Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 11/1 kr. 8-13
  • Kristofo ne Adesamma Wiase No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo ne Adesamma Wiase No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nhwɛso
  • Paulo Su Wɔ Nnipa a “Wɔwɔ Akyiri” no Ho
  • Gyidifo a Wɔnyɛ Yudafo a Wɔboa Wɔn
  • Asɛm a Wɔka Wɔ “Wɔn a Wonnye Nni” Mu
  • Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobegye ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’ Nnɛ
  • Yɛ Ade Nyinaa Asɛmpa No Nti
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Bible Nkyerɛase A Ɛsakraa Wiase No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nnipa a Wɔwɔ W’asasesin Mu No, Wuhu Wɔn Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 11/1 kr. 8-13

Kristofo ne Adesamma Wiase No

“Monnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam.”—KOLOSEFO 4:5.

1. Dɛn na Yesu ka faa n’akyidifo ne wiase ho?

YESU kaa n’akyidifo no ho asɛm wɔ mpae bi a ɔbɔɔ ne soro Agya mu sɛ: “Wiase atan wɔn, efisɛ wɔnyɛ wiase fã, sɛnea me nso menyɛ wiase fã no.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ wobɛhwɛ wɔn so, esiane ɔbɔnefo no nti.” (Yohane 17:14, 15, NW) Na wɔrenyi Kristofo mfi wiase ankasa—sɛ ebia wɔbɛtew wɔn ho akɔtra nkokorafie. Mmom, Kristo ‘somaa wɔn wiase’ sɛ wɔnkɔyɛ n’adansefo ‘nkɔpem asase ano nohoa.’ (Yohane 17:18; Asomafo no Nnwuma 1:8) Ɔkɔɔ so srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ wɔn so esiane sɛ Satan, “wi yi ase sodifo” no bɛma wɔatan wɔn, Kristo din nti.—Yohane 12:31; Mateo 24:9.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible de asɛmfua “wiase” di dwuma? (b) Su a ɛkari pɛ bɛn na Yehowa yi no adi wɔ wiase ho?

2 Wɔ Bible mu no, wɔtaa de asɛmfua “wiase” (Hela, koʹsmos) gyina hɔ ma nnipa amumɔyɛfo abusua, a ‘ɛda ɔbɔne no mu’ no. (1 Yohane 5:19) Esiane sɛ Kristofo gye Yehowa gyinapɛn ahorow tom na wotie ahyɛde a ese wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa nkyerɛ wiase nti, ɛtɔ mmere bi a abusuabɔ mu nsɛnnennen bɛda wɔne wiase ntam. (2 Timoteo 3:12; 1 Yohane 3:1, 13) Nanso, wɔde koʹsmos di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu nso de ka adesamma abusua nyinaa ho asɛm. Bere a Yesu reka wiase ho asɛm wɔ saa kwan yi so no, ɔkae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.” (Yohane 3:16, 17; 2 Korintofo 5:19; 1 Yohane 4:14) Enti, bere a Yehowa tan nneɛma a ɛhyɛ Satan nhyehyɛe bɔne agyirae no, oyii ne dɔ adi kyerɛɛ adesamma somaa ne Ba baa asase so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn a ‘wɔba adwensakra mu’ no nyinaa nkwa. (2 Petro 3:9; Mmebusɛm 6:16-19) Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo suasua n’adwene a ɛkari pɛ a okura wɔ wiase ho no.

Yesu Nhwɛso

3, 4. (a) Gyinabea bɛn na Yesu pawee wɔ nniso ho? (b) Yesu buu adesamma wiase dɛn?

3 Aka bere tiaa bi na Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni nyɛ wiase yi fã.” (Yohane 18:36, NW) Nea ɛne nsɛm yi hyia no, na Yesu adi kan apo wiase ahenni ahorow so tumi a Satan de maa no no, na na wapo sɛ ɔbɛma Yudafo no asi no hene. (Luka 4:5-8; Yohane 6:14, 15) Nanso, Yesu yii ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ adesamma wiase no. Ɔsomafo Mateo bɔɔ eyi ho nhwɛso bi ho amanneɛ sɛ: “Ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Ofii ɔdɔ mu kaa asɛm kyerɛɛ nkurɔfo wɔ wɔn nkurow mu ne wɔn nkuraase. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn saa wɔn yare. (Mateo 9:36) Ohuu wɔn a wɔbaa ne nkyɛn besuaa ade no honam fam ahiade ahorow nso. Yɛkenkan sɛ: “Yesu frɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: Me yam hyehye me ma nkurɔfokuw yi sɛ wɔatra me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtotɔ piti ɔkwan mu.” (Mateo 15:32) Ɔdɔ mu a wofi dwen afoforo ho bɛn ara ni!

4 Na Yudafo no wɔ Samariafo ho adwemmɔne a emu yɛ den, nanso Yesu ne Samariani bea bi kasae bere tenten, na ɔde nnanu dii adanse fefeefe wɔ Samariafo kurow bi mu. (Yohane 4:5-42) Ɛwom sɛ Onyankopɔn somaa Yesu baa “Israel fi nguan a ayera no” nkyɛn de, nanso odii wɔn a na wɔnyɛ Yudafo nsɛm ho dwuma maa wɔn bere bi. (Mateo 8:5-13; 15:21-28) Yiw, Yesu daa no adi sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ obi ‘renyɛ wiase fã,’ na bere koro no ara wayi ɔdɔ adi akyerɛ adesamma wiase, nnipa. So yeyi mmɔborohunu a ɛte saa adi kyerɛ nnipa wɔ baabi a yɛte, yɛyɛ adwuma, anaasɛ yedi yɛn gua no? So yedwen wɔn yiyedi ho—bere a yebetumi aboa, a ɛnyɛ wɔn honhom fam ahiade nko na mmom wɔn ahiade afoforo nso? Yesu yɛɛ saa, na ɔnam saayɛ so bɔɔ kwan maa Ahenni ho asɛm a na ɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no. Ampa, yɛrentumi nyɛ anwonwade ankasa sɛnea Yesu yɛe no. Nanso sɛnea yɛbɛka no no, ayamye a yebeyi no adi akyerɛ taa yɛ anwonwade yi adwemmɔne a nkurɔfo wɔ wɔ yɛn ho fi hɔ.

Paulo Su Wɔ Nnipa a “Wɔwɔ Akyiri” no Ho

5, 6. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo ne Yudafo a na “wɔwɔ akyiri” no dii nsɛm?

5 Ɔsomafo Paulo twee adwene sii nnipa a “wɔwɔ akyiri no,” kyerɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa Amanaman mufo, so wɔ ne nkrataa pii mu. (1 Korintofo 5:12; 1 Tesalonikafo 4:12; 1 Timoteo 3:7) Ɔkwan bɛn so na ɔne saafo no dii nsɛm? ‘Ɔyɛɛ ade nyinaa maa nnipa nyinaa, na ɛnyɛ dɛn ara a, wagye ebinom nkwa.’ (1 Korintofo 9:20-22) Sɛ na odu kurow bi mu a, nea na ɔyɛ ne sɛ odi kan kɔ Yudafo a wɔte hɔ no nkyɛn kɔka asɛm no kyerɛ wɔn. Ɔkwan bɛn so na na ɔyɛ no? Ná ɔde anifere ne obu da Bible mu adanse ahorow a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Mesia no aba, wawu afɔrebɔ wu, na wɔanyan no no adi.—Asomafo no Nnwuma 13:5, 14-16, 43; 17:1-3, 10.

6 Paulo nam saa kwan yi so maa Mmara no ne adiyifo no ho nimdeɛ a na Yudafo wɔ no mu yɛɛ den, na ɔnam so kyerɛkyerɛɛ wɔn Mesia no ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Na otumi maa ebinom gye dii. (Asomafo no Nnwuma 14:1; 17:4) Ɛmfa ho ɔsɔretia a Yudafo akannifo daa no adi no, Paulo yii ɔdɔ adi kyerɛɛ ne mfɛfo Yudafo no bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Anuanom, me koma mu ade a mepɛ ne me nkotɔ a mekotɔ mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn [Yudafo no] ne sɛ wobenya nkwa. Na midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no [nokware, NW] nimdeɛ mu.”—Romafo 10:1, 2.

Gyidifo a Wɔnyɛ Yudafo a Wɔboa Wɔn

7. Ɔkwan bɛn so na Yudafo ahokafo no gyee asɛmpa a Paulo kae no?

7 Ná Yudafo ahokafo no yɛ nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo a na wɔatwa wɔn twetia na wɔde wɔn ho ahyɛ Yudasom mu. Ɛda adi sɛ na Yudafo ahokafo wɔ Roma, Siria kurow Antiokia, Etiopia, ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia—nokwarem no, wɔ Yudafo a na Wɔahwete nyinaa mu. (Asomafo no Nnwuma 2:8-10; 6:5; 8:27; 13:14, 43; fa toto Mateo 23:15 ho.) Nea ɛnte sɛ Yudafo sodifo pii no, ɛda adi sɛ na Yudafo ahokafo no nyɛ ahantan, na na wɔrentumi nhoahoa wɔn ho sɛ wɔyɛ Abraham asefo. (Mateo 3:9; Yohane 8:33) Mmom no, na wɔagyaw abosonsomfo anyame no fi ahobrɛase mu adan aba Yehowa nkyɛn, anya ɔne ne mmara ho nimdeɛ bi. Na wogyee Yudafo anidaso a na ɛfa Mesia a na ɔreba ho no toom. Esiane sɛ na wɔadi kan ada no adi sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsakra wɔ nokware no hwehwɛ mu nti, na wɔn mu pii ayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nsakrae pii, na wogyee asɛm a ɔsomafo Paulo kae no dii. (Asomafo no Nnwuma 13:42, 43) Sɛ na Yudafo ɔhokafo bi a wasom abosonsomfo anyame no sakra ba Kristosom mu a, na ɔbɛyɛ obi a ɔfata koraa sɛ obedi Amanaman mufo foforo a wɔda so som abosom no adanse.

8, 9. (a) Sɛ Yudafo ahokafo no da nkyɛn a, Amanaman mufo bɛn na wɔbaa Yudafo som mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Nyamesurofo pii a na wontwaa wɔn twetia gyee asɛmpa no?

8 Sɛ Yudafo ahokafo a na wɔatwa twetia no da nkyɛn a, na wɔn a wɔnyɛ Yudafo foforo nso aba Yudafo som mu. Saafo no mu bi a odii kan bɛyɛɛ Kristoni ne Kornelio a na ɔnyɛ Yudafo hokafo, nanso na ‘ɔyɛ ɔdefɛrefo a osuro Onyankopɔn.’ (Asomafo no Nnwuma 10:2) Wɔ Ɔbenfo F. F. Bruce nsɛm a ɔka faa Asomafo no Nnwuma ho mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na wɔtaa frɛ Amanaman mufo a wɔte saa no ‘Nyamesurofo’; bere a na eyi nyɛ din ankasa no, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛfrɛ wɔn saa. Bere a na Amanaman mufo pii a na wɔwɔ hɔ saa bere no nsiesiee wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Yudasom mu koraa (a na hwehwɛ a wɔhwehwɛ sɛ wotwa twetia no na ɛyɛ akwanside titiriw ma mmarima) no, wɔn ani gyee Yudafo no nyame biako som a na ɛnyɛ den a na ɛkɔ so wɔ wɔn hyia adan mu ne Yudafo no asetra mu abrabɔ ho gyinapɛn ahorow no ho. Wɔn mu binom kɔɔ hyiadan mu, na wobenyaa wɔn mpaebɔ ne Kyerɛwnsɛm mu adesua ahorow a wɔtee sɛ wɔkenkan wɔ Hela kasa mu no ho nimdeɛ bi.”

9 Bere a na ɔsomafo Paulo reka asɛm wɔ hyia adan mu wɔ Asia Kumaa ne Hela no, ohyiaa Nyamesurofo pii. Wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn a na wɔahyiam wɔ hyiadan no mu sɛ “Israel mmarima ne mo a musuro Onyankopɔn.” (Asomafo no Nnwuma 13:16, 26) Luka kyerɛwee sɛ Paulo kaa asɛm Homeda abiɛsa wɔ Tesalonika hyiadan mu wiei no, “wɔn [Yudafo no] mu binom gye dii [bɛyɛɛ Kristofo], na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafo adefɛrefo no mu pii ne mmea mpanyin no mu fa kɛse.” (Asomafo no Nnwuma 17:4) Ɛda adi sɛ na Helafo no mu bi yɛ Nyamesurofo a wontwaa twetia. Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Amanaman mufo a wɔte saa no mu pii ne Yudafo no bɔe.

Asɛm a Wɔka Wɔ “Wɔn a Wonnye Nni” Mu

10. Ɔkwan bɛn so na Paulo kaa asɛm kyerɛɛ Amanaman mufo a na wonnim Kyerɛwnsɛm no ho hwee no, na dɛn na efii mu bae?

10 Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, wotumi de asɛm “wɔn a wonnye nni” no ka nnipa a wonni Kristofo asafo no mu nyinaa ho asɛm. Wɔtaa de ka abosonsomfo ho asɛm. (Romafo 15:31; 1 Korintofo 14:22, 23; 2 Korintofo 4:4; 6:14) Wɔ Atene no, na wɔde Helafo nyansapɛ na atete wɔn a wonnye nni no mu pii a na wonnim Kyerɛwnsɛm no ho hwee. So eyi maa Paulo abam bui sɛ obedi wɔn adanse? Dabi. Nanso, ɔsesaa ɔkwan a na ɔfa so no. Ofii ahokokwaw mu kaa Bible mu asɛm a wamfa Hebri Kyerɛwnsɛm no a na Atenefo nnim ho hwee no mu asɛm anka tẽẽ. Ofii nyansa mu kyerɛɛ nsɛdi a ɛwɔ Bible mu nokware ne tete Stoafo anwensɛm akyerɛwfo nsɛm bi a wɔkekae mu. Na afei ɔde nokware Nyankopɔn a ɔwɔ hɔ ma adesamma nyinaa, Onyankopɔn a ɔnam ɔbarima bi a wawu anyan so bebu atɛn trenee mu ho asɛm too gua. Enti Paulo nam anifere kwan so kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ Atenefo. Dɛn na efii mu bae? Bere a wɔn mu dodow no ara dii ne ho fɛw anaasɛ wɔn adwenem yɛɛ wɔn nãã no, “nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wogye dii; wɔn mu bi ne Dionisio Areopagita ne ɔbea bi a ne din de Damari ne binom a wɔka wɔn ho.”—Asomafo no Nnwuma 17:18, 21-34.

11. Ná Korinto yɛ kurow bɛn, na dɛn na efii asɛm a Paulo kae wɔ hɔ no mu bae?

11 Na Yudafo a wɔdɔɔso yiye wɔ Korinto, enti Paulo kaa asɛm wɔ hyiadan mu de fii ne som adwuma no ase wɔ hɔ. Nanso bere a Yudafo no sɔre tiaa Paulo no, ɔkɔɔ Amanaman mufo no mu. (Asomafo no Nnwuma 18:1-6) Na hwɛ nnipadɔm ara a onyae! Ná Korinto yɛ firamanfiraman kurow a wodi gua wom a adagyew nnim, na na agye dimmɔne wɔ Hela ne Roma ahemman no mu nyinaa wɔ ne bra bɔne ho. Nokwarem no, nea na “Korintoni a obi bɛyɛ” kyerɛ ne sɛ obebu bra bɔne. Nanso, ɛyɛ bere a Yudafo no poo Paulo asɛm no akyi na Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, kasa, . . . na mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu.” (Asomafo no Nnwuma 18:9, 10) Sɛnea ɔkae no, Paulo hyehyɛɛ asafo wɔ Korinto, ɛwom mpo sɛ na emufo no bi de wɔn ho ahyɛ “Korintofo” asetra kwan mu pɛn de.—1 Korintofo 6:9-11.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobegye ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’ Nnɛ

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na asasesin a yɛwɔ nnɛ no te sɛ Paulo bere so de no? (b) Su bɛn na yɛda no adi wɔ nsasesin a Kristoman mu asɔre ahorow agye ntini wɔ mu anaa baabi a asɔre akɛse ama nkurɔfo pii abam abu no mu?

