-
Ɔdɔ (Agape)—Nea Ɛnkyerɛ Ne Nea ƐkyerɛƆwɛn-Aban—1993 | October 15
-
-
13. Dɛn na ani a ennye nea ɛnteɛ ho no kyerɛ, na dɛn nti na ɔdɔ nyɛ saa?
13 Bio nso, wɔka kyerɛ yɛn sɛ ɔdɔ ‘ani nnye nea ɛnteɛ ho.’ Wiase no ani gye nea ɛnteɛ ho, sɛnea yetumi hu wɔ gye a basabasayɛ ne nguamansɛm ho nhoma, sini ahorow, ne TV so dwumadi ahorow agye din no mu. Saa anigye no nyinaa yɛ pɛsɛmenkominya, ebu Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm ahorow anaa afoforo yiyedi animtiaa. Saa pɛsɛmenkominya anigye no nyinaa yɛ gu a wogu gu ɔhonam so, na wofi ɔhonam mu betwa porɔwee wɔ bere a ɛsɛ mu.—Galatifo 6:8.
-
-
Ɔdɔ (Agape)—Nea Ɛnkyerɛ Ne Nea ƐkyerɛƆwɛn-Aban—1993 | October 15
-
-
17. Akwan abien bɛn so na ɔdɔ ne nokware ani gye?
17 Ɔdɔ ani nnye nea ɛnteɛ ho na mmom “ɛne nokware ani gye.” Ɔdɔ ne nokware na ɛnam—Onyankopɔn ne dɔ, na bere koro no ara mu no, ɔyɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Ɔdɔ ani gye bere a ehu sɛ nokware di atosɛm so nkonim na ɛpa ho ntama no; eyi ka ho bi na Yehowa asomfo redɔɔso pii no. Nanso, esiane sɛ wɔde nokware bɔ nea ɛnteɛ abira nti, adwene a ɛwom no betumi akyerɛ sɛ ɔdɔ ne trenee ani gye nso. Ɔdɔ ani gye nkonim a trenee di no ho, sɛnea wɔahyɛ Yehowa asomfo sɛ wonyɛ bere a Babilon Kɛse no ahwe ase no.—Adiyisɛm 18:20.
-