-
Tutu Nsusuwii Biara a Etia Onyankopɔn Nimdeɛ Gu!Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019 | June
-
-
1. Asɛm bɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no de bɔɔ wɔn kɔkɔ?
ƆSOMAFO Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su.” (Rom. 12:2) Tete Kristofo na Paulo kyerɛw saa asɛm no kɔmaa wɔn. Adɛn nti na ɔde kɔkɔbɔ a ɛte saa maa mmarima ne mmea a na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn na wɔde honhom kronkron asra wɔn no?—Rom. 1:7.
2-3. Satan pɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi Yehowa ho, na ɔkwan bɛn na ɔfa so yɛ saa? Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi atutu nsusuwii bɔne a “agye ntini” wɔ yɛn adwenem no agu?
2 Ná nneɛma haw Paulo, efisɛ na Kristofo binom ama Satan wiase no nyansa ne wiase no nsusuwii bɔne regye wɔn adwene. (Efe. 4:17-19) Saa asɛm yi betumi ato yɛn mu biara. Satan na ɔyɛ wiase yi nyame, na wayere ne ho pa ara sɛ ɔbɛma yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho, enti obetumi afa akwan ahorow so ayɛ saa. Emu baako ne sɛ, sɛ ohu sɛ yɛpɛ anuonyam anaa yɛpɛ sɛ yegye din a, ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa so atwe yɛn afi Yehowa ho. Obetumi mpo afa ntetee a yɛanya, yɛn amammerɛ, anaa nneɛma a yɛasua wɔ sukuu so ama yɛanya n’adwene.
-
-
Tutu Nsusuwii Biara a Etia Onyankopɔn Nimdeɛ Gu!Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019 | June
-
-
“MUNNYA ADWENSAKRA”
4. Bere a yɛn mu pii huu nokware no foforo no, nsakrae bɛn na na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
4 Wo de, kaakae nsakrae a na ɛsɛ sɛ woyɛ bere a wuhuu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu foforo na wusii gyinae sɛ wobɛsom Yehowa no. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma bɔne bi yɛ. (1 Kor. 6:9-11) Yɛn ani sɔ pa ara sɛ Yehowa aboa yɛn ama yɛatumi agyae saa nneɛma bɔne no!
5. Nneɛma mmienu bɛn na Romafo 12:2 ka sɛ yɛnyɛ?
5 Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɛho nhia sɛ yɛyɛ nsakrae biara bio. Ɛwom sɛ yegyaee bɔne a emu yɛ duru biara a na yɛyɛ ansa na yɛrebɔ asu de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛremma biribiara ntwetwe yɛn nkɔ saa bɔne no ho bio. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Paulo kaa sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.” (Rom. 12:2) Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, ɛnsɛ sɛ ‘yɛfa wiase nhyehyɛe yi su,’ anaa yɛma wiase no kyerɛ yɛn kwan. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yenya adwensakra de ‘yɛ yɛn ho foforo.’
6. Asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 12:43-45 no, dɛn na yesua fi mu?
6 Nsakrae a na Paulo reka ho asɛm no, na ɛnyɛ nnipa ani so de. Ɛsɛ sɛ ɛka biribiara a yɛyɛ. (Hwɛ adaka a wɔato din “Yɛsakrae Ankasa Anaa Ɛyɛ Nnipa Ani So De?”) Ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene koraa, kyerɛ sɛ, sɛnea yɛte ankasa, nea ɛwɔ yɛn komam, ne nea yɛpɛ. Enti, ehia sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Nsakrae a mereyɛ de asuasua Kristo no, ɛyɛ nnipa ani so de, anaa meresakra wɔ adwene ne koma mu ankasa?’ Yesu kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Mateo 12:43-45. (Kenkan.) Saa asɛm no ma yehu biribi titiriw bi. Ɛne sɛ: Sɛ yeyi nsusuwii bɔne fi yɛn adwenem a, na yenwiei; mmom ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn adwene hyɛ ananmu.
-