Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | December
    • 12. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:18, 22 no a, sɛn na ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yesu wusɔre no nte sɛ wɔn a na wɔadi kan anyan wɔn no?

      12 Ná Paul ankasa nim sɛ “wɔanyan [Kristo] afi awufo mu.” Ansa na wɔrenyan Yesu no, na ebinom awu ama wɔanyan wɔn. Nanso na Yesu de no yɛ papa sen wɔn de no, efisɛ wonyan wɔn no, akyiri yi wɔsan wui. Paul kaa sɛ Yesu yɛ “wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Ɔkwan bɛn so na na Yesu yɛ aba a edi kan? Ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no sɛ honhom abɔde, na ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no kɔɔ soro.—1 Kor. 15:20; Aso. 26:23; kenkan 1 Petro 3:18, 22.

  • Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | December
    • 16. Bere a Paul kaa sɛ Yesu yɛ “aba a edi kan” no, na ɔrekyerɛ sɛn?

      16 Paul kaa sɛ, wonyan Kristo sɛ “wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Kae sɛ wonyan ebinom te sɛ Lasaro baa nkwa mu wɔ asase so, nanso Yesu ne obi a odi kan a wonyan no sɛ honhom na wɔmaa no daa nkwa. Ná wobetumi de Yesu atoto aba a edi kan a na Israelfo no twa ma Onyankopɔn no ho. Afei nso bere a Paul frɛɛ Yesu “aba a edi kan” no, na ɔrekyerɛ sɛ ɛno akyi no, wobenyan ebinom afi awufo mu ama wɔakɔtena soro. Ná asomafo ne afoforo a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no bɛkɔ akɔka Yesu ho. Bere a ɛsɛ mu no, na wobenya owusɔre a ɛte sɛ Yesu de no ara.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena