Sɛnea Wɔada “Yehowa Adwene” Adi Mprempren No A Yebegye Atom
1. Ɔman bɛn na ebesii honam fam Israel ananmu no, na wɔ apam bɛn mu?
ONYANKOPƆN Ba no ayɛ obi a ɔsen odiyifo Mose a na ɔyɛ Onyankopɔn ne honam fam Israel ntam mmara apam no ntamgyinafo no. Yesu Kristo abɛyɛ Yehowa apam foforo a wɔhyɛɛ ho nkɔm no Ntamgyinafo a wɔapaw no. Ɔne ɔman a ebesii tete honam fam Israel ananmu a ɛyɛ honhom mu Israel, “Nyankopɔn Israel” no na ɛyɛɛ saa apam yi. (Galatifo 6:16) Mmarasɛm Du no ne apam no mmara afoforo a ɛka ho nyinaa a ɔbarima Mose a ɔnyɛ pɛ no yɛɛ ne ntamgyinafo no yɛ nea wɔde nsa kyerɛw guu nhoma so a ɛnyɛ nea wɔkyerɛwee wɔ honam fam Yudafo twetiafo, anaa Israelfo no adwene ne wɔn koma so. Bere a Yehowa Nyankopɔn huu huammɔdi a ɛfa Mose Mmara apam no ho no, ɔnam odiyifo Yeremia so ka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ apam foforo, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yeremia 31:31-34 no.
2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ apam no Ntamgyinafo? (b) Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na eyi fii ase dii dwuma?
2 Yesu Kristo de n’ankasa nkwa mogya na ɛsow saa “apam foforo” a wɔhyɛɛ ho bɔ no ano bere a ɔde koma a abubu wui wɔ asɛndua no so wɔ Yerusalem kurow no akyi no. Anadwo ansa na ɔrebewu a na ɔne n’asomafo anokwafo no redi ne Twam afahyɛ a etwa to de adi Mose Mmara apam no so no, Yesu de kuruwa a bobesa wom no maa wɔn na ɔkyerɛɛ ade foforo a egyina hɔ ma no, sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:20; 1 Korintofo 11:23-26) Saa kwan yi so no, ɔbɛyɛɛ saa apam foforo a ɛdaa adi sɛ ɛyɛ “apam a ɛkyɛn” Mose Mmara apam no Ntamgyinafo. (Hebrifo 8:6; 9:11-28) Enti efi saa bere no a ɔde bo a ne nkwa mogya no som kɔkyerɛe wɔ soro wɔ 33 Y.B. mu no, wayɛ Ntamgyinafo ama asuafo a Yehowa Nyankopɔn de wɔn ba apam foforo no mu no.—1 Timoteo 2:5, 6.
3. Sɛnea Hebrifo 10:15, 16 kyerɛ no, ɛhe na Yehowa kyerɛw apam yi mmara no gu?
3 Bere a ɔreka apam foforo no ho asɛm wɔ Hebrifo 10:15, 16 no, ɔsomafo no faa Yeremia nkɔmhyɛ no kae, sɛnea Hela Septuagint Version no kyerɛ no, na ɔkyerɛwee sɛ: “Bio nso, honhom kronkron no di adanse ma yɛn, efisɛ ɔkae kan sɛ: ‘“Eyi ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Yehowa na ose: Mede me mmara mɛhyɛ wɔn komam [kar·diʹas], na makyerɛw wɔ wɔn adwenem [di·aʹnoi·an].’””
4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsono sɛnkyerɛnne kwan so koma no ne adwene no? (b) Nea ɛne Dwom 119 hyia no, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ apam foforo no mu de koma ne adwene no di dwuma? (d) Bere bɛn na wofii Onyankopɔn mmara a wɔkyerɛw gu koma so ne adwene mu no ase?
4 Nea ɛne sɛnkyerɛnne kwan so koma ne adwene no dwumadi hyia no, Kristofo a wɔde wɔn aba apam foforo no mu denam Kristo a ɔyɛ Ntamgyinafo no so no de wɔn koma bɛdɔ Yehowa mmara, na ɛbɛkanyan wɔn ma wɔadi saa mmara horow no so na wɔbɛkae saa ɔsoro mmara horow no nso kɛse. Sɛnea odwontofo no kaa no no, “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene [“nea misusuw ho.” Revised Standard Version; Authorized Version] daa adesae.” (Dwom 119:97) Yehowa mmara a wɔde hyɛ Kristo asuafo no sɛnkyerɛnne kwan so koma mu na wɔkyerɛw gu wɔn adwenem no fii ase Pentekoste da no wɔ 33 Y.B. mu. Saa bere no na wohwiee honhom kronkron guu Yesu Kristo asuafo a na wɔretwɛn no so na “tɛkrɛma a wɔapaapae mu a ɛte sɛ ogya” a wohu besisii asuafo 120 atifi na wofii ase kasaa kasa foforo a wonsuae da. Ɛyɛ anwonwade ampa! Adanse a wodii wɔn a na wogyina hɔ rehwɛ no ma wɔbɔɔ nnipa 3,000 asu sɛ nnipa a wogye Yesu di sɛ ɔne Kristo, anaa Mesia no, na wɔde wɔn baa apam foforo no mu a ɔne ne Ntamgyinafo.—Asomafo no Nnwuma, ti 2; Yoel 2:28-32.
5. Henanom na nnɛ wɔde wɔn aba apam foforo no mu, na adanse bɛn na ɛda eyinom adi sɛ wɔyɛ “nnubaa”?
5 Ɛnnɛ, wɔ mfirihyia 1,900 akyi no, “Nyankopɔn Israel” no nkaefo bi wɔ hɔ a wɔda no adi sɛ wɔde wɔn aba apam foforo no mu, wɔde honhom kronkron abɔ wɔn asu. Wɔda no adi sɛ wɔde Yehowa Nyankopɔn mmara ahyɛ wɔn sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu na wɔakyerɛw wɔ wɔn adwenem. Wɔreyɛ nea wɔn Ntamgyinafo no ka too hɔ a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:14 ne Marko 13:10 no. Wɔyɛ “nnubaa” wɔ saa honhom mu ngo dua a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ Romafo ti 11 no so na wɔsow aba pii.
6. (a) Yehowa “adwene” no fã foforo bɛn na wɔada no adi fi 1935? (b) Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no de ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn “mmara” ma nnɛ bere yi ho adanse a emu da hɔ ma?
6 Efi Washington D.C. nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ afe 1935 mu no so no, wɔada Yehowa “adwene” no fã foforo adi. Dɛn na na ɛwɔ Yehowa “adwene” mu wɔ “nnipakuw kɛse” a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no ho? Saa nnipadɔm a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm a woyi Yehowa Nyankopɔn ne ne Guammaa, Yesu Kristo ayɛ na wɔsom Onyankopɔn wɔ ne sɛnkyerɛnne kwan so asɔrefi no daa adi fii 1935 mu. Wɔde afoforo abɛka nnipa 840 a wɔbɔɔ asu wɔ ɛno akyi wɔ Washington, Memeneda, June 1, no ho fi saa bere no abedu nnɛ. Ɛnnɛ, wɔ wiase nyinaa no, Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo “nguan foforo” yi a wɔn dodow boro ɔpepem abien wɔ hɔ a wɔne apam foforo no difo a wɔde honhom awo wɔn no bɔ bere nyinaa na wonya Ahenni adansedi adwuma no mu kyɛfa sɛnea wɔaka ato hɔ wɔ Mateo 24:14 no. (Yohane 10:16) Te sɛ odwontofo no, wɔde adanse a emu da ho ma sɛ wodɔ Yehowa “mmara” ma “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” no, ne sɛ, saa “mmara” yi yɛ biribi a wosusuw ho wɔ wɔn adwenem na wɔma ɛtra wɔn koma mu.
Nkwagye Denam Gyidi Ne Mpaemuka So
7, 8. (a.) So nkwagye gyina tirim nimdeɛ ara kwa so? (b) Dɛn na Romafo 10:5-10 ka wɔ dwuma a sɛnkyerɛnne kwan so koma ne adwene no bom di ho?
7 Nkwa a wobenya, sɛ́ ɛyɛ nea ɛkɔ Yehowa Ahenni no mu wɔ soro anaa nea ɛkɔ Paradise asase so wɔ Yesu Kristo mfirihyia apem ahenni no ase no, nyɛ asɛm a ɛfa tirim nimdeɛ, nea ɛfa adwene no ho ara kwa. Ɔsomafo Paulo da eyi adi pefee wɔ Romafo 10:5-10. Ɛhɔ na ɔka asemmisa a efa Kristofo a na wɔwɔ honam fam koma ankasa a ɛnyɛ obi de a woayi ama wɔn anaa biribi a nnuruyɛfo ayɛ de asi koma no ananmu no ho asɛm. Ɔka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ:
8 “Na Mose kyerɛw trenee a efi mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a odi eyi so no benya mu nkwa. Na sɛ trenee a efi gyidi mu no ka ni: Nka wo koma mu sɛ: Hena na ɔbɛforo ako ɔsoro? Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo besian; anaasɛ hena na obesian akɔ ebun mu? Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo befi awufo mu aba. Na mmom ese dɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anom ne wo koma mu, ɛne gyidi asɛm a yɛka no. Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade; na wode wo koma gye di sɛ Onyankopɔn anyan no afi awufo mu a, wobegye wo nkwa. Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”
9. (a) Gye a wobegye obi no hwehwɛ dɛn, na dɛn nti na wubua saa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni gye di ankasa wɔ ne koma mu? (d) Su bɛn na na Atenefo no kura, na dɛn ntia?
9 Eyi kyerɛ sɛ asɛm no yɛ nea esian kɔ obi mu pɛɛ sen ne nsusuwii anaa adwene no mu a ɛkɔ. Ɛnyɛ nsɛm ano ara kwa a wɔboaboa na wosusuw ho wɔ adwene no mu a wotumi san tĩ mu ka. Ɛnyɛ adwene no ne ne nimdeɛ no ne asɛm no; nea ɛkanyan obi no ne nea ɛho hia wɔ ha wɔ Onyankopɔn anim. Ɛsɛ sɛ Kristoni gyidi no yɛ nea sɛnkyerɛnne kwan so koma no na ɛkanyan no. Ɛsɛ sɛ ɔde ne koma nyinaa gye Kristo wusɔre no di, esiane anwonwade a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yɛe yi ho anisɔ a efi koma mu nti. Eyi yɛ biribi a na Kristo ankasa rentumi nyɛ na saa ara na na onipa foforo bi rentumi nyɛ, a ɛne nyan a Onyankopɔn nyan ne Ba a wawu no kɔɔ ɔsoro asetra mu no. (2 Korintofo 4:13) Yɛkae sɛ Atene anyansafo a na wɔwɔ ɔsomafo Paulo bere so no “dii fɛw” wɔ nneɛma bi mu bere a wɔtee “awufo sɔre” ho asɛm no, na afoforo ansi gyinae amonom hɔ ara wɔ asɛm no ho na mmom wɔkae sɛ: “Yebetie wo asɛm yi ho bio.” Nimdeɛ a na ayɛ wɔn adwenem ma no amma wɔannye asɛm no antom, ɛwom sɛ na egyina nokwasɛm ankasa so de. Kakraa bi na wogye dii na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ho.—Asomafo no Nnwuma 17:21, 32-34.
10. (a) Ɛsɛ sɛ koma no kanyan obi ma ɔyɛ dɛn? (b) Enti nneɛma abien bɛn na Yehowa hwehwɛ?
10 Enti ɛsɛ sɛ obi koma kanyan no ma ogye di. Ɛsɛ sɛ ɔde ne koma gye di. Sɛ nea wagye adi no yɛ eyi a, ɛnde koma no—onipa a ɔyɛ wɔ ne mu no—bɛkanyan no ma ɔde n’ano apae mu aka wɔ baguam. Ɛsɛ sɛ ɔde ne koma nyinaa gye di. Ano a wɔde pae mu ka wɔ baguam a koma a egye di na akanyan no bedi akyi. Sɛ wɔbɔ obi a wagye adi asu wɔ nsu mu de yɛ ne ho so a wahyira ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so no ho sɛnkyerɛnne a, na ɔreyɛ baguam mpaemuka a ɛde kɔ nkwagye mu. Ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu nko na Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ sɛ ebia gyidi a ano yɛ den wom na mmom otie baguam mpaemuka no nso.
Nokware A Yɛbɛkɔ So Adi Esiane Koma A “Edi Mũ” Nti
11. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Dawid tumi kɔɔ so dii nokware maa Yehowa? (b) Ɛmfa ho sɛ ɔyɛɛ bɔne no, dɛn nti na Dawid tumi bɔɔ mpae sɛnea ɛwɔ Dwom 86:11 no? (d) Hena na odii Dawid nhwɛso fɛfɛ no akyi?
11 Te sɛ nnipa afoforo a yɛaka nyinaa no, wɔwoo Dawid a ɔtraa ase tete mmere mu no wɔ amumɔyɛ mu na wonyinsɛn no wɔ bɔne mu, nanso ɔkɔɔ so dii ne Nyankopɔn, Yehowa, no nokware, esiane sɛ na ɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma a “edi mu” wɔ Israel man Nyankopɔn no ho nti. (Dwom 51:5) Wɔde eyi ho adanse ma wɔ 1 Ahene 15:3: “Ne [Abiam] koma anni mũ [Yehowa] ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.” Ampa, Dawid ne Hetini Uria yere yɛɛ bɔne kɛse, nanso onnuu ne ho nokwarem wɔ eyi ho na ne koma anyɛ ntanta na anhinhim wɔ ne ho a na ɔde ama Yehowa sɛ ne Nyankopɔn no mu. (1 Ahene 15:4, 5) Ná Dawid betumi de ntease pa abɔ mpae sɛ: “Ka me koma bom ma ensuro wo din.” (Dwom 86:11) Ɔyɛɛ nhwɛso pa maa wɔn a wodii n’akyi wɔ Israel ahenni mu no, na Ɔhene Asa suaa Dawid wɔ eyi mu, efisɛ yɛkenkan wɔ 1 Ahene 15:14 sɛ: “Asa koma dii mũ [Yehowa] ho ne nna nyinaa.”
12. Dɛn na egye akokoduru ne nokwaredi, na ɔkwan bɛn so na Hesekia kyerɛɛ eyi?
12 Nokwarem, egye akokoduru ne nokwaredi kɛse na obi asrɛ, wapa ɔkronkronni Nyankopɔn, ɔdesani koma mu Hwehwɛfo, no kyɛw sɛ onhu no mmɔbɔ na onsusuw ne ho wɔ ɔdɔ mu. Nanso eyi ne nea Ɔhene Hesekia a na ɔwɔ Israel no yɛe. Bere a ɔyare bi a na ɔkwan biara so nea ebefi mu aba bɛyɛ bɔne, gye sɛ ne Nyankopɔn de ne ho agye mu, bɔɔ no no, Hesekia bɔɔ mpae sɛ: “Mekotɔ srɛ wo, O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a edi mũ mu, na nea eye wɔ w’ani so na mayɛ.”—Yesaia 38:3, NW.
13. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ma ɛtra wɔn adwenem daa de di Yesu nhwɛso no akyi?
13 Esiane nhwɛso a ɛte sɛɛ nti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔne Yesu Kristo ayɛ ‘ahenni apam’ wɔ soro no ma asɛyɛde a ɛne sɛ ‘wɔde koma a edi mũ’ bɛnantew Yehowa anim no tra wɔn adwenem daa. Te sɛ ne tete agya Dawid a na ɔyɛ ɔhene no, bere a na Yesu Kristo wɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no, ‘ɔde koma a edi mũ’ nantew ne soro Agya, Yehowa, anim. Enti ɛyɛɛ Yehowa Nyankopɔn, Ɔhene-sifo, no anisɔ kɛse sɛ ɔde tumi no bɛma no wɔ ɔsoro Ahenni no mu na wadi hene sɛ “Ahene mu hene ne awuranom mu awurade” wɔ hɔ a n’asuafo a wokuraa wɔn mudi mu no ka ne ho sɛ ahene ne awuranom nketewa.—Luka 22:29; Adiyisɛm 19:16.
14. Esiane dɛn nti na wɔde “nguan foforo” no aba “kuw biako” no mu wɔ “ɔhwɛfo biako” ase?
14 “Nnipakuw kɛse” a wɔyɛ Kristo “nguan foforo” no hwɛ kwan sɛ wɔn na wobedi kan ahyɛn Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 mfirihyia apem ahenni no mu anikan so. (Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16; Adiyisɛm 14:1; 20:4-6) Efi saa 1935 afe titiriw no so no, “nnipakuw kɛse” no de wɔn ho abɔ Ahenni adedifo nkaefo a wɔde koma a edi mũ renantew Yehowa anim no ho. Esiane sɛ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, “nguan foforo” yi hwehwɛ sɛ ‘wɔde koma a edi mũ’ bɛnantew Yehowa Nyankopɔn anim nti, mprempren wɔne Ahenni adedifo nkaefo no ayɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako,” Yesu Kristo ase. Esiane sɛ wɔde koma a ɛbom, nea edi mũ sɛɛ kura wɔn mudi mu nti, wobenya hokwan kɛse atew Onyankopɔn a wɔyɛ n’adansefo, a ɔne Yehowa no amansan tumidi no ho.—Yesaia 43:10, 12.
15. Dɛn na yɛn nyinaa betumi de aseda ama wɔ ho mprempren?
15 Ɔkwan a ɛte sɛɛ so na yɛn nyinaa, sɛ́ Onyankopɔn Ba, Oguanhwɛfo Pa, no asuafo no regye Yehowa “adwene” a wɔada no adi mprempren ama n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no atom. Hwɛ aseda ara a ɛsɛ sɛ yɛde ma sɛ ɔsorosoroni Nyankopɔn no ada nea edii kan baa ‘n’adwene’ mu no adi akyerɛ yɛn a ɛnyɛ nea efi onipa a ɔyɛ honam ne nnompe! Esiane eyi nti ɛka yɛn ma yesusuw nneɛma ho sɛnea Yehowa yɛ wɔ n’anuonyam atirimpɔw ho no.
16, 17. (a) Wɔ 1 Korintofo 2:16 no, dɛn na wɔakyerɛ wɔ “Yehowa adwene” ne “Kristo adwene” ho? (b) Dɛn na Filipifo 2:5-8 da no adi wɔ Kristo “adwene” ho.
16 Yɛn ani sɔ nea wɔakyerɛw ama yɛn wɔ 1 Korintofo 2:16 no, a ɛne sɛ: “Na hena na ohuu [Yehowa] adwene sɛ obetumi akyerɛkyerɛ no”? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.” Hela asɛmfua ma “adwene” wɔ n’abien nyinaa mu wɔ ha ne nous.
17 Akyinnye biara nni ho, ná Kristo “adwene” ne “Yehowa adwene” hyia. Asɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Filipifo 2:5-8 no boa yɛn ma yehu Onyankopɔn Ba no “adwene” bere a na onnya mmɛyɛɛ onipa no, efisɛ yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu ho faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.”
18. Dɛn na na wɔhwɛ kwan sɛ Ɔba no bɛyɛ wɔ ɔne Agya no “adwene” a ebehyia no mu?
18 Ná ɛwɔ Yehowa Nyankopɔn adwene mu sɛ obegye adesamma afi daa owu mu, na na ɛyɛ Onyankopɔn Ba koro no pɛ sɛ ɔne ne soro Agya no adwene behyia wɔ eyi mu, ɛwom sɛ na eyi bɛkyerɛ amanehunu a emu yɛ den ama no wɔ asase so de.
19. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no adi dwuma wɔ Yehowa “adwene” ho? (b) Ade a ɛfa “Kristo adwene” ho bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren?
19 Nea ɛne no hyia no, sɛ ɛnnɛ yɛpɛ sɛ yegye “Yehowa adwene” tom a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase saa ara te sɛ Kristo na yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa apɛde ase koraa a ɛnka biribiara. Eyi ma yɛba bɛyɛ adansefo ma Yehowa na bere a ɔdɔ ne nokwaredi koma [kar·diʹa] akanyan yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea na ɛwɔ Yesu Kristo adwene a ehu ade kɔ akyiri no mu no, bere a ɔkae sɛ: “Wobɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” de akosi awiei no.—Mateo 24:14; Marko 13:10.
20. (a) Dɛn na ɛma yɛde biakoyɛ yɛ ade wɔ wiase nyinaa mprempren no? (b) Yiyedi bɛn mu anigye na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ kuw a wɔbom biako no renya mprempren?
20 Yɛn a yɛyɛ adansefo ma ɔsorosoroni Nyankopɔn nnɛ a yɛahyira yɛn ho so agye asubɔ nyinaa pɛ sɛ ‘yenya adwene koro’ wɔ ɔsom hokwan yi mu. (Filipifo 4:2) Eyi ma yɛde biakoyɛ yɛ ade wɔ wiase nyinaa. Esiane saa a yɛyɛ nti, Yehowa Nyankopɔn ahyira “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ Kristo “nguan foforo” no ne Kristo Ahenni adedifo a wɔasra wɔn nkaefo no nyinaa ma wodi yiye wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so wɔ wiase nyinaa nnɛ wɔ “nguan foforo” no nyinaa a wɔboaboa wɔn ano ne kɔkɔbɔ a etwa to a wɔde ma adesamma nyinaa ansa na n’anuonyam nkonimdi ne n’amansan tumidi a wɔbɛtew ho wɔ Harmagedon no aba no mu.—Adiyisɛm 16:16.
Nsemmisa bi mu ntimũ:
◻ Ɔkwan bɛn so na “koma” ne “adwene” no ayɛ nea ɛho hia wɔ apam foforo “mmara” a Yehowa kyerɛw no mu?
◻ Nneɛma abien bɛn na ɛho hia na ama obi anya nkwagye?
◻ Ɔkwan bɛn so na koma a “edi mũ” boa yɛn ma yɛkɔ so di nokware?
◻ Ɔkwan bɛn so no yebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ “Yehowa adwene” ne “Kristo adwene”?
[Kratafa 18 adaka]
“Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase.”—Mmebusɛm 12:8.
[Kratafa 15 mfoni]
Yehowa akyerɛw n’apam foforo “mmara” no wɔ wɔn a wɔasra wɔn no koma ne adwene mu. Nea ɛyɛ anigye no, “nguan foforo” abɛka wɔn ho mprempren wɔ ɔsom kronn mu
[Kratafa 17 mfoni]
Hesekia daa koma a “edi mũ” adi bere a na ɔrehu amane no. Yebetumi ayɛ saa