Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | July 1
    • 7. (a) (a) Ɔsɛmpɔw titiriw bɛn na Paulo twee adwene sii so? (b) Henanom na wohuu Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no?

      7 Wɔ 1 Korintofo ti 15 nkyekyem abien a edi kan no, Paulo kyerɛɛ nea ɔrebɛka ho asɛm: “Anuanom, merema moahu asɛmpa a mekaa mo, na mugyei nso, na mugyina mu nso, na wɔnam so gye mo nkwa nso. . . . Anyɛ saa de a, na moagye adi kwa.” Sɛ Korintofo no antumi annyina asɛmpa no mu pintinn a, na wɔagye nokware no kwa. Paulo toaa so sɛ: “Nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa huu no ansa na dumien no huu no. Ɛno akyi ɔmaa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda. Ɛno akyi ɔmaa Yakobo huu no ansa na asomafo no nyinaa huu no. Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no.”—1 Korintofo 15:3-8.

  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | July 1
    • 9 Afei nso Kristo maa kuw bi a wɔdɔɔso sen saa, “anuanom bɛboro ahannum” huu no. Esiane sɛ na Galilea nkutoo na na Yesu wɔ akyidifo a wɔdɔɔso saa nti, ɛbɛyɛ sɛ eyi ne bere a wɔkaa ho asɛm wɔ Mateo 28:16-20 no, bere a ɔde ahyɛde mae sɛ wɔnyɛ asuafo no. Hwɛ adanse a emu yɛ den ara a saafo yi de bɛma! Bere a Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan yi kɔmaa Korintofo no, ná wɔn mu bi da so ara te ase wɔ 55 Y.B. Nanso hyɛ no nsow sɛ wɔkaa wɔn a na wɔawuwu no ho asɛm sɛ ‘wɔadeda.’ Ná wonnya nnyanee wɔn mma wɔn nsa nkaa wɔn soro akatua no ɛ.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena