Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/1 kr. 23-28
  • Nsɛso Kwan So Ahobrɛase A Yɛbɛyɛ Ama Atumfo A Wɔkorɔn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛso Kwan So Ahobrɛase A Yɛbɛyɛ Ama Atumfo A Wɔkorɔn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Eyi Nti Nso na Muyi Tow”
  • “Muntua Obiara Nea Ɛsɛ No”
  • “Osuro” ne “Nidi”
  • Nsɛso Kwan so Ahobrɛase
  • ‘Tie Onyankopɔn sɛ Sodifo’
  • “Odwo ne Osuro”
  • Kristofo Adwene wɔ Tumidi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Wo Tow Ahorow?
    Nyan!—2003
  • Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Adwene A Kristoni Kura Wɔ Atumfo A Wɔkorɔn No Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/1 kr. 23-28

Nsɛso Kwan So Ahobrɛase A Yɛbɛyɛ Ama Atumfo A Wɔkorɔn No

“Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase.”​—ROMAFO 13:5, NEW WORLD TRANSLATION.

1. Osuahu a emu yɛ den bɛn na pii nyae wɔ Nasi atumfo a wɔkorɔn no nsam, na so eyi fi ‘bɔne a wɔyɛe’ nti?

JANUARY 7, 1940 mu no, wɔde afiri a wɔde twa ti kunkum Franz Reiter ne Austriafo mmofra afoforo baanum. Ná wɔyɛ Bibelforscher, Yehowa Adansefo, na wowuwui esiane sɛ na wɔrentumi mfi wɔn ahonim mu nko mma Hitler Reich no nti. Ná Reiter yɛ Adansefo ɔpepem pii a wowuwui maa wɔn gyidi wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu no mu biako. Afoforo pii gyinaa mfe bebree wɔ nnadeban ahorow mu ano. So Nasi atumfo a wɔkorɔn no “afoa no” maa eyinom nyinaa huu amane esiane sɛ ‘wɔyɛe bɔne’ nti? (Romafo 13:4) Dabida! Paulo nsɛm a edi hɔ bio no kyerɛ sɛ Kristofo yi tiee Onyankopɔn ahyɛde a ɛwɔ Romafo ti 13 no, ɛwom sɛ wohuu amane wɔ atumfo no nsam de.

2. Dɛn nti na ɛtwa sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase no?

2 Wɔ Romafo 13:5 no, ɔsomafo no kyerɛw sɛ: “Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti na mmom mo ahonim nso nti.” Nea edi kan no, Paulo kae sɛ “afoa no” a atumfo no kura no yɛ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn. Nanso afei, ɔma ntease a emu yɛ den sen saa: ahonim. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde “ahonim a emu tew” bɛsom Onyankopɔn. (2 Timoteo 1:3) Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase, na yetie efisɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. (Hebrifo 5:14) Nokwarem no, yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no ka yɛn ma yetie atumfo no bere a onipa biara nni hɔ a ɔbɛhwɛ yɛn no mpo.​—Fa toto Ɔsɛnkafo 10:20 ho.

“Eyi Nti Nso na Muyi Tow”

3, 4. Din bɛn na Yehowa Adansefo wɔ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo tua tow?

3 Wɔ Nigeria wɔ mfe bi a atwam ni no, towtua ho basabasayɛ bi sɔree. Nnipa pii hweree wɔn nkwa, na atumfo no frɛɛ asraafo. Asraafo no kɔhyɛn Ahenni Asa bi a na wɔreyɛ nhyiam wɔ so no so na wobisaa nea nti a wɔreyɛ nhyiam no. Bere a wohui sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo Bible adesua nhyiam no, ɔpanyin a odi wɔn anim no ka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔnkɔ, na ɔkae sɛ: “Yehowa Adansefo nyɛ tow ho mansotwefo.”

4 Saa Nigeria Adansefo no anya din pa sɛ wɔtra ase ma ɛne Paulo nsɛm yi hyia: “Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.” (Romafo 13:6) Bere a Yesu de ahyɛde no mae sɛ ‘momfa Kaesare de mma Kaesare’ no, na ɔreka towtua ho asɛm. (Mateo 22:21) Wiase atumfo ma yenya akwan, polisifo ahobammɔ, nhomakorabea, akwantu nhyehyɛe, sukuu ahorow, post office ne nnwuma afoforo pii. Mpɛn pii no, yɛde nsiesiei ahorow yi di dwuma. Ɛfata koraa sɛ yetua ho ka denam yɛn tow so.

“Muntua Obiara Nea Ɛsɛ No”

5. Dɛn na asɛm “muntua obiara nea ɛsɛ no” no kyerɛ?

5 Paulo toa so sɛ: “Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no, amanne mma nea amanne sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni.” (Romafo 13:7) Asɛmfua “obiara” no fa wiase otumfo biara a ɔyɛ Onyankopɔn baguam somfo no ho. Nyiyim nnim. Sɛ yɛte amammui nhyehyɛe bi a yɛn ankasa mpɛ ase mpo a, yetua tow. Sɛ wotumi yi nyamesom ahorow fi towtua mu wɔ faako a yɛte no a, asafo ahorow no betumi abisa na wɔayi wɔn afi mu saa ara. Na te sɛ ɔmamma afoforo no, Kristofo betumi de mmara kwan so nsiesiei biara a wɔayɛ de tew tow a wotua so no adi dwuma. Nanso ɛnsɛ sɛ Kristoni biara kwati towtua ɔkwan a ɛto mmara so.​—Fa toto Mateo 5:41; 17:24-27 ho.

6, 7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetua tow ahorow, sɛ wɔde sika no tua biribi a yɛmpene so ho ka anaasɛ atumfo no taa yɛn mpo a?

6 Nanso, fa no sɛ ɛte sɛ nea tow no nteɛ. Anaasɛ sɛ wɔde tow sika no bi tua biribi a yɛmpene so, te sɛ nyinsɛn a wotu gu kwa, mogya a wɔtwe sie, anaa nhyehyɛe ahorow a ɛne afã biara a yenni adwene no bɔ abira no ho ka nso ɛ? Yebetua yɛn tow nyinaa ara. Ɛyɛ atumfo no na ɛsɛ sɛ sɛnea wɔde tow sika di dwuma no ho asɛyɛde da wɔn so. Wɔnhyɛɛ yɛn sɛ yemmu ‘atumfo no atɛn. Onyankopɔn na ɔyɛ “asase temmufo” na n’ankasa bere mu no, ɔbɛma nniso horow no abu akontaa wɔ sɛnea wɔde wɔn tumi dii dwuma no ho. (Dwom 94:2; Yeremia 25:31) Enkosi sɛ ɛno bɛba no, yebetua yɛn tow ahorow.

7 Na sɛ atumfo no taa yɛn nso ɛ? Yɛbɛkɔ so atua yɛn tow ahorow esiane da biara da nnwuma ahorow a wɔyɛ no nti. Ɛdefa Adansefo a na wɔrehu ɔtaa mu amane wɔ Afrika ɔman bi so ho no, San Francisco Examiner kae sɛ: “Wubetumi abu wɔn sɛ wɔyɛ ɔmamma a wɔyɛ nhwɛso pa. Wɔde nsiyɛ tua wɔn tow, wɔhwɛ ayarefo, wɔko tia akenkan ne akyerɛw a wonnim.” Yiw, Adansefo a na wɔtaa wɔn no tuaa wɔn tow ahorow.

“Osuro” ne “Nidi”

8. Dɛn ne “osuro” a yɛde ma atumfo no?

8 “Osuro” a ɛwɔ Romafo 13:7 no nyɛ ehu a ɛma wosuro na mmom ɛyɛ obu a wɔwɔ ma wiase tumi, suro a wosuro sɛ wɔbɛto ne mmara. Wɔde saa obu yi ma esiane dibea a ɛwom no nti, na ɛnyɛ onii ko a wɔde no asi saa dibea no so nti bere nyinaa. Bere a Bible no reka Roma ɔhempɔn Tiberio ho asɛm nkɔmhyɛ mu no, ɔfrɛ no “ɔhohorani.” (Daniel 11:21) Nanso na ɔne ɔhempɔn no, enti, na Kristoni de osuro ne nidi bɛma no.

9. Akwan ahorow a yebetumi afa so adi nnipa atumfo nni no bi ne nea ɛwɔ he?

9 Ɛdefa nidi ho no, yedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde abodin ahorow a egyina nyamesom dibea so ma no akyi. (Mateo 23:8-10) Nanso, sɛ ɛba wiase atumfo fam a, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛde abodin biara a wɔhwehwɛ ma wɔde adi wɔn ni no bɛfrɛ wɔn. Paulo de asɛm “Your Excellency” [Ɔpanyin] dii dwuma bere a na ɔrekasa akyere Roma amradofo no. (Asomafo no Nnwuma 26:25) Daniel frɛɛ Nebukadnesar “me wura.” (Daniel 4:19) Ɛnnɛ, Kristofo betumi de nsɛm te sɛ “Your Lordship” [Owura] anaa “Your Majesty” [Ɔkɛse] adi dwuma. Wobetumi asɔre agyina bere a ɔtemmufo hyɛn asennibea anaasɛ wɔde obu abɔ wɔn mu ase wɔ sodifo bi anim sɛ ɛno ne ɛhɔ amanne a.

Nsɛso Kwan so Ahobrɛase

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu srɛe sɛ nea nnipa atumfo betumi ahwehwɛ afi Kristofo hɔ no wɔ anohyeto?

10 Esiane sɛ Yehowa Adansefo hyɛ nnipa tumidi ase nti, dɛn nti na Franz Reiter ne afoforo pii huu amane sɛnea wɔyɛe no? Efisɛ yɛn ahobrɛase no yɛ nsɛso kwan so de, na atumfo no nhu bere nyinaa sɛ Bible mu anohyeto ahorow bi wɔ nea wobetumi abisa no ho. Sɛ atumfo no bisa biribi a etia Kristoni ahonim a watete no no a, na ɛretra anohyeto a Onyankopɔn de ama no no. Yesu daa eyi adi bere a ɔkae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Onyankopɔn de mma Onyankopɔn” no. (Mateo 22:21) Sɛ Kaesare bisa nea ɛyɛ Onyankopɔn de a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ na edi kan.

11. Nnyinasosɛm a ɛda no adi sɛ nea nnipa atumfo betumi ahwehwɛ no wɔ anohyeto bɛn na wogye tom mmeae pii?

11 So saa gyinabea yi yɛ ɔman ase tutu anaa afatwasɛm? Ɛnte saa koraa. Nokwarem no, ɛyɛ nnyinasosɛm bi a anibuei aman mu dodow no ara gye tom ntrɛwmu. Wɔ afeha a ɛto so 15 no mu no, wodii obi a na wɔfrɛ no Peter von Hagenbach no asɛm sɛ ɔhyɛɛ nniso a ɛma nkurɔfo bo hu ase wɔ Europa beae a na odi tumi no. Wɔpow nea ɔde yii ne ho ano sɛ na ɔredi ne wura a na ɔne Burgundy Amrado no ahyɛde akyi ara kwa no. Asɛm a ɛne sɛ obi a odi atirimɔdensɛm no nni fɔ, sɛ na ɔredi otumfo a ɔkorɔn no ahyɛde so a, yɛ nea wɔaka no mpɛn pii fi saa bere no​—titiriw no Nasi ɔko mu nsɛmmɔnedifo no wɔ Amanaman Ntam Asennibea Kɛse no anim wɔ Nuremberg. Mpɛn pii no, wɔpow eyi a wɔka no. Amanaman Ntam Asennibea Kɛse no kae wɔ atemmu mu sɛ: “Ankorankoro wɔ amanaman ntam asɛyɛde a ɛtra ɔman no ahyɛde a ɛne osetie a ɔman bi de bɛto wɔn so no.”

12. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso horow a ɛfa Onyankopɔn nkoa a wɔpowee sɛ wobetie atumfo ahwehwɛde a ntease nnim no ho bi ne nea ɛwɔ he?

12 Onyankopɔn nkoa ahu bere nyinaa sɛ ahobrɛase a wofi wɔn ahonim mu yɛ ma atumfo a wɔkorɔn no wɔ anohyeto ahorow. Bɛyɛ bere a wɔwoo Mose wɔ Misraim no, Farao hyɛɛ Hebrifo awogyefo baanu sɛ wonkunkum Hebrifo mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforo no nyinaa. Nanso, awogyefo no koraa mmofra no so. So wodii mfomso sɛ wɔantie Farao? Dabi, efisɛ na wɔredi wɔn ahonim akyi, na Onyankopɔn hyiraa wɔn ɛno ho. (Exodus 1:15-20) Bere a na Israel wɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, Nebukadnesar kae sɛ ne mpanyimfo, a na Hebrifo Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ka ho, mmɔ wɔn mu ase mma ohoni bi a na ɔde asi Dura tataw so no. Hebrifo baasa no powee. So wodii mfomso? Dabi, esiane sɛ na ɔhene no ahyɛde no akyi a wobedi no bɛkyerɛ sɛ wɔrebu Onyankopɔn mmara so nti.​—Exodus 20:4, 5; Daniel 3:1-18.

‘Tie Onyankopɔn sɛ Sodifo’

13. Nhwɛso bɛn na tete Kristofo no de mae wɔ nsɛso osetie a wɔbɛyɛ ama atumfo a wɔkorɔn ho asɛm no mu?

13 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere a Yudafo atumfo hyɛɛ Petro ne Yohane sɛ wonnyae Yesu ho asɛnka no, wobuae sɛ: “Sɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!” (Asomafo no Nnwuma 4:19; 5:29) Ná wɔrentumi mmua wɔn ano. The Christian Century nsɛmma nhoma no twe yɛn adwene si gyinae foforo a efi ahonim mu a tete Kristofo no sii so bere a ɛka eyi no: “Tete Kristofo no anyɛ asraafo. Roland Bainton kyerɛ sɛ ‘efi apam foforo no awiei besi mfe du a ɛne 170-180 Y.B. mu no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Kristofo yɛ asraafo’ (Christian Attitudes Toward War and Peace [Abingdon, 1960], nkratafa 67-8). . . . Swift se na Justin Martyr ‘fa no sɛ ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ Kristofo bɛtwe wɔn ho afi basabasayɛ nneyɛe ho.’”

14, 15. Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛɛ nsɛso osetie a na tete Kristofo no bɛyɛ ama nnipa atumfo no bi ne nea ɛwɔ he?

14 Dɛn nti na tete Kristofo no anyɛ asraafo? Wɔn mu biara suaa Onyankopɔn Asɛm ne ne mmara no yiye na ogyinaa n’ahonim a ɔde Bible atete no no so sii n’ankasa gyinae. Ná wonni afã biara, “womfi wiase,” na afã biara a wonni no baraa wɔn sɛ wɔbɛpaw ɔfã bi wɔ wiase yi ntawntawdi mu. (Yohane 17:16; 18:36) Bio nso, na wɔyɛ Onyankopɔn dea. (2 Timoteo 2:19) Ná wɔn nkwa a wɔde bɛto hɔ ama Ɔman no bɛkyerɛ sɛ wɔde nea ɛyɛ Onyankopɔn de rema Kaesare. Bio nso, na wɔka amanaman ntam onuayɛ kuw a ɔdɔ ka wɔn bom yɛ wɔn biako no ho. (Yohane 13:34, 35; Kolosefo 3:14; 1 Petro 4:8; 5:9) Na wɔrentumi mfi ahonim pa mu mfa akode nkɔko wɔ bere a ebetumi aba sɛ wobekum wɔn yɔnko Kristoni.

15 Nea ɛka eyi ho no, na Kristofo rentumi mfa wɔn ho nhyehyɛ nyamesom afahyɛ ahorow a agye din, te sɛ ɔhempɔn som no mu. Nea efii mu bae ne sɛ wobuu wɔn sɛ “wɔyɛ nkurɔfo a wɔyɛ soronko na wɔn ho yɛ hu, na sɛnea ɛsɛ sɛ ɛba no, ɔmanfo a wɔaka no nyaa wɔn ho adwemmɔne.” (Still the Bible Speaks, a W. A. Smart yɛe) Ɛwom sɛ Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘suro nea osuro sɛ no’ de, nanso wɔn were amfi osuro kɛse, anaa obu, a wɔde bɛma Yehowa no. (Romafo 13:7; Dwom 86:11) Yesu ankasa kae sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam [Gehena].”​—Mateo 10:28.

16. Mmeae bɛn na ɛsɛ Kristofo kari ahobrɛase a wɔbɛyɛ ama atumfo a wɔkorɔn no hwɛ yiye?

16 Sɛ́ Kristofo no, yehyia nsɛnnennen a ɛte saa ara nnɛ. Yerentumi mfa yɛn ho nhyɛ nnɛyi abosonsom no mu​—sɛ ɛyɛ ɔsom kwan so adeyɛ a yɛbɛyɛ ama ohoni anaa sɛnkyerɛnnede bi anaa yɛbɛkyerɛ sɛ nkwagye fi obi anaa ahyehyɛde bi nkyɛn no. (1 Korintofo 10:14; 1 Yohane 5:21) Na te sɛ tete Kristofo no, yɛrentumi nnyae yɛn Kristofo afã biara a yenni no mu nsiesie.​—Fa toto 2 Korintofo 10:4 ho.

“Odwo ne Osuro”

17. Afotu bɛn na Petro de maa wɔn a ahonim nti wohu amane no?

17 Ɔsomafo Petro kyerɛw yɛn gyinabea a yefi ahonim mu paw no ho asɛm na ɔkae sɛ: “Eyi yɛ ɔdom, sɛ Onyankopɔn ho ahonim nti obi de awerɛhow hu amane a ɛnteɛ, na ogyina mu.” (1 Petro 2:19) Yiw, sɛ Kristoni gyina ɔtaa mu pintinn a, Onyankopɔn pene so, na mfaso foforo a ɛka ho ne sɛ Kristoni no gyidi yɛ den na ɛyɛ nea wɔasiesie no. (Yakobo 1:2-4; 1 Petro 1:6, 7; 5:8-10) Petro kyerɛwee nso sɛ: “Sɛ trenee nti muhu amane nso a, nhyira ne mo. Na munnsuro wɔn ho hu, na mommma mo bo ntutu. Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne osuro mu.” (1 Petro 3:14, 15) Eyi yɛ afotu a ɛboa ampa.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na osuro ne ntease su betumi aboa sɛ atumfo no to yɛn ɔsom mu ahofadi ano hye a?

18 Sɛ ɔtaa sɔre esiane sɛ atumfo no nte Kristofo gyinabea no ase anaasɛ esiane sɛ Kristoman nyamesom akannifo atoto Yehowa Adansefo ano akyerɛ atumfo no nti a, ebia nokwasɛm ahorow no a wɔde bɛma atumfo no bɛma nhyɛso no mu agow. Esiane sɛ Kristoni wɔ odwo ne osuro nti, ɔne ataafo nko. Nanso, ɔde mmara kwan so ɔkwan biara a ɛwɔ hɔ no di dwuma de yi ne gyidi no ano. Afei ɔde asɛm no hyɛ Yehowa nsa.​—Filipifo 1:7; Kolosefo 4:5, 6.

19 Osuro ma Kristoni kɔ akyiri kodu nea obetumi biara, a ommu n’ahonim so, de yɛ osetie ma atumfo. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔbara asafo nhyiam horow a, Kristofo bɛhwehwɛ akwan bi a nnipa pii nhu na wɔafa so de akɔ so adidi wɔ Yehowa pon so. Otumfo Pumpuni a ɔne Yehowa Nyankopɔn no nam Paulo so ka kyerɛ yɛn sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe.” (Hebrifo 10:24, 25) Nanso wobetumi ayɛ nhyiam horow a ɛte saa no anifere mu. Sɛ nnipa kakraa bi na wɔwɔ hɔ mpo a, yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn hyira nhyehyɛe a ɛte sɛɛ so.​—Fa toto Mateo 18:20 ho.

20. Sɛ wɔbara asɛm no a yɛbɛka wɔ baguam no a, ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi adi tebea no ho dwuma?

20 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, atumfo binom abara asɛmpa no a wɔka wɔ baguam no. Kristofo a wɔhyɛ wɔn ase no kae sɛ ɛdenam Yesu ankasa so no, Otumfo Pumpuni no kae sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Enti, wotie Otumfo Pumpuni no a nea ɛbɛba wɔn so biara mfa ho. Faako a na ɛbɛyɛ yiye no, asomafo no kaa asɛm baguam ne afie afie mu, nanso akwan afoforo wɔ hɔ a wobetumi afa so akasa akyerɛ nkurɔfo, te sɛ bɔnnɔ so adansedi. (Yohane 4:7-15; Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20) Mpɛn pii no atumfo no renka hwee bere a wɔde Bible no nkutoo di dwuma de yɛ asɛnka adwuma no​—ɛno si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛtete Adansefo nyinaa yiye ma wɔafi Kyerɛwnsɛm no mu asusuw nsɛm ho no so dua. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:2, 17 ho.) Ɛdenam akokoduru a Kristofo bɛyɛ, nanso wɔbɛda obu adi, no so no, mpɛn pii no, wobetumi ahu ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ osetie ama Yehowa a wɔrenhyɛ atumfo a wɔkorɔn no abufuw.​—Tito 3:1, 2.

21. Sɛ Kaesare nnyae ɔtaa no mu koraa a, ɔkwan bɛn na Kristofo betumi apaw?

21 Nanso, ɛtɔ mmere bi a, atumfo no nnyae ɔtaa a wɔtaa Kristofo no mu koraa. Ɛnde, wɔ ahonim pa mu no, nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yebegyina nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ no mu. Ná ɛsɛ sɛ aberantewaa Franz Reiter paw nea ɔpɛ: sɛ obegyaa ne gyidi mu asiesie anaasɛ obewu. Esiane sɛ na ɔrentumi nnyae Nyankopɔn som nti, ɔde akokoduru kɔɔ ne wu mu. Anadwo ansa na Franz rewu no, ɔkyerɛw ne na sɛ: “Wobekum me ɔkyena anɔpa. Minya m’ahoɔden fi Onyankopɔn hɔ, sɛnea na ɛte bere nyinaa wɔ tete nokware Kristofo nyinaa ho no . . . Sɛ wubegyina pintinn akodu owu mu a, yebehyia bio wɔ owusɔre no mu.”

22. Anidaso bɛn na yɛwɔ, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ bere no mu?

22 Da bi, adesamma nyinaa bɛtra mmara biako pɛ ase, Yehowa Nyankopɔn mmara. Enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nhyehyɛe so na yekura nsɛso ahobrɛase a yɛyɛ ma atumfo a wɔkorɔn no mu bere a yetie yɛn Amansan Hene, Yehowa, ade nyinaa mu no.​—Filipifo 4:5-7.

So Wokae?

◻ Dɛn nti na etwa sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebetua tow ahorow a Kaesare twa ma yɛn no?

◻ Nidi bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma atumfo?

◻ Dɛn nti na ahobrɛase a yɛyɛ ma Kaesare no yɛ nsɛso de ara kwa?

◻ Sɛ wɔtaa yɛn esiane sɛ Kaesare hwehwɛ nea ɛyɛ Onyankopɔn de nti a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

[Adaka wɔ kratafa 27]

Obu, Ɛnyɛ Ɔsom

Da bi anɔpa bere a na wɔresua ade wɔ sukuu dan mu no, Terra a ɔyɛ Canadani Yehowa Ɔdansefo kumaa bi no hui sɛ ne kyerɛkyerɛfo no afrɛ ne yɔnko sukuuni bi afi sukuu dan no mu bere tiaa bi. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ Terra komm sɛ ɔnka ne ho na wɔnkɔ sukuu panyin no office.

Woduu hɔ no, Terra hui sɛ wɔde Canada frankaa asɛw sukuu panyin no pon so. Ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ Terra sɛ ɔntew ntasu ngu frankaa no so! Ɔhyɛɛ nyansa sɛ esiane sɛ Terra nto ɔman dwom anaasɛ onkyia frankaa no nti, biribiara nni hɔ a enti ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ade a ɛte saa. Terra powee, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛwom sɛ Yehowa Adansefo nsom frankaa no de, nanso wɔwɔ obu ma no.

Wɔsan baa sukuu dan no mu no, ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ amanneɛ sɛ wayɛ nhwehwɛmu bi seesei ara. Ɔde adesuafo baanu akɔ sukuu panyin no office mmiako mmiako na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntew ntasu ngu frankaa no so. Nea odi kan no de ne ho hyɛɛ ɔmamma pa guasodeyɛ ahorow mu, nanso ɔtew ntasu guu frankaa no so bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ saa no. Nea ɛne no bɔ abira no, Terra ntow ɔman dwom anaasɛ onkyia frankaa no; ne nyinaa akyi no, ɔpowee sɛ obegu frankaa no anim ase saa kwan yi so. Ɔkyerɛkyerɛfo no daa no adi sɛ Terra na ɔkyerɛɛ obu a ɛfata.​—1990 Yearbook of Jehovah’s Witnesses.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]

French Embassy Press & Information Division

USSR Mission to the UN

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena