G9 Filadelfia
H1 Damasko
H4 Raphana
I5 Canatha
Akwantempɔn (Hwɛ nhoma no mu)
Galilea ne Yerusalem Ntam Kwan a na Wɔtaa Fa So (Hwɛ nhoma no mu)
Galilea ne Yerusalem Ntam Kwan Foforo a Ɛkɔfa Perea (Hwɛ nhoma no mu)
A11 Gasa
B6 Kaesarea
B8 Yopa
B9 Lida
B12 Beer-seba
D4 Ptolemai
D8 SAMARIA
D8 Antipatri
D8 Arimatea
D9 Emaus
D10 YUDEA
D11 Hebron
D12 IDUMEA
E1 Sidon
E2 Tiro
E3 FOINIKE
E4 GALILEA
E4 Kana
E5 Sepphoris
E5 Nasaret
E5 Nain
E7 Samaria
E7 Sikar
E9 Efraim
E9 Betfage
E9 Yerusalem
E9 Betania
E10 Betlehem
E10 Herodium
E10 YUDA SARE SO
E12 Masada
Ɛ4 Korasin
Ɛ4 Betsaida
Ɛ4 Kapernaum
Ɛ4 Magadan
Ɛ5 Tiberia
Ɛ5 Hippo(s)
Ɛ6 Betania? (Yordan agya)
Ɛ6 Scythopolis
Ɛ6 Pella
Ɛ6 Salim
Ɛ6 Ainon
Ɛ9 Yeriko
F1 ABILENE
F2 Kaesarea Filipi
F4 Gamala
F5 Abila?
F5 Gadara
F7 PEREA
F7 Gerasa
G3 ITUREA
G5 Dion
G6 DEKAPOLI
G9 Filadelfia
H1 Damasko
H3 TRAKONITI
H4 Raphana
H12 ARABIA
I5 Canatha
[Mmepɔw]
E7 Bepɔw Ebal
E7 Bepɔw Gerisim
F2 Bepɔw Hermon
[Nsu ahorow]
B6 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)
Ɛ4 Galilea Po
Ɛ10 Nkyene Po (Ɛpo a Awu)
[Nsubɔnten]
Ɛ7 Yordan Asubɔnten
[Nsuti ne mmura]
E7 Yakob Abura
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Galilea Po. Kapernaum na ɛwɔ anim benkum so no. Mfonini no yɛ atɔe fam anafo de rekɔ Genesaret Asasetaw so
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Samariafo somee wɔ Bepɔw Gerisim so. Bepɔw Ebal na ɛwɔ akyiri hɔ no