Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 9/1 kr. 13-18
  • So Woyɛ Obi A Onyankopɔn Bɛpaw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woyɛ Obi A Onyankopɔn Bɛpaw?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Nhwɛso Horow
  • Onyankopɔn Asɛmpaka Adwuma No
  • Asɛmpaka Kwan A Ɛho Hia
  • Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Asɛmpaka Adwuma Ho Nhyehyɛe
  • Gyina Onyankopɔn Ananmu Nidi Mu
  • “Nkwaseasɛm” A Yehowa De Gye Wɔn A Wogye Di No Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Asɛmpaka Adwuma​—N’afa Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • ‘Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • ‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 9/1 kr. 13-18

So Woyɛ Obi A Onyankopɔn Bɛpaw?

“Wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu.”​—1 KORINTOFO 1:27.

1. Dɛn nti na pii apaw sɛ wɔbɛyɛ nkwasea wɔ wiase ani so?

SO WUBEBU adwuma bi a na wunim sɛ ɛho hia no sɛ ɛho nhia bio esiane sɛ afoforo buu no sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm anaasɛ ɛyɛ mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne bi nti? Ampa, obiara mpɛ sɛ wobu no sɛ ɔyɛ ɔkwasea anaasɛ obi a onni ahoɔden​—mmofra mpo mpɛ saa. Nanso ma yɛmfa no sɛ onipa titiriw bi a onim nyansa yiye na ɔde adwuma a ɛho hia yi hyɛɛ wo nsa sɛ yɛ. So worempɛ sɛ wode ahantan to nkyɛn na wugye saa adwuma no tom? Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ abakɔsɛm mu ayɛ saa ara. Adwuma bɛn na saa nkurɔfo yi agye atom, na hena na ɔde saa adwuma no ama? Mmuae no wɔ Paulo nhoma a edi kan a ɔde kɔmaa Kristofo wɔ tete Korinto no mu.

2. Adwuma bɛn na wiase no bu sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm?

2 Bere a na ɔrebɔ Kristofo a wɔwɔ hɔ no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn som no si nea agye din ara kwa so no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Na asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔbɛyera, na ɛyɛ Onyankopɔn tumi ma yɛn a wobegye yɛn nkwa no. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa. Onyansafo wɔ he? Wi yi ase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wi yi ase nyansa nkwaseasɛm anaa? Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa.”​—1 Korintofo 1:18-21.

3. Asɛm a wiase no bu sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm bɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔka wɔ wiase nyinaa?

3 Wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn anyansafo ne animdefo wɔ wiase no fam no, nsɛm a ɛfa Kristo mogya a wohwie gui wɔ asɛndua so ho no yɛ nkwaseasɛm. Wodi asɛm a ɛne sɛ ɛdenam Kristo afɔrebɔ no mu gyidi a obi bɛkyerɛ so no obetumi anya daa nkwa wɔ trenee nhyehyɛe foforo mu no ho fɛw. Sɛ́ Kristo nyan fii awufo mu na mprempren ɔyɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi wɔ Onyankopɔn soro ahenni no mu no yɛ anansesɛm ara kwa wɔ wɔn fam. Nanso Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma wɔaka saa anigyesɛm yi akyerɛ wɔ wiase nyinaa. Enti obiara a ɔbɛba abɛyɛ ne somfo no, ɔde adwuma no hyɛ ne nsa sɛ ɔnka n’Ahenni no ho asɛmpa yi nkyerɛ. Esiane sɛ saa asɛm yi te sɛ nkwaseasɛm ma wiase anyansafo ne animdefo nti, henanom na Onyankopɔn de wɔn di dwuma ma wɔka kyerɛ? Tie mmuae a efi honhom mu a ɛwɔ Onyankopɔn ankasa Asɛm mu no:

4. (a) Henanom na Onyankopɔn de wɔn di dwuma ma wɔka n’asɛm yi? (b) Saafo yi a ɔpaw wɔn no ka wiase yi mu anyansafo dɛn?

4 “Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii, ɛnyɛ atumfo pii, ɛnyɛ adehye pii na wɔafrɛ wɔn, na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn apaw, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim.”​—1 Korintofo 1:26-29.

5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia woyɛ obi a Yehowa bɛpaw no de no adi dwuma?

5 So woyɛ obi a Onyankopɔn bɛpaw wo ma woayɛ adwuma a ɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔ asase so nnɛ no? Sɛ saa a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho sɛ wiase yi bebu wo sɛ woyɛ ɔkwasea. Bible se: “Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim.” (1 Korintofo 3:19) Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na woayɛ Yehowa Nyankopɔn somfo pa no, ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho sɛ wobɛfa ɔkwan bi so a ɛbɛma woayɛ te sɛ ɔkwasea wɔ wiase yi anim. So abakɔsɛm mu nhwɛso horow bi wɔ hɔ a ɛda no adi sɛ ɛnyɛ sɛ ebia wiasefo buu Onyankopɔn asomfo sɛ nkwasea nko, na mmom na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Onyankopɔn nso anaa?

Tete Nhwɛso Horow

6. Dɛn nti na Noa adwuma no yɛɛ te sɛ nkwaseasɛm maa wiase no, nanso ɛdaa Onyankopɔn nyansa adi?

6 Noa yɛɛ adwuma a na ɛyɛ nkwasea dwuma wɔ nnipa ani so, nanso na ɛnte saa wɔ Onyankopɔn ani so. Hwɛ sɛ obi bɛpam adaka kɛse a ne mfefarem anaasɛ ne tenten ne terɛw ne ne sorokɔ yɛ bɛyɛ anammɔn 1,300,000 wɔ asase kesee so sɛ ɛbɛtɛn nsu ani. Adeyɛ bi a na ɛte sɛ ɛyɛ adwuma hunu a na afoforo bedi ho fɛw ɔkwan biara so! Sɛ́ na Yehowa Nyankopɔn de wiase no bɛba awiei no yɛɛ te sɛ nkwaseasɛm wɔ nkurɔfo no fam. Wɔn fam no, na Noa yɛ ɔkwasea sɛ ɔka asɛm a ɛte saa. (2 Petro 2:5) Nanso, nokwasɛm no ne sɛ na ɛyɛ sɛnea wɔbɔ wɔn bra, sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma no na ɛyɛ nkwaseasɛm ma Onyankopɔn. Ná wɔresɛe asase no, na wɔrehyɛ Onyankopɔn abufuw. (Genesis 6:5) Enti na Noa pene so sɛ wobebu no sɛ ɔkwasea wɔ Onyankopɔn nyansa ne ne tumi ho dwumadi mu.

7. Dɛn nti na ɔkwan a Mose faa so no yɛɛ te sɛ nea nyansa nni mu, nanso dɛn na nea efii mu bae no kyerɛe?

7 Sɛnea ɛbɛyɛ na woasɔ Onyankopɔn ani no, so wode ahonyade ne anuonyam bɛto nkyɛn, na woagye ahohorabɔ atom mmom? Mose yɛɛ saa. Ɛwom sɛ “wɔkyerɛkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa” de, nso ofi ne pɛ mu gyaw saa asetra no na ogyee ahohorabɔ a na ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn no so no toom. (Asomafo no Nnwuma 7:22; Hebrifo 11:24-26) Nokwarem no ná ɔkwan a Mose faa so no bɛyɛ nkwaseasɛm ama Misrifo no, nanso ɛbɛdaa adi sɛ wiase nyansa no yɛ nkwaseasɛm bere a ɔhaw ahorow du no brɛɛ Misraim anyansafo no ase na Onyankopɔn sɛee ɔman no asraafo dɔm no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no. Nhwɛso horow yi da no adi sɛ, nokwarem no, nnipa nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Onyankopɔn. Ɛne Ade Nyinaa so Tumfoɔ no nyansa ne ne tumi nsɛ ɔkwan biara so.

8. (a) Nnipa bɛn mu titiriw na tete Kristofo no pii fi bae? (b) Nanso wɔn asɛnka adwuma no kaa wiase anyansafo dɛn?

8 Na Kristofo a wodii kan no nso ɛ? Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Ná tete Kristofo no dodow no ara yɛ mpapahwekwa, a wofi mmusua a wɔba fam na wɔyɛ nnwuma ahorow wɔ nkurow akɛse mu mu.” (The Ancient World, a Joseph W. Swain kyerɛwee) Na Kristo afeha a edi kan no mu akyidifo yɛ mpapahwekwa ampa, nokwasɛm a wɔn atamfo twee adwene kɔɔ so. (Asomafo no Nnwuma 4:13; Yohane 7:48) Nanso nyansasɛm a Kristo akyidifo no kae no maa wiase anyansafo ani wui. Ná wontumi nte Nyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛfa Kristo ne Ahenni no ho no ase; wɔn fam no na ɛyɛ nkwaseasɛm. Sɛnea Bible ka no: “Saa nyansa no, wiase atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnduam.”​—1 Korintofo 2:7, 8

Onyankopɔn Asɛmpaka Adwuma No

9. (a) Hena nkyɛn na akwankyerɛ a Yesu de mae no fi bae ankasa? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaka Ahenni asɛm no akyerɛ nnipa a wɔfata no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no yɛ?

9 Yesu Kristo daa Onyankopɔn nyansa adi denam nhwɛso a ɔyɛe ne akwankyerɛ a ɔde mae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛmpaka adwuma no ho no so. Sɛnea ɔkae no: “Memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28) Yesu de Ahenni asɛm no kɔɔ nkurɔfo no nkyɛn ankasa. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn baguam ne wɔn afie. Susuw akwankyerɛ a ɔde maa n’asuafo no, dumien no ne aduɔson a ɔsomaa wɔn ma wokonyaa asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa no ho kakra. Wubetumi akenkan akwankyerɛ horow yi wɔ Mateo 10:1-14 ne Luka 10:1-12. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnhwehwɛ nkurɔfo. Ɔkae sɛ: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ.” Yiw, monhwehwɛ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wotie. Na na dɛn na ɛsɛ sɛ asuafo no ka kyerɛ wɔn? Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.”​—Mateo 10:7.

10. (a) Akwankyerɛ bɛn na Yesu de mae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkɔ ofiewura nkyɛn no ho? (b) Ná dɛn na ɛsɛ sɛ n’asuafo no yɛ, sɛ wɔankyerɛ ho anigye a? (d) Dɛn na yebetumi aka wɔ nyansa a ɛwɔ Kristo akwankyerɛ no mu no ho?

10 Yesu de akwankyerɛ mae mpo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkɔ ofiewura nkyɛn no ho. Ɔkae sɛ: “Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi! Na sɛ asomdwoe ba hɔ a, mo asomdwoe bɛtra no so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsan aba mo so.” (Luka 10:5, 6) Ná ɛsɛ sɛ wɔtra nnipa a wotiee Ahenni asɛm a wɔreka akyerɛ no nkyɛn. Nanso sɛ ofiewura no ani nnye ho a, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ baabi foforo. Nokwarem no, hwɛ akwankyerɛ a ɛyɛ tiatiaa nanso emu da hɔ, a ɛde besi nnɛ no ɛma asɛmpakafo hu nea ɛsɛ sɛ wɔka ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔka no! So ɛnyɛ eyi ne nea wobɛhwɛ kwan wɔ Onyankopɔn nyansa ho anaa?

11. (a) Dɛn na Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ n’asuafo no asɛm no ti? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn Ahenni asɛnka no atu mpɔn no, dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ? (d) Ɔkwan bɛn so na wubetumi de kyerɛw nsɛm akyerɛ sɛ Ahenni no bedi nneɛma horow a wɔabobɔ din wɔ nkyekyem yi mu no ho dwuma?

11 Sɛnea yɛadi kan ahu no, ade titiriw a wɔn a wɔreyɛ asɛmpaka adwuma no ka ho asɛm ne Ahenni no. Yesu kyerɛe sɛ: ‘Monkɔ so nka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.’ (Luka 10:9) Ɛsɛ sɛ saa asɛmti yi tra w’adwene mu efisɛ w’asɛyɛde sɛ ɔsɛmpakafo ne sɛ wobɛboa atiefo ma wɔate sɛnea Ahenni no betumi ayɛ asɛmpa ankasa ama wɔn no ase. Enti ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛma Ahenni asɛm no afata wɔn anaasɛ ɛne wɔn ahiade ahyia. Sɛnea w’atiefo ahiade anaa wɔn anigye te no, dɛn nti na wunsi nea Ahenni no bɛyɛ a wɔn ani begye ho kɛse no so dua? Sɛ nhwɛso no, wubetumi akyerɛ wɔn sɛnea Ahenni no bedi Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛma asase yi adan Paradise ma nnipa atra so daa no ho dwuma, na wode kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 45:18 ne Dwom 37:29 adi dwuma. Afei, ɛdenam kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ ha yi a wode bedi dwuma no so no, ebia wubetumi akyerɛ wɔn sɛnea Ahenni no bedi ɔhaw ahorow a wɔahyehyɛ wɔ ase ha no ho dwuma:

Ɔyare: Yesaia 35:5, 6; Adiyisɛm 21:3, 4.

Owu: Yesaia 25:8; 26:19; Yohane 5:28, 29; 1 Korintofo 15:26.

Ɔkɔm: Yesaia 25:6; Dwom 67:6; 72:16.

Adan a wobenya: Yesaia 65:21-23.

Akodi: Dwom 46:8, 9; 72:7, 8

Amumɔyɛ ne basabasayɛ: Dwom 37:9, 10; Mmebusɛm 2:22

Efĩ: Adiyisɛm 11:18.

12. (a) Ɔkwan bɛn na ɔsɛmpakafo betumi afa so ahu nea obi hia? (b) Dɛn na ɛma obi yɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn?

12 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea atiefo no hia? Nea edi kan no, yɛ otiefo pa, a wowɔ ɔpɛ sɛ wubetie nea wɔwɔ ka. Bisabisa wɔn nsɛm na tie mmuae a wɔde ma no yiye, a wo ne wɔn nnye akyinnye bere a mmuae a wɔde ma no nyɛ nea wohwɛ kwan no. Ɔdansefo bi a wayɛ asɛmpaka adwuma no bɛboro mfe 25 no kae sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛtwetwe ofiewura no aba nkɔmmɔbɔ no mu ntɛm ara. Saa kwan yi so no mitumi hu nea n’ani gye ho, mmom sen sɛ mɛkɔ so aka nea mebae sɛ merebɛka no.” Sɛnea ɔsɛmpakafo foforo a ne ho akokwaw kae no: “Ebia asɛm a obi asua agu ne tirim a ɔbɛka akyerɛ no bɛka asõ no nkutoo anaasɛ ebia mframa bɛbɔ agu.” Nokwarem no, nea ɛma obi yɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn ne sɛ obenya anigye ankasa wɔ nnipa ho, sɛnea Yesu yɛe no. (Mateo 9:36-38) Ma nkurɔfo no nhu sɛ w’ani gye wɔn ho sɛ nnipa, ne sɛ wugye asɛmpa a worebɛka akyerɛ wɔn no di ankasa. Sɛnea Ɔdansefo bi kae no: “Adwene biako pɛ na wobenya, sɛ nea woasua no ara na wɔka kyerɛ a​—sɛ wunni mu ahotoso.”

Asɛmpaka Kwan A Ɛho Hia

13. Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ tete Kristofo tiee akwankyerɛ a Kristo de mae wɔ asɛnka adwuma no ho no

13 Sɛnea yɛahu no, Yesu Kristo hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmfa Ahenni asɛm no nkɔ nkurɔfo afie pɛɛ. Saa akwankyerɛ yi akyidi mu no, asomafo no nso daa Onyankopɔn nyansa adi denam saa asɛmpaka kwan a ɛho hia yi a wɔde dii dwuma no so. Bible kyerɛwtohɔ no se: “Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔre fi ne afi mu da biara.” (Asomafo no Nnwuma 5:42) Akyiri yi ɔsomafo Paulo kaa n’asɛmpaka adwuma no ho asɛm kyerɛɛ mfɛfo Kristofo, sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛ mo gua so ne afi mu, na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.”​—Asomafo no Nnwuma 20:20, 21

14. Dɛn na ɛda mfaso a ɛwɔ asɛmpaka adwuma a wɔyɛ wɔ afie afie no so no adi?

14 Ɛwom sɛ wɔadi Onyankopɔn asomfo ho fɛw abu wɔn sɛ wɔyɛ nkwasea esiane sɛ wɔde ɔkwan a asomafo no nam so kaa Ahenni no ho asɛm no di dwuma nti no de, nanso aba a ɛyɛ nwonwa a wɔn dwumadi sow no da no adi sɛ Onyankopɔn nhyira wɔ so. Sɛ nhwɛso no, Britaniani asetra mu nsɛm ho nimdefo Bryan Wilson yɛɛ Yehowa Adansefo nkɔso wɔ Japan ho nhwehwɛmu na ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Dodow a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo no [ɔha biara mu 58.3] ka sɛ nea ɛma wodii kan nyaa ho anigye ne ɔdawurubɔfo a ɔkɔɔ wɔn fie.” Afei nso, mfe bi a atwam ni no Katolekni sɔfo John A. O’Brien ka kyerɛɛ asɔfo bɛyɛ 200 wɔ St. Joseph’s Seminary wɔ New York sɛ: “Nea ɛmaa ɔhotefo Paulo dwumadi tuu mpɔn kɛse ne mmɔdenbɔ a ɔde yɛɛ afie afie adwuma de hwehwɛɛ asuafo afoforo no. Ɛyɛ serew sɛ saa kwan a asomafo no faa so kaa asɛm no yɛ nea akuw a wɔnyɛ Katolekfo, titiriw Yehowa Adansefo, na wɔde redi dwuma nnɛ.

Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Asɛmpaka Adwuma Ho Nhyehyɛe

15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ bere nhyehyɛe ma yɛn afie afie asɛnka adwuma no?

15 So ɛnyɛ nokware sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yedi nneɛma a ɛho hia ho dwuma a, yɛyɛ ho nhyehyɛe anaa? Ebia wowɔ bere ma adidi ne nna, ne bere a wode kɔ sukuu anaa wode kɔ adwuma. Sɛ woreyɛ nneɛma ahorow bi a, nhyehyɛe ho hia. Na saa ara na yebetumi aka wɔ yɛn afie fie asɛnka adwuma no ho. Esiane sɛ Satan Ɔbonsam rebɔ mmɔden sɛ ɔremma Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no nnu nkurɔfo nkyɛn nti, ɛho hia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe, sɛ yebetumi anya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa a. Anyɛ saa a, ebetumi aba sɛ ‘yɛrennya bere’ nyɛ saa adwuma yi. (1 Korintofo 9:16) Ɛyɛ Satan botae sɛ ɔbɛhwɛ ma aba saa.

16. Nhwɛso horow bɛn na ɛda mfaso a ɛwɔ so sɛ yebenya bere nhyehyɛe ama yɛn asɛnka adwuma no adi?

16 Enti dɔkta bi a wayɛ Ɔdansefo bɛboro mfe 25 se ohu sɛ bere nhyehyɛe a ɔbɛyɛ ama asɛmpaka adwuma no ho hia. Obi a ɔyɛn anantwi bebree wɔ Amerika se: “Bɛyɛ 1944 no mihui sɛ ɔkwan koro pɛ a metumi afa so akɔ asɛnka ne sɛ meyi da pɔtee bi asi hɔ ama ɛno.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛde besi nnɛ no meda so ara fa da koro wɔ dapɛn no mu ma asɛnka.” Kristoni bi a ɔyɛ ɔpanyin, na ɔyɛ mmaranimfo nso, hu sɛ bere nhyehyɛe pɔtee a ɔyɛ ma asɛnka adwuma no boa no ma onya bɛyɛ nnɔnhwerew 15 ɔsram biara wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Sɛ ɔwɔ adwuma bi yɛ no Memeneda a, ɔde hyɛ awiabere, bere a wakɔ n’anɔpa asɛnka apɔn akyi no.​—Fa toto Kolosefo 4:5 ho.

Gyina Onyankopɔn Ananmu Nidi Mu

17. Bere a yɛreyɛ asɛmpaka adwuma no, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn ahosiesie ho?

17 Ɛwom sɛ ebia wiase no bebu yɛn sɛ yɛyɛ nkwasea esiane asɛm a ɛma nkwa a yekura no nti de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ahosiesie amma wɔammu asɛm a ɛho hia a yekura no animtiaa. Ahosiesie a ɛnyɛ nea ɛsɛ, nea ɛtra so dodo anaa nea ɛmfata betumi ayɛ saa. Wɔ asasesin a emufo akɔ anim kakra wɔ asetra mu no, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ yɛn ahosiesie mu. So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya ntade a ne bo yɛ den anaa? Dabi. ‘Ɔsɛmpakafo mmɔdenbɔfo bi a ɔne ne kunu atutu akwan pii no hwɛ sɛnea nkurɔfo siesie wɔn ho wɔ asasesin no mu no yiye. Afei ɔpaw atade bi a ɛfata mpɔtam hɔ ahosiesie. Ntade a yɛwɔ mprempren no betumi ayɛ nea ɛfata, sɛ ani tew, ma yɛatow so asiesie ani fɛfɛɛfɛ a. Sɛ wohyɛ soro-atade a, so woasisi bɔton ahorow a atutu no? Sɛ woabɔ tae a, so woahwɛ sɛ nneɛma nkekaa mu? Sɛ wohyɛ asepaatre a, so woatwiw ho? Kae sɛ w’ahosiesie a ɛho tew na ɛyɛ nea ɛfata no bɛma w’asɛm no anim aba nyam.​—Tito 2:10.

18. (a) Yɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yebesiesie yɛn ho sɛnea mpɔtam hɔ ahosiesie pa te no ho nhwɛso. (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati ahosiesie ntraso?

18 Esiane sɛ Ɔdansefo bi hwɛɛ n’ahosiesie yiye nti, ɔbɔ amanneɛ sɛ awuraa bi a bere bi a atwam no na anka ɔmpɛ sɛ ɔne no kasa koraa mpo no too nsa frɛɛ no ma ɔhyɛn ne dan mu. Bere a wɔbɔɔ Bible ho nkɔmmɔ fɛfɛ akyi no, ofiewura no bisae sɛ, “Na, asɔre bɛn muni na woyɛ?” Mmuae a ɔmae sɛ “Yehowa Adansefo” no maa ofiewura no ho dwiriw no. Ná ɔmmaa Yehowa Adansefo kwan mma wɔnhyɛn ne fie da. Bere a Ɔdansefo no bisaa no nea enti a ɔmaa no kwan ma ɔhyɛn mu no, ofiewura no buae sɛ efisɛ na ɔdansefo no “asiesie ne ho yiye.” Ɔbea no tee nka sɛ ɛsɛ sɛ otie nea ɔwɔ ka no. Bible adesua a wɔyɛ no daa fii mu bae. Nanso, baabi a nnipa no yɛ ahiafo no, wo ho mmoroso a wubesiesie no betumi ama wɔate nka sɛ wususuw sɛ ‘wuye sen wɔn.’ Enti asasesin biara a yɛyɛ mu adwuma, anaa nnipa biara a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ nea ɛtwetwe nkurɔfo no ba Ahenni asɛm no ho mmom sen sɛ ɛbɛpam wɔn.​—1 Korintofo 9:19-23.

19. (a) Dɛn na ɛho hia na ama obi ayɛ nea Onyankopɔn paw no? (b) Nhwɛso bɛn na Kristo yɛe wɔ eyi fam? (d) Ɛdenam pene a wobɛpene so sɛ wobɛma wiase yi abu wo sɛ ɔkwasea no so no, hokwan ahorow bɛn na wubetumi anya?

19 Nokwarem no, wo na ɛsɛ sɛ wubua asɛm a ɛne sɛ: So meyɛ obi a Onyankopɔn bɛpaw? Ɛnyɛ nhomanim anaa dibea wɔ wiase so na ogyina paw. Na mmom nea ogyina so paw ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn adwuma wɔ ne kwan so, bere a esiane saa yɛ nti wiase yi bu wo sɛ woyɛ ɔkwasea anaa obi a ɔyɛ mmerɛw no. Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso no. Ná ɔpene so sɛ ne bere sofo bebu no sɛ ɔkwasea sɛnea ɛbɛyɛ na wada “Onyankopɔn nyansa” adi akyerɛ wɔn a ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn no. (1 Korintofo 1:30) Sɛ ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛka Ahenni asɛm a wiase bu no sɛ nkwaseasɛm no akyerɛ a, ɛnde na wode wo ho resi hɔ ma Yehowa Nyankopɔn de wo adi dwuma sɛ n’Adansefo no mu biako na wo nsa aka daa nkwa akyɛde wɔ ne trenee nhyehyɛe foforo a nhyira wom no mu.

[So Wubetumi Abua Nsemmisa Yi​—

□ Asɛm bɛn na ɛyɛ nkwaseasɛm ma wiase?

□ Ɔkwan bɛn so na Noa ne Mose kyerɛe sɛ nea ebia wiase bebu sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm no da Onyankopɔn nyansa adi ankasa?

□ Akwankyerɛ bɛn na Yesu de maa n’akyidifo wɔ asɛmpaka adwuma no ho?

□ Dɛn ne ɔkwan a ɛho hia a wɔfa so yɛ asɛmpaka adwuma no, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ etu mpɔn?

□ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ yɛn asɛmpaka adwuma no ho nhyehyɛe?

□ Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho dɛn bere a yɛreyɛ asɛmpaka adwuma no?

[Kratafa 15 mfoni]

Ansa na ɔresoma n’asuafo no sɛ wɔnkɔyɛ asɛmpaka adwuma no, Yesu kyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no

[Kratafa 17 mfoni]]

Asɛm a wɔka wɔ afie afie yɛ Kyerɛwsɛm mu kwan a wɔnam so ka asɛmpa no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena