Kristofo Adwene wɔ Tumidi Ho
“Tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn.”—ROMAFO 13:1.
1. Dɛn na wɔde bata asɛmfua “tumidi” ho, enti dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni no?
WƆDE tumidi bata ade foforo a obi tumi yɛ ho. Asɛmfua “tumidi” ne asɛmfua “yɛfo,” a ɛkyerɛ “nea biribi fi no, nea ɔyɛ, anaa nea ɔde ba” wɔ abusuabɔ. Opumpuni a ɔde abɔde nyinaa, nea nkwa wom ne nea nkwa nnim nyinaa, bae ne Yehowa Nyankopɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ. Nokware Kristofo te nka sɛ ɔsoro abɔde a wɔkaa eyi no: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.
2. Ɔkwan bɛn so na tete nnipa sodifo gye toom ɔkwan bi so sɛ womfi awosu mu nni hokwan sɛ wobedi wɔn mfɛfo nnipa so, na dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato?
2 Mmɔden a nnipa sodifo bɔe sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wɔfata sɛ wodi tumi denam ka a wɔkae sɛ wɔyɛ anyame anaa anyame bi ananmusifo no nkutoo mpo kyerɛ sɛ wogye toom sɛ onipa biara nni hɔ a ofi awosu mu wɔ hokwan sɛ odi nnipa afoforo so.a (Yeremia 10:23) Tumidi a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ nkutoo na ɛfata. Kristo ka kyerɛɛ Pontio Pilato, Yudea Roma sodifo no sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara.”—Yohane 19:11.
“Tumi Biara Nni hɔ sɛ Nea Efi Nyankopɔn.”
3. Dɛn na ɔsomafo Paulo kae wɔ “atumfoɔ a wɔkorɔn” ho, na nsemmisa bɛn na Yesu ne Paulo nsɛm no ma ɛsɔre?
3 Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔhyɛ Roma Ahemman no tumidi ase no sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, efisɛ tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Onyankopɔn; Onyankopɔn na ɔde atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no agyina wɔn sɛso gyinaebea.” (Romafo 13:1, New World Translation.) Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ ‘wofi soro’ na de Pilato tumi no maa no no? Na ɔkwan bɛn so na Paulo buu ne bere so amammui atumfoɔ no sɛ Onyankopɔn na ɔde wɔn agyina wɔn sɛso gyinabea? So na wɔkyerɛ sɛ Yehowa ankasa na ɔpaw wiase yi amammui sodifo biara?
4. Yesu ne Paulo frɛɛ Satan dɛn, na dɛn na Satan kae a Yesu annye ho kyim?
4 Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ yiye bere a Yesu frɛɛ Satan “wi yi ase sodifo,” na Paulo nso frɛɛ no “wi yi ase nyame” no? (Yohane 12:31; 16:11; 2 Korintofo 4:4) Afei nso, bere a Satan resɔ Yesu ahwɛ no, ɔde “wiase ahenni nyinaa” so “tumi” kyerɛɛ no, na ɔkae sɛ wɔde saa tumi no ahyɛ ne nsa. Yesu pow n’akyɛde no, nanso wannye kyim sɛ saa tumi no yɛ Satan de a obetumi de akyɛ.—Luka 4:5-8.
5. (a) Ɛsɛ sɛ yɛte Yesu ne Paulo nsɛm a ɛfa nnipa tumidi ho no ase dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn na ɔde” atumfoɔ a wɔkorɔn no “agyina wɔn sɛso gyinabea”?
5 Yehowa de wiase yi so tumi hyɛɛ Satan nsa denam tra a ɔmaa ɔtraa ase bere a ɔtew atua na ɔsɔɔ Adam ne Hawa hwɛe ma wɔtew atua tiaa Ne tumidi akyi no so. (Genesis 3:1-6; fa toto Exodus 9:15, 16 ho.) Enti, Yesu ne Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ bere a nnipa baanu a wodi kan a na wɔwɔ Eden no pow teokrase, anaa Onyankopɔn nniso no, Yehowa maa nnipa a wɔatwe wɔn ho kwan ma wonyaa tumidi bi a ɛbɛma wɔatumi anya asetra a nhyehyɛe pa wom. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa adi n’atirimpɔw ho dwuma no, ɔma sodifo anaa nniso ahorow bi hwe ase. (Daniel 2:19-21) Ɔma afoforo nso kɔ so di tumi. Wobetumi aka atumfoɔ a Yehowa ma wɔn kwan sɛ wɔntra hɔ no ho asɛm sɛ ‘Onyankopɔn na ɔde wɔn agyina wɔn sɛso gyinabea.’
Tete Kristofo ne Roma Atumfoɔ No
6. Tete Kristofo no buu Roma atumfoɔ no dɛn, na dɛn ntia?
6 Tete Kristofo no ne Yudafo akuw a wɔyɛɛ atirisopam ko tiaa Romafo a wɔwɔ Israel man mu no ammɔ anan. Bere dodow a Roma atumfoɔ no nam wɔn mmara ahorow so ma biribiara kɔɔ so wɔano wɔano wɔ asase ne ɛpo so; wɔyɛɛ nsuka, akwan, ne atwene; na mpɛn pii no, wɔyɛɛ nneɛma a ɛde asetra mu ahotɔ brɛɛ obiara no, Kristofo buu wɔn sɛ ‘Onyankopɔn asomfo [anaa, “nkoa,” New World Translation—With References no ase hɔ asɛm] ma wɔn yiyedi.’ (Romafo 13:3, 4) Mmara ne nhyehyɛe pa maa Kristofo nyaa tebea pa a ɛmaa wotumi kaa asɛmpa no koduu akyirikyiri sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no. (Mateo 28:19, 20) Wofi ahonim pa mu tuaa ɛtow a Romafo no gyee wɔn no, ɛmfa ho sɛ wɔde sika no bi yɛɛ nneɛma a Onyankopɔn mpene so.—Romafo 13:5-7.
7, 8. (a) Dɛn na Romafo 13:1-7 a obi tɔ ne bo ase kenkan no da no adi, na dɛn na nsɛm foforo a ɛka ho kyerɛ? (b) Tebea horow bɛn mu na na Roma atumfoɔ no nyɛ “Onyankopɔn asomfo,” na wɔ eyi mu no, dɛn na tete Kristofo no yɛe?
7 Romafo ti 13 hɔ nkyekyem ason a edi kan no a obi tɔ ne bo ase kenkan no ma ohu sɛ na amammui ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no yɛ “Onyankopɔn asomfo” a wɔkamfo wɔn a wɔyɛ nea ɛteɛ na wɔtwe wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ asõ. Nsɛm foforo a ɛka ho no da no adi sɛ ɛnyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no na wɔkyerɛ nea eye ne ne enye, na mmom Onyankopɔn. Enti, sɛ Roma ɔhempɔn no anaa amammui tumfoɔ biara hwehwɛ nneɛma a Onyankopɔn bara anaa ɔbara biribi a Onyankopɔn hwehwɛ a, na ɔnna so ara nyɛ Onyankopɔn somfo. Yesu kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Mateo 22:21) Sɛ Roma Ahemman no hwehwɛ nneɛma a ɛyɛ Onyankopɔn dea, te sɛ ɔsom anaa obi nkwa a, ná nokware Kristofo no di asomafo no afotu yi so: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.
8 Esiane sɛ tete Kristofo no powee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔhempɔn som ne abosonsom mu, agyae Kristofo nhyiamkɔ ne asɛmpa no ka nti, wɔtaa wɔn. Nnipa dodow no ara gye di sɛ Ɔhempɔn Nero na ɔhyɛe ma wokum ɔsomafo Paulo. Ahempɔn foforo te sɛ Domitian, Marcus Aurelius, Septimius Severus, Decius, ne Diocletian nso taa tete Kristofo no. Bere a saa ahempɔn yi ne atumfoɔ a wɔhyɛ wɔn ase no taa Kristofo no, ɛda adi sɛ na wɔnyɛ “Onyankopɔn asomfo.”
9. (a) Dɛn na ɛda so ara yɛ nokware wɔ amammui atumfoɔ a wɔkorɔn no ho, na hena na amammui aboa no nya ahoɔden ne tumi fi ne nkyɛn? (b) Dɛn na ntease wom a wobetumi aka wɔ Kristofo ahobrɛase a wɔyɛ ma atumfoɔ a wɔkorɔn no ho?
9 Eyi nyinaa ma ɛda adi sɛ ɛmfa ho sɛ ɔkwan bi so no amammui mu atumfoɔ a wɔkorɔn no som sɛ “nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ” a ɛde nhyehyɛe pa ba nnipa asetram no, wɔda so ara yɛ wiase nhyehyɛe a Satan yɛ ne nyame no fã. (1 Yohane 5:19) Wɔwɔ wiase nyinaa amammui ahyehyɛde a wɔde “aboa” a ɔwɔ Adiyisɛm 13:1, 2 gyina hɔ ma no no mu. “Ɔtwease kɛse no,” Satan Ɔbonsam na ɔma saa aboa no tumi. (Adiyisɛm 12:9) Enti, sɛnea ntease wom no, Kristofo mmrɛ wɔn ho ase mma tumidi a ɛte saa no korakora, na mmom anohyeto wom.—Fa toto Daniel 3:16-18 ho.
Obu a Ɛfata ma Tumidi
10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma mmarima a wɔwɔ tumi? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi abɔ mpae ama “ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa,” na dɛn ntia?
10 Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo sɔre tia amammui atumfoɔ a wɔkorɔn no. Ampa, nea saa mmarima yi yɛ wɔ wɔn ankasa asetra mu anaa baguam mpo no mma wɔmfata obu. Nanso, asomafo no nam wɔn nhwɛso ne wɔn afotu so kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma atumfoɔ. Bere a Paulo kɔɔ Ɔhene Herode Agripa II a na waware ne busuani anim no, ɔde obu kasae sɛnea ɛsɛ.—Asomafo no Nnwuma 26:2, 3, 25.
11 Paulo kae mpo sɛ ɛfata sɛ yɛbɔ wiase atumfoɔ din wɔ yɛn mpaebɔ mu, titiriw sɛ yɛde asɛm bi kɔto wɔn anim sɛ wonsi gyinae a ɛka yɛn asetra ne Kristofo dwumadi ahorow a. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu. Na eyi ye, na ɛsɔ Agyenkwa Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.” (1 Timoteo 2:1-4) Obu a yɛbɛkyerɛ ama atumfoɔ a wɔte saa no betumi ama wɔama yɛn kwan pii ma yɛayɛ adwuma a yɛde rebɔ mmɔden agye “nnipa nyinaa nkwa” no.
12, 13. (a) Afotu a ɛkari pɛ bɛn na Petro de mae wɔ tumidi ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiw “nnipa a wonni adwene” a wɔma nkurɔfo nya Yehowa Adansefo ho adwemmɔne no “nkwaseasɛm” ano?
12 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nsiesiei nyinaa, Awurade nti, ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo, amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo. Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano, sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa. Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!” (1 Petro 2:13-17) Afotu a ɛkari pɛ bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Onyankopɔn korakora sɛ ne nkoa, na yɛda ahobrɛase a anohyeto ne obu wom adi kyerɛ amammui atumfoɔ a wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔtwe nnebɔneyɛfo aso.
13 Abɛda adi sɛ wiase atumfoɔ pii wɔ Yehowa Adansefo ho adwene a ɛntɛe pii. Nea ɛtaa ma eyi ba ne sɛ wɔn a wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo denneennen keka nsɛm a ennim kyerɛ wɔn. Anaa ebia nea wonim fa yɛn ho nyinaa no, wonya fii nsɛm amanneɛbɔfo, a ɛnyɛ nea wɔka nyinaa na ɛyɛ nokware hɔ. Ɛtɔ da bi a, yebetumi ayi saa adwemmɔne yi afi hɔ denam obu a yɛbɛda no adi so, na bere a ɛbɛyɛ yiye no, yɛde Yehowa Adansefo adwuma ne wɔn gyidi ahorow ho nkyerɛkyerɛmu a edi mu ama atumfoɔ no. Wɔ aban mpanyimfo a wonni adagyew fam no, brochure a wɔato din Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century no ma wɔn nkyerɛkyerɛmu pii. Sɛ wɔpɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, yebetumi ama wɔn nhoma Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, a ɛyɛ adwinnade fɛfɛ a ɛfata sɛ wɔde bi hyɛ ɔman nhoma akorae ahorow.
Tumidi wɔ Kristofo Afie Mu
14, 15. (a) Kristofo fie mu tumidi gyina dɛn so? (b) Esu bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyerenom Kristofo nya wɔ wɔn kununom ho, na dɛn ntia?
14 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma wiase atumfoɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma tumidi nhyehyɛe a Onyankopɔn de asi hɔ wɔ Kristofo afie mu no nso. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ tiyɛ a ɛkɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu ho nnyinasosɛm no mu kɔɔ akyiri. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Eyi yɛ teokrase, anaa Onyankopɔn nniso nnyinasosɛm. Dɛn na ɛhwehwɛ?
15 Obu a wɔkyerɛ ma teokrase fi ase wɔ fie. Ɔyere Kristoni a ɔnkyerɛ obu a ɛfata mma ne kunu tumidi—sɛ́ ɔbarima no yɛ ne yɔnko gyidini anaa ɛnte saa—no nyɛ teokraseni. Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho Kristo suro mu. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa. Na sɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.” (Efesofo 5:21-24) Sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima brɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo tiyɛ ase no, ɛsɛ sɛ Kristofo mmea hu nyansa a ɛwom sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama tumidi a Onyankopɔn de ama wɔn kununom no. Eyi bɛma wɔanya akomatɔyam kɛse, ne nea ɛsen saa no, Yehowa nhyira.
16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na mmofra a wɔtete wɔn wɔ Kristofo afie mu betumi ayɛ soronko wɔ ɛnnɛyi mmofra pii ho, na dɛn na wobenya afi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ayɛ nhwɛso pa ama mmofra nnɛ, na dɛn na wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ?
16 Teokrase mmofra de anigye kyerɛ obu a ɛfata ma wɔn awofo. Wɔhyɛɛ nna a edi akyiri yi mu mmofra ho nkɔm sɛ wɔbɛyɛ “awofo asɛm ho asoɔdenfo.” (2 Timoteo 3:1, 2) Nanso Onyankopɔn Asɛm a wɔde honhom kyerɛwee no ka kyerɛ Kristofo mmofra sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kolosefo 3:20) Obu a mmofra kyerɛ ma wɔn awofo tumi sɔ Yehowa ani na ɛma wonya ne nhyira.
17 Yesu asɛm no yɛ eyi ho mfatoho. Luka kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔne wɔn [n’awofo] siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. . . . Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.” (Luka 2:51, 52) Saa bere no na Yesu adi mfe 12, na Hela asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no si so dua sɛ ‘ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase’ maa n’awofo. Enti ahobrɛase a ɔyɛe no amma awiei bere a na ɔredu ne mpanyin mfe so no. Sɛ mo a moyɛ mmofra no pɛ sɛ munya nkɔso wɔ honhom mu ne Yehowa ne nnipa anim dom a, mobɛkyerɛ obu ama tumidi wɔ mo fie ne abɔnten.
Tumidi wɔ Asafo no Mu
18. Hena ne Kristofo asafo no Ti, na henanom na ɔde tumi ahyɛ wɔn nsa?
18 Bere a Paulo reka hia a ɛho hia sɛ biribiara kɔ sɛ wɔano wɔano wɔ Kristofo asafo mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn. . . . Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne kwan so [anaa, “pɛpɛɛpɛ,” ase hɔ asɛm].” (1 Korintofo 14:33, 40, NW) Nea ɛbɛyɛ na biribiara akɔ so wɔano wɔano no, Kristo, a ɔyɛ Kristofo asafo no ti, de tumi ahyɛ mmarima anokwafo nsa. Yɛkenkan sɛ: “Wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no . . . Momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.”—Efesofo 4:11, 12, 15.
19. (a) Hena na Kristo de no asi nea ɔwɔ wɔ asase so nyinaa so, na henanom na wama wɔn tumi soronko? (b) Tumi bɛn na wɔde amema wɔ Kristofo asafo no mu, na dɛn na eyi hwehwɛ wɔ yɛn ho?
19 Wɔ awiei bere yi mu no, Kristo de “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no asi “nea ɔwɔ nyinaa,” anaa Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so no so. (Mateo 24:45-47) Te sɛ nea na ɛte wɔ afeha a edi kan mu no, Kristofo mmarima a wɔasra wɔn, a Kristo ama wɔn tumi ma wosisi gyinae na wɔpaw ahwɛfo foforo, sodikuw no, na wogyina hɔ ma saa akoa yi. (Asomafo no Nnwuma 6:2, 3; 15:2) Sodikuw no nso de tumi ma Baa Boayikuw ahorow, amantam ne amansin so ahwɛfo, ne mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 73,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no biara mu. Saa Kristofo mmarima a wɔwɔ ahofama yi nyinaa fata yɛn mmoa ne obu.—1 Timoteo 5:17.
20. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani nnye wɔn a wɔnkyerɛ obu mma mfɛfo Kristofo a wɔwɔ tumi no ho?
20 Ɛdefa obu a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ma wɔn a wɔwɔ tumi wɔ Kristofo asafo no mu ho no, yebetumi de ahobrɛase a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma wiase atumfoɔ no ayɛ ntotoho fɛfɛ bi. Sɛ obi to nnipa mmara bi a Onyankopɔn pene so a, nokwasɛm ne sɛ ɔkwan bi so no, asotwe a ‘wɔn a wodi tumi’ no de ma no no yɛ Onyankopɔn abufuw a wɔda no adi wɔ “nea ɔyɛ bɔne no so.” (Romafo 13:3, 4) Sɛ Yehowa bo fuw bere a obi bu nnipa mmara ahorow so na ɔnkyerɛ obu a ɛfata mma wiase atumfoɔ a, ɛnde hwɛ sɛnea ne bo befuw kɛse bere a Kristoni a wahyira ne ho so bu Bible nnyinasosɛm ahorow so na ɔnkyerɛ obu mma mfɛfo Kristofo a wɔwɔ tumi!
21. Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na yɛde anigye bedi akyi, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?
21 Sɛ́ anka yɛbɛda ɔsɔretia ne ahofadi su adi ama Onyankopɔn bo afuw yɛn no, yebedi afotu a Paulo de kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filipi no akyi: “Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma nwie; na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu wɔ nea mopɛ na moyɛ nyinaa mu sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. Monkwati huhuhuhu ne nkyinnye nyɛ ade nyinaa, na moayɛ nnipa a wonnunu wɔn, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a wonni dɛm nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea ewiase.” (Filipifo 2:12-15) Nea ɛnte sɛ ɛnnɛ abusua a wɔakyea a wɔama tumidi ho aba asɛm no, Yehowa nkurɔfo de anigye brɛ wɔn ho ase ma tumidi. Ɛno nti, wonya mfaso pii, sɛnea yebehu wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu no.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm a edi eyi anim no.
Ntĩmu
◻ Hena ne Otumfoɔ Pumpuni no, na dɛn nti na ne tumidi fata?
◻ Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn na ɔde” atumfoɔ a wɔkorɔn no “agyina wɔn sɛso gyinabea”?
◻ Bere bɛn na atumfoɔ a wɔkorɔn no nna so nyɛ “Onyankopɔn asomfo”?
◻ Tumidi nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ Kristofo mmusua mu?
◻ Tumi bɛn na wɔde amema wɔ Kristofo asafo no mu?
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Yesu kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare”