Afa A Atumfo A Wɔkorɔn No Wɔ
“Ɛyɛ Onyankopɔn somfo ma mo yiyedi. Nanso sɛ moyɛ bɔne a, suro.”—ROMAFO 13:4, NEW WORLD TRANSLATION.
1, 2. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii a wɔwɔ Kristoman mu no de wɔn ho ahyehyɛ ɔman anidan dwumadi ahorow mu?
MFE abien ni no, asɔfo mpanyin nhyiam bi a wɔyɛe wɔ London ma wɔkyerɛw samufo asɛm bi a ɛda abufuw adi wɔ New York Post mu. Na ɛyɛ Lambeth Nhyiam a Anglican asɔre no asɔfo mpanyin bɛboro 500 kɔe no. Nea ɛde abufuw no bae ne tirimbɔ bi a nhyiam no yɛe a wɔkyerɛe sɛ wɔte nnipa a, “bere a wɔafa akwan afoforo nyinaa so awie no, wɔpaw sɛ wɔde akode bedi aperepere sɛ ɔkwan koro pɛ a ɛde atɛntrenee bɛba” no ase.
2 Post no kae sɛ nea ɛte ankasa ne sɛ eyi yɛ amumɔyɛsɛm a wɔrehyɛ ho nkuran. Nanso, na asɔfo mpanyin no redi adeyɛ bi a ɛrenya nkɔso akyi ara kwa. Na wɔn su no te sɛ Katolek sɔfo bi a ɔwɔ Ghana a ɔkamfo kyerɛe sɛ akofofo akuw akodi ne ɔkwan a ɛyɛ ntɛmntɛm, mfomso nni ho, na eye sen biara a wɔnam so bɛma Afrika anya ahofadi no de no; anaasɛ ɛte sɛ Afrika Methodist sɔfo panyin bi a ɔkaa ntam sɛ ɔbɛtoa “ahofadi ho ko no so akodu n’awiei a ɛyɛ nwene” no su no; anaasɛ ɛte sɛ asɛmpatrɛwfo pii a wɔwɔ Asia ne Amerika Kesee fam a wɔne atuatewfo ako atia nniso horow a wɔde asisi hɔ no su.
Nokware Kristofo ‘Nsɔre Ntia Tumi’
3, 4. (a) Nyinasosɛm ahorow bɛn na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔboa ɔman anidan no rebu so? (b) Dɛn na obi hui wɔ Yehowa Adansefo ho?
3 Afeha a edi kan no mu no, Yesu kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:14) Obiara a ɔfrɛ ne ho Kristoni na ɔboa ɔman anidan no yɛ wiase yi fã ankasa. Ɔnyɛ Yesu okyidifo; na saa ara nso na ‘ɔmmmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.’ (Romafo 13:1) Ɛbɛyɛ papa sɛ otie kɔkɔbɔ a ɔsomafo Paulo de mae sɛ “obiara a ɔne tumi no di asi no sɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛe; wobebu wɔn a wɔsɔre tia no ntɛn.”—Romafo 13:2, NW.
4 Nea ɛne nnipa pii a wɔwɔ Kristoman mu nneyɛe bɔ abira no, Yehowa Adansefo nnya akode a wɔde yɛ basabasa mu kyɛfã biara. Ɔbarima bi a ɔwɔ Europa huu eyi. Ɔkyerɛw sɛ: “Bere a mihuu nea nyamesom ne amammuisɛm de aba no, mihyiraa me ho so sɛ metu asetra mu nhyehyɛe biara a wɔde asi hɔ no agu. Mekɔdɔm amumɔyɛfo kuw bi na wɔtetee me wɔ sɛnea wɔde akode horow nyinaa di dwuma no mu; minyaa akode a wɔde kowia ade pii mu kyɛfã. Ná me nkwa da asiane mu bere nyinaa. Bere rekɔ so no, ɛbɛdaa adi sɛ na yɛredi nkogu. Meyɛɛ basaa, na anidaso biara a enni asetra mu koraa no hyɛɛ me so. Afei Ɔdansefo bi bɛbɔɔ yɛn pon mu. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ me. Mekae sɛ eyi yɛ me bere a ɔsɛe no kwa, enti mehyɛɛ nyansa sɛ me yere ntie. Otiei, na wofii ofie Bible adesua ase. Awiei koraa no, mepenee so sɛ mɛyɛ adesua no bi. Mintumi nkyerɛkyerɛ ahotɔ a metee nka bere a metee tumi a epiapia adesamma ma wɔyɛ bɔne no ase no. Ahenni bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa no ama me anidaso a ɛwowaw me ne asetra mu atirimpɔw.”
5. Dɛn nti na Kristofo kɔ so de asomdwoe brɛ wɔn ho ase hyɛ atumfo a wɔkorɔn ase, na ɛbɛkɔ so saa akosi bere bɛn?
5 Kristofo yɛ Onyankopɔn ne Kristo ahemmɔfo anaa ananmusifo. (Yesaia 61:1, 2; 2 Korintofo 5:20; Efesofo 6:19, 20) Enti, wonni afã biara wɔ wiase yi ntawntawdi ahorow mu. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea amammui nhyehyɛe binom di yiye sikasɛm mu kɛse sen afoforo, na ebinom ma ahofadi pii ho kwan sen afoforo de, nanso Kristofo nkamfo nkyerɛ anaasɛ wommu nhyehyɛe biako nsen foforo. Wonim sɛ nhyehyɛe horow no nyinaa nyɛ pɛ. Ɛyɛ “Onyankopɔn nhyehyɛe’ sɛ eyinom bɛkɔ so atra hɔ kosi sɛ n’Ahenni no bɛba abedi tumi. (Daniel 2:44) Enti, Kristofo kɔ so de wɔn ho hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase asomdwoe mu bere a wɔboa ma afoforo nya daa yiyedi denam Ahenni no ho asɛmpa a wɔka kyerɛ no so.—Mateo 24:14; 1 Petro 3:11, 12.
Mmara so Di
6. Ɛwom sɛ “wiase no nyinaa da ɔbɔne no mu” mpo de, nanso dɛn nti na nnipa mmara pii ye?
6 Ɔman nniso horow hyehyɛ mmara horow, na mmara yi mu dodow no ara ye. So ɛsɛ sɛ eyi yɛ nwonwa esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” no nti? (1 Yohane 5:19) Dabi. Yehowa maa yɛn agya a odi kan a ɔne Adam no ahonim, na saa papa ne bɔne ho nkate a ɛhyɛ yɛn mu yi da adi akwan pii so wɔ nnipa mmara mu. (Romafo 2:13-16) Hamurabi a na ɔyɛ tete Babilon mmarahyɛfo bi no de eyi dii ne mmara nhyehyɛe no anim: “Saa bere no [wɔbɔɔ] me din sɛ memma nkurɔfo nya yiyedi, me Hamurabi a meyɛ ɔhene onyamesomfo a osuro Nyankopɔn no, sɛ memma atɛntrenee ntra asase no so, sɛ mensɛe nsɛmmɔnedifo ne nnebɔneyɛfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔn ho yɛ den no renhyɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no so.”
7. Sɛ obi bu mmara so a, hena na ɔwɔ hokwan sɛ ɔtwe n’aso, na dɛn ntia?
7 Nniso horow no mu dodow no ara bɛka sɛ wɔn mmara horow wɔ atirimpɔw a ɛte saa ara: sɛ wɔbɛma ɔmamma anya yiyedi ne nhyehyɛe pa wɔ asetra mu. Enti, wɔtwe wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛsɛe asetra, te sɛ awudi ne korɔnbɔ no aso, na wɔhyehyɛ mmara horow, te sɛ mmara a ɛfa lɔre mmirikatu ne mmeae a ɛsɛ sɛ wɔde lɔre sisi ho no. Na obiara a ɔboapa bu wɔn mmara horow so no sɔre tia otumfo no na “wobebu no ntɛn.” Atemmu a efi hena nkyɛn? Ɛho nhia sɛ ebefi Onyankopɔn nkyɛn. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ atemmu no betumi akyerɛ ɔman mu asenni mmom asen atɛn a Yehowa bu. (Fa toto 1 Korintofo 6:7 ho.) Sɛ obi bu mmara so a, atumfo a wɔkorɔn no wɔ hokwan sɛ wɔtwe n’aso.
8. Sɛ Asafo no muni bi di nsɛmmɔne a anibere wom a, dɛn na wɔbɛyɛ wɔ ho?
8 Yehowa Adansefo wɔ din pa sɛ wɔnsɔre ntia nnipa atumfo. Sɛ ɛba sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu bu mmara so a, asafo no remmoa no ma onguan mfi mmara kwan so asotwe ho. Sɛ obi wia ade, odi awu, ɔsɛe obi din, ontua tow, ɔto mmonnaa, otwa dwow, ɔde nnubɔne di dwuma, anaasɛ ɔsɔre tia mmara kwan so tumi ɔkwan foforo biara so a, asafo no bɛma no nteɛso a emu yɛ den—na ɛnsɛ sɛ ɔte nka sɛ wɔretaa no bere a wiase tumi twe n’aso no.—1 Korintofo 5:12, 13; 1 Petro 2:13-17, 20.
Ade a Ɛsɛ sɛ Wosuro
9. Sɛ amumɔyɛfo hunahuna Kristofo a, hokwan a ɛfata bɛn na wɔwɔ?
9 Paulo toa atumfo a wɔkorɔn ho asɛm a ɔka no so, na ose: “Na wɔn a wodi tumi no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ papa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Ɛnde, wompɛ sɛ wusuro tumi anaa? Kɔ so yɛ papa, na wubenya ne hɔ ayeyi.” (Romafo 13:3, NW) Ɛnyɛ nokware Kristofo na ɛsɛ sɛ wosuro asotwe a efi atumfo nkyɛn na mmom nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔyɛ ‘bɔne,’ wodi nsɛmmɔne ahorow. Sɛ nnipa a wɔte sɛɛ no hunahuna Yehowa Adansefo a, wobetumi agye polisifo anaa asraafo ahobammɔ afi atumfo no nkyɛn ma afata.—Asomafo no Nnwuma 23:12-22.
10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ‘anya ayeyi’ afi atumfo hɔ?
10 Paulo ka kyerɛ Kristofo a wodi atumfo a wɔkorɔn no mmara so no sɛ: “Wubenya ne hɔ ayeyi.” Sɛ eyi ho nhwɛso no, susuw nkrataa bi a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Brazil nsa kae wɔ wɔn ɔmantam nhyiam horow akyi no ho. Kuropɔn bi agumadi dwumadibea panyin kyerɛwee sɛ: “Sɛnea moyɛɛ mo ade asomdwoe mu no fata nkamfo kɛse a ɛsen biara. Ɛyɛ awerɛkyekye wɔ nnɛ wiase a ahaw yi mu sɛ wubehu sɛ nnipa pii da so ara gye Onyankopɔn di na wɔsom no.” Efi kuropɔn mu agumadibea ɔkwankyerɛfo bi hɔ: “Nnipa dodow pii a wɔbae no nyinaa akyi no, biribiara ansi a ɛbɛma wɔaka adeyɛ no ho asɛmmɔne, esiane nhyehyɛe a na wonni ho asɛm ka no nti.” Efi kurow sohwɛfo dwumadibea: “Yɛpɛ sɛ yɛde hokwan yi kamfo mo wɔ sɛnea moyɛ ade wɔ ano wɔ ano ne mo su a ɛyɛ nwonwa na ɛte sɛ nea ɛyɛ mo awosu no ho, na yɛsrɛ yiyedi biara ma mo wɔ daakye dwumadi biara mu.”
11. Dɛn nti na wɔrentumi nka da sɛ asɛmpa no ka yɛ adebɔne?
11 Asɛm “papa” no fa nneyɛe a wɔde yɛ osetie ma atumfo a wɔkorɔn no mmara no ho. Enti, yɛn asɛnka adwuma a Onyankopɔn na ɔde ɛho ahyɛde mae, na ɛnyɛ onipa no nyɛ adebɔne—ɛno ne ɔsɛmpɔw a ɛsɛ sɛ amammui atumfo hu. Ɛyɛ baguam ɔsom a ɛma wɔn a wotie no abrabɔ bɛyɛ nea ɛkorɔn. Enti, yɛwɔ anidaso sɛ atumfo a wɔkorɔn no bɛbɔ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛka asɛm kyerɛ afoforo no ho ban. Paulo de asɛm kɔdan atumfo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de asɛmpa no ka asi hɔ mmara kwan so. (Asomafo no Nnwuma 16:35-40; 25:8-12; Filipifo 1:7) Nnansa yi, Yehowa Adansefo ahwehwɛ wɔn adwuma no ho mmara kwan so mpeneso saa ara ma wɔn nsa aka wɔ East Germany, Hungary, Poland, Romania, Benin, ne Myanmar (Burma).
“Ɛyɛ Onyankopɔn Somfo”
12-14. Ɔkwan bɛn so na atumfo a wɔkorɔn no ayɛ Onyankopɔn somfo (a) wɔ Bible mmere mu? (b) wɔ nnɛ mmere mu?
12 Paulo reka wiase atumfo ho asɛm no, ɔkɔ so ka sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn somfo ma wo yiyedi. Nanso sɛ woyɛ bɔne a, suro: efisɛ enkura afoa no kwa; ɛyɛ Onyankopɔn somfo, werɛdifo a ɛde abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.”—Romafo 13:4, NW.
13 Mmere horow bi wɔ hɔ a ɔman atumfo asom sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ akwan pɔtee bi so. Kores yɛɛ saa bere a ɔboaboaa Yudafo no ano ma wofii Babilon na wɔsan kosii Onyankopɔn fi no. (Esra 1:1-4; Yesaia 44:28) Ná Artasasta yɛ Onyankopɔn somfo bere a ɔde ntoboa somaa Esra sɛ ɔnsan nkosi saa ofi no ne akyiri yi bere a ɔhyɛɛ Nehemia sɛ ɔnsan nkɔto Yerusalem afasu no. (Esra 7:11-26; 8:25-30; Nehemia 2:1-8) Roma otumfo a ɔkorɔn no somee saa ara, bere a egyee Paulo fii nnipadɔm nsam wɔ Yerusalem, ɛbɔɔ ne ho ban wɔ bere a woguu asu no mu, na ɛyɛɛ nhyehyɛe maa no ma okonyaa n’ankasa fi wɔ Roma no.—Asomafo no Nnwuma 21:31, 32; 28:7-10, 30, 31.
14 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, wiase atumfo asom sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ nnɛ mmere yi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1959 mu no, Canada asennibea kunini no buu atɛn sɛ Yehowa Adansefo mu biako a wɔatoto n’ano wɔ Quebec sɛ ɔrebɔ nsɛm a etutu ɔman ase na ɛsɛe din dawuru no nni fɔ—saayɛ mu no, wɔbɔɔ Maurice Duplessis a na ɔyɛ Quebec ɔsoafo panyin saa bere no afoforo ho adwene a ɛnteɛ a ɔwɔ no gui.
15. Ɔkwan a emu trɛw bɛn so na atumfo no yɛ ade sɛ Onyankopɔn somfo, na hokwan bɛn na eyi de ma wɔn?
15 Afei, ɔkwan a emu trɛw so no, aman nniso horow som sɛ Onyankopɔn asomfo denam ɔman mu nhyehyɛe pa a wɔkora so kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba abegye saa asɛyɛde no so. Sɛnea Paulo kyerɛ no, eyi nti na atumfo no ‘kura afoa no’ a ɛyɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde asotwe ma no ho sɛnkyerɛnne. Mpɛn pii no, nea ɛwɔ eyi mu ne afiase a wɔde nkurɔfo to anaasɛ mmaratode a wɔma wotua. Nsase binom so no, kumfɔ nso betumi aka ho.a Ɔkwan foforo so no, aman pii apaw sɛ wɔremmu kumfɔ, na ɛno nso yɛ hokwan a wɔn ankasa wɔ.
16. (a) Esiane sɛ otumfo yɛ Onyankopɔn somfo nti, dɛn na Onyankopɔn nkoa binom asusuw ho sɛ ɛfata sɛ wɔyɛ? (b) Adwuma bɛn na Kristoni rentumi nyɛ, na dɛn ntia?
16 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atumfo a wɔkorɔn no yɛ Onyankopɔn asomfo no kyerɛkyerɛ nea enti a Daniel, Hebrifo baasa no, Nehemia, ne Mordekai tumi gyee dibea a asɛyɛde wom wɔ Babilon ne Persia nniso mu no mu. Saa kwan no so no, na wobetumi de asɛm adan Ɔman no tumi ama Onyankopɔn nkurɔfo yiyedi. (Nehemia 1:11; Ester 10:3; Daniel 2:48, 49; 6:1, 2) Ɛnnɛ, Kristofo binom nso yɛ adwuma ma nniso. Nanso esiane sɛ wɔatew wɔn ho afi wiase no ho nti, wɔnkɔdɔm amanyɛ akuw, wɔnhwehwɛ amammui mu nnwuma anaasɛ wonnye dibea horow a ɛbɛma wɔasisi gyinae wɔ amammui ahyehyɛde ahorow mu.
Hia a Gyidi ho Hia
17. Tebea horow bɛn na ebetumi akanyan ebinom a wɔnyɛ Kristofo ma wɔasɔre atia tumidi?
17 Nanso, sɛ atumfo no nya ɔporɔw anaa nhyɛso mpo ho koma nso ɛ? Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔde tumi foforo a ɛte sɛ nea eye besi ananmu anaa? Wiɛ, nniso mu ntɛnkyea ne ɔporɔw nyɛ ade foforo. Afeha a edi kan no mu no, Roma ahemman no buu ani guu ntɛnkyea te sɛ nkoayɛ so. Afei nso enyaa aman mpanyimfo a wɔaporɔw ho koma. Bible no ka tow gyigyefo a na wosisi nkurɔfo, ɔtemmufo a na ɔnteɛ, ne ɔmantam amrado bi a na ɔhwehwɛ adanmude ho asɛm.—Luka 3:12, 13; 18:2-5; Asomafo no Nnwuma 24:26, 27.
18, 19. Sɛ aban mpanyimfo bi yɛ nnebɔne anaasɛ wonni nokware a, Kristofo yɛ wɔn ade dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo ama ankorankoro anya asetra pa, sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi ne adaka a ɛwɔ asehɔ ka ho asɛm no?
18 Ná anka Kristofo betumi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ma nnebɔne a ɛtete saa agyae saa bere no, nanso wɔanyɛ. Sɛ nhwɛso no, Paulo anka nkoasom a ɛsɛ sɛ wogyae ho asɛm, na wanka ankyerɛ Kristofo a wɔwɔ nkoa sɛ wonyaa wɔn nkoa no mma wɔnkɔ. Mmom no, otuu nkoa ne nkoa wuranom fo sɛ wonnya Kristofo ayamhyehye bere a wɔne wɔn ho wɔn ho di nsɛm no. (1 Korintofo 7:20-24; Efesofo 6:1-9; Filemon 10-16; hwɛ 1 Petro 2:18 nso.) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Kristofo amfa wɔn ho anhyehyɛ ɔman anidan dwumadi mu. Ná wɔreka “asomdwoe asɛmpa” no a adagyew nnim koraa. (Asomafo no Nnwuma 10:36) Wɔ 66 Y.B. mu no, Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae na afei wɔsan kɔe. Sɛ́ anka Hebrifo Kristofo no ne kurow no ahobammɔfo atuatewfo no bɛtra mmom no, ‘woguan kɔɔ mmepɔw so’ de yɛɛ osetie maa Yesu akwankyerɛ.—Luka 21:20, 21.
19 Tete Kristofo no traa nneɛma ho sɛnea na ɛte no na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ankorankoro anya asetra pa denam Bible nnyinasosɛm a wɔbɛboa wɔn ma wɔadi akyi no so. Abakɔsɛm kyerɛwfo John Lord kyerɛwee wɔ ne nhoma The Old Roman World no mu sɛ: “Na wohu Kristosom nkonimdi ahorow a ɛyɛ nokware no wɔ wɔn a na wogye ne nkyerɛkyerɛ tom a wɔma wɔyɛɛ nnipa pa no mu mmom sen sɛ wɔbɛsakra nhyehyɛe horow a agye din, anaa nniso, anaa mmara horow.” So ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ade ɔkwan a ɛne eyi bɔ abira so nnɛ?
Bere a Ɔman no Mmfa Mmoa Mma
20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase otumfo bi antumi anyɛ Onyankopɔn somfo amma adepa? (b) Sɛ Ɔman no pene so ma wɔtaa Yehowa Adansefo a, wɔyɛ wɔn ade dɛn?
20 Wɔ September 1972 mu no, wɔde ɔtaa a emu yɛ den baa Yehowa Adansefo so wɔ Afrika mfinimfini ɔman bi mu. Wogyigyee mpempem pii agyapade nyinaa na wɔyɛɛ wɔn atirimɔdenne afoforo a na ɔhwe, ayayadeyɛ, ne awudi ka ho. So otumfo a ɔkorɔn no dii n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛbɔ Adansefo no ho ban no ho dwuma? Dabi! Mmom no, ɔhyɛɛ basabasayɛ no ho nkuran, na ɛhyɛɛ Kristofo a wɔnyɛ afoforo bɔne yi ma woguan kɔɔ nsase a ɛbemmɛn hɔ so na ama wɔanya ahotɔ.
21 So ɛnsɛ sɛ Yehowa Adansefo de abufuw sɔre tia ahawfo a wɔtete sɛɛ? Dabi. Ɛsɛ sɛ Kristofo de boasetɔ gyina animguasede ahorow a ɛte sɛɛ mu, na wɔbrɛ wɔn ho ase yɛ ade de suasua Yesu: “Ohuu amane, na wɔanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:23) Wɔkae sɛ bere a wɔkyeree Yesu wɔ Getsemane turom hɔ no, ɔkaa osuani a ɔde nkrante bɔɔ ne ho ban no anim, na akyiri yi ɔka kyerɛe Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.”—Yohane 18:36; Mateo 26:52; Luka 22:50, 51.
22. Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Adansefo binom a wɔwɔ Afrika yɛe bere a wohyiaa ɔtaa a emu yɛ den no?
22 Bere a na Yesu nhwɛso no wɔ wɔn adwene mu no, saa Afrika Adansefo no nyaa akokoduru dii Paulo afotu yi akyi: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.” (Romafo 12:17-19; fa toto Hebrifo 10:32-34 ho.) Nhwɛso a ɛhyɛ nkuran bɛn ara na yɛn nuanom Afrikafo no yɛ ma yɛn nnɛ sɛɛ yi! Sɛ atumfo pow sɛ wɔbɛyɛ ade nidi kwan so mpo a, nokware Kristofo nnyaw Bible nnyinasosɛm.
23. Nsemmisa bɛn na aka a yebesusuw ho?
23 Nanso, dɛn na atumfo a wɔkorɔn no betumi ahwɛ kwan afi Kristofo hɔ? Na so anohyeto bi wɔ nea wɔwɔ hokwan sɛ wobisa no mu? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Ná kumfɔ ka nsɛmmɔnedi akɛse ho asotwe a ɛwɔ ɔsoro mmara nsɛm a wɔde mae wɔ tete Israel mu no ho.—Exodus 31:14; Leviticus 18:29; 20:2-6; Numeri 35:30.
So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Akwan horow a obi betumi afa so ‘asɔre atia’ atumfo a wɔkorɔn no bi ne dɛn?
◻ Dɛn ne “Onyankopɔn nhyehyɛe” wɔ nniso tumi ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na atumfo no yɛ ‘ade a ɛsɛ sɛ wosuro’?
◻ Ɔkwan bɛn so na nnipa nniso horow som sɛ “Onyankopɔn somfo”?
[Adaka wɔ kratafa 21]
AKrataa A Efi Panyin Bi Nkyɛn
Wɔde krataa bi a agyiraehyɛde “Public Servie for the State of Minas Gerais” wɔ so kɔmaa Ɔwen Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no. Ná efi Conquista kurow mu polisifo panyin no nkyɛn. So na biribi atoto anaa? Ma krataa no nkyerɛkyerɛ mu. Ɛka sɛ:
“Owura Pa:
“Ɛyɛ me anigye sɛ menam krataa yi so bɛda me ho adi akyerɛ wo. Mede bɛyɛ mfe abiɛsa ayɛ polisifo panyin wɔ kurow Conquista, Minaa Gerais mu. Wɔ adwuma mu no, mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛyere me ho ayɛ adwuma, nanso na metaa hyia ɔhaw ahorow wɔ afiase hɔ a mɛma asomdwoe atra hɔ no mu. Ɛwom sɛ na wɔakyerɛ nneduafo no nnwuma bi yɛ de, nanso na wɔyɛ basabasa.
“Asram kakraa bi ni a Owura O—baa yɛn kurow yi mu bɛdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ofii ase kaa bible mu asɛm kyerɛ nneduafo no bi, kyerɛɛ wɔn akenkan ne akyerɛw, ahotew ne nsa ano adwuma ahorow, na ɔkaa Kyerɛw Kronkron no mu nsɛm nso kyerɛɛ wɔn. Sɛnea ɔsɛnkafo yi yɛɛ adwuma no daa ahofama, ɔdɔ, ne ho a wɔde bɔ afɔre adi. Nneduafo no suban sakra yɛɛ yiye ma ɛyɛɛ yiye ma ɛyɛɛ wɔn a wohui no nwonwa na wɔn ani sɔe.
“Esiane nea esii wɔ yɛn afiase ha no nti, mepɛ sɛ mebɔ Ɔwɛn Aban Asafo no amanneɛ sɛ yɛn ani asɔ adwuma pa a saa ɔsɛnkafo pa yi wɔ yɛn kurow yi mu no.”
Paulo kaa nniso tumi horow ho asɛm sɛ: ‘Kɔ so yɛ papa, na wubenya ne hɔ ayeyi.’ (Romafo 13:3) Ná eyi yɛ nokware wɔ atifi hɔ asɛm no mu. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ɛsakra nnipa, a asɛmpa no ma etumi bae wɔ asram kakraa bi mu no yɛ nea asotwe nhyehyɛe a wɔayɛ no ntumi nyɛ mfe pii mu bɛn ara ni!—Dwom 19:7-9.