Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 32
  • Bere a Wɔhwehwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wɔhwehwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 32

Bere a Wɔhwehwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan

MFONINI a ɛwɔ saa kratafa yi yɛ Acropolis a ɛwɔ Atene no, beae titiriw a na anka wɔsom anyame ne anyamewa pii no. Acropolis no ase na Areopago a wose na tete mmere mu asennibea bi wɔ hɔ no wɔ. Ɛha na bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, ɔsomafo Paulo gyina maa ɔkasa bi a ɛda nsow ampa no. Nsɛm a ɔkae no bi na edi hɔ yi:

“[Onyankopɔn] maa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ [Onyankopɔn] sɛ ebia wobɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.”​—Asomafo no Nnwuma 17:26-28.

Sɛ adesamma nyinaa tiee Paulo nsɛm yi a, hwɛ sɛnea anka abakɔsɛm bɛyɛ soronko! Sɛ adesamma tumi huu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ biako esiane sɛ wɔyɛ onipa biako a Amansan Hene Yehowa bɔɔ no no asefo nti a, hwɛ akodi ne amanehunu bebrebe a anka wobetumi akwati.

Ɛnnɛ, ɔmampɛ, nnipa mu nyiyim, mmusua mu ɔtan, ne asetra mu nsisi apaapae adesamma mu. Nanso, Paulo nsɛm no fa yɛn ho ara. Yɛn nyinaa yɛ saa onipa biako a Onyankopɔn bɔɔ no no asefo. Wɔ saa ntease no mu no, yɛn nyinaa yɛ anuanom. Ɛnkaa akyi koraa sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bere a yebetumi ahu no no.

Sɛ yesusuw Paulo ɔkasa no mu nsɛm a etwa to no ho a, sɛnea ɛyɛ aniberesɛm no yɛ kɛse. Ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn ayi] da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”

Yesu wusɔre no yɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm, na sɛnea Paula kyerɛ no, ɛyɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ adesamma atemmu da bi bɛba ampa. Bere bɛn? Wiɛ, yenim sɛ ɛreyɛ adu mfe 2,000 ni a Paulo gyinaa Areopago no so kaa saa nsɛm no. Nokwarem no, Bible nkɔmhyɛ mmamu ma ɛda adi sɛ abɛn yiye. Aniberesɛm bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea egye ntɛmpɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan wɔ nokwarem, esiane sɛ, sɛnea Paulo ka kyerɛɛ Atenefo no, “afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene” nti!​—Asomafo no Nnwuma 17:30, 31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena