“Ɔdɔɔ Wɔn Kosii Ase”
YOHANE, ɔsomafo no, ne Yesu nyaa abusuabɔ bi a na eye koraa. Ɔno ne nea na wɔka ne ho asan wɔ n’Asɛmpa no mu sɛ “osuani a Yesu dɔ no” no. Wɔ “anwummeduan” a etwa to no ase no, na Yohane te Yesu nkyɛn pɛɛ, na ɔno, na bere a Yesu sɛn asɛndua no so no, ɔde hokwan titiriw a ɛyɛ Yesu na, Maria, a ɔbɛfa no akɔ n’ankasa fie akɔhwɛ no te sɛ n’ankasa ne na no maa no.—Yoh. 13:23; 19:25-27; 20:2; 21:20.
Saa biakoyɛ a ɛda Yesu ne Yohane ntam no mfi wɔn mu bi nipadua mu ahoɔfɛ nti. Na saa ara nso na Yohane nyɛ obi a ɔte ade nka nkutoo, sɛnea ebinom aka no, ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ ɔkaa nsɛm pii faa ɔdɔ ho. Sɛnea ɛte no, ɔdɔ a ɛyɛ nokware a Onyankopɔn suro wom no yɛ nea ɛyɛ den na ɛyɛ kronn, na wɔde afam nokwaredi ho denneennen. Yohane yii ɔdɔ ne nokwaredi emu yɛ den adi wɔ Yesu Kristo ne Yehowa ho wɔ ne nkyerɛwee no nyinaa mu. Yesu, a “ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu” no ani sɔɔ eyi kɛse, enti ɛmaa ɔdɔ a emu yɛ den bi bɛdaa wɔn ntam.—Yoh. 2:25.
Sɛ yesusuw saa anadwo a etwa to a na Yesu ne n’akyidifo no nyinaa wɔ hɔ no ho a, na ɛyɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ tebea a na wɔwom no mu. Wɔn mu biara a Yohane mpo ka ho, nnim nea ɛrebɛto Yesu saa anadwo no na wɔnte ase nso. Bere a edui sɛ Yesu reka sɛ, “Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi” no, Petro sɔre tiaa biribi a ɛte saa a ɛbɛba wɔ ne fam, na wakɔ akyiri mpo akyɛn saa akɔpa ne Wura no, na “saa ara na asuafo no nyinaa nso kae.” (Mat. 16:21-23; 26:31-35) Piriw kɛse bɛn na wɔbɛbɔ sɛɛ, bere a nneɛma a ɔkaa ho asɛm siei no baa mu saa pɛpɛɛpɛ no! Wɔ wɔn fam no, saa anwummeduan no fii ase sɛ nea wɔde rekae mfitiase Twam anwummeduan no bio. Nanso wɔ Yesu fam de, na ɛkyerɛ biribi kɛse, sɛnea Yesu wɔ nneɛma pii a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no na afei ɔdaa no adi kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu, titiriw n’ankasa ne wu ho nkae a ɔhyehyɛe wɔ “anwummeduan a wodii no akyi no.” Yebetumi asua pii afi eyi mu denam Yohane Asɛmpa no atiri 13 kosi 17 a yɛbɛkenkan so.
Wɔkyerɛw eyi wɔ bere a nsɛm no asisi akyi mfirihyia 65, na eyi si Yesu nsɛm a ɔkae a ɛfa dwuma a “ɔboafo, [okyigyinafo] a ɔne honhom kronkron” no bedi no so dua: “Ɔno na na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa na wakae mo nneɛma nyinaa a maka akyerɛ mo no.” (Yoh. 14:26, NW) Yiw, na wɔakyerɛkyerɛ Yohane a wɔdɔ no no yiye. Na yebetumi asusuw nkate ne anisɔ a emu dɔ a ɔde kyerɛw nsɛm a ɛte sɛɛ faa Yesu ho no ho:
“Afei, ɛsiane sɛ onim dedaw ansa na Twam afahyɛ no reba sɛ ne dɔn adu sɛ obefi wiase yi mu akɔ Agya no nkyɛn nti, Yesu, a wadɔ wɔn a wɔyɛ n’ankasa ne de wɔ wiase no mu no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.”—Yoh. 13:1, NW.
Ebetumi aba sɛ na Yohane taa susuw nokware dɔ a ɛto ntwa da a ɛyɛ nwonwa a Yesu yii no adi kyerɛe a ɛda ɔdom a ɛsom bo kɛse adi kyerɛ no ho. Na saa asuafo no gye wɔn ho di; nanso na wɔyɛ mmerɛw, na bere a sɔhwɛ no bae no, wɔanni nkonim. Ɛno nkyerɛ sɛ wɔn koma nteɛ. Ɛyɛ ɔdesani mmerɛwyɛ ara kwa a Satan faa so de dii dwuma, nanso wɔ bere tiaa bi pɛ mu.—Luka 22:32.
“MONYƐ EYI MFA NYƐ ME NKAE!”—DƐN NTIA?
Yɛrebɛn Yesu wu wɔ Nisan 14, afe 33 Y.B. mu no nkae ho bio, ne afei nso afahyɛ foforo a ɛyɛ “Awurade anwummeduan” no ho. Wobedi eyi wɔ Dwowda, March 31, 1980, bere a owia akɔtɔ, wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa mu. Enti, dɛn na yesusuw ho titiriw wɔ yɛn adwene mu? Dɛn nti na bere a Yesu de abodoo no atwam na afei ɔde kuruwa no ama n’asuafo no otii nsɛm yi mu kyerɛɛ wɔn: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!”?—1 Kor. 11:20, 23-26.
Sɛ́ Yesu ankasa nim nea eyinom nyinaa kyerɛ no da adi wɔ nea ɔkae nna kakraa bi ansa na eyi reba, wɔ bere a ɔde mfatoho a emu yɛ den mae a ɔde n’ankasa ho too awi ho no: “Sɛ awi fua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba bii.” (Yoh. 12:25) Ne nsɛm a edi hɔ no kyerɛ sɛ na ɛnyɛ amanehunu a ano yɛ den ne animguase a ne wu wɔ asɛndua so no de bɛba nkutoo na ɔhwɛ kwan, na mmom nkɛntɛnso a ɛyɛ nwonwa a ɛkɔ akyiri a ne nhwɛso a ɛsen biara a ɛyɛ ɔdɔ mu a ofi de ne ho bɛbɔ afɔre no benya no nso. Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɔpɛ sɛ ofi ne komam hyɛ n’Agya no din anuonyam no mu, na ntɛm ara na Yehowa gyee ne Ba no nkotɔsrɛ no so, efisɛ “ɛnne bi fi soro bae: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!”—Yoh. 12:25-33.
Yesu yii ɔdɔ koro no ara a na n’Agya wɔ no adi, sɛnea odii kan bɔɔ din wɔ ne som no mfiase mu no: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Yiw, ɔno ne “onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa” no. ‘Ɔkaa owu hwɛe maa onipa biara.’ (Yoh. 3:16; 1 Tim. 2:4-6; Heb. 2:9) Ɔde ne ho sii ɔbɔnefo no ananmu, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu pefee wɔ Yesaia 53:4-7, 10 no, na afei ɔsomafo Paulo, sii sɛnea saa “asɛndua ho wu” a ɛyɛ afɔrebɔ wu no dii dwuma wɔ anuonyam mu maa adesamma wɔ Filipifo 2:5-11. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa, na yɛasusuw ho, bere a Nkae bere no rebɛn no.
Wɔ nea ɛka nkɛntɛnso a eyi benya wɔ afoforo so akodu akyirikyiri no ho a yɛasusuw ho mprempren no ho no, na nneɛma horow bi a ɛho hia amonom ara wɔ hɔ a na ɛwɔ Yesu adwenem bere a na ɔrehyehyɛ ne wu no ho nkae no. Ɛyɛ nokware sɛ bere bi no ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ “abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no,” na ɛno na afei ɔkae sɛ, “na abodoo a mede mɛma no ne me honam a mede mɛma wiase nkwa nti.” (Yoh. 6:51) Nanso, bere a Yudafo bi a wɔretie no no akasa atia no no, Yesu kɔɔ so kaa asɛm koro no ho asɛm, na ɔde too wɔn a wɔretie no no ho. Na waka saa sɛnkyerɛnne kwan so “abodoo” a wobedi yi ho asɛm dedaw, afei ɔkɔɔ so kae sɛ:
“Sɛ moanni onipa ba no honam na moannom ne mogya a munni nkwa mo mu. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no . . . Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tra me mu, na me nso metra no mu.” (Yoh. 6:53-56)
Nsɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn ni! Nsɛm yi too n’asuafo no mu pii hintidua ‘na pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.’ Eyi nso ase ne dɛn?—Yoh. 6:60-66.
Yesu nim sɛ adesamma wiase no a wadi kan aka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no benya hokwan sɛ wɔn nsa bɛka ne ogye afɔrebɔ no mu mfaso horow wɔ bere a wahyehyɛ n’ahenni no asi hɔ, wɔ bere a na “ɔsoro foforo ne asase foforo” wɔ hɔ na afei ‘owu nni hɔ bio’ no. (Adi. 21:1-4; Luka 23:42, 43) Nanso na onim sɛ ɛyɛ n’Agya no anigye sɛ adesamma a wɔwɔ asase so a bɔne wɔ wɔn ho no mu binom ne no mmenya kyɛfa wɔ ɔsoro sɛ ahemfo ne asɔfo. (Luka 22:28-30; Adi. 3:21; 20:6) Onim sɛ bere a ɔno, “a ɔne Kristo no” yɛ Abraham aseni titiriw no, afoforo a wɔka Kristofo asafo no ho no “nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu,” na wɔn nyinaa ka bom yɛ honhom mu “Nyankopɔn Israel,” na wɔsan yɛ ‘Abraham asefo a wɔnam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.’ (Gal. 3:16, 28, 29; 6:16) Wɔ nokwarem no, eyi yɛ “ɔdom de abɔ ɔdom so” ankasa.—Yoh. 1:16.
Asomafo anokwafo 11 a na wɔne Yesu wɔ hɔ saa anadwo no, wɔ Nisan 14 no ne wɔn a wodi kan a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wommedi apiti abodoo no na wɔnnom bobesa no a Yesu kae sɛ egyina hɔ ma ne nipadua ne mogya a bɔne nnim no. (1 Kor. 11:23-26) Afoforo wɔ hɔ a wobedi, na wɔn na Yesu kae sɛ, “wɔn na wɔnam wɔn asɛm so begye me adi” no. (Yoh. 17:20) Esiane saa gyidifo yi nti, hyɛ mpɛn dodow a otii nsɛm “wɔ me mu” a wɔde dii dwuma de faa Yehowa ne Kristo Yesu ne wɔn a wɔyɛ Kristofo asafo a wɔasra wɔn no mufo no ho sɛnea wohu wɔ Yohane 6:56; 10:38; 14:10, 11, 20; 15:4-7; 17:21-23, 26 no nsow. An American Translation Bible no de nsɛm abien “wɔ me mu” ne “tra me mu” di dwuma.
Wodi saa asafo yi mufo no ho dwuma wɔ ɔkwan titiriw so, ɛwom sɛ ɛnyɛ fata a wɔfata bi nti. (Efe. 2:5; 1Yoh. 2:2) Onyankopɔn honhom no wo wɔn kɔ ɔsoro anidaso mu, anidaso a ɛne sɛ wɔne Kristo benya kyɛfa wɔ ne soro wusɔre no mu, nanso gye sɛ wodi nokware sɛnea Paulo kae no, “na mahu no ne ne sɔre tumi ne n’amanehunu fafa, na wama masɛ ne wu,” a ɛyɛ afɔrebɔ wu, a ɛkyerɛ sɛ wobegyaa asase so paradise anidaso biara a wɔwɔ no mu. (Fil. 3:10) Saa afɔrebɔ kwan yi fi ase fi bere a Onyankopɔn paw obi sɛ saa Kristofo asafo no muni na ɔbɛyɛ “Kristo nipadua” a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Mateo 16:24 ne 1 Korintofo 12:12-27 no fa no. Wɔde saa nkurɔfo yi ba “apam foforo” a Kristo nam ne mogya a ohwie gui no so hyɛɛ mu den no mu na wonya ne som adwuma no mu kyɛfa.—1 Kor. 11:25; 2 Kor. 3:6; 4:1-7.
Ebinom da so wɔ asase so a “wɔwɔ Kristo Yesu mu” na Onyankopɔn honhom no di wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ ‘Onyankopɔn honhom mu mma’ ne “Kristo yɔnko adedifo.” (Rom. 8:1, 14-17) Wɔbɛma saa nokware ahorow a ɛsom bo yi atra wɔn adwene mu bere a wobehyiam ma “Awurade anwummeduan” no. Nanso, Yehowa Adansefo no mu dodow no ara a wobehyiam saa anadwo no nyɛ wɔn a wɔwɔ saa ɔsoro anidaso no. Wonim sɛ wɔnka “Kuw ketewaa” no ho, na mmom wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a wofi “nguan foforo” no mu a Yesu kaa wɔn ho asɛm no. (Luka 12:32; Yoh. 10:16; Adi. 7:9) Wɔn nso wɔkyerɛ gyidi wɔ Yesu mogya a ohwie gui no mu. (Adi. 7:14) Wɔwɔ anidaso sɛ ‘wɔn nsa bɛka Ahenni no,’ na wɔn nsa aka ne nhyira a ɛyɛ daa nkwa wɔ asase so sɛnea Yesu hyɛɛ ho bɔ wɔ Mateo 25:31-40 no mu anigye. Afei nso wonya wɔne Kristo “nuanom” no ayɔnkobɔ mu anigye sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ saa mfatoho no mu no. Sɛ wɔde wɔn to honhom mu Israelfo no ho a, sɛ́ ahɔho no, wɔn ani sɔ hokwan ne asɛyɛde a ɛda wɔn so a wɔanya sɛ wɔne wɔn bɛyɛ biako de asow Ahenni aba no. (Yes. 56:6, 7; 61:5; Mat. 21:43) Ebinom mpo awu wɔ gyina a wogyinaa hɔ maa nokware no ne akokoduru so a wɔde kaa Ahenni asɛm no nti. Nanso, ɛwom sɛ wobewu sɛ mogya adansefo de, nanso wonwu afɔrebɔ wu te sɛ Yesu ne wɔn a ɔne wɔn yɛ “Kristo yɔnko adedifo” wɔ ɔsoro ahenni no mu no. Esiane sɛ wonim saa nsonsonoe a ɛda wɔn ntam yi nti, wonni abodoo apiti no na wɔnnom bobesa no a ɛnyɛ sɛ́ Kristo afɔrebɔ wu no mu mfaso horow nko na obi nsa ka, na mmom ɔne no kyɛ saa afɔrebɔ kwan koro no ara no.
OBI ANKASA HO MU A ƆPƐƐPƐƐ
Ɛwom sɛ wɔn a wɔyɛ “kuw biako [wɔ] ɔhwɛfo biako ase” no mu dodow no ara ani sɔ nsonsonoe a ɛda wɔn ntam yi de, nanso asɛm bi betumi asɔre a ɛfa sɛnea obi yɛ hu sɛ wɔato nsa afrɛ no sɛ ɔmmra ɔsoro no ho. Wɔrentumi mfa biribi a onipa behu so nni eyi ho adanse sɛnea na ɛte wɔ honhom no akyɛde ahorow a wɔde maa tete Kristofo asafo no mu no. Nea ɛsom bo kɛse kyɛn saa akyɛde horow no mpo ne anuonyam anidaso a ɛfa ɔsoro adedi ho a wɔde ama wɔn a wɔfrɛ wɔn “Onyankopɔn mma” ne “wɔn a wɔfra ɔsoro frɛ” no mu no. (Heb. 3:1; 1 Yoh. 3:1-3) Na anka anidaso biako pɛ yi na ɛwɔ hɔ, nanso nnɛ de, bere a Onyankopɔn “ɔmansodi ho nhyehyɛe” no reyɛ aba awiei yi, wɔabue Ahenni no pon no kɛse na wɔreto nsa afrɛ “nnipakuw kɛse” no ma wɔabenya asase so nhyira horow sɛnea wɔadi kan abɔ din no. Efi afe 1935 mu titiriw na eyi ayɛ nokware, bere a “nnipakuw kɛse” no bɛdaa adi pefee sɛ wɔyɛ asase sofo a wokura daa nkwa ho anidaso wɔ paradise asase so no.—Efe. 1:10; Adi. 7:9-17.
Wogyaw ma onii ko a ɔpɛ sɛ ɔmpaw anidaso a ɔpɛ, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro de anaasɛ asase so de anaa? Dabi. Ansa na obi betumi anya anidaso bi a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ odi kan yɛ obi a wahyira ne ho so na wɔabɔ no asu na wapene so sɛ efi saa bere no rekɔ no ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde a ɛnyɛ n’ankasa apɛde. Onyankopɔn ma wɔyɛ N’apɛde denam honhom kronkron no dwumadi so. Sɛnea honhom kronkron no di dwuma de paw wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ “kuw ketewaa” no mufo na ɔma wonya ɔsoro anidaso no yɛ nea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Romafo 8:14-17. Saa Kristofo no wɔ adanse ankasa wɔ wɔn mu a mfomso biara nni ho sɛ wɔafrɛ wɔn ama ɔsoro ahenni no.
So wɔn a wɔahyira wɔn ho so a Onyankopɔn pene wɔn so sɛ “nnipakuw kɛse” no mufo no nso nsa ka Onyankopɔn honhom no? Yiw, wɔ ɔkwan biara so, te sɛ nea Onyankopɔn nkoa anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no nsa kae no ara pɛ, te sɛ Mose ne Yohane Suboni no a wonni ɔsoro anidaso no. (Mat. 11:11) Onyankopɔn ne ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so ama no no mu biara di, na ɔma wonya n’ahenni no mu nkwa ho anidaso. Paulo ka kyerɛɛ saa tete Kristofo no sɛ “wɔregye wɔn nkwa wɔ saa anidaso a ɛyɛ ɔsoro de yi mu.’ Afei nso ɔsan kaa “abɔde” no anidaso ho asɛm, adesamma abusua no a aka a ‘wɔretwɛn bere a wobeyi Onyankopɔn mma no adi’ a wɔn nso wobenya hokwan anya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” no, sɛ mma a wɔasan ahyehyɛ wɔn bio wɔ asase so.—Rom. 8:18-25.
Enti ɛsɛ sɛ wogye obiara nkwa wɔ anidaso bi mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ anidaso a w’ani gye ho na ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa ma wo. Sɛ bere a woapɛɛpɛɛ wo ho mu wɔ nokwaredi mu ahwɛ no wote nka sɛ w’adwene mu yɛ wo naa wɔ biribi ho, anaasɛ wuhu sɛ ɛyɛ nkate horow bi a emu yɛ den na ɛma wususuwii sɛ wo nsa aka ɔsoro frɛ no, anaasɛ ebia saa ɔfrɛ no tuu wo sii nkyɛn sɛ obi a wokorɔn kyɛn afoforo, a enti ɛsɛ sɛ wɔde obu titiriw bi ma wo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wokari wo tebea no hwɛ yiye bio. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubebisa Onyankopɔn hɔ nyansa ne akwankyerɛ wɔ ahobrɛase ne nokwaredi nyinaa mu na wode ayɛ n’apɛde. Ɔremmɔ wo ahohora da. “Onyankopɔn ne mo di sɛ mma” a ɔdɔ wɔn.—1 Kor. 11:28; Heb. 12:4-11; Yak. 1:5-8.
Wɔn a wɔte sɛ nguanten wɔ nokwarem a wɔkɔ “Awurade anwummeduan” no ase sɛ wɔn a wɔrekotie nea ɛrekɔ so no anaasɛ wɔrekodi bi no nyinaa pɛ sɛ wɔba ‘na wɔde akae’ nea Yesu yɛe nyinaa de kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ ma n’Agya no, na saa ara nso na ɛte ma obiara a ogye no di. Sɛnea Yesu “dɔɔ wɔn kosii ase” no, saa ara nso na ɛmmra sɛ yebeyi saa boasetɔ honhom no ne nokwaredi adi akyerɛ de akosi ase. Yohane kaa Yesu akyidifo no ho asɛm sɛ wɔwɔ “wiase no mu.” Sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde ahyɛ yɛn nkuran no Yesu penee eyi so, na ɔde kaa ho sɛ: “Mo ho behia mo wi yi ase, na nso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” (Yoh. 13:1; 16:33) Enti ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛhyɛ “fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu . . . na mmom kronkronyɛ ne nokware apiti mu.”—1 Kor. 5:8.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
“Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.”—1 Kor. 11:26.