12 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛnnɛ, ‘Onyankopɔn dom de nkwagye ba ma nnipa ahorow nyinaa.’ (Tito 2:11) Asasesin a wɔka asɛmpa no wɔ mu no atrɛw adu nsasepɔn no nyinaa ne ɛpo so nsupɔw no dodow ara so. Na sɛnea na ɛte wɔ Paulo bere so no, wohyia ‘nnipa ahorow nyinaa.’ Sɛ nhwɛso no, yɛn mu binom ka asɛm wɔ nsase a Kristoman mu asɔre ahorow agye ntini wɔ hɔ mfehaha pii. Te sɛ afeha a edi kan no mu Yudafo no, ebia na ɔsom mu atetesɛm adi emufo no ti denneennen. Nanso, yɛde anigye hwehwɛ wɔn a wɔwɔ koma pa no boa wɔn ma wonya nkɔanim wɔ Bible mu nimdeɛ biara a wɔwɔ no mu. Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ wɔn som mu akannifo sɔre tia yɛn na wɔtaa yɛn mpo a, yemmu wɔn abomfiaa anaa animtiaa nso. Mmom no, yenim sɛ wɔn mu bi wɔ “Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ,” ɛwom sɛ wonni nokware nimdeɛ de. Te sɛ Yesu ne Paulo no, yeyi nokware dɔ adi kyerɛ nkurɔfo, na yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya nkwa.—Romafo 10:2.

13 Bere a yɛreka asɛm no, yɛn mu pii hyia nnipa bi a nyamesom akɛse no ama wɔn abam abu. Nanso, ebia na wɔda so ara yɛ Nyamesurofo, a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi kodu baabi, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ ɔbra pa. Wɔ awo ntoatoaso a akyea a ɛrekɔ so yɛ nea ensuro Onyankopɔn yi mu no, so ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yehyia nkurɔfo a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi bi? Na so ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn kwan aba ɔsom a nyaatwom ne atoro nni mu no mu?—Filipifo 2:15.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na yɛanya asasesin kɛse a yɛbɛka asɛmpa no wɔ mu?

14 Wɔ asawu ho bɛ bi a Yesu bui mu no, ɔka siei sɛ asasesin a yɛbɛyɛ asɛnka adwuma wɔ mu no bɛyɛ kɛse. (Mateo 13:47-49) Bere a June 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no rekyerɛkyerɛ ɛbɛ yi mu no, ɛkae wɔ kratafa 20 sɛ: “Wɔ mfehaha no mu no, Kristoman mufo nyaa Onyankopɔn Asɛm a wɔkyerɛɛ ase, wɔhwɛɛ so kyerɛw bi, na wɔkyekyɛe no mu kyɛfa titiriw bi. Akyiri yi asɔre ahorow tew Bible ahyehyɛde ahorow a ɛkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri kasa mu anaasɛ wogyinaa akyi. Wɔsomaa nnuruyɛfo a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo [ne akyerɛkyerɛfo] ma wonyaa nnipa a aduan ne honam fam nneɛma nti wɔbɛyɛ Kristofo nso. Eyinom boaboaa mpataa bebree a enye a wonni Onyankopɔn anim dom ano. Nanso, anyɛ yiye koraa no, wɔmaa nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Kristofo huu Bible no ne Kristosom bi, ɛwom sɛ na wɔasɛe no de.”

15 Kristoman atumi ama nnipa asakra wɔn som wɔ Amerika Kesee fam, Afrika, ne po so nsupɔw bi so titiriw. Wɔ yɛn bere yi so no, wɔahu ahobrɛasefo pii wɔ saa mmeae yi, na yebetumi akɔ so ayɛ ade pa pii, sɛ yenya ahobrɛasefo a wɔte saa ho adwempa na yeyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn, sɛnea Paulo nso nya maa Yudafo ahokafo no a. Nnipa a wɔka wɔn a wohia yɛn mmoa ho nso ne nnipa ɔpepem pii a yebetumi afrɛ wɔn Yehowa Adansefo “nnamfo” no. Sɛ yɛkɔsra wɔn a, wɔn ani gye sɛ wobehu yɛn bere nyinaa. Yɛne ebinom asua Bible, na wɔaba yɛn asafo nhyiam ahorow, titiriw afe afe Kristo wu Nkaedi no. So saafo no nyɛ asasesin kɛse a ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ mu?

16, 17. (a) Nnipa bɛn na yɛde asɛmpa no kɔ wɔn nkyɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yesuasua Paulo wɔ asɛm a yɛka kyerɛ nnipa ahorow no mu?

16 Afei nso, wɔn a wofi aman a ɛnyɛ Kristoman mu—sɛ yehyia wɔn wɔ wɔn kurom anaasɛ wɔyɛ atubrafo wɔ Atɔe fam nsase so no nso ɛ? Na ɔpepem pii a wɔadan wɔn akyi akyerɛ nyamesom koraa, na wɔabɛyɛ nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa nnipa a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no nso ɛ? Bio nso, wɔn a ɛkame ayɛ sɛ nnɛyi nyamesom mu nyansapɛ anaa nimdeɛ a agye din a wotintim wɔ nhoma a ankorankoro tɔ kenkan mu a ɛwɔ nhomatɔnbea agye wɔn adwene no nso ɛ? So ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nnipa a wɔte saa no mu bi so, na yɛfa no sɛ wɔmfata ogye? Sɛ yesuasua ɔsomafo Paulo a, yɛrenyɛ saa.

17 Bere a Paulo reka asɛm wɔ Atene no, ɔne n’atiefo anni anobaabae wɔ nyansapɛ ho. Nanso, ɔmaa ne nsɛm ne nkurɔfo a na ɔne wɔn redi no tebea hyiae, kaa Bible mu nokware ahorow no wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ntease wom so kyerɛɛ wɔn. Saa ara na enhia sɛ yebehu nkurɔfo a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no nyamesom anaa wɔn nyansapɛ ahorow mu. Nanso, yɛsesa ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no mu ma ɛyɛ nea etu mpɔn, na yɛnam saayɛ so ‘yɛ ade nyinaa ma nnipa ahorow nyinaa.’ (1 Korintofo 9:22) Bere a Paulo rekyerɛw krataa akɔma Kolosefo Kristofo no, ɔkyerɛwee sɛ: “Monnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam, na monhwɛ mo adagyew so yiye. Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:5, 6; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

18. Asɛyɛde bɛn na yɛwɔ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da?

18 Te sɛ Yesu ne ɔsomafo Paulo no, momma yenyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa ahorow nyinaa. Ne titiriw no, momma yɛnyere yɛn ho nka Ahenni ho asɛmpa no nkyerɛ afoforo. Nanso, mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Yesu kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ: “Wɔnyɛ wiase fã.” (Yohane 17:16, NW) Yebesusuw nea eyi kyerɛ ma yɛn no ho akɔ akyiri wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Ntimu

◻ Kyerɛkyerɛ Yesu su a ɛkari pɛ a ɔdaa no adi wɔ wiase ho no mu.

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kaa asɛm kyerɛɛ Yudafo ne Yudafo ahokafo no?

◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo kɔɔ Nyamesurofo ne wɔn a wonnye nni nkyɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ ‘ade nyinaa ama nnipa ahorow nyinaa’ wɔ yɛn asɛnka adwuma mu?

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Mpɛn pii na Kristofo nam ayamye a woyi no adi kyerɛ wɔn afipamfo so betumi ayi wɔn ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ no afi hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena