Nneɛma A Ogya Ntumi Nhyew A Yɛde Bɛyɛ Ɔdansi Adwuma No
“Ebinom de sika anaa dwetɛ anaa abo pa na ɛbɛto asi nhyɛase no so; afoforo de nnua anaa sare anaa buronan.”—1 KORINTOFO 3:12, Today’s English Version.
1, 2. (a) Dɛn na ɛbɛyɛ yaw asen obi fie a wohu sɛ ɛhyew na ebubu gu fam? (b) Huammɔdi a ɛte saa ara bɛn na ɛtɔ bere bi a Kristofo asomfo hyia?
ƐYƐ nea ɛyɛ mmɔbɔ bere a wohu sɛ ɔdan fɛfɛ bi hyew na edwiriw gu fam no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ wo yaw kɛse, sɛ wo na wusii a! Sɛ́ wubehu sɛ wo bere ne wo mmɔdenbɔ nyinaa ayɛ ɔkwa wɔ ogya no mu no bɛyɛ yaw ampa. Nanso yaw a eyi yɛ no nnu awerɛhow a Kristoni ɔwofo a ne babarima anaa ne babea gyaw nokware no esiane wiase nneɛma nti te nka no. Nsɛm kakraa bi na ebetumi ayɛ yaw asen obi ba a wohu sɛ ɔba honhom mu ɔsɛe a ɛte sɛɛ mu no.
2 Ebia sɛnea awofo a wɔte sɛɛ te nka wɔ wɔn komam no bɛyɛ te sɛ huammɔdi nka a wotee sɛ Kristoni no. Ebia wo ne obi fii Bible adesua ase na afei wode asram anaasɛ mpo mfe pii boaa no ma obenyaa nokware no ho nimdeɛ. Wuhu sɛ ɔkɔ nhyiam ahorow na mpo ofi ase nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Nanso afei mpofirim ara, ɔyɛ mmerɛw wɔ honhom mu na ɔbɛyɛ obi a ɔnkɔ adesua ne asɛnka na ebia ɔsan kɔ ne kan nneyɛe bɔne ahorow no mu bio mpo. Hwɛ huammɔdi ara a ɛyɛ!
3. Bere a yehyia tebea horow a ɛte sɛɛ no, nsemmisa bɛn na ɛsɔre, na ɛho mmuae gyina dɛn so?
3 Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyi ba saa efi bere kɔ bere mu. Enti ɛyɛ nea ɔkwan biara so yebebisa sɛ: Dɛn nti na ɛba saa? So biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ wɔ ho? Bere a ebia sɛnea onipa no ankasa koma te na ama aba saa no, saa nsemmisa no ho mmuae gyina asemmisa foforo mmuae so kosi baabi: Sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo a, so wode nneɛma a ogya ntumi nhyew to si nhyɛase pa so? Te a yɛbɛte nea eyi kyerɛ ase yiye ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ no no yɛ ade titiriw a yɛde bɛboa wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no—yɛn Bible adesuafo ne yɛn mma—ma wɔagyina pintinn wɔ nokware no mu.
Hena Na Ɔyɛ Ɔdansi Adwuma No?
4. Wɔ 1 Korintofo 3:10, 11 no, Paulo de Kristoni somfo toto hena ho, na ɔkwan bɛn so?
4 Wɔ ɛho mmuaema mu no, yɛdan kɔ 1 Korintofo ti 3, faako a Paulo de Kristoni somfo toto ɔdansifo ho no. Yɛkenkan sɛ: “Onyankopɔn dom a ɔde adom me no so na menam mahyɛ ase sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa. Na nhyɛase foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho.”—Nkyekyem 10, 11.
5. (a) Sɛnea emu nsɛm no kyerɛ no, ɔdansi adwuma bɛn na Paulo reka ho asɛm no? (b) Ntease bɛn mu na Kristoni somfo yɛ ‘ɔdansi adwuma wɔ nkurɔfo mu’?
5 Ɔdansi adwuma bɛn na Paulo reka ho asɛm no? Wiɛ, hyɛ emu nsɛm no nsow: “Moyɛ . . . Onyankopɔn dan.” “Moyɛ Onyankopɔn asɔredan.” (1 Korintofo 3:9, 16) Enti ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔdansi adwuma, nea ɛfa ‘nnipa’ ho. Sɛ yɛbɛka a, Kristoni somfo no ‘yɛ ɔdansi adwuma wɔ nnipa mu’ a ɛkyerɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma anigyefo no anya Kristofo nipasu, sɛ ɔbɛyɛ wɔn asuafo.—Mateo 28:19, 20.
6, 7. (a) Hena asɛyɛde so na Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 3:9-15 no twe adwene si? (b) Nanso, ɔkwan bɛn so na ɔdansi adwuma a wɔbom yɛ ho asɛm wom? (d) Dɛn na Paulo asɛm no a yɛbɛkɔ so asusuw ho bɛboa yɛn ma yɛahu?
6 So ɛno kyerɛ sɛ Kristoni ɔkyerɛkyerɛfo no nkutoo na sɛnea osuani no nya nkɔso ho asɛyɛde da no so? Dabida. Nea edi kan no, yɛyɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.” Bere a Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 3:9-15 no twe adwene si nea ɔreyɛ ɔdansi, anaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma no asɛyɛde so no, wɔ nokwarem no, ɛyɛ ɔdansi adwuma a wɔbom yɛ a osuani no nso ho wom. Yebetumi de atoto ɔsraani a wosiesie no ma ɔsa ho. Ebia afoforo de ntetee ahorow bɛma no na wɔasiesie no, nanso bere a ɔsraani no adu akono no, ɛsɛ sɛ ɔko, na ɔde nea wasua no di dwuma. Ɛno so na ne nkwa ankasa gyina! Saa ara na nea ɔrekyerɛkyerɛ no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma onipa no ayɛ Kristoni ankasa, nea otumi ko tia nhyehyɛe yi mu nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow. Nanso wɔ bere koro no ara mu no, osuani no wɔ asɛyɛde; ɛsɛ sɛ ɔde nea osua no di dwuma wɔ n’asetra mu.—Mateo 7:24-27; Filipifo 2:12, 13.
7 Nanso, ɛda so ara yɛ nokware sɛ nea ɔrekyerɛkyerɛ no wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru. Bere a yɛkɔ so susuw Paulo asɛm no ho no, yebehu hia a ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛma afoforo anya anisɔ ama yɛn soro Agya no.
To Nhyɛase Pa
8. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ɔdansi adwuma yi mu no, dɛn ne nhyɛase no?
8 Ansa na wubetumi asi ɔdan no, ɛsɛ sɛ wudi kan to ne nhyɛase. Enti wɔ ɔdansi adwuma a ɛne asuafo a wɔbɛyɛ no mu no, dɛn ne nhyɛase no? Paulo ma mmuae sɛ: “Obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho.” (1 Korintofo 3:11) Yiw, nhyɛase pa a ɛsɛ sɛ yɛto si so no ne Yesu Kristo.—Fa toto Efesofo 2:20-22 ne 1 Petro 2:4-6 ho.
9. (a) Sɛ worekyerɛkyerɛ afoforo a, egye dɛn wɔ Kristo a wɔde no bɛyɛ nhyɛase no mu? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn Bible adesuafo no bɛte nokware a ɛfa Yesu ho no nyinaa ase?
9 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Kristo ayɛ nhyɛase bere a yɛrekyerɛkyerɛ afoforo no? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nokware a ɛfa Yesu ho no na yɛboa afoforo na wɔma wɔn asetra yɛ nea ɛfa saa nokware no ho. Nea ɛka ɛno ho ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔanya Yesu mu gyidi sɛ yɛn Boafo ne Nea Yehowa nam no so de agyede no ma. (Mateo 20:28; 1 Yohane 2:1, 2) Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen. Yesu Kristo ne nea wɔapaw no sɛ Kristofo asafo no ti. (Kolosefo 1:18) Ɔne asase so Hene a ɔteɛ nso, na wɔ saa dibea no mu no, ɛrenkyɛ ‘obewie ne nkonimdi’ no wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 6:1, 2) Ɛnde, ɛda adi sɛ nea ɛka Kristo a wɔde no bɛyɛ nhyɛase no ho ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nokware a ɛfa ne ho no nyinaa na wɔaboa afoforo ma wɔate Yesu dibea wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho dwumadi mu no ase. Dɛn nti na eyi ho hia saa? Sɛ yɛn adesuafo no nya Yesu mu gyidi sɛ Onyankopɔn Hene a ɔredi tumi a, ɛbɛyɛ den sɛ wiase nsɛm tebea horow ne da biara da asetra mu ɔhaw ahorow no bɛma wɔn koma atu.—Yesaia 28:16; 1 Petro 2:6-8.
10. (a) Sɛnea Efesofo 3:17-19 kyerɛ no, egye dɛn bio wɔ Kristo a wɔde no yɛ nhyɛase no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛma Kristo ‘tra yɛn komam”?
10 Nanso, Kristo a wɔde no bɛyɛ nhyɛase no hwehwɛ pii. Ɛsɛ sɛ yenya botae koro no ara a ɔsomafo Paulo nyae no bi. Mpae a ɔbɔ maa Efesofo no ne sɛ “ɔmma Kristo mfa gyidi so ntra mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu, na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emu dɔ no ahuye ahu Kristo dɔ a ɛtra so no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.” (Efesofo 3:17-19) Hyɛ no nsow sɛ nea ɛka ‘ntini a yebegye na yɛatim [nhyɛase no] mu’ no ho ne sɛ yɛbɛma Kristo ‘atra yɛn komam.’ Dɛn na eyi kyerɛ? Wiɛ, Kristo ‘tra yɛn komam’ bere a yɛma ne nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ no ka yɛn nkate ne yɛn nneyɛe horow no.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa afoforo ma wɔama Kristo ‘atra wɔn komam’? (b) Nea ɛka Yesu ho ade a wobesua ho no, dɛn bio na ɛho hia?
11 Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔama Kristo ‘atra wɔn komam’? Nimdeɛ a yɛbɛma wɔanya ho hia, efisɛ ɛsɛ sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm mu nokware no “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emu dɔ no ahuye,” titiriw no sɛnea ɛfa Yesu Kristo asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ho no. Yɛpɛ sɛ yɛn adesuafo no nya “Kristo adwene,” sɛ́ wobehu no yiye sɛ obi a ɔte ase na ɔwɔ nkate. (1 Korintofo 2:16) Eyi bɛka wɔn koma.
12 Nanso hyɛ no nsow sɛ Paulo kae nso sɛ: “[Na yɛahu] [Hela, gnonaiʹ, sɛ́ wubehu “denam osuahu so”] Kristo dɔ a ɛtra [nimdeɛ] so no.” Yebetumi ahu Kristo “dɔ” no denam nea Bible no ka kyerɛ yɛn fa n’asetra ne ɔkwan a ɔfaa so ne afoforo dii ho no a yebesua no so. Nanso, ɛnam onipa ko a Yesu yɛ no a yebesuasua no so na yebetumi ahu ne nkate horow yi ankasa. Ɛdenam saa kwan yi so wɔ osuahu mu no, yɛba behu “Kristo dɔ a ɛtra [nimdeɛ] so no.”
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn adesuafo ma wɔasuasua Yesu su horow no? (b) Dɛn nti na mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ sɛ Yesu no bɛboa yɛn adesuafo no ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa? (d) Nea ɛka nhyɛase pa ho no, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?
13 Enti bere a woreto nhyɛase no, twe adwene si Yesu su horow no so—ne dɔ. (Yohane 15:13, 14) , anigye ne nkate (Mateo 11:28-30) , ahobrɛase (Yohane 13:1-15) ne ayamhyehye (Marko 6:30-34) , emu kakraa bi nen. Hyɛ wo osuani no nkuran ma onsuasua su horow yi wɔ n’asetra mu. Eyi bɛma wanya nhyɛase pa a ɔbɛto su afoforo a ɛho hia asi so. Ɛtɔ bere bi a, bere a morebɔ Bible mu asɛm a ɛfa Yesu ho nkɔmmɔ no, ebia ɛho behia sɛ wugyina na wubisa sɛ: ‘Su bɛn na wuhu sɛ Yesu reda no adi no? Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada saa su yi adi kɛse wɔ w’asetra mu?’ Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wo Bible osuani no sɛ Yesu nipasu a obesuasua no bɛboa no ma ɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den kɛse. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ Yesu daa n’Agya nipasu adi wɔ ɔkwan a mfomso biara nni ho so ma enti sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu a, na yɛresuasua Yehowa ankasa!—Yohane 14:9.
14 Nhyɛase pa a wubenya ho hia, nanso so ɛno nkutoo dɔɔso? Paulo ma mmuae sɛ: “Na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa.” Yiw, na nneɛma a wɔde to aban a ebegyina nhyɛase no so no nso ɛ?
Nneɛma a Ogya Ntumi Nhyew
15, 16. (a) Wɔ 1 Korintofo 3:12 no, nsonsonoe a ɛda nneɛma abien bɛn ntam ho asɛm na ɛda adi sɛ Paulo reka? (b) Bere a yɛde Paulo mfatoho no redi dwuma no, asɛm bɛn na wobisa?
15 Eyi de yɛn ba 1 Korintofo ti 3 nkyekyem 12, faako a Paulo ka nneɛma ahorow a wɔde si dan ho asɛm no so: “Nanso sɛ obi de sika, dwetɛ, abo pa, nnua, sare, buronan to nhyɛase yi so a.” Eyi yɛ nneɛma ahorow ahorow a wɔde si dan! So Paulo rehyɛ nyansa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde eyinom mu biara bi hyɛ yɛn adesuafo no mu? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Hwɛ sɛnea nkyerɛase afoforo bi ka no: “Ebinom de sika anaa dwetɛ anaa abo pa na ɛbɛto asi nhyɛase no so; afoforo de nnua anaa sare anaa buronan.” (TEV) “Wubetumi de sika, dwetɛ ne agude, anaa nnua, sare ne buronan ato asi nhyɛase yi so.” (The Jerusalem Bible) Enti ɛda adi sɛ Paulo rekyerɛ nsonsonoe a ɛda adan ahorow abien ntam. Sɛnea ɛte no, wɔ ɔkwan biako so no, ahemfie fɛfɛ bi wɔ hɔ a wɔde sika, dwetɛ ne abo pa na asi. Wɔ ɔkwan foforo so no, ɔsese bi a wɔde nwura akuru so wɔ hɔ a nnua ne sare a awo ne dɔte na wɔde afra ato n’afasu no.
16 Ɛnde, bere a yɛde Paulo mfatoho no redi dwuma no, asemmisa no ne sɛ: Bere a wokyerɛkyerɛ afoforo no, so wusi “ahemfie ahorow” anaa wobɔ “asese”? Nea enti a mmofra ne afoforofo binom san wɔn akyi ne sɛ, ebia ɛnyɛ ne nyinaa na wɔde ɔdansi nneɛma koro no ara toe. Nsonsonoe bɛn na ɛwom? Tebea a na ɛwɔ tete Korinto asafo no mu no kyerɛ nsonsonoe a ɛda nneɛma a ogya ntumi nhyew a wɔde yɛ ɔdansi adwuma ne nea ogya tumi hyew ntam no.
17, 18. (a.) Asɛm a anibere wom bɛn na na ɛwɔ tete Korinto asafo no mu, na ɔkwan bɛn so na Paulo teɛɛ wɔn adwene so? (b) Enti dɛn ne ade titiriw a ɛma yehu sɛ ebia yɛde “sika” anaa “sare” na ɛreto no?
17 Ná Paulo ayɛ ne fam de ato nhyɛase pa, nanso ɛda adi sɛ na ebinom a wɔwɔ Korinto asafo no mu de ‘nnua, sare ne buronan’ na ɛreto asi so—nneɛma a ɛyɛ mmerɛw na egyina hɔ ma su horow a ɛnyɛ papa. (1 Korintofo 3:12) Enti, na ɛsɛ sɛ Paulo kyerɛw krataa kɔma anuanom a wɔwɔ hɔ no: “Kunsunkunsun wɔ mo mu. Na mede eyi, sɛ mo mu biara ka sɛ: Me de, meyɛ Paulo de; me de, meyɛ Apolo de; me de, meyɛ Kefa de; me de, meyɛ Kristo de.Wɔapaapae Kristo mu anaa?” (1 Korintofo 1:11-13) Enti, ná asafo no mufo mu apaapae ayɛ akuw horow. Na dɛn ntia? Efisɛ wobuu nnipa binom sɛ wɔn ho hia dodo. Paulo teɛɛ wɔn adwene no so na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛno, Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, . . . miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii.”—1 Korintofo 3:5-7.
18 Ne tiaa twa mu no, na ɔhaw no ne eyi: Esiane sɛ wɔde wɔn adwene sii nnipa akyi a wobedi so dodo nti, asafo a ɛwɔ Korinto no mufo binom ne Onyankopɔn annya abusuabɔ a emu yɛ den kɛse. Eyi ne ade titiriw a ɛbɛma yɛahu sɛ ebia yɛde “sika” anaa “sare” na ɛreto, anaasɛ sɛnea ɛte no, yɛresi “ahemfie ahorow” anaa yɛrebɔ “asese.”
19. (a) Ɔkwan bɛn so na ebia nea ɔrekyerɛkyerɛ no bɛdan adwene aba n’ankasa anaa onipa foforo so dodo bere a n’ani nna ne ho so? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde ‘sika, dwetɛ ne abo pa’ to a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ?
19 Biribi a ɛsom bo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua fi ɛno mu. Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso menkyerɛkyerɛ afoforo sɛ wonni onipa bi akyi.’ Nanso, ɛyɛ mmerɛw sɛ eyi betumi aba saa, ɛwom mpo sɛ ebia na ɛnyɛ yɛn adwene nen de. Sɛ nhwɛso no, sɛ bere a osuani bisa asɛm no yɛtaa ka sɛ, ‘Onua (anaa Onuawa) Asiamasi se, . . . ’ a, so ebia ɛnyɛ nea bere a yɛn ani nna yɛn ho so no, yɛretwe adwene akɔ onipa a ɔtɔ sin so dodo? Anaasɛ sɛ bere a asemmisa asɔre no, yɛka sɛ, ‘Ɛɛ, mintumi nhu, nanso nea mɛka ni’ a, so ɛnyɛ nea bere a yɛn ani nna yɛn ho so no, ebia yɛretwe adwene aba yɛn ankasa so dodo? Kae, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ osuani benya ne kyerɛkyerɛfo ho adwene a ɛkorɔn. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:25, 26 ne Adiyisɛm 19:10 ho.) Sɛ yɛpɛ sɛ yesi “ahemfie ahorow” a, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ yɛ a yɛbɛma wɔayɛ nnipa akyidifo no ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn adesuafo no ma wɔne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ yɛde ‘sika, dwetɛ ne abo pa’ to. Dɛn na eyi gyina hɔ ma?
20. ‘Sika, dwetɛ ne abo pa’ no gyina hɔ ma dɛn? (Mmebusɛm 3:13-15)
20 Kyerɛwnsɛm ahorow te sɛ Dwom 19:7-11, Mmebusɛm 2:1-6 ne 1 Petro 1:6, 7 a wɔde toto ho da no adi sɛ ɛtɔ bere bi a wɔde sika, dwetɛ ne abo pa di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de gyina hɔ ma su horow te sɛ gyidi a ɛyɛ den, nyansa a efi Onyankopɔn hɔ, honhom mu ntease, nokwaredi, ɔdɔ mu a wofi nya Yehowa ne ne mmara ho anisɔ. Su horow yi ho hia na ama obi ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den kɛse. Eyinom ne su horow a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no nya. So woreyɛ ɔdansi adwuma no wɔ saa kwan yi so?
So Wobegyina “Ogya” No Ano?
21. (a) Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yɛde su pa ahorow bɛhyɛ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu? (b) “Ogya”‘ no gyina hɔ ma dɛn?
21 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɛboa wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔanya su pa ahorow yi? Ɔsomafo Paulo kɔ so kyerɛkyerɛ mu: “Obiara adwuma bɛda adi, ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ.” (1 Korintofo 3:13) Enti “ogya” no “bɛsɔ” ɔkwan a yɛrefa so ayɛ ɔdansi adwuma no “ahwɛ.” Dɛn na “ogya” no gyina hɔ ma wɔ ha? Honam fam ɔtaa a emu yɛ den? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Na hyɛ no nsow sɛ “obiara adwuma” bɛfa “ogya” no mu. Ɛnyɛ Kristofo nyinaa na wohyia ɔtaa a ano yɛ den. Enti “ogya” no gyina hɔ ma nhyɛso anaa sɔhwɛ ahorow biara a ebetumi asɛe obi honhom mu yiyedi.
22. Ogya sɔhwɛ ahorow a ebia ebinom behyia no bi ne nea ɛwɔ he?
22 Wɔ ebinom fam no ebia “ogya” no bɛba wɔ asɛm a ɛfa afã biara a Kristofo nni ho no mu. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛhyɛ ebinom sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu anyɛ saa a wɔde wɔn begu afiase (Yohane 15:19) Ɛtɔ bere bi a ebia “ogya” no bɛyɛ anifere kwan so de. Ebia ɛyɛ sɔhwɛ a ɛne sini anaa TV so dwumadi ahorow a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ne basabasayɛ ho a wɔbɛhwɛ. Wɔ Kristofo mmofra fam no, ebia “ogya” no bɛba denam da a wɔbɛda ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne adi akyerɛ wɔn, ka a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnom nnubɔne anaa hyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ wiase no anigyede a ɛho ntew mu no so. Pɛ a obi bɛpɛ sɛ afoforo gye no tom betumi ahyɛ Kristofo mmofra kɛse ma wɔapene nneɛma ahorow a enye so.—1 Yohane 2:16.
23. (a) Ɛdefa sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛɛ a wogyina ano ho no, nsemmisa bɛn na ɛsɔre na ɛho mmuae gyina dɛn so? (b) Dɛn na wɔbɛka ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu?
23 Nokware Kristofo pii atumi agyina ogya sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛɛ ano. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, afoforo wɔ hɔ a wɔantumi. Enti, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ: Sɛ wɔn a yɛakyerɛkyerɛ wɔn no hyia “ogya” no a, wɔbɛyɛ dɛn? So wɔbɛyɛ sɛ saa ofie fɛfɛ a wɔde sika, dwetɛ ne abo pa a ogya ntumi nhyew ahyehyɛ no na wɔagyina pintinn? Anaa so wɔbɛyɛ sɛ saa ɔsese a wɔde nnua, sare ne buronan na abɔ no ma wɔahyew? Ampa, pii gyina osuani no ankasa so. Nanso, wɔ bere koro no ara mu no, pii nso gyina yɛn so sɛ akyerɛkyerɛfo—sɛnea yɛyɛɛ ɔdansi adwuma no. Enti asemmisa yi da so ara wɔ hɔ sɛ: Ɔkwan bɛn so na wobɛfa de su pa ahorow yi ahyɛ wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no mu? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
So wubetumi akyerɛkyerɛ mu:
◻ Sɛnea egye ɔdansi adwuma a wɔbom yɛ wɔ afoforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn mu no?
◻ Sɛnea wode Kristo yɛ “nhyɛase” no?
◻ Nea yebetumi asua ofi nea esii wɔ tete Korinto asafo no mu no?
◻ Nea “ogya” no yɛ, ne sɛnea eyi si hia a ɛho hia sɛ yɛde su pa ahorow bɛhyɛ afoforo mu so dua no?
[Kratafa 11 mfoni]
Sɛ worekyerɛkyerɛ afoforo a, so wode nneɛma a ogya ntumi nhyew anaa nea ogya tumi hyew na ɛyɛ ɔdansi adwuma no?