Sɛ Wokyerɛkyerɛ A, Du Koma No Mu
1, 2. (a) Dɛn na egye na woama afoforo anya anisɔ kɛse ama Yehowa ne ne gyinapɛn ahorow? (b) Dɛn nti na nea ɛsen tirim nimdeɛ ara kwa ho hia?
BERE a wubetumi de ahoɔhare abɔ ɔsese no, ɛda adi sɛ worentumi mfa da koro nsi ahemfie. Saa ara na ɛte wɔ asuafo a wɔbɛyɛ no mu. Ɛnyɛ adwuma ketewa sɛ wobɛma afoforo anya anisɔ ama Yehowa ne ne gyinapɛn ahorow. Egye bere a ɛdɔɔso ne ahokokwaw na woatumi asi “ahemfie ahorow” a ɛte sɛɛ.
2 Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, nneɛma pii ho hia sen nimdeɛ a wobɛma wɔanya. Sɛnea Mmebusɛm 3:1 ka no: “Me ba, mma wo werɛ mfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so.” Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn adesuafo no nea Bible no ka. Nanso nea ɛsen saa no, ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu nokware ahorow no tra wɔn koma so. Yiw, sɛ yɛde su horow a ogya ntumi nhyew bɛhyɛ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu, aboa wɔn ma wɔne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛyɛ koma no mu na ɛsɛ sɛ yedu.
3. (a) Dɛn nti na “ɔkyerɛkyerɛ su” ho hia kɛse wɔ sɛ́ ebia yebedu obi koma mu no mu? (b) Bere a yesusuw nyansahyɛ ahorow bi a eye ho no, henanom na ɛsɛ sɛ woma wɔn ho asɛm tra w’adwene mu?
3 Ɛda adi sɛ eyi ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ. Sɛ yebedu koma no mu a, ɛnyɛ ɔdansi adwuma ho nneɛma a eye nko na ɛsɛ sɛ yenya na mmom ɛsɛ sɛ yɛde “ɔkyerɛkyerɛ su” nso di dwuma. (2 Timoteo 4:2, NW) Ɛnyɛ nea ɛdɔɔso sɛ yɛbɛka nokware no ho asɛm ara kwa akyerɛ yɛn adesuafo. Mmom nea ɛka “ɔkyerɛkyerɛ su” no ho ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔasusuw nea wosua no ho. Ɛnyɛ sɛ ebia yɛn nimdeɛ anaa ɔkwan a yɛfa so no betumi ama obi anya honhom mu onyin; Onyankopɔn nhyira na ehia. (1 Korintofo 3:5, 6) Nanso, nyansahyɛ ahorow kakraa bi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛadu afoforo komam. Bere a yesusuw nsɛm yi ho no, ma wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no ho asɛm ntra w’adwene mu—wo Bible adesuafo ne wo mma.
Yɛ Nhwɛso Pa
4. (a) Dɛn ne ade biako a ɛmaa Yesu bɛyɛɛ obi a ne ho akokwaw wɔ afoforo komam a wodu no mu? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobɛyɛ nhwɛso pa bere a wokyerɛkyerɛ afoforo no?
4 Nhwɛso pa bɛn na yebetumi anya wɔ sɛnea wodu afoforo koma mu no mu sen Yesu Kristo ankasa? Dɛn nti na na ne ho akokwaw wɔ nkurɔfo koma mu a wodu no mu saa? Ade biako ne sɛ, Yesu de nea ɔkaa ho asɛm no dii dwuma, na ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa n’akyidifo sɛ wonsua. (Yohane 13:15; 1 Petro 2:21) Ɛnde, eyi ne nyansahyɛ a edi kam: yɛ nhwɛso pa. So ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ ɛsɛ sɛ yenya Kristofo su pa ahorow koro no ara a yɛpɛ sɛ yɛde hyɛ afoforo mu no bi? Sɛnea Yesu kae no: “Osuani a wɔatete no yiye biara bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.”—Luka 6:40, The New Berkeley Version.
5. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ abusuabɔ a ɛda nhwɛso pa a wɔbɛyɛ ne a ɔforo komam a wobedu ntam no?
5 Bible no kyerɛ abusuabɔ a ɛda nhwɛso pa a wɔbɛyɛ ne afoforo koma mu a wobedu ntam no mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Deuteronomium 6:4-6 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Yehowa ‘da wo [ɔwofo no] koma so’ ansa na woatumi de ahyɛ wo mma koma mu. (Mmebusɛm 20:7) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu kasa tiaa Farisifo nyaatwomfo a na wɔwɔ ne bere so no efisɛ ‘wɔka nanso wɔnnyɛ.’ Ɛnde so ɛyɛ nwonwa sɛ na ɔman no koma “apirim”?—Mateo 23:3; 13:13-15.
6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobɛtra ase ma ɛne nea wokyerɛkyerɛ no ahyia? (Romafo 2:21-23)
6 Enti ɛsɛ sɛ nea wokyerɛkyerɛ no ne nea woyɛ hyia. Sɛ nhwɛso no, sɛ wopɛ sɛ wode ɔdɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a wonya sɛ wɔbɛsɔ n’ani hyɛ wo adesuafo anaa wo mma mu a, ɛnde so ɛnsɛ sɛ wotumi hu ɔdɔ ne ɔpɛ a ɛte sɛɛ ho adanse wɔ wo mu denam wo mpaebɔ, wo kasa ne wo nneyɛe so? Sɛ wopɛ sɛ wode Bible nnyinasosɛm ahorow ho ahofama a emu yɛ den hyɛ wɔn mu a, so ɛnsɛ sɛ wodi kan hu sɛ wommɔ mmɔden sɛ wubebu saa nnyinasosɛm ahorow no so denam wo nsɛm anaa wo nneyɛe so? Wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn, titiriw yɛn mma, taa de wɔn adwene si nea yɛyɛ so kɛse sen nea yɛka. Sɛ afoforo hu sɛ yɛtra ase ma ɛne nea yɛkyerɛkyerɛ no hyia a, yebetumi adu wɔn komam yiye.
Bisa Nsɛm
7, 8. (a) Afoforo komam a yebetumi adu no fã kɛse gyina dɛn so? (b) Dɛn nti na nsemmisa boa wɔ koma mu a wobedu no mu?
7 Nyansahyɛ a etia abien, biribi foforo a ɛmaa Yesu yɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw, ne nsemmisa a wɔde di dwuma. Ná Yesu ho akokwaw wɔ nnipa a wonya wɔn ma wosusuw nneɛma ho mu. (Mateo 17:24-27) Du a wubetumi adu wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn komam no fã kɛse no ara gyina nsemmisa a wode bedi dwuma so. Dɛn ntia?
8 Nea edi kan no, ɛdenam nsemmisa so no wubetumi ahu sɛ ebia osuani no te nea ɔresua no ase ankasa. Na sɛ ɔnte asɛm no ase na onnye ntom a, ɔkwan bɛn so na ebetumi agye ntini wɔ ne koma mu? (Luka 8:15) Nea etia abien no, sɛ wubedu koma no mu a, ɛyɛ nea eye sɛ wubehu nea ɛwɔ koma no mu. Ebia adwene a ɛnteɛ a wadi kan anya ne atoro som nkyerɛkyerɛ ahorow ase atim kɛse wom. Esiane sɛ yɛrentumi nhu nea ɛwɔ koma no mu nti, ɛho hia sɛ yebisa nsɛm a ɛma osuani no da nea ɔte nka wɔ ne komam adi wɔ n’ankasa nsɛm mu titiriw. Susuw nhwɛso ahorow bi ho.
9, 10. Yɛ sɛnea wɔde nsemmisa a wɔde hu obi adwene di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ho nhwɛso.
9 Ma yɛmfa no sɛ moresusuw Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ti 10 a ɛne “Ahonhommɔne Wɔ Tumi” no ho. Mubedu nkyekyem 18 a ɛwɔ kratafa 97 no so, a n’asɛmmisa no ne sɛ, “nhwɛso bɛn na tete Kristofo a na wɔwɔ Efeso no yɛe a eye sɛ wodi akyi, sɛ obi pɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ahonhonsɛmdi ho a?” Ebia osuani no bɛma mmuae a ɛteɛ afi nkyekyem no mu, nanso ɔte nka dɛn ankasa? Ebia ɔyɛ obi a ɔde ne ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu mfe pii na ɔbɛyɛɛ obi a ɔwɔ mu gyidi kɛse. Sɛ saa a, so wate ase afei sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho? Ebia ɛsɛ sɛ wubisa sɛ: ‘Wote nka dɛn wɔ eyi ho? Ɔkwan bɛn so na wubetumi de asɛm yi adi adwuma wɔ w’asetra mu?’ Ebia ɔkwan a ɔfa so ma mmuae afei no bɛkyerɛ faako a asɛm no aka ne koma akodu.
10 Sɛ nhwɛso foforo no, ebia na wo ne wo ba resusuw ti 26 a ɛwɔ nhoma koro no ara mu no ho a ɛne, “Nea Ɛteɛ a Yɛbɛyɛ Ho Akodi.” Wɔ kratafa 220 no, nkyekyem 8 asemmisa “b” no se, “Sɛnea aberante bi kae no, adwene bɛn na nyansa wom sɛ yenya?” Ebia nea edi kan no wo ba no befi nkyekyem no mu ama mmuae a ɔnkyerɛ sɛnea ɔte nka ankasa. Ebia ɛho behia sɛ wohwehwɛ mu kɔ akyiri kakra wɔ anifere mu: ‘Nanso wote nka dɛn wɔ eyi ho? So saa asɛm yi yɛ nea ntease wom ma wo?’ Anaa wubetumi ada tebea bi adi: ‘Fa no sɛ mmofra bi a wɔwɔ sukuu renom sigaret na wɔmaa wo bi? Fa no sɛ afoforo pii rehwɛ wo na wofii ase dii wo ho fɛw esiane sɛ woannye nti? Dɛn na wobɛyɛ?’ Sɛ wode nsemmisa a ɛte sɛɛ di dwuma nyansam a, ebetumi aboa wo ma woahu nea ɛwɔ wo ba no koma mu.
11. (a) Dɛn nti na ahwɛyiye ho hia bere a wode nsemmisa redi dwuma? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ awofo hwɛ yiye titiriw bere a wɔn mma da adwen horow a ɛnteɛ adi no? (Kolosefo 3:21)
11 Nanso ahwɛyiye bi ni. Ebia ɛtɔ bere bi a nsemmisa a ɛte sɛɛ de mmuae ahorow a ɛma wo ho dwiriw wo anaasɛ ɛma w’aba mu bu bɛba. Dɛn na wobɛyɛ bio? Sɛ ɛyɛ asɛm a ne ka gye ahwɛyiye a, ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ worenhyɛ no wɔ asɛm no ho na mmom wobɛka sɛ: ‘Ma yɛnkɔ so ansa. Yɛbɛka eyi ho asɛm bio bere foforo.’ (Yohane 16:12) Ahwɛyiye a ɛte sɛɛ ho hia titiriw wɔ awofonom fam. Sɛ ɔda nsɛm ahorow a ɛnteɛ adi a, di wo nkate so. Worempɛ sɛ wobɛsɛe nkitahodi a ɛda wo ne no ntam no. Sɛ ɛbɛyɛ nea wo ba no suro sɛ ɔbɛda sɛnea ɔte nka adi a, ɔkwan bɛn so na wobɛfa ahu nea ɛwɔ ne koma mu na woatumi aboa no?
Si Nyansa a Ɛwɔ Onyankopɔn Mmara So Di Mu So Dua
12, 13. (a) Dɛn nti na nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so di mu no a wo osuani no behu no bɛka ne koma? (b) Egye dɛn wɔ osuani a wɔbɛboa no ma wahu sɛ Yehowa a obetie no no yɛ ɔkwan a nyansa wom a ɔbɛfa so no mu?
12 Nyansahyɛ a ɛto so abiɛsa ne sɛ wobɛboa wo osuani no ma wahu nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so di mu no. (Deuteronomium 4:3, 6; 10:12, 13) Eyi betumi aka ne koma. Wɔ ɔkwan bɛn so? Wiɛ, sɛ ɔte ase sɛ Onyankopɔn mmara so di yɛ nea eye ma n’ankasa a, ebia eyi bɛka no ma wadɔ Onyankopɔn na wanya ɔpɛ sɛ ɔbɛsɔ n’ani.—Dwom 112:1.
13 Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔahu nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so di mu no? Yebetumi ayɛ eyi ho nhwɛso denam Yehowa mmara a yɛde bɛtoto sɛnkyerɛnnede a ese “Wɔmmfa Ha” ho no so. Bere a sɛnkyerɛnnede yi ankasa yɛ kɔkɔbɔ no, so worennye ntom sɛ, sɛ nea enti a wɔde kɔkɔbɔ no ama no wɔ sɛnkyerɛnnede no so a, ɛbɛma nkurɔfo adi so ntɛm ara? Sɛ nhwɛso no, sɛ sɛnkyerɛnnede no ka sɛ, “Wɔmmfa Ha—Anyinam Ahoɔden a Ano Yɛ Den Wɔ Ha” a, ɛnde obi a anka ɔbɛfa hɔ a ohu asiane a ebetumi ato no no bɛpɛ sɛ otie kɔkɔbɔ no.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na wubetumi ne wo suani no asusuw nneɛma ho na aboa no ma wahu nea enti a ɔkwan pɔtee bi a ɔbɛfa so no yɛ nea nyansa wom anaa ɛyɛ nea nyansa nnim? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ wɔbɛkyerɛ nea enti a ɔkwan bi a obi nam so ye anaa enye no mu?
14 Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn mmara ho. Ɛnka nea Bible no ka sɛ ɛteɛ ne nea ɛka sɛ ɛnteɛ no ho asɛm ara kwa nkyerɛ osuani no; boa no ma onhu nea enti a ɔkwan pɔtee bi a ɔbɛfa so yɛ nea nyansa wom anaa ɛyɛ nea nyansa nnim. Wo ne no nsusuw sɛnea Onyankopɔn mmara so a obedi ho bɛba no mfaso no ho. Boa no ma onhu nea ebefi nneɛma a wɔhwehwɛ yi a obebu n’ani agu so mu, aba no. Ɛtɔ bere bi a Bible no ankasa yɛ eyi. Yɛsrɛ wo, w’ankasa kenkan Mmebusɛm 22:24, 25; 23:4, 5; 24:15, 16, 19, 20. Hyɛ no nsow sɛ emu biara mu no, Bible no kyerɛ nea enti a ɔkwan bi a wɔbɛfa so ye anaa enye.
15. Fa nsemmisa ne kyerɛw nsɛm a wɔde ama no di dwuma fa ka nyansa a ɛwɔ tie a wobetie nea Onyankopɔn ka wɔ atorodi ne aguamammɔ ho mu no ho asɛm.
15 Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea nsemmisa ne kyerɛw nsɛm ahorow a edidi so yi si nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so di mu no so dua no ho.
Atorodi, Adewia: Dɛn nti na atorodi yɛ nea ɔhaw wom? (Mmebusɛm 15:27; 20:10; Adiyisɛm 21:8) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ wubedi nokware wɔ wo ne afoforo nsɛm mu? (Mmebusɛm 3:3, 4; 12:19; Hebrifo 13:18)
Aguamammɔ: Ɔkwan bɛn so na abrabɔ bɔne betumi apira yɛn? (Mmebusɛm 5:9; 7:21-23; 1 Korintofo 6:18) Ɔkwan bɛn so na ebetumi aka afoforo wɔ ɔkwan a enye so? (1 Tesalonikafo 4:6; 1 Korintofo 5:6; Hebrifo 12:15, 16) Sɛ wudi Bible abrabɔ pa gyinapɛn ahorow no akyi a, ɔkwan bɛn so na wunya mfaso? (Mmebusɛm 5:18, 19; Hebrifo 13:4)
Bere a moasusuw Bible mmara ho wɔ saa kwan yi so akyi no, wubetumi abisa sɛ: ‘So wote nka sɛ Yehowa wɔ yɛn yiyedi ho adwene wɔ ne koma mu? So wugye tom sɛ ne mmara horow no mma yɛnhwere biribi pa biara ankasa?’
16. Tumi bɛn na nneɛma ho a mubesusuw wɔ saa kwan yi so no betumi anya wɔ wo suani no so?
16 Bere a adesua no kɔ so no, munsusuw Onyankopɔn mmara a ɛfa asabow, tow-tua, sigaretnom, nsɛm a ɛfa mogya ho, ne nea ɛtete saa no ho wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Wɔ saa kwan yi so no, woboa wo suani anaa wo ba no ma ohu sɛ Yehowa mmara nyinaa wɔ hɔ ma yɛn yiyedi. Ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo suani no hu nea enti a ɛsɛ sɛ otie Onyankopɔn bere nyinaa ansa na wayɛ saa. Nanso ebia nhwɛso kakraa bi bɛboa ma wɔadu ne koma mu ma aka no na wanya ɔpɛ sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Enti, sɛ “ogya” anaa sɔhwɛ no ba a, ɔbɛyɛ obi a wasiesie ne ho kɛse sɛ obedi Onyankopɔn asɛm so.—1 Korintofo 3:13.
Boa Wɔn Ma Wonhu Onyankopɔn
17. Nyansahyɛ foforo bɛn na ebetumi aboa wo ma woadu wo suani no koma mu?
17 Nyansahyɛ a ɛto so anan ne eyi: boa wo suani no ma onhu Onyakopɔn. (Yohane 17:3) Boa a wobɛboa no ma wahu nea ɛsen wɔ a Yehowa wɔ hɔ ne sɛ ɔwɔ din ara kwa no boa osuani no ma obehu no kɛse. Eyi bɛka ne koma, efisɛ sɛ́ wubehu Yehowa no kyerɛ sɛ wobɛdɔ no nso.
18. Bere a adesua no rekɔ so no, ɔkwan bɛn so na wubetumi atwe adwene asi Yehowa su horow no so?
18 Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wo suani no ma wahu Yehowa kɛse? Ade biako ne sɛ, worentumi nnɔ obi gye sɛ woahu ne su horow, n’akwan ansa. Enti wɔ adesua no mu no, ma ɛntra w’adwene mu daa sɛ wobɛtwe adwene akɔ Yehowa su horow a ɛso bi nni no so. Wubetumi ayɛ eyi mpɛn pii a asɛm a moresusuw ho no mfa ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw agyede no ho a, wubetumi agyina wɔ baabi a ɛfata na woabisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na agyede nsiesiei no ma ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no yɛ kɛse?’ Anaasɛ bere a moresusuw ma a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ho no, wubetumi abisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na Yehowa yii abodwokyɛre kɛse adi wɔ onipa nsɛmmɔnedi no mu? Anaa, ‘Ɔkwan bɛn so na Yehowa yii nyansa a ɛso bi nni adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii Eden atuatew no ho dwuma no mu?’ Nneɛma ho a mubesusuw wɔ saa kwan yi so no bɛboa wo ma wode ahofama ma Yehowa ho nkate a emu yɛ den ahyɛ wo suani no mu. Ɔbɛba abebu Yehowa sɛ Obi a ne su horow no yɛ nea ohu sɛ ɛka koma na ɛtwe no bɛn no.
19, 20. (a) Dɛn bio na ɛho hia na ama obi abehu Yehowa kɛse? (b) Ɔkwan bɛn so na osuahu a ɛwɔ nkyekyem no mu no kyerɛ hia a nhwɛso pa a wɔbɛyɛ bere a adu mpaebɔ so ho hia?
19 Nea ɛka ho bio no, worentumi nhu obi yiye bere a wo ne no nni nkitahodi bi. Saa ara na wo suani no ne Yehowa ntumi nnya abusuabɔ a emu yɛ den bere a ɔne no nni nkitaho no. Bere a woahu eyi no, kyerɛkyerɛ wo suani no sɛnea wɔbɔ mpae. Boa no ma onhu nneɛma ahorow pii a eye a obetumi abɔ ho mpae. (1 Yohane 5:14) Ma onnya Yehowa ho anisɔ sɛ Obi a otie mpaebɔ na ɔma ho mmuae. (Dwom 65:2) Hyɛ no nkuran ma ɔnna nkate horow a emu dɔ adi, ‘onyi ne yam’ nkyerɛ Yehowa.—Dwom 62:8.
20 Wɔ ha bio no, wo ankasa nhwɛso ho hia. So wo mpaebɔ da w’ahofama kɛse ma Onyankopɔn adi? Eyi betumi anya nkɛntɛnso pa wɔ wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no so a wo mma ka ho. Susuw osuahu a edi so yi ho.
Mfe bi a atwam mu no, na Kristofo awarefo bi rekyerɛkyerɛ wɔn babarima a wadi mfirihyia abiɛsa sɛnea wɔbɔ mpae. Anadwo bi, bere a wabɔ Yehowa mpae sɛ onhyira Mama ne Papa akyi no, abofra no srɛɛ Yehowa sɛ onhyira “Wally.” Ná hena ne “Wally”? Ná n’awofo ntumi nhu, nanso abofra no fii ase bɔɔ mpae maa “Wally” bere nyinaa! Awiei koraa no, bere a wɔasusuw ho mpɛn pii akyi no, wohuu nea na ɔreka. Ná abofra no rebɔ mpae ama anuanom a wɔwɔ Malawi (a na saa bere no wɔretaa wɔn) no, nanso ɛno na ɔbɔɔ no “Wally” no. Asɛm no ne sɛ na abofra ketewaa no ate sɛ n’awofo bɔ mpae wɔ saa kwan yi so, na osuasuaa wɔn nhwɛso pa no. Susuw sɛnea saa awofo no tee nka no ho hwɛ!
So eyi nsi hia a ɛho hia sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa bere a wɔrekyerɛkyerɛ afoforo sɛnea wɔbɔ mpae no so dua?
Akatua No
21. (a) Sɛnea 1 Korintofo 3:14, 15 kyerɛ no, dɛn na wo sɛ́ Kristoni ɔdansifo no betumi ahwɛ kwan? (b) So “akatua” no ne daa nkwa akyɛde wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo mu no? Kyerɛkyerɛ mu.
21 Enti afei, sɛ yɛde su horow a ogya ntumi nhyew bɛhyɛ afoforo mu, aboa wɔn ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa a, ɛsɛ sɛ yedu wɔn komam. Ebia ne yɛ renyɛ mmerɛw, nanso ɛyɛ nea akatua wom. Paulo daa eyi adi bere a ɔkae sɛ: “Sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua. Sɛ obi adwuma hyew [esiane sɛ wanto no yiye, wamfa nneɛma a ogya ntumi nhyew anni dwuma nti] a, ɔbɛhwere ade [kyerɛ sɛ, ɔbɛhwere nea wato no wɔ “ogya” no mu]; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.” Dɛn ne “akatua” no? Ɛda adi sɛ na Paulo wɔ biribi ho adwene a ɛnyɛ daa nkwa akatua wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo mu no, efisɛ hyɛ no nsow sɛ nea wanto no yiye no hwere “akatua” no, ɛwom sɛ wobegye ɔno ankasa, sɛ otumi fa “ogya” no mu a.—1 Korintofo 3:14, 15.
22, 23. (a) Akatua bɛn na ɔsomafo Paulo nsa kae a ɛfa ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no ho? (b) “Akatua” bɛn na ɛyɛ nea wo koma pɛ sɛ wubenya, na ɔkwan bɛn so na wubetumi anya?
22 Ɛnde, dɛn ne saa “akatua” yi? Biribi a Paulo ka kyerɛɛ Tesalonikafo no da eyi adi. Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔretaa wɔn wɔ hɔ no sɛ: “Na hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahohoahoa abotiri, yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu? So ɛnyɛ mo anaa? Mo ne yɛn anuonyam ne yɛn anigye [“yɛn ahohoahoa ne yɛn anigye!” Today’s English Version.” (1 Tesalonikafo 2:19, 20) Ná Paulo aboa saa Tesalonikafo no ma wɔabɛfa nokware kwan no so. Na ɛwom sɛ efi mfiase no wohyiaa ɔtaa de, nanso na wogyina hɔ pintinn. Ná Paulo akatua no ne anigye a ɔwɔ sɛ ohu wɔn sɛ wɔtɔ wɔn bo ase na wogyina mu wɔ ɔsɔretia mu no. Eyi di adanse sɛ Paulo yɛɛ ɔdansi adwuma no yiye.
23 Ɛte saa ara wɔ yɛn fam. So ɛnyɛ nea wo koma pɛ ne sɛ wobɛboa wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no ma woanya Kristofo su pa ahorow a ebetumi ama wɔagyina pintinn wɔ sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow a ebia ɛbɛba wɔn so no mu? Yiw, hwɛ akatua ara a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ wo Bible adesuafo no ne wo mma tumi gyina ogya sɔhwɛ a ɛte sɛɛ ano! Eyi di adanse sɛ woayɛ ɔdansi adwuma pa. Ɛmmra sɛ ɛno bɛyɛ wo akatua bere a wode nneɛma a ogya ntumi nhyew to si nhyɛase pa so na wohwɛ Yehowa kwan ma wahyira wo mmɔdenbɔ ahorow no so no.
So wutumi kae?
Sɛ wubedu koma no mu a—
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ woyɛ nhwɛso pa?
◻ Nsemmisa bɛn na ɛboa, na dɛn ntia?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ wo suani no behu nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so di mu no?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ osuani no sua ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae?
[Kratafa 16 mfoni]
So wo mpaebɔ da ahofama kɛse a wowɔ ma Onyankopɔn no adi? Eyi betumi aka wo ba koma