Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 2/8 kr. 28-29
  • So Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Anyansafo Kakraa Bi Nkutoo De?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Anyansafo Kakraa Bi Nkutoo De?
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Kristosom yɛ Kokoam Ayɔnkofa Kuw Bi?
  • Nimdeɛ no wɔ hɔ ma Obiara
  • Adesamma Hia Onyankopɔn Ho Nimdeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ahintasɛm Bi a Kristofo Ntumi Nkora So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Yɛbɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nimdeɛ a Yebenya Nnɛ Ne Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 2/8 kr. 28-29

Bible No Adwene

So Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Anyansafo Kakraa Bi Nkutoo De?

ANWONWASƐM bi sii July 1987 anwummere bi wɔ Palais Congrés wɔ Paris, France. Wɔ asa kɛse bi so no, na akanea akɛse hyerɛn gu afasu no ho bere a ɛnne ahorow a efi mfiri bi mu a dawuru ne ɛdɔn nnyigyei nenam mu ahyɛ ɔdan kɛse no mu nyinaa no. Na mmarima baanu a wɔhyehyɛ nkataanim tuntum gyina agua no so rehinhim ogyahyew ade bi a ɛsinsɛn hɔ a wɔayɛ no te sɛ ɔkorow bere a wusiw a ɛwɔ ani hwɛbea ahorow pue fi agua no afanan ba no. Bere koro no ara mu no, mmarima ne mmea pii a wofurafura nwera pue begyinaa bɛhwɛadefo a wɔn dodow yɛ 4,000 no anim.

Ɛyɛ dɛn? So ɛyɛ rock kɔnsɛt bi anaa? Dabi, na ɛyɛ Rosicruciafo a wɔyɛ nyansa a nnipa kakraa bi na wonim anaasɛ nyansa a ahintaw kuw bi no mufo afoforo a wɔregye wɔn atom ho afahyɛ. Nanso, wɔ saa wiase nyinaa ayɔnkofa kuw no mufo abɛɛfo no fam no, na eyi yɛ gye a wobegye wɔn atom wɔ akwan ahorow so no mu ade a edi kan ara kwa.

Wɔ akwan horow bi so no, Rosicruciafo kokoam kuw no te sɛ Abɔfosom fekuw ahorow a ɛsɔresɔree wɔ afeha a ɛto so abien no mu a na ɛne Kristosom di asi no. Na Abɔfosomfo no gye di sɛ nkwagye nam ahintasɛm mu nimdeɛ bi so na ɛba ne sɛ nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn nkutoo na wonya saa nyansa no. Nanso so Onyankopɔn ho nimdeɛ yɛ anyansafo kakraa bi nkutoo de? So kuw ketewaa bi mufo a wɔagye wɔn atom nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya?

So Kristosom yɛ Kokoam Ayɔnkofa Kuw Bi?

Akyerɛwfo binom susuw sɛ Kristosom yɛ nyansa a nnipa kakraa bi na wonim kuw, anaasɛ ɛwɔ hɔ ma nnipa kakraa bi. Wɔ Luc Benoist a ɔyɛ France Tete Nneɛma Akorae no sohwɛfo bi no nhoma L’ésotérisme no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wohu nkyerɛkyerɛ afoforo a ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ ma binom no wɔ Ɔhotefo Paulo nkrataa ahorow no mu: ‘Nufusu na mede memaa mo na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. . . . Obiara a onum nufusu no nte Nyansa kasa biara ase.’ [Wɔfa fii 1 Korintofo 3:2 ne Hebrifo 5:12 kaa no ntiantia mu.] Tete [Asɔre] Agyanom no nsɛm ahorow ka ‘nokware a abɛɛfo biara rentumi nte ase’ ho asɛm.”

Nanso, so na ɔsomafo Paulo reka nyansa a nnipa kakraa bi na wonim ho asɛm? Dabi, efisɛ nsɛm afoforo a ɛka Paulo nsɛm no ho kyerɛ sɛ nokwarem no, na ɔreka ne mfɛfo Kristofo a na wɔnnyɛ abɛɛfo anim. Na Paulo rekyerɛw akɔma Kristofo a wonnyaa honhom mu nkɔso a ‘anka ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo esiane bere’ a wɔde atra gyidi no mu no nti no.​—Hebrifo 5:12.

Enti na Paulo renka nokware ahorow bi a ɔpɛ sɛ ɔde hintaw ho asɛm na mmom nkyerɛkyerɛmu ahorow bi a na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn kyɛ nanso na ɛboro wɔn honhom fam ntease so esiane sɛ na wonnyaa Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ sɛnea anka ɛsɛ sɛ wonya no nti. Yebetumi de Paulo tebea wɔ saa Kristofo bi mu no atoto ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛ akontaabu a ɔpɛ sɛ n’adesuafo nya nkɔanim no ho. Sɛ adesuafo no anyɛ wɔn sukuu adwuma a wɔde kɔ fie yiye ma enti wontumi nte nkekaho ne ahorow nnyinasosɛm ntiantiaa ahorow ase a, ɛbɛyɛ den ama ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔate akontaabu a emu yɛ den kɛse ase.

Nimdeɛ no wɔ hɔ ma Obiara

Yegye tom sɛ Bible mu nimdeɛ nnyina faako. Sɛ obi gye bere na ɔbɔ mmɔden a ebetumi ayɛ yiye sɛ ɔbeso nokware no mu yiye na wanya honhom mu nneɛma mu ntease a emu dɔ. Bio nso, Bible no kyerɛ sɛ Yehowa ada n’atirimpɔw adi akyerɛ ne nkoa nkakrankakra, nanso ɛnka “nokware ahorow a ahintaw” a ebinom nsa bɛka na wɔde ahintaw nokware hwehwɛfo anokwafo afoforo a wɔte ase bere koro no ara mu ho asɛm biara. (Dwom 147:19, 20; Mmebusɛm 2:1-11; 4:18; Yesaia 45:19) Ɛnyɛ bere a na Onyankopɔn ne Israel man no di no nkutoo na na eyi yɛ nokware na mmom bere a ne Ba, Yesu Kristo, de Kristosom fapem too hɔ no nso.

Wɔ Yesu mfe abiɛsa ne fã ɔsom adwuma no mu no, ɔyɛɛ Israel asasesin no mu fã kɛse mu adwuma. So ɔyɛɛ eyi wɔ sum ase kwan bi so anaasɛ kuw bi a ahintaw a wɔagye wɔn atom nkutoo na ɔsrasraa wɔn? Dabi. Ɔkaa ne nkrasɛm no baguam, mpɛn pii wɔ nnipakuw anim. Bere tiaa bi ansa na ɔrewu, bere a Yudafo nyamesom akannifo no bisabisaa no nsɛm fa ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ ho no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, nea Yudafo ahyia, na kokoam de menkaa hwee.”​—Yohane 18:20.

So wohyɛɛ no nsow sɛ na Yesu ka ne nkrasɛm no kyerɛ atiefo a wɔdɔɔso kɛse sen Palestinafo nkutoo? Ɔka kyerɛɛ wiase nyinaa! Yesu anka sɛ: ‘Maka asɛm no makyerɛ nnipa no nyinaa, kyerɛ sɛ Yudafo no nyinaa. Mmom no, esiane sɛ na ɔrehyɛ nkɔm nti, ɔpaw asɛmfua “wiase” pɔtee.a Enti, Yesu anka nyansa a nnipa kakraa bi na wonim nkyerɛkyerɛ biara ho asɛm; na ɛyɛ obiara dea, wɔ baabiara.

Ampa, Yesu de kasakoa dii dwuma, titiriw sɛ ɔde mmebu anaasɛ mfatoho rekyerɛkyerɛ a. Nanso saa kwan yi ma otumi yiyii n’atiefo mu kɛkɛ. Wɔn a na wɔn ani nnye Yesu nkyerɛkyerɛ no ho nokwarem no tiee ne mmebu no ara kwa na wofii hɔ kɔe a wɔanhwehwɛ asɛm no mu ankɔ akyiri. Wɔn a na nimdeɛ ho sukɔm de wɔn no twɛn gyee nkyerɛkyerɛmu foforo. Enti, na wɔn a wɔde nokwaredi rehwehwɛ nimdeɛ no nyinaa nsa betumi aka.​—Mateo 13:13, 34-36.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Kristosom mu hokwan abue ama obiara no da adi wɔ Kyerɛwnsɛm a aka no mu nso. Sɛ nhwɛso no, Bible mu nkyekyem ahorow a etwa to no kura Onyankopɔn nsato a ɛne sɛ ‘wommegye nkwa nsu kwa’ no. Na ɛka no pɔtee sɛ: “Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” Enti, bio, na ɛsɛ sɛ wɔma obiara nsa ka Bible mu nimdeɛ no bi.​—Adiyisɛm 22:17; fa toto Yesaia 55:1 ho.

Ɛwom sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho kwan wɔ hɔ ma obiara de, nanso ɛyɛ dɛn ara a mmɔdenbɔ ho hia ansa na wɔanya. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so ‘nhwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na yɛmmɔre nhwehwɛ sɛ akorade a ahintaw.’ (Mmebusɛm 2:4) Sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm Bible no mu nimdeɛ, na afei nyansa bɛda adi bere a wɔde ne nnyinasosɛm ne ahyɛde ahorow no di dwuma no.

So mmɔdenbɔ no fata? Yiw, efisɛ nimdeɛ a ɛte saa no de “[Yehowa] hɔ anisɔ” ba na ebetumi ama obi anya daa nkwa. Akorade bɛn ara ni! So w’ankasa woafi ase rehwehwɛ saa nimdeɛ a ɛho hia sen biara yi?​—Mmebusɛm 8:34-36; Dwom 119:105.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yesu amfa asɛm (pant·iʹ toi la·oiʹ) “nnipa no nyinaa,” kyerɛ sɛ wɔn a wɔahyiam anaasɛ abusua koro no ara mufo nyinaa no na edii dwuma na mmom ɔde (toi koʹsmoi) , “wiase no,” kyerɛ sɛ adesamma abusua, nnipa, no na edii dwuma. Nea ɛyɛ anigye no, A Critical and Exegetical Commentary on the Gospel According to St. John ka wɔ Yohane 18:20 ho sɛ: “Ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ adanse a emu yɛ den a ɛtew Asɛmpa ahorow no fi nyansa a nnipa krakraa bi na wonim nkyerɛkyerɛ ho ne Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane no.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

Mmarima baanu bi a wɔhyɛ nkataanim tuntum hinhim ogyahyew ade bi a ɛsinsɛn hɔ a wɔayɛ no te sɛ ɔkorow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena