Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Adɛn Nti Na Bɔne Wɔ Wiase Na Nnipa Rebrɛ Saa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 26. Abofra bi apira da ayaresabea, na n’awofo te ne nkyɛn. Wohwɛ wɔn anim a, wuhu sɛ wɔn yam hyehye wɔn paa.

      ADESUA 26

      Adɛn Nti Na Bɔne Wɔ Wiase Na Nnipa Rebrɛ Saa?

      Sɛ awerɛhosɛm bi si a, asɛm baako a nkurɔfo taa bisa ne sɛ “Adɛn?” Ɛyɛ a wonhu nea enti a aba saa. Nanso anigyesɛm bi wɔ hɔ. Ɛne sɛ, Bible ma yenya saa asɛm yi ho mmuae a ɛtɔ asom paa!

      1. Dɛn na Satan yɛe a ɛkɔfaa bɔne baa wiase?

      Satan Ɔbonsam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Ná ɔpɛ sɛ odi afoforo so tumi, enti ɔmaa Adam ne Hawa nso tew Yehowa so atua. Nea Satan yɛe ne sɛ, ɔdaadaa Hawa. (Genesis 3:1-5) Ɔmaa Hawa nyaa adwene sɛ Yehowa de biribi papa bi asie no. Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ, sɛ nnipa antie Onyankopɔn a wɔn ani begye paa. Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ ɔrenwu. Saa asɛm no, ɛno ne atosɛm a edi kan koraa. Ɛno nti, Bible ka sɛ Satan yɛ “ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.

      2. Gyinae bɛn na Adam ne Hawa sii?

      Nea na Adam ne Hawa hia nyinaa, Yehowa yii ne yam de maa wɔn. Nnuaba a na ɛwɔ Eden turom hɔ nyinaa, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wobetumi adi nea wɔpɛ biara. Nanso dua baako bi de, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wonni. (Genesis 2:15-17) Nea ɔkae nyinaa akyi no, wodii aduaba no. Hawa na odii kan ‘tew aduaba no bi dii,’ ɛnna akyiri yi, Adam nso ‘dii bi.’ (Genesis 3:6) Wɔn mmienu nyinaa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Ná ɛnyɛ den koraa sɛ Adam ne Hawa bɛyɛ nea ɛteɛ, efisɛ na bɔne nni wɔn ho, nanso wɔhyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Nea wɔyɛe no, na ɛyɛ bɔne, na na wɔrepɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hokwan sɛ ɔkyerɛ wɔn nea eye ne nea enye. Nea wɔyɛe no kɔfaa amanehunu bebree brɛɛ wɔn.—Genesis 3:16-19.

      3. Nea Adam ne Hawa yɛe no, dɛn na akɔfa abrɛ yɛn?

      Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, wɔbɛyɛɛ abɔnefo, na wɔde bɔne woo wɔn asefo nyinaa. Bible ka Adam ho asɛm sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”—Romafo 5:12.

      Nneɛma a ɛma yehu amane no gu ahorow. Ɛtɔ da a, amane a yehu no, ɛyɛ yɛn ara yɛn mfomso na ɛkɔfa ba. Ebi wɔ hɔ nso a, mfomso a afoforo di no na ɛkɔfa ɔhaw brɛ yɛn. Ɛtɔ da nso a, biribi a yɛnhwɛ kwan tumi to yɛn ma yehu amane.—Kenkan Ɔsɛnkafo 9:11.

      SUA PII KA HO

      Bɔne ne amanehunu a ɛrekɔ so nnɛ no, adɛn nti na yɛrentumi mfa ɛho asodi nto Onyankopɔn so? Afei nso sɛ yehu amane a, ɛyɛ a ɔte nka sɛn? Ɔfã yi bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

      4. Amane a nnipa rehu nnɛ no, hena na ɔhyɛ akyi?

      Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn na odi wiase yi so. Nanso wohwɛ a, saa asɛm yi yɛ nokware? Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Hena Na Odi Wiase Yi So? (1:24)

      Monkenkan Yakobo 1:13 ne 1 Yohane 5:19. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Bɔne ne amanehunu a ɛrekɔ so no, Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi anaa?

      5. Efi bere a Satan fii ase sɛ ɔredi tumi no, dɛn na akɔfa aba?

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?—Ne Fã Bi (3:07)

      Monkenkan Genesis 3:1-6. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Atosɛm bɛn na Satan kae?—Hwɛ nkyekyɛm 4 ne 5.

      • Ná Satan pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Yehowa de biribi asie nnipa. Dɛn na ɔkae a ɛkyerɛ saa?

      • Dɛn na Satan kae a ɛkyerɛ sɛ enhia sɛ Yehowa di nnipa so Hene ansa na wɔn ani agye?

      Monkenkan Ɔsɛnkafo 8:9. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Esiane sɛ ɛnyɛ Yehowa na odi wiase yi so nti, nneɛma te sɛn wɔ wiase yi mu?

      Mfoni ahorow: Ɛfa sɛnea asaase no te ne sɛnea daakye ɛbɛdan Paradise ho. A. Paradise asaase a ɛyɛ fɛ. B. Aban ahorow a adi nnipa so no de atoro som, mpaapaemu, akodi, ne efĩ ahyɛ asaase so ma. Wɔn mu bi ne Egypt, China, Greece, Rome, Great Britain, ne United States. D. Asaase no asan adan Paradise.
      1. A. Ná bɔne biara nni Adam ne Hawa ho, na na wɔte Paradise. Nanso wokodii Satan akyi yɛɛ Yehowa so asoɔden

      2. B. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, ɛkɔfaa bɔne, amanehunu, ne owu baa wiase

      3. D. Yehowa beyi bɔne, amanehunu, ne owu afi hɔ. Nnipa bɛde wɔn ho afi bɔne ho, na wɔatena ase daa wɔ Paradise

      6. Sɛ yehu amane a, ɛhaw Yehowa

      Sɛ yehu amane a, ɛyɛ a ɛmfa Onyankopɔn ho anaa? Hwɛ nea Ɔhene Dawid ne ɔsomafo Petro kae. Monkenkan Dwom 31:7 ne 1 Petro 5:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Kyerɛwnsɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yehu amane a, Yehowa hu, na ɛhaw no nso. Wei ma wote nka sɛn?

      7. Amane a nnipa rehu no, Onyankopɔn beyi ne nyinaa afi hɔ

      Monkenkan Yesaia 65:17 ne Adiyisɛm 21:3, 4. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Kyerɛwnsɛm yi ma yehu sɛ ateetee ne ɔbrɛ a nnipa refa mu no, ɛrenkyɛ Yehowa beyi ne nyinaa afi hɔ. Wei ma wote nka sɛn?

      Wunim biribi?

      Bere a Satan kaa atosɛm a edi kan no, oguu Yehowa din ho fĩ, kyerɛ sɛ ɔsɛee Yehowa din. Ná ɔpɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ Onyankopɔn nyɛ Sodifo papa, na ɔnnɔ nnipa. Ɛrenkyɛ biara, Yehowa beyi amane a nnipa rehu nyinaa afi hɔ na ɔbɛtew ne din ho. Anaa yɛbɛka a, ɔbɛma obiara ahu sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi nnipa so. Yehowa din a ɛho bɛtew ho hia sen biribiara wɔ amansan yi mu.—Mateo 6:9, 10.

      EBINOM KA SƐ: “Amane a yehu no, ne nyinaa yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe.”

      • Obi ka saa a, dɛn na wobɛka?

      NEA YƐASUA

      Bɔne a abu so wɔ wiase no, ne nyinaa fi Satan Ɔbonsam ne nnipa mmienu a wodi kan no. Amane a yɛrehu no haw Yehowa paa, na ɛrenkyɛ obeyi ne nyinaa afi hɔ.

      Ntimu

      • Atosɛm bɛn na Satan Ɔbonsam ka kyerɛɛ Hawa?

      • Dɛn na Adam ne Hawa asoɔden no akɔfa abrɛ yɛn?

      • Yɛyɛ dɛn hu sɛ amane a yɛrehu no haw Yehowa?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Yɛka bɔne a ɛkyerɛ sɛn? Hwɛ nea Bible no ka.

      “Dɛn Ne Bɔne?” (Ɛwɔ jw.org)

      Atosɛm a Satan ka faa Onyankopɔn ho wɔ Eden turo no mu no, kenkan saa asɛm yi, na wubehu ɛho nsɛm pii.

      “Adɛn Nti na Onyankopɔn Ama Kwan Ma Amanehunu Rekɔ So?” (Ɔwɛn-Aban, January 1, 2014)

      Bere bi awerɛhosɛm bi sii, na ebesi nnɛ nyinaa, nnipa pii nhu nea enti a ɛbaa saa. Kenkan saa asɛm yi, na wubenya mmuae a ɛbɛma wo koma atɔ wo yam.

      “Adɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Kwan Maa Nasi Aban No Kunkum Nnipa Pii? Adɛn Nti Na Wansiw Ano?” (Ɛwɔ jw.org)

      Ɔbarima bi behuu nea enti a nnipa rehu amane. Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea ɛboaa no.

      Yehowa Ka Me Ho (5:09)

  • Ɔkwan Bɛn So Na Yesu Wu No Betumi Agye Yɛn Nkwa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Asoɔden a Adam ne Hawa yɛe nti, seesei bɔne wɔ yɛn ho, yehu amane, na yewuwu.a Nanso, wei nkyerɛ sɛ anidaso nyinaa asa. Bɔne ne owu a abɛsɛn amansan kɔn mu no, Yehowa nam ne ba Yesu Kristo so bɛma yɛade yɛn ho afi ho. Bible ma yehu sɛ Yesu de ne nkwa too hɔ de yɛɛ agyede maa yɛn. Yɛka agyede a, ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ biribi a yetua de gye obi. Enti, Yehowa de Yesu nkwa a edi mu a bɔne biara nni ho no na ɛyɛɛ agyede maa yɛn. (Kenkan Mateo 20:28.) Hokwan a na anka Yesu wɔ sɛ ɔbɛtena ase daa wɔ asaase so no, ɔde bɔɔ afɔre. Ofi ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛka biribiara a Adam ne Hawa hweree no. Yesu san kyerɛe sɛ ɔne Yehowa dɔ yɛn paa. Adesua yi bɛboa wo ama woakyerɛ Yesu wu no ho anisɔ paa.

      1. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya Yesu wu no so mfaso nnɛ?

      Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, yɛyɛ nneɛma pii a Yehowa ani nnye ho. Nanso sɛ yenu yɛn ho, yɛbɔ Yehowa mpae wɔ Yesu din mu srɛ no sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenyɛ saa bɔne no bio a, ɔde bɛkyɛ yɛn, na yɛne no ntam bɛyɛ kama paa. (1 Yohane 2:1) Bible ka sɛ: “Bɔne nti Kristo wui prɛko; ɔtreneeni wu maa abɔnefo na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn.”—1 Petro 3:18.

      2. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya Yesu wu no so mfaso daakye?

      Yehowa somaa Yesu sɛ ɔmfa ne nkwa a bɔne biara nni ho no mmɛbɔ afɔre “na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nea Yesu yɛe nti, ɛrenkyɛ, nneɛma bɔne a Adam asoɔden no akɔfa aba nyinaa, Yehowa beyi afi hɔ. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yenya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a, yebetumi atena ase daa wɔ paradise asaase so!—Yesaia 65:21-23.

      SUA PII KA HO

      Ɔfã yi bɛma yɛahu nea enti a Yesu de ne nkwa too hɔ maa yɛn no ho ade pii, na ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea wubetumi anya ne wu no so mfaso.

      3. Yesu wu no agye yɛn afi bɔne ne owu mu

      Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Adɛn Nti na Yesu Wui?—Ɔfã 1 (2:01)

      • Bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, dɛn na ɔhweree?

      Monkenkan Romafo 5:12. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Bɔne a Adam yɛe no, ɔhaw bɛn na akɔfa abrɛ wo?

      Monkenkan Yohane 3:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Adɛn nti na Yehowa somaa ne Ba no baa asaase so?

      A. Mfoni ahorow: 1. Wei yɛ bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no. 2. Obi awu ama wɔrekosie no. Mfoni ahorow: A. Wei yɛ bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no. B. Yesu Kristo. B. Mfoni ahorow: 1. Yesu Kristo. 2. Nnipa ahorow-ahorow; ɛsono mfe a wɔadi, wɔn amammerɛ ne ɔman a wofi mu.
      1. A. Ná Adam yɛ ɔbarima a bɔne nni ne ho. Nanso ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɔkɔfaa bɔne ne owu brɛɛ nnipa nyinaa

      2. B. Ná Yesu yɛ ɔbarima a bɔne nni ne ho. Esiane sɛ otiee Onyankopɔn nti, wama ayɛ yiye sɛ nnipa bɛde wɔn ho afi bɔne ho, na wɔatena ase daa

      4. Nnipa nyinaa betumi anya Yesu wu no so mfaso

      Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Adɛn Nti na Yesu Wui?—Ɔfã 2 (2:00)

      • Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye sɛ ɔbaakofo bewu agye nnipa nyinaa?

      Monkenkan 1 Timoteo 2:5, 6. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Ná Adam yɛ onipa a bɔne biara nni ne ho. Nanso nea ɔyɛe no akɔfa bɔne ne owu abrɛ nnipa nyinaa. Yesu nso, na bɔne biara nni ne ho, enti na n’afɔre no yɛ “agyede a ɛfata.” Adɛn ntia?

      5. Agyede no yɛ Yehowa akyɛde a ɔde ama wo

      Obiara a ɔyɛ Yehowa adamfo no hu agyede no sɛ akyɛde a Yehowa de ama no. Sɛ nhwɛso no, monkenkan Galatifo 2:20. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na ɔsomafo Paul kae a ɛkyerɛ sɛ na obu agyede no sɛ akyɛde a Yehowa de ama no?

      Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔkɔfaa owu bɛtoo n’asefo nyinaa so. Nanso Yehowa somaa ne Ba no sɛ ommewu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi atena ase daa.

      Sɛ worekenkan kyerɛwnsɛm a edi so yi a, fa w’ani bu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa tee nka bere a na ne Ba no rehu amane no. Kenkan Yohane 19:1-7, 16-18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no, ɛma wote nka sɛn?

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye sɛ ɔbaakofo bewu ama nnipa nyinaa?”

      • Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?

      NEA YƐASUA

      Esiane sɛ Yesu bewui nti, ama ayɛ yiye sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Afei nso, ne wu no betumi ama yɛatena ase daa.

      Ntimu

      • Adɛn nti na Yesu wui?

      • Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu nkwa a edi mu no yɛ agyede a ɛfata paa?

      • Sɛn na Yesu wu no betumi aboa wo?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a Yesu nkwa a edi mu no yɛ agyede.

      “Ɔkwan Bɛn So na Yesu Afɔrebɔ no Yɛ ‘Agyede Ma Nnipa Pii’?” (Ɛwɔ jw.org)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama wɔagye yɛn afi bɔne ne owu mu.

      “Yesu Yɛ Agyenkwa—Ɔkwan Bɛn So?” (Ɛwɔ jw.org)

      Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi mpo a, Yehowa betumi de akyɛ yɛn anaa?

      “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” (Ɔwɛn-Aban, May 1, 2013)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea Kristo afɔre no ho ade a ɔbarima bi suae no boaa no ma ɔsesaa n’abrabɔ.

      “Made Me Ho Afi Aturuturasɛm Ho” (Ɛwɔ jw.org)

      a Asɛmfua a yɛakyerɛ ase bɔne no, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ nko ara ne sɛ obi bɛyɛ biribi a enye. Ɛsan nso kyerɛ sintɔ a yenya fii Adam ne Hawa hɔ no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena