-
“Mewɔ Anidaso Wɔ Onyankopɔn Mu”Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | December
-
-
15. Adɛn nti na wɔfrɛ Yesu sɛ “aba a edi kan”?
15 Yesu ne obi a odi kan a wonyan no fii awufo mu maa no honhom nipadua. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ne owusɔre a ɛho hia paa. (Aso. 26:23) Nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wobenyan no ama no honhom nipadua ama wakɔ soro. Yesu hyɛɛ n’asomafo anokwafo no bɔ sɛ wɔne no bedi ade wɔ soro. (Luka 22:28-30) Sɛ wɔn nsa bɛka saa akatua no a, gye sɛ wowu ansa. Ɛno akyi no, wobenyan wɔn sɛnea wonyan Kristo no na wɔama wɔn honhom nipadua. Paulo kae sɛ “wɔanyan Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Paulo toaa so sɛ afoforo nso wɔ hɔ a wobenyan wɔn ama wɔakɔ soro. Ɔkae sɛ: “Obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.”—1 Kor. 15:20, 23.
16. Dɛn na yenim fa bere a wobenyan nkurɔfo ama wɔakɔ soro no ho?
16 Asɛm a Paulo kae no ma yehu biribi fa bere a wobenyan nkurɔfo ma wɔakɔ soro no ho. Ɛbɛbam ‘wɔ Yesu mmae no mu.’ Mfe pii ni na Yehowa Adansefo agyina Kyerɛwnsɛm no so akyerɛ sɛ Yesu “mmae” a wɔhyɛɛ ho bɔ no fii ase afe 1914. Saa bere no ara mu na yɛda so te yi, na wei kyerɛ sɛ, seesei wiase bɔne no awiei abɛn paa.
17, 18. Kristo mmae no mu no, dɛn na ɛbɛto Kristofo a wɔasra wɔn no binom?
17 Wɔn a wobenya owusɔre akɔ soro no, Bible ka ho asɛm pii. Ɛka sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no ho asɛm behintaw mo . . . Na sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn nam Yesu so de wɔn a wɔawuwu no bɛka ne ho aba. . . . Yɛn ateasefo a yɛbɛtena ase akosi Awurade mmae mu no renni wɔn a wɔawuwu no anim; efisɛ Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den, . . . besian afi soro, na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bedi kan asɔre. Ɛno akyi no, wɔbɛfa yɛn, ateasefo a yɛaka no ne wɔn nyinaa omununkum mu akohyia Awurade wɔ wim; na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.”—1 Tes. 4:13-17.
18 Owusɔre a edi kan no bɛba bere a Kristo ‘mmae no’ afi ase akyi. Kristofo a wɔasra wɔn a ahohiahia kɛse no bɛba na wɔda so te ase no, ‘wɔbɛfa wɔn omununkum mu’ akɔ. Wɔn a ‘wɔbɛfa wɔn omununkum’ mu akɔ no, ‘wɔrenna wɔ owu mu,’ kyerɛ sɛ, sɛ wowu a, wɔrenna nkyɛ na wɔanyan wɔn. Wɔn “nyinaa bɛsesã ntɛm so, anibu mu, torobɛnto a edi akyiri no mu.”—1 Kor. 15:51, 52; Mat. 24:31.
-
-
“Mewɔ Anidaso Wɔ Onyankopɔn Mu”Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | December
-
-
20. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ owusɔre a ɛreba no, biribiara bɛkɔ so nnidiso nnidiso?
20 Bible ka wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho asɛm sɛ, wobenyan “obiara ne ne gyinabea,” anaa wobenyan wɔn nnidiso nnidiso. (1 Kor. 15:23) Yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no nso, biribiara bɛkɔ so nnidiso nnidiso a nhyehyɛe da ho. Wei yɛ biribi a yɛrehwɛ kwan paa. Enti yemmisa sɛ, Wɔn a wowuwui nkyɛe no, wɔn na wobenyan wɔn Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mfiase, na ama wɔn adɔfo a wonim wɔn ama wɔn akwaaba anaa? Mmarima anokwafo a wɔtenaa ase tete a na wodi nneɛma anim yiye no, wɔn na wobedi kan anyan wɔn ama wɔabɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔatoto nneɛma yiye wɔ wiase foforo no mu anaa? Na nkurɔfo a wɔansom Yehowa da no nso ɛ? Bere bɛn na wobenyan wɔn, na ɛhe na wobenyan wɔn? Nsɛmmisa pii betumi aba yɛn adwenem. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho dwinnwen saa nsɛm no ho seesei. Mo deɛ, momma yɛntwɛn nhwɛ nea ebesi. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bedi saa nneɛma no ho dwuma, na wei bɛyɛ anika sɛ.
-