Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 10/1 kr. 20-23
  • Apolo—Kristofo nokware ho Ɔdawurubɔfo a N’ano Atew

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Apolo—Kristofo nokware ho Ɔdawurubɔfo a N’ano Atew
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔyɛ Den Kyerɛw Nsɛm no Mu”
  • Ɔyɛ Nsi Nanso Ɔbrɛ ne Ho Ase
  • Wɔ Korinto
  • Su Pa a Ɛma Obi Nyin Honhom Mu
  • Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Wɔtan Wɔn Ani, Nanso Asɛm No “Trɛwee, Na Ase Timii”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Kenkan Bible Daa na Twa So Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Mommma Yɛne Yɛn Ho Nnsi Akan—Momma Yɛnhwehwɛ Asomdwoe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 10/1 kr. 20-23

Apolo—Kristofo nokware ho Ɔdawurubɔfo a N’ano Atew

SƐ́ WƆDE mfe pii anaa kakraa bi na atra Kristofo asafo no mu no, ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo nyinaa ani gye ho sɛ wobenya nkɔso sɛ asɛmpakafo. Ɛno kyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ho nimdeɛ a yɛwɔ ne ahokokwaw a yɛde kyerɛkyerɛ afoforo a yɛbɛma atu mpɔn. Wɔ ebinom fam no, ɛbɛkyerɛ nsɛnnennen a wobehyia, ɔhaw ahorow a wobedi so, anaasɛ wɔn ho a wobetu ama dwumadi pii.

Mmarima ne mmea a na wɔwɔ ahofama a wɔtraa ase tete mmere mu na wotumi nyaa honhom fam nkɔso kɛse wɔ akwan horow so, na wotwaa wɔn mmɔdenbɔ no so aba ho nhwɛso pii na ɛwɔ Bible mu. Ná wɔn mu biako ne Apolo. Bere a Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm kyerɛ yɛn no, ɔyɛ ɔbarima a na onni Kristofo nkyerɛkyerɛ no mu ntease a edi mũ; nanso, mfe kakraa bi akyi no, ɔresom sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ afeha a edi kan no asafo no mu. Dɛn na ɛma onyaa nkɔso saa? Ná ɔwɔ su bi a ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa besuasua.

“Ɔyɛ Den Kyerɛw Nsɛm no Mu”

Sɛnea Bible kyerɛwfo Luka kyerɛ no, wɔ bɛyɛ afe 52 Y.B. mu no, “Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano tew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso. Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan so; na ɔyɛ den Honhom mu nti, ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye, nso Yohane asubɔ nkutoo na onim. Ofii ase de nnam kasae hyiadan mu.”—Asomafo no Nnwuma 18:24-26.

Roma akyi no, ná Aleksandria a ɛwɔ Misraim no ne kurow a ɛto so abien a ɛso sen biara wɔ wiase, na na ɛyɛ amammerɛbea atitiriw a ɛsen biara no mu biako ma Yudafo ne Helafo nyinaa saa bere no. Ebetumi aba sɛ nhomasua a Apolo nyae wɔ Yudafo pii a na wɔwɔ saa kurow no mu na ɛma onyaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a edi mũ ne anotew kakra. Ɛyɛ den kɛse sɛ yebetumi akyerɛ baabi a Apolo suaa Yesu ho ade. Onimdefo F. F. Bruce ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ na ɔyɛ ɔkwantufo—ebia oguadifo a okyinkyin, na ebetumi aba sɛ ohyiaa Kristofo asɛnkafo wɔ mmeae pii a ɔkɔe no mu biako.” Sɛnea ɛte biara no, ɛwom mpo sɛ ɔkasae kyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yiye de, nanso na ɛte sɛ nea wodii no adanse ansa na Pentekoste 33 Y.B. reba, efisɛ na “Yohane asubɔ nkutoo na onim.”

Sɛ́ obi a odii Yesu anim no, na Yohane Suboni adi Israel man no nyinaa adanse a tumi wom, na ɔbɔɔ pii asu, sɛ wɔn adwensakra ho sɛnkyerɛnne. (Marko 1:5; Luka 3:15, 16) Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo pii kyerɛ no, wɔ Yudafo a na wɔte Roma Ahemman no mu no, na Yesu ho nimdeɛ a wɔn mu pii wɔ ara ne nea wɔka kyerɛ wɔ Yordan ano no. W. J. Conybeare ne J. S. Howson ka sɛ: “Ná wɔn Kristosom no gyina faako na esi yɛn Awurade som adwuma no mfiase no. Na wonnim nea Kristo wu no kyerɛ ankasa; ebetumi aba sɛ na wonnim nokwasɛm a ɛfa Ne wusɔre ho biribiara mpo.” Ɛte sɛ nea na Apolo nso nnim honhom kronkron no a wohwie gui wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no ho biribiara. Nanso, na wanya Yesu ho nsɛm bi a edi mũ, na ne nkutoo ankora so. Nokwarem no, ɔde akokoduru hwehwɛɛ hokwan ahorow a ɔde bɛka nea onim no ho asɛm. Nanso, na nsi ne akokoduru a ɔwɔ no nnyina nokware nimdeɛ so.

Ɔyɛ Nsi Nanso Ɔbrɛ ne Ho Ase

Luka kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Na Priskila ne Akwila tee no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.” (Asomafo no Nnwuma 18:26) Ɛbɛyɛ sɛ Akwila ne Priskila hui sɛ Apolo gyidi no ne wɔn de no hyia wɔ akwan pii so, nanso nyansa kwan so no, wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ ne ntease a enni mũ no wɔ baguam. Yebetumi de yɛn adwene abu sɛ wɔne Apolo nkutoo bɔɔ nkɔmmɔ pii, a na botae no ne sɛ wɔreboa no. Apolo, ɔbarima a na “ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu” no, yɛɛ n’ade dɛn? (Asomafo no Nnwuma 18:24) Ɛda adi yiye sɛ ɛbɛyɛ sɛ, Apolo kaa ne nsɛm a enni mũ no wɔ baguam bere tenten bi ansa na ohyiaa Akwila ne Priskila. Anka ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ ɔhantanfo bɛpow nteɛso biara, nanso Apolo brɛɛ ne ho ase, na ɔkyerɛɛ anisɔ sɛ watumi ama ne nimdeɛ no adi mũ.

Apolo daa ahobrɛase su koro yi ara adi wɔ ɔpɛ a onyae sɛ obegye nkamfo krataa a Efeso anuanom de kɔmaa Korinto asafo no mu. Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Afei ɔpɛe sɛ ɔkɔ Akaia, anuanom no nso piaa no, na wɔkyerɛw kotuu asuafo no fo sɛ wonnye no.” (Asomafo no Nnwuma 18:27; 19:1) Apolo anhwehwɛ sɛ obegyina n’ankasa mmɔdenbɔ so ama wɔagye no atom, na mmom ofi ahobrɛase mu dii Kristofo asafo no nhyehyɛe akyi.

Wɔ Korinto

Apolo som adwuma no sow aba a ɛkyɛn so wɔ Korinto mfiase no. Asomafo nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Na oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam ɔdom so agye adi no pii. Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui gua so nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.”—Asomafo no Nnwuma 18:27, 28.

Apolo som asafo no, na ɔnam n’ahosiesie ne nsiyɛ so hyɛɛ anuanom nkuran. Dɛn na ɛma odii nkonim? Akyinnye biara nni ho sɛ, na Apolo fi awosu mu bɔ mmɔden, na ɔde akokoduru kɔɔ so gyinaa Yudafo akyinnyegye ano wɔ baguam. Nanso nea ɛsen saa no, na ogyina Kyerɛwnsɛm so ne afoforo susuw nsɛm ho.

Ɛwom sɛ na Apolo wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ Korintofo no mu de, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, n’asɛnka no de ade bɔne bi a na wɔnhwɛ kwan bae. Ɔkwan bɛn so? Paulo ne Apolo nyinaa yɛɛ pii wɔ Ahenni ho nokware aba a woduae na woguguu so nsu wɔ Korinto no mu. Paulo kaa asɛm no wɔ hɔ bɛyɛ 50 Y.B. mu, bɛyɛ mfe abien ansa na Apolo reba hɔ. Eduu bere a Paulo kyerɛwee ne krataa a edi kan kɔmaa Korintofo no wɔ bɛyɛ 55 Y.B. mu no, na mpaapaem asɔre. Ebinom buu Apolo sɛ wɔn kannifo, na afoforo nso buu Paulo anaa Petro anaa Kristo nkutoo sɛ wɔn kannifo. (1 Korintofo 1:10-12) Ná ebinom reka sɛ: “Meyɛ Apolo de.” Dɛn ntia?

Paulo ne Apolo kaa asɛm koro no ara, nanso na ɛsono wɔn mu biara nipasu. Paulo ankasa gye toom sɛ ɔyɛ “atetekwaa ɔkasa mu”; nanso, na Apolo de, ‘n’ano atew.’ (2 Korintofo 10:10; 11:6) Ná ɔwɔ su horow a ɛmaa Yudafo kuw a wɔwɔ Korinto no bi tiee no. Otumi ‘kaa Yudafo no gui koraa,’ bere a Paulo de, ofii hyiadan no mu bere tiaa bi a na atwam no.—Asomafo no Nnwuma 18:1, 4-6.

So ebetumi aba sɛ eyi ne ade enti a ebinom pɛɛ Apolo asɛm? Nkyerɛkyerɛmufo bi ka sɛ ebetumi aba sɛ nyansapɛ ho nkate a emu yɛ den a na Helafo no wɔ fi awosu mu na ɛmaa ebinom ani gyee ɔkwan a ɛkanyan anigye a Apolo faa so kyerɛkyerɛe no ho. Giuseppe Ricciotti ka sɛ “[Apolo] kasa a ɛyɛ dɛ ne n’ayɛsɛm a ɔhyehyɛɛ no kama no maa nnipa pii ani gyee ne ho, na wɔpɛɛ n’asɛm sen Paulo, baguam ɔkasafo a na ɔnyɛ ne ho kyenkyenenn na n’ano ntewee no.” Nokwarem no, sɛ ebinom nam ɔkwammɔne so maa nea wɔn ankasa pɛ no de mpaapaemu baa anuanom ntam a, ɛnde ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte nea enti a Paulo kasa tiaa “anyansafo nyansa” a na wɔma so denneennen no ase.—1 Korintofo 1:17-25.

Nanso, na ɔkasatia a ɛte saa no nkyerɛ sɛ ntawntawdi bi wɔ Paulo ne Apolo ntam. Ɛwom sɛ ebinom nyaa nsusuwii a enni nnyinaso sɛ na asɛnkafo baanu yi yɛ atamfo a wɔnka koraa a na wɔn mu biara repere sɛ ɔbɛma Korintofo no apɛ n’asɛm de, nanso Kyerɛwnsɛm no nka biribi saa. Sɛ́ anka Apolo bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔfã bi kannifo no, ofii Korinto kɔɔ Efeso, na na ɔka Paulo ho bere a ɔkyerɛw krataa a edi kan kɔmaa asafo a na emu apaapae no.

Ná mpaapaemu anaa akansi biara nni wɔn ntam; mmom no, ɛda adi sɛ, na wɔn baanu rebom adi ɔhaw ahorow a na ɛwɔ Korinto no ho dwuma, a na obiara wɔ ne yɔnko mu ahotoso. Ebia Paulo nyaa ebinom ho asɛm wɔ Korinto de, nanso nokwarem no, na ɛnyɛ Apolo. Ná adwuma a mmarima baanu no yɛ no hyia paa; na obiara nkyerɛkyerɛ foa ne yɔnko de so. Sɛ yɛbɛfa Paulo ankasa nsɛm aka a: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu,” efisɛ na wɔn baanu nyinaa yɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.”—1 Korintofo 3:6, 9, 21-23.

Te sɛ Paulo no, Korintofo no nyaa obu kɛse maa Apolo, na na wɔpɛ sɛ ɔsan bɛsra wɔn. Nanso bere a Paulo ka kyerɛɛ Apolo sɛ ɔnsan nkɔ Korinto no, Aleksandriani no powee. Paulo ka sɛ: “Na onua Apolo de, manya no fo pii ntui sɛ ɔmmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba mprempren, na mmom onya ho adagyew a, ɔbɛba.” (1 Korintofo 16:12) Ɛbɛyɛ sɛ na Apolo mpɛ sɛ ɔsan kɔ esiane suro a na osuro sɛ ɔbɛsan de mpaapaemu aba, anaasɛ ebia na ɔwɔ baabi foforo a onni adagyew nti.

Bere a etwa to a wɔbɔɔ Apolo din wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, na ɔretu kwan akɔ Kreta ne ebia akyi. Bio nso, Paulo kyerɛ obu titiriw bi ma n’adamfo ne ne yɔnko dwumayɛni no, na ɔsrɛɛ Tito sɛ ɔmfa biribiara a Apolo ne ne yɔnko kwantuni, Sena, behia ama wɔn akwantu no mma wɔn. (Tito 3:13) Saa bere yi, bɛyɛ mfe du a ɔde nyaa Kristofo ntetee akyi no, na Apolo anya nkɔso a ɛfata ma na ɔyɛ asafo no hwɛfo kwantufo.

Su Pa a Ɛma Obi Nyin Honhom Mu

Aleksandria ɔsɛnkafo no yɛɛ nhwɛso pa maa nnɛyi asɛmpa no ho adawurubɔfo nyinaa ne, nokwarem no, wɔn a wɔpɛ sɛ wonya honhom fam nkɔso nyinaa. Ebia na yɛn ano ntewee te sɛ ɔno de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi abɔ mmɔden asuasua ne nimdeɛ ne ne mmɔdenbɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no a na ɔde di dwuma mu, na yɛnam saayɛ so aboa wɔn a wɔrepɛ nokware no ankasa no. Apolo nam adwuma a na nsi wom ho nhwɛso a ɔyɛe so “boaa wɔn a wɔagye adi no kɛse.” (Asomafo no Nnwuma 18:27) Ná Apolo brɛ ne ho ase, ɔde ne ho bɔ afɔre, na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsom afoforo. Ná ɔte ase yiye sɛ akansi anaa anuonyampɛ nni ɔfã biara wɔ Kristofo asafo no mu, efisɛ yɛn nyinaa yɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.”—1 Korintofo 3:4-9; Luka 17:10.

Te sɛ Apolo no, yɛn nso yebetumi anya honhom fam nkɔso. So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛma yɛn som kronn no atu mpɔn anaa yɛbɛtrɛw mu, na yɛatu yɛn ho asi hɔ sɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mfa yɛn nni dwuma koraa? Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛyɛ Kristofo nokware no ho asuafo ne adawurubɔfo a wɔyɛ nsi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena