Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 23-25
  • Romafo No Te Asɛmpa A Ɛsen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Romafo No Te Asɛmpa A Ɛsen Biara
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • PAULO NE ROMAFO NO
  • GYIDI NE MMARA NO
  • GYIDI SO A WƆNAM BU OBI TRENEE
  • ADWENE A WƆNE NO ANYƐ HO ANOYI AHOROW
  • TRENEE NE HONAM FAM YUDAFO NO
  • TRENEE HO NNYINASOSƐM
  • DE MA WƆN A WƆASRA WƆN NE NGUAN FOFORO NO
  • Bu A Wobu Wɔn Trenee “Ma Nkwa“
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Romafo 5:8—“Yɛda So Yɛ Nnebɔneyɛfo No, Kristo Wu Maa Yɛn”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Nya Yehowa Trenee Mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 23-25

Romafo No Te Asɛmpa A Ɛsen Biara

ƆKWAN bɛn so na onipa ɔbɔnefo bɛyɛ nea ɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so na ama wanya daa nkwa? Saa asemmisa yi maa akyinnyegye a emu yɛ den sɔree wɔ afeha a edi kan, yɛn Bere Yi mu mu. So wunim mmuae no? Sɛ́ wunim anaa dabi no, ɛho hia sɛ wokenkan sɛnea ɔsomafo Paulo de ahokokwaw kyerɛkyerɛɛ saa asɛnnennen yi mu wɔ Romafo nhoma a ɛwɔ Bible mu no mu. Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woanya abusuabɔ a ɛho hia a ɛda gyidi, nnwuma, trenee, ne nkwa ntam no ho ntease.

PAULO NE ROMAFO NO

Romafo nhoma no yɛ krataa a Paulo kyerɛw bɛyɛ afe 56 Y.B. mu kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no. Dɛn nti na ɔkyerɛw krataa no? Ɛwom sɛ wɔ afe 56 Y.B. mu no, na Paulo nnya nnkɔɔ Roma de, nanso ɛda adi sɛ na onim Kristofo pii a wɔwɔ hɔ no, efisɛ wɔ ne krataa no mu no, ɔbobɔɔ wɔn mu bi din. Bio nso, na Paulo pɛ yiye sɛ ɔbɛkɔ Roma sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde nkuranhyɛ akɔma ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ hɔ no, na na ɛte sɛ nea wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔde Roma bɛyɛ beae a obefi n’asɛmpatrɛw adwuma a ɛde no bɛkɔ Spain no ase.​—Romafo 1:11, 12; 15:22-24.

Nanso, atirimpɔw titiriw nti a Paulo kyerɛw saa krataa yi ne sɛ ɔbɛma asemmisa a edi hɔ yi ho mmuae: Ɔkwan bɛn so na nnipa benya trenee a ɛkɔ nkwagye mu no? Mmuae no da adi sɛ asɛmpa a ɛsen biara. Wogyina gyidi so na wobu obi trenee. Paulo ka eyi ho asɛm na ɔde ne krataa no asɛmti si hɔ bere a ɔkyerɛw sɛ: ‘Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa, Yudafo kan ne Helafo nso. Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa’ no​—Romafo 1:16, 17.

GYIDI NE MMARA NO

Wɔ afeha a edi kan no mu no, na ɛnyɛ obiara na ogye tom sɛ wɔnam gyidi so na ebu obi trenee. Nnipa kakraa bi a wɔn ano yɛ den gyee akyinnye sɛ pii ho hia sen saa. So Yehowa amfa Mose Mmara no amma? Ɛbɛyɛ dɛn na wɔabu obi a wammrɛ ne ho ase anhyɛ saa nsiesiei a efi honhom mu no ase no trenee? (Hwɛ Galatifo 4:9-11, 21; 5:2.) Wɔ afe 49 Y.B. mu no, sodikuw a ɛwɔ Yerusalem no susuw Mmara no so di ho ɔsɛmpɔw no ho, na wɔde baa awiei sɛ ɛho nhia sɛ wotwa Amanaman mufo a wogye asɛmpa no tom no twetia, na wɔde wɔn ho hyɛ Yudafo Mmara ahyɛde ahorow no ase.​—Asomafo no Nnwuma 15:1, 2, 28, 29.

Bɛyɛ mfe ason akyi no, Paulo kyerɛw ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no de kyerɛe sɛ ɔpene saa gyinaesi titiriw no so. Nokwarem no, ɔkɔɔ akyi kyɛn saa. Ná ɛnyɛ sɛ Mmara no ho nhia Amanaman mufo Kristofo no nko, na mmom na wɔremmu Yudafo a wɔde wɔn ho bɛto Mmara no so di so no trenee mma nkwagye nso.

GYIDI SO A WƆNAM BU OBI TRENEE

Bere a wokenkan Romafo nhoma no mu no, wubehu sɛnea Paulo de anidahɔ kyerɛkyerɛ n’asɛm no mu, na ɔde Hebri Kyerɛwsɛm no mu nsɛm pii foa ne nsɛm a ɔkae no nsɛmmoa. Bere a ɔne Yudafo, a ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobegye ne nkyerɛkyerɛ a efi honhom mu no atom no rekasa no, ɔda ɔdɔ ne wɔn ho a osusuw adi. (Romafo 3:1, 2; 9:1-13) Nanso, nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae no mu da hɔ na ntease wom yiye.

Wɔ Romafo ti 1 kosi 4 no, Paulo de nokware a ɛne sɛ obiara di bɔne ho fɔ no na efi n’asɛm no ase. Ne saa nti, gyidi nkutoo so na wobetumi agyina abu adesamma trenee. Ɛyɛ nokware sɛ Yudafo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ atreneefo denam Mose Mmara no so di so. Nanso, wɔantumi. Enti, Paulo de akokoduru ka sɛ: ‘Yudafo ne Helafo nyinaa . . . hyɛ bɔne ase.’ Ɔnam Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ahorow bi so kyerɛ sɛ saa nokwasɛm a pii mpɛ yi yɛ ampa.​—Romafo 3:9.

Esiane sɛ ‘Wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara trenee’ nti, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ? Onyankopɔn bebu adesamma trenee sɛ akyɛde a wɔnam Yesu ogye afɔre no so de ma kwa. (Romafo 3:20, 24) Sɛ eyi ho bɛba wɔn mfaso a, ɛsɛ sɛ wonya saa afɔre no mu gyidi. So saa nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ gyidi so na wɔnam bu adesamma trenee yi yɛ ade foforo? Dabida. Abraham gyidi nti, wobuu n’ankasa mpo sɛ ɔtreneeni ansa na wɔde Mmara no rema.​—Romafo 4:3.

Bere a afei Paulo ama hia a gyidi ho hia ada adi no, ɔka Kristofo gyidi nnyinaso ho asɛm wɔ ti 5 no mu. Ɔne Yesu, a ne trenee asetra kwan no yi nneɛma bɔne a efi Adam bɔne mu bae no fi hɔ ma wɔn a wɔwɔ Ne mu gyidi no. Enti, “ɛnam obiakofo trenee so,” ɛnyɛ Mose Mmara no so di so, “na nkwa trenee baa nnipa nyinaa so.”​—Romafo 5:18.

ADWENE A WƆNE NO ANYƐ HO ANOYI AHOROW

Nanso, sɛ Kristofo nni Mmara no ase dea, dɛn na ebesiw wɔn kwan wɔ bɔne a wɔbɛkɔ so ayɛ, na wɔahwɛ kwan sɛ, esiane Onyankopɔn ɔdom nti, nea ɛte biara no, wobebu wɔn trenee no ho? Paulo bua eyi wɔ Romafo ti 6. Na Kristofo awu ama wɔn kan nneyɛe bɔne no. Asetra foforo a wonya wɔ Yesu mu no hwehwɛ sɛ wɔko tia wɔn honam mu mmerɛwyɛ ahorow. Ɔhyɛ nkuran sɛ “Mommma bɔne nni mo nipadua a ebewu no mu hene.”​—Romafo 6:12.

Nanso, so ɛnsɛ sɛ, anyɛ yiye koraa no, Yudafo no de, wɔkɔ so de Mose Mmara no di dwuma anaa? Paulo de anidahɔ kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ saa na asɛm no te, wɔ ti 7 no mu. Sɛnea ɔbea ɔwarefo de ne ho fi ne kunu ase bere a wawu no, saara na Yesu wu no nso maa Yudafo a wogye di no dee wɔn ho fii Mmara no ase. Paulo ka sɛ: “Mo nso, Wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no.”​—Romafo 7:4.

So eyi kyerɛ sɛnea biribi nye wɔ Mmara no ho? Dabida. Na Mmara no yɛ pɛ. Na asɛnnennen no ne sɛ nnipa a wɔnnyɛ pɛ ntumi nni Mmara no so. Paulo kyerɛw sɛ “yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade, na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.” Ɔdesani a ɔnyɛ pɛ ntumi nni Onyankopɔn Mmara a ɛyɛ pɛ no so ma enti, ebu no fɔ. Ɛnde, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ “afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu”! Wɔde honhom agye Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ Onyankopɔn mma. Yehowa honhom no boa wɔn ma wɔko tia ɔhonam sintɔ ahorow no. “Hena na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn no ano? Onyankopɔn ne nea obu bem.” (Romafo 7:14; 8:1, 33) Biribiara rentumi ntetew wɔne Onyankopɔn dɔ mu.

TRENEE NE HONAM FAM YUDAFO NO

Sɛ Mmara no ho nhia bio a, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma Israel man no? Na kyerɛw nsɛm a ɛhyɛ Israel man no a wɔbɛsan akyekye bio ho bɔ no nyinaa nso ɛ? Wɔma saa nsemmisa yi ho mmuae wɔ Romafo nhoma no ti 9 kosi 11 mu. Hebri Kyerɛwnsɛm no ka siei sɛ Israelfo mu kakraa bi pɛ na wobegye wɔn nkwa, ne sɛ Onyankopɔn bɛdan n’ani akɔ amanaman mufo so. Nea ɛne eyi hyia no, nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Israel nkwagye ho no bam wɔ Kristofo asafo, a emufo yɛ honam fam Yudafo a wogye di kakraa bi a Amanaman mufo komapafo ka wɔn ho no so, na ɛnyɛ honam fam Israel so.​—Romafo 10:19-21; 11:1, 5, 17-24.

TRENEE HO NNYINASOSƐM

Wɔ Romafo ti 12 kosi 15 no, Paulo kɔ so kyerɛkyerɛ akwan horow a Kristofo a wɔasra wɔn betumi afa so atra ase ma ɛne wɔn trenee no ahyia mu. Sɛ nhwɛso no, ɔka sɛ: “Momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho.” (Romafo 12:1, 2) Ɛsɛ sɛ yenya tumi a ɛwɔ papayɛ mu no mu ahotoso na yɛamfa bɔne anko antia bɔne. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ “Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim.”​—Romafo 12:21.

Ná Roma na amammui tumidi agua no si wɔ Paulo bere so. Ne saa nti, Paulo fi nyansa mu de afotu maa Kristofo sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn.” (Romafo 13:1) Sɛnea Kristofo ne wɔn ho wɔn ho di nsɛm nso yɛ tra a wɔbɛtra ase ma ɛne wɔn trenee ahyia no fã. Paulo ka sɛ “monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.’​—Romafo 13:8.

Bio nso, ɛsɛ sɛ Kristofo susuw wɔn ho wɔn ho ahonim ho, na wommu wɔn ho atɛn. Paulo hyɛ wɔn sɛ: “Momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.” (Romafo 14:19) Afotu fɛfɛ a Kristoni de bedi dwuma wɔ n’asetra nyinaa mu bɛn ara ni! Afei wɔ ti 16 no, Paulo de n’ankasa nkyia ne nkuranhyɛ nsɛm ne afotu wie krataa no.

DE MA WƆN A WƆASRA WƆN NE NGUAN FOFORO NO

Na asɛmti a wɔkaa ho asɛm wɔ Romafo nhoma no mu no ho hia yiye wɔ afeha a edi kan no mu, na ɛho da so ara hia yiye nnɛ. Yehowa nkoa nyinaa ani gye trenee ne daa nkwa ho kɛse. Ɛyɛ ampa sɛ wɔkyerɛw Romafo nhoma no kɔmaa asafo a emufo yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, bere a nnɛ, Yehowa Adansefo mu fã kɛse no ara yɛ “nnipakuw kɛse” no mufo, na wɔn anidaso yɛ asase so de. (Adiyisɛm 7:9) Nanso, krataa yi kura nkrasɛm a ɛho hia yiye ma eyinom nso. Ɛne dɛn?

Romafo nhoma no de adanse a ɛne sɛ wogyina gyidi so na wobu Kristofo trenee ma. Wɔn a wɔasra wɔn no fam no, atirimpɔw no ne sɛ wɔne Yesu bedi tumi wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Nanso, wobu nnipakuw kɛse no mufo nso trenee, sɛ ‘Onyankopɔn nnamfo,’ te sɛ agya panyin Abraham. (Yakobo 2:21-23) Atirimpɔw a ɛwɔ wɔn trenee no akyi ne sɛ wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu, na egyina Yesu mogya mu gyidi so, sɛnea ɛte wɔ wɔn a wɔasra wɔn no fam pɛpɛɛpɛ no. (Dwom 37:11; Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14) Enti, nsɛm a Paulo susuw ho wɔ Romafo nhoma no mu ho hia nguan afoforo ne wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa nso yiye. Na nhoma no afotu fɛfɛ a ɛne sɛ yɛntra ase mma ɛne yɛn trenee nhyia no ho hia Kristofo nyinaa.

The Book of Life, a ne samufo ne Abenfo Newton Marshall Hall ne Irving Francis Wood no ka sɛ: “Wɔ emu nsɛm ho nsusuwii ne nkyerɛkyerɛ mu no, [Romafo nhoma] yɛ Paulo nkyerɛkyerɛ a efi honhom mu no fã bi a ɛho hia yiye. Ɔde obu ne anifere di dwuma wom, nanso bere koro no ara no, edi mu. . . . Saa krataa yi sua de mfaso kɛse na ɛba.” Dɛn nti na w’ankasa wonkenkan nhoma no na woadi emu ‘asɛmpa’ a ɛyɛ ‘Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu’ no mu ahurusi.​—Romafo 1:16.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 24]

“Tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn.” Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔde sodifo biara si so. Mmom no, Onyankopɔn na ama kwan ma wiase sodifo wɔ hɔ. Mpɛn pii no, Onyankopɔn hui na ɔkaa sodifo a wɔyɛ nnipa no ho asɛm siei, ma enti, ɔkwan yi so no, na “Onyakopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn gyinabea ahorow.”​—Romafo 13:1.

[Mfonini Fibea]

Museo della Civiltà Romana, Roma

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 25]

Wɔka kyerɛ Kristofo sɛ: “Monhyɛ Awurade Yesu Kristo no.” Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yesu anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ, na wosuasua no denam honhom fam nneɛma a wɔde bedi kan wɔ wɔn asetra mu so, na ɛnyɛ honam fam nneɛma, na wɔnam saa yɛ so amma ‘ɔhonam so hwɛ annan ankɔ akɔnnɔ mu.’​—Romafo 13:14.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 25]

Paulo ka kyerɛɛ Romafo no sɛ “momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho.” Nanso ɛha no, na ɛnyɛ Kristofo amanne anaa adeyɛ foforo bi na ɔde resi hɔ. Paulo mmere so no, obi moma so, ano, anaa nsa a wofew no yɛ nea mpɛn pii no, ɛkyerɛ nkyia, ɔdɔ, anaa obu a obi wɔ. Enti, na nea Paulo reka ho asɛm no yɛ amanne bi a na abu so wɔ ne mmere so ara kwa​—Romafo 16:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena