-
Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm MuƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm Mu
“ƆKO a me ne mmoa koe Efeso no, mekoo no nnipam a.” Ebinom susuw sɛ nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ 1 Korintofo 15:32 no kyerɛ sɛ wobuu ɔsomafo Paulo atɛn maa ɔkoe wɔ Romafo agoprama so. Sɛ́ ɔkoe anaa wanko no, na ko a nkurɔfo ko kosi sɛ wowu wɔ agoprama so nyɛ nã wɔ saa bere no mu. Dɛn na abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn wɔ agoprama ne nea na ɛkɔ so wɔ hɔ no ho?
-
-
Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm MuƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
Ebia wubebisa sɛ, ‘Henanom na na wodi apiripiragoru yi?’ Wiɛ, ebia na wɔbɛyɛ nkoa, nsɛmmɔnedifo a wɔabua wɔn kumfɔ, ɔko mu nneduafo, anaa nnipa a wɔde wɔn ho nanso edin a wobenya ne ahode nti ɛtwetwee wɔn no. Na wɔtete wɔn nyinaa wɔ sukuu ahorow bi a ɛte sɛ afiase mu. Nhoma Giochi e spettacoli (Agodie ne Ahwɛde) bɔ amanneɛ sɛ “bere biara na awɛmfo no de nteɛso a ɛyɛ katee, akwankyerɛ a emu yɛ den sen biara ne atirimɔden asotwe na ɛma wɔn a wɔko gye nnipa ani no . . . Mpɛn pii no na asotwe yi kowie ahodɔmdi, atuatew, ne sakasakayɛ mu.” Ná Romafo apiripiragoru sukuu kɛse no wɔ adan nketewa a anyɛ yiye koraa no nnipa apem na ɛwɔ mu. Na ɔbarima biara wɔ nea ɔyɛ. Ná ebinom de akode, ɔkyɛm ne afoa na edi ako, na afoforo nso de atena ne peaw a ɛwɔ ti abiɛsa na ɛko. Na wɔtete afoforo nso ma wohyia mmoa wɔ agodie foforo a na agye din mu, ma wɔne wɔn ko. So na Paulo retwe adwene asi biribi a ɛte saa pɛpɛɛpɛ so?
-
-
Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm MuƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
Na wɔayi anɔpa asi hɔ ama ahayɔ. Na wopia mmoa ahorow nyinaa bi kɔ agoprama no so. Na bɛhwɛadefo no ani gye ho titiriw sɛ wɔbɛma nantwinini ne osisi ako. Mpɛn pii no na wɔkyekyere mmoa abien yi bɔ faako ma wɔko kosi sɛ biako bewu, ɛno akyi no na ɔbɔmmɔfo kum nea wafi mu aka no. Agodie foforo a na agye din ne nea na wɔma gyata ne ɔsebɔ, anaa ɔsono ne osisi si akan no. Na abɔmmɔfo yi da wɔn ahokokwaw adi denam kum a wokum mmoa a wɔde wɔn afi aman ahorow so aba no so, ɛmfa ho sɛnea ne bo te—ɔsebɔ, bɛnkoro, susono, kɔntenten, pataku, yoma, sakraman, kɔkɔte, ne adowa.
Nneɛma a na wohu wɔ hɔ no ma wɔkae ahayɔ bere nyinaa. Wɔde abotan, mmura, ne nnua dii dwuma te sɛ kwae ahorow. Wɔ agoprama binom so no, na woyi mmoa no fi biribi a etumi ma ne ho so fi fam mu ma wopue mpofirim. Aboa suban a etumi sakra mpofirim no ma wonyaa anigye, nanso nea na ɛma ahayɔ no yɛ anigye titiriw ne atirimɔdensɛm a na ɛwɔ mu no.
-