-
Yedi Yɛn Anidaso Ho AhurusiƆwɛn-Aban—2012 | March 15
-
-
10, 11. (a) Anidaso bɛn na nguan foforo no wɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo boa ma nnipa a wɔbɛtena asase so no anidaso bam? Na “Onyankopɔn mma ahoyi” no nso boa wɔ ɔkwan bɛn so?
10 Ɔsomafo Paulo kyerɛw “Onyankopɔn mma” a ɔde ne honhom asra wɔn no, na ɔkaee wɔn sɛ wɔwɔ anidaso a anuonyam wom sɛ Kristo “mfɛfo adedifo.” Afei ɔkaa anidaso nwonwaso a Yehowa de ma nguan foforo mpempem pii no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Abɔde no [adesamma] de anigyina retwɛn Onyankopɔn mma [a wɔasra wɔn] ahoyi denneennen. Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase a ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ so, na mmom ɛnam nea ɔde hyɛɛ ase no so, anidaso mu, a ɛne sɛ abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”—Rom. 8:14-21.
-
-
Yedi Yɛn Anidaso Ho AhurusiƆwɛn-Aban—2012 | March 15
-
-
12. Sɛ woyi wɔn a wɔasra wɔn no adi a, mfaso nwonwaso bɛn na adesamma benya?
12 Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛma “abɔde no” anaa adesamma anya ahotɔ kɛse! Saa bere no, wobeyi “Onyankopɔn mma” a wɔahyɛ wɔn anuonyam no adi wɔ ɔkwan foforo so. Wɔne Kristo bɛyɛ asɔfo, na wɔaboa adesamma ma wɔanya mfaso a ɛwɔ Yesu agyede afɔre no so. Sɛ ɔsoro Ahenni no di tumi wɔ asase so a, adesamma bɛde wɔn ho afi nea bɔne ne owu akɔfa aba nyinaa ho. Nnipa a wɔyɛ osetie de nkakrankakra “benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu.” Sɛ wɔkɔ so di Yehowa nokware wɔ Mfirihyia Apem no mu ne afei sɔhwɛ a etwa to a ɛbɛba Mfirihyia Apem no awiei mu a, wɔbɛkyerɛw wɔn din afebɔɔ wɔ “nkwa nhoma” no mu. Wɔbɛkɔ “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.” (Adi. 20:7, 8, 11, 12) Eyi yɛ anidaso nwonwaso ampa!
-