Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hwɛ Yiye Wɔ Koma A Ɛyɛ Okontomponi Ho
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
    • 7 Sɛnea ɛtoo nnipa pii a na wɔwɔ Yeremia bere so no, ɛnnɛ Kristoni bi betumi adi mfomso asusuw sɛ ne koma rentumi nnaadaa no da. Sɛ nhwɛso no, obi betumi anya adwene sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma de hwɛ m’abusua.’ Sɛ ɔka saa a, ntease wom. Nanso, sɛ ɛno ma onya adwene sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ misua nhoma kɔ akyiri na ama manya adwuma pa ayɛ anaa amma m’adwuma amfi me nsa nso ɛ’? Ɛno nso betumi ayɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho, na ɛbɛma waka sɛ, ‘Mmere asesa, na ɛnnɛ, gye sɛ wokɔ kɔlege anaa sukuupɔn na ama woatumi ahwɛ wo ho na w’adwuma amfi wo nsa.’ Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi betumi afi ase ama afotu pa a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma wɔ nhomasua ntoaso ho no abɛyɛ sɛ nea ɛho nhia, na wafi ase ama asafo nhyiam ahorow apa ne ti so! Wɔ eyi mu nso, ebinom ama wiase no adwene de nkakrankakra anya wɔn so nkɛntɛnso. (Efe. 2:2, 3) Ɛfata sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommma wiase a mote mu no mmfa mo nnyɛ nea ɛpɛ.”—Rom. 12:2, Phillips.a

      Kratafa 46 mfonini

      So wo koma adaadaa wo ma woma asafo nhyiam ahorow pa wo ti so?

  • Hwɛ Yiye Wɔ Koma A Ɛyɛ Okontomponi Ho
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
    • a NET Bible no (2005) kenkan sɛ: “Mommma wiase a ɛwɔ hɔ yi mmfa mo nnyɛ nea ɛpɛ.” Asehɔ asɛm bi de ka ho sɛ: “Nokwarem no, nkurɔfo betumi anya adwene sɛ ɛnyɛ ade a onipa bi bɛhyɛ da sɛ ɔbɛma wiase a ɛwɔ hɔ yi de no ‘ayɛ’ nea ɛpɛ, efisɛ wiase no tumi de obi yɛ nea ɛpɛ bere a onipa no ani nni ne ho so. Bere koro no ara, . . . ebia ebinom nso wɔ hɔ a wɔn ani da hɔ paa na wɔama wiase no de wɔn reyɛ nea ɛpɛ. Ɛda adi paa sɛ, wiase no de ebinom yɛ nea ɛpɛ bere a wɔn ani nni wɔn ho so, ɛnna ɛde ebinom nso yɛ nea ɛpɛ bere a wɔn ani da hɔ.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